Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Asomfo A Wɔwɔ Anigye

Yehowa Asomfo A Wɔwɔ Anigye

Yehowa Asomfo A Wɔwɔ Anigye

“Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.”—MATEO 5:3, NW.

1. Dɛn na ɛma anigye a ɛsen biara, na dɛn na saa anigye no da no adi?

ANIGYE a Yehowa nkurɔfo wɔ no som bo ma wɔn. Odwontofo Dawid teