Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yegyinaa Onyankopɔn Nniso Akyi Pintinn

Yegyinaa Onyankopɔn Nniso Akyi Pintinn

Asetram Nsɛm

Yegyinaa Onyankopɔn Nniso Akyi Pintinn

SƐNEA MICHAL ŽOBRÁK KA KYERƐE

Bere a midii bosome biako wɔ afiase dan a na me nkoaa meda mu mu no, wɔtwee me kɔɔ obi a obisabisa nsɛm anim. Ankyɛ na ne bo fuwii paa, na ɔteɛɛm sɛ: “Mo akwansrafo! Amerikafo akwansrafo!” Dɛn na ɛmaa ne bo fuwii saa no? Ná wabisa me asɔre a mekɔ ama mabua sɛ: “Meyɛ Yehowa Dansefo.”

BƐBORO mfe 50 a atwam ni na saa asɛm yi sii. Saa bere no, na ɔman a mete mu no hyɛ Komunis nniso ase. Nanso, bere tenten ansa na eyi resi no na yɛahyia ɔsɔretia a emu yɛ den wɔ yɛn Kristofo nkyerɛkyerɛ adwuma no ho dedaw.

Ɔko Maa Yehuu Amane Kɛse

Bere a Wiase Ko I no fii ase wɔ afe 1914 mu no, na madi mfe awotwe. Saa bere no na me kurom Zálužice hyɛ Austria ne Hungary Ahemman kankabi nniso ase. Ɛnyɛ wiase tebea nko na ɔko no sɛee no na mmom ɛmaa asɛyɛde a na ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma bɛdaa me so nso. Me papa a na ɔyɛ ɔsraani no wui wɔ afe no ara a ɔko no fi ase no mu. Eyi maa me ne me maame, ne me nuabeanom nkumaa baanu no dii hia ankasa. Sɛ ɔbarima panyin wɔ fie hɔ no, ankyɛ na mifii ase yɛɛ adwuma pii wɔ yɛn afuw ketewaa no mu ne ofie hɔ. Na mepɛ nyamesom fi me mmofraase. Ná yɛn Reform (Calvin) Asɔre no sɔfo mpo ma misi n’ananmu kyerɛkyerɛ me mfɛfo sukuufo bere a onni hɔ no.

Wiase Ko I no baa awiei wɔ afe 1918 mu maa yenyaa ahotɔ paa. Na wɔatu Austria ne Hungary Ahemman no agu, na yɛbɛyɛɛ Republic of Czechoslovakia ɔman no mma. Ankyɛ na nnipa pii a wotu fii yɛn mpɔtam hɔ kɔɔ United States no san baa fie. Ná Michal Petrík a ɔbaa yɛn akuraa hɔ wɔ afe 1922 mu no yɛ wɔn mu biako. Bere a ɔbɛsraa abusua bi wɔ yɛn mpɔtam hɔ no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne me maame nso.

Yebehuu Onyankopɔn Nniso Yiye

Ná Michal yɛ Bible Suani sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, na ɔkaa Bible mu nsɛm titiriw bi a ɛmaa me ho dwiriw me ho asɛm. Nea na edi eyi mu akoten ne Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no. (Daniel 2:44) Bere a ɔkae sɛ wɔbɛyɛ Kristofo nhyiam bi wɔ Záhor akuraa ase Kwasida a ɛreba no, misii me bo sɛ mɛkɔ bi. Mesɔree anɔpa nnɔnnan nantewee bɛyɛ kilomita awotwe kɔɔ me busuani bi fie kɔsrɛɛ baesekre. Bere a misiesiee baesekre no tae a na adwo wiei no metoaa so twaa kilomita 24 kɔɔ Záhor. Ná minnim baabi a wɔbɛyɛ nhyiam no, enti mefaa kwan no biako so bɔkɔɔ. Afei metee sɛ wɔretow Ahenni dwom wɔ afie no biako mu. M’ani gyei paa. Miwuraa fie no mu na mekyerɛ nea nti a maba hɔ. Abusua no maa me ne wɔn didii anɔpa no, na afei wɔne me kɔɔ nhyiam no. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ mede baesekre twa kilomita 32 no fã bi na mesan nantew ansa na makɔ fie de, nanso mante nka sɛ mabrɛ koraa.—Yesaia 40:31.

Bible mu nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ a Yehowa Adansefo no de mae no maa m’ani gyei. Anigye ne asetra pa a na metumi anya wɔ Onyankopɔn nniso ase no ho anidaso kaa me koma paa. (Dwom 104:28) Me ne me maame nyinaa sii gyinae sɛ yɛbɛkyerɛw krataa akɔma asɔre a na yɛkɔ no sɛ yɛagyae. Eyi maa yɛn akuraa no asefo kaa ho asɛm paa. Nnipa binom mpo ne yɛn ankasa kosii bere bi, nanso na yɛne Adansefo pii a wɔwɔ mpɔtam hɔ no nya fekubɔ pa. (Mateo 5:11, 12) Ɛno akyi bere tiaa bi no mebɔɔ asu wɔ Uh Asubɔnten mu.

Asɛnka Adwuma no Bɛyɛɛ Yɛn Adwuma Titiriw

Yɛde hokwan biara a yenyae kaa Yehowa Ahenni no ho Asɛm. (Mateo 24:14) Yɛde yɛn adwene sii kuw asɛnka a na yɛyɛ no Kwasida biara no so titiriw. Saa bere no, na nnipa a wɔwɔ hɔ no taa sɔre ntɛm, enti na yetumi fi asɛnka ase ntɛm. Na na yɛyɛ baguam nhyiam awia. Mpɛn pii na na Bible akyerɛkyerɛfo no kasa a wɔnhwɛ krataa so. Wɔmaa anigyefo a wɔwɔ hɔ, ɔsom a wɔwom, ne nsɛm a ɛhaw wɔn traa wɔn adwenem.

Bible mu nokware ahorow a yɛkaa ho asɛm no buee nnipa komapafo pii ani. Mebɔɔ asu akyi pɛɛ no, mekɔkaa asɛm no wɔ Trhovište akuraa ase. Me ne ɔbea bi a wɔfrɛ no Owurayere Zuzana Moskal a na ne yam ye na n’anim tew kasae wɔ fie bi mu. Ná ɔne n’abusuafo yɛ Calvinfo sɛ nea na meyɛ bi no. Ɛwom sɛ na onim Bible mu de, nanso na ɔwɔ Bible mu nsɛmmisa pii a onnyaa ho mmuae. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ dɔnhwerew biako na memaa no The Harp of God nhoma no bi. *

Ntɛm ara na Moskal abusua no de Harp nhoma no kenkan kaa wɔn daa Bible akenkan ho. Mmusua a wɔwɔ akuraa no ase hɔ pii kyerɛɛ anigye wɔ asɛmpa no ho ma enti wofii ase baa yɛn nhyiam no bi. Wɔn Calvin sɔfo no bɔɔ wɔn kɔkɔ denneennen wɔ yɛn ne yɛn nhoma ho. Enti anigyefo no bi ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ, sɛ ɛbɛyɛ a ɔmmra yɛn nhyiam no bi na ɔmmɛkyerɛ sɛ yɛn nkyerɛkyerɛ no nye.

Ɔsɔfo no bae, nanso wantumi anka asɛm biako mpo amfi Bible no mu amfa amfoa ne nkyerɛkyerɛ no so. Oyii ne ho ano sɛ: “Yentumi nnye biribiara a ɛwɔ Bible no mu nni. Nnipa na wɔkyerɛwee, na nsɛmmisa a ɛfa nyamesom ho de wobetumi akyerɛkyerɛ mu wɔ akwan horow so.” Eyi maa nkurɔfo pii sii gyinae. Ebinom ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ, sɛ onnnye Bible no nnni de a ɛnde wɔremmetie ne nkyerɛkyerɛ bio. Ɛnam so maa wogyaee Calvin Asɔre no, na nnipa bɛyɛ 30 a wofi saa akuraa no ase gyinaa Bible mu nokware akyi pintinn.

Ahenni ho asɛmpa no ka bɛyɛɛ yɛn adwuma titiriw, enti na merehwehwɛ ɔhokafo a ofi abusua a wɔyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu. Wɔn a na metaa ne wɔn yɛ asɛnka adwuma no biako ne Ján Petruška a ogyee nokware no wɔ United States no. Ná m’ani gye sɛnea na ne babea Mária pɛ sɛ odi obiara adanse bere biara te sɛ ne papa ara pɛ no ho. Yɛwaree wɔ afe 1936 mu, na Mária yɛɛ me hokafo nokwafo mfe 50 kosii sɛ owui wɔ afe 1986 mu. Yɛwoo yɛn babarima a yedi no bakoro, Eduard, wɔ afe 1938 mu. Nanso saa bere no, na ɛte sɛ nea ɔko foforo rebesi wɔ Europa. Na ɛbɛka yɛn asɛnka adwuma no dɛn?

Yehyiaa Sɔhwɛ Wɔ Ɔfã Biara a Yenni sɛ Kristofo no Ho

Bere a Wiase Ko II fii ase no, na Slovakia a ɛbɛyɛɛ ɔman no hyɛ Nasi nniso ase. Nanso, aban no anyɛ biribi pɔtee bi antia Yehowa Adansefo sɛ kuw no. Nokwarem no, na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma wɔ sum ase, na wɔhwehwɛɛ yɛn nhoma mu nso. Nanso, yɛfaa anifere kwan so kɔɔ so yɛɛ yɛn adwuma.—Mateo 10:16.

Bere a ɔko no mu yɛɛ den no, ɛmfa ho mpo sɛ na madi boro mfe 35 no wɔhyɛɛ me sɛ menkɔ sraadi. Esiane ɔfã biara a na minni sɛ Kristoni nti, mamfa me ho anhyɛ ɔko mu. (Yesaia 2:2-4) Anigyesɛm ne sɛ, ansa na atumfoɔ no sii nea wɔbɛyɛ me ho gyinae no, wogyaee wɔn a wɔyɛ m’atipɛnfo no nyinaa.

Yehui sɛ na ɛyɛ den ma yɛn nuanom a wɔwɔ nkurow akɛse mu no sɛ wɔbɛhwɛ wɔn ho sen yɛn a na yɛwɔ nkuraase no. Ná yɛpɛ sɛ yɛne wɔn kyɛ nea yɛwɔ no. (2 Korintofo 8:14) Enti, yɛfaa nnuan dodow biara a yebetumi de twaa kwan bɛboro kilomita 500 kɔmaa anuanom a wɔwɔ Bratislava. Kristofo ayɔnkofa ne ɔdɔ a emu yɛ den a yenyaa no ɔko bere no mu no wowaw yɛn wɔ mfe a emu yɛ den a na ɛda yɛn anim no mu.

Yenyaa Nkuranhyɛ a na Yehia

Wɔ Wiase Ko II akyi no, Slovakia san bɛyɛɛ Czechoslovakia fã. Efi afe 1946 kosi afe 1948 no, wɔyɛɛ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam wɔ Brno anaa Prague. Yɛn a na yefi Slovakia apuei fam no de keteke a na wɔahyɛ da ayɛ ho nhyehyɛe ama nhyiamfo no na ɛkɔe. Wopɛ a wubetumi afrɛ keteke no sɛ keteke a ɛto nnwom efisɛ yɛtoo nnwom saa wɔ kwan so.—Asomafo no Nnwuma 16:25.

Mekae nhyiam a yɛyɛɛ no afe 1947 wɔ Brno a Kristofo ahwɛfo baasa a na Onua Nathan H. Knorr ka ho fi wiase nyinaa adwumayɛbea ti hɔ baa bi no paa. Yɛn mu pii de nkrataa a na wɔakyerɛw baguam ɔkasa no asɛmti wɔ so bobɔɔ yɛn anim ne yɛn akyi faa kurom bɔɔ ɔkasa no ho dawuru. Yɛn babarima Eduard, a na wadi mfe akron pɛ saa bere no ani annye ho koraa sɛ wannya krataa a yɛde rebɔ dawuru no bi. Enti, anuanom no yɛɛ nkrataa nketewaa maa ɔne mmofra foforo pii nso. Mmofra yi bɔɔ ɔkasa no ho dawuru kama!

Komunisfo no bedii tumi wɔ afe 1948, February mu. Na yenim sɛ ɛrenkyɛ ahe biara na aban no de ne nsa ato yɛn asɛnka adwuma no so. Yɛyɛɛ ɔmantam nhyiam bi wɔ Prague wɔ September 1948 mu, na wɔ bere a na yɛanya ahofadi ahyiam mfe abiɛsa pɛ akyi no, na esisi yɛn so paa sɛ anhwɛ a wɔbɛsan abara yɛn baguam nhyiam ahorow no. Ansa na yɛrefi nhyiam no ase akɔ no, yɛyɛɛ tirimbɔ bi a na ne fã bi ka sɛ: “Yɛn Yehowa Adansefo a yɛahyiam wɔ ha yi . . . asi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma a ɛyɛ anigye yi mu na ɛdenam Awurade adom so no, yɛagyina mu wɔ bere a eye ne sɔhwɛ bere mu, na yɛde nsi kɛse aka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no.”

“Ɔman Atamfo”

Bere a yewiee Prague ɔmantam nhyiam no asram abien akyi pɛ na polisifo a wɔyɛ adwuma wɔ sum ase bɛtow hyɛɛ Betel fie a ɛbɛn Prague no so. Wogyee Betel adan no, faa nhoma biara a wohui, na wɔkyeree Betelfo no nyinaa ne anuanom foforo bi nso. Nanso na nea ɛsen saa di akyi reba.

Wɔ afe 1952, February da a ɛto so 3 ne 4 anadwo no, bammɔ adwumayɛfo tuu sa wɔ ɔman no mu kyeree Adansefo bɛboro 100. Ná meyɛ wɔn mu biako. Polisifo no benyan m’abusua mũ no nyinaa bɛyɛ ahemadakye nnɔnabiɛsa. Wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔde me rekɔ a wɔankyerɛ me nea enti. Wɔde aban kaba guu me nsa na wɔkyekyeree m’ani tow me ne afoforo pii guu lɔre bi akyi. Wɔde me kɔtoo afiase a na me nkoaa meda dan mu.

Ɔsram biako twaam a obiara ne me ankasa. Ɔwɛmfo a na ɔde aduan ketewaa bi fa tokuro bi a na ɛwɔ ɔpon no mu ma me nkutoo na na mihu no. Eyi akyi na nea obisabisaa me nsɛm a mekaa ne ho asɛm wɔ mfiase hɔ no frɛɛ me. Bere a ɔfrɛɛ me ɔkwansrafo akyi no, ɔtoaa so sɛ: “Nyamesom yɛ nnaadaa. Onyankopɔn biara nni hɔ! Yɛrentumi mma mo kwan mma mo nnaadaa yɛn adwumayɛfo. Wɔbɛsɛn wo anaa wobɛbrɛ awu wɔ afiase ha. Ná sɛ wo Nyankopɔn no ba ha a, yebekum ɔno nso!”

Esiane sɛ na atumfoɔ no nim sɛ mmara pɔtee biara nni hɔ a ɛbara yɛn Kristofo dwumadi ahorow no nti, na wɔpɛ sɛ wɔka yɛn adwuma no ho asɛm wɔ kwan bi so ma ɛne mmara a na ɛwɔ hɔ saa bere no hyia sɛ yɛyɛ “Ɔman no atamfo” anaa akwansrafo ma ɔman bi. Sɛ na wobetumi ayɛ saa a, na ehia sɛ wobu yɛn abam na wɔma “yegye” atosɛm a wɔaka ato yɛn so no “tom.” Bere a wobisabisaa me nsɛm wiei saa anadwo no, wamma manna. Wɔsan bisabisaa me nsɛm nnɔnhwerew kakraa bi akyi. Saa bere yi de na nea obisabisa me nsɛm no pɛ sɛ mede me nsa hyɛ krataa bi a emu asɛm di so yi ase: “Me a meyɛ People’s Democratic Czechoslovakia tamfo no ankɔka wɔn a wɔyɛ [ɔman afuw] no ho efisɛ na meretwɛn Amerikafo no.” Bere a mamfa me nsa anhyɛ atosɛm a ɛte saa ase no, wɔde me kɔɔ afiase dan bi a wɔyɛ ayayade wɔ hɔ mu.

Wɔbaraa me sɛ mma menna, anaa mentra ase mpo. Na nea metumi ayɛ ara ne sɛ megyina hɔ anaa mɛnantenantew. Sɛ mebrɛ a na meda fam hɔ saa ara. Afei awɛmfo no san de me kɔɔ nea obisabisa nsɛm no adwumayɛdan mu. Obisaa me sɛ, “Afei wode wo nsa bɛhyɛ ase anaa?” Bere a mansan anyɛ no, otwaa m’ani so. Mogya fi ase tuu me. Ɔde abufuw teɛɛm ka kyerɛɛ awɛmfo no sɛ: “Ɔpɛ sɛ okum ne ho. Monhwɛ no na wankum ne ho!” Wɔsan de me kɔɔ afiasedan a na me nkoaa meda mu no mu. Wɔfaa saa kwan yi so bisabisaa me nsɛm mpɛn pii wɔ asram asia mu. Mmɔden biara a wɔbɔe sɛ wɔde Komunis nkyerɛkyerɛ bɛma magye atom sɛ meyɛ Ɔman no tamfo no antumi amma mannyae me tirim a na mabɔ sɛ mekura me mudi mu ama Yehowa no.

Aka bosome biako ma wɔakodi m’asɛm no, mmaranimfo bi fi Prague bae bebisabisaa yɛn anuanom 12 no mu biara nsɛm. Obisaa me sɛ: “Sɛ Aman a Wɔnyɛ Komunisfo tow hyɛ yɛn man yi so a, dɛn na wobɛyɛ?” Mekae sɛ: “Mɛyɛ nea meyɛe bere a Hitler ne ɔman yi tow hyɛɛ USSR so no. Saa bere no manko na merenko seesei nso, efisɛ meyɛ Kristoni na minni ɔfã biara.” Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Yɛrentumi mma Yehowa Adansefo ntra ɔman yi mu. Yehia asraafo a sɛ ɛba sɛ Aman a Wɔnyɛ Komunisfo tow hyɛ yɛn so a wɔbɛboa, na yehia asraafo a wobɛko agye yɛn adwumayɛfo a wɔwɔ Aman a Wɔnyɛ Komunisfo so no.”

Wɔde yɛn kɔɔ asɛnnibea wɔ July 24, 1953. Wɔfrɛfrɛɛ yɛn 12 no mmiako mmiako kɔɔ atemmufo kuw no anim. Yɛde hokwan no dii yɛn gyidi ho adanse. Bere a yeyii atosɛm a na wɔaka ato yɛn so no ano wiei no, mmaranimfo bi sɔre gyina kae sɛ: “Maba asɛnnibea ha mpɛn pii. Nkurɔfo taa ka wɔn bɔne, nu wɔn ho, na mpo wosu. Nanso saa mmarima yi befi ha akɔ no, na wɔayɛ den sen bere a wɔbae no.” Eyi akyi no, wobuu yɛn 12 no nyinaa fɔ sɛ yɛabɔ Ɔman no ho pɔw bɔne. Wɔde me too afiase mfe abiɛsa na wogyee m’agyapade nyinaa maa Ɔman no.

Onyin Mmaa Minnyaee

Mebaa fie akyi no, na polisifo a wɔyɛ adwuma wɔ sum ase no da so de wɔn ani di m’akyi. Eyi nyinaa akyi no, mesan fii me teokrase dwumadi ahorow ase na wɔde asafo a yɛwom no so hwɛ hyɛɛ me nsa. Ɛwom sɛ wɔmaa yɛn kwan ma yɛtraa yɛn fie a na aban no agye no mu de, nanso mfe 40 akyi a Komunis nniso gui no ansa na wɔdan maa yɛn korakora.

Ɛnyɛ mene obi a otwa to wɔ m’abusua mu a ɔkɔdaa afiase. Woyii me baa fie mfe abiɛsa akyi pɛ na wɔkyeree Eduard nso sɛ ɔnkɔ sraadi. Esiane sɛ na ɔde Bible atete n’ahonim nti, wankɔ na wɔde no too afiase. Wɔ mfe bi akyi no, me banana Peter nso kɔɔ tebea a ɛte saa ara mu, ɛmfa ho mpo sɛ na onni apɔwmuden papa no.

Komunis nniso a na ɛwɔ Czechoslovakia no gui wɔ afe 1989 mu. Hwɛ sɛnea m’ani gyei sɛ mitumi kaa asɛm no bio wɔ afie afie wɔ mfe aduanan a wɔbaraa yɛn no akyi! (Asomafo no Nnwuma 20:20) Mmere dodow a m’ahoɔden maa me kwan no, mede me ho hyɛɛ saa ɔsom adwuma yi mu. Seesei a madi mfe 98 no, minni ahoɔden te sɛ kan no, nanso ɛyɛ me anigye sɛ mitumi di Yehowa bɔhyɛ a ɛfa daakye a ɛyɛ anigye no ho adanse kyerɛ nkurɔfo.

Metumi akan aman anum a aman mpanyimfo 12 adi so a wodii me kurom so. Ná ebi yɛ kankabi nniso, amampanyin ne ɔhene. Wɔn mu biara nni hɔ a otumi maa nkurɔfo a wɔahaw ho tɔɔ wɔn wɔ wɔn nniso ase. (Dwom 146:3, 4) Meda Yehowa ase sɛ ɔmaa mihuu no ntɛm wɔ m’asetra mu. Ɛno maa metee nea ɔnam Mesia Ahenni no so bɛyɛ daakye ase, na mikwatii ɔbra hunu a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Me de nnamyɛ aka asɛmpa a ɛsen biara no bɛboro mfe 75 ni, na ama manya atirimpɔw ne akomatɔyam wɔ asetram, ne daa nkwa wɔ asase so ho anidaso. Dɛn bio na anka menyɛ? *

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 14 Yehowa Adansefo na wotintimii nanso seesei wɔagyae tintim.

^ nky. 38 Awerɛhosɛm ne sɛ, Onua Michal Žobrák gyaee mu bere a na wɔrekyerɛw n’asɛm yi. Owui nokwaredi mu a na ɔwɔ ahotoso wɔ owusɔre ho anidaso no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yɛn ayeforohyia akyi bere tiaa bi

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Me ne Eduard wɔ 1940 mfe no mfiase

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Yɛrebɔ nhyiam ho dawuru wɔ Brno, 1947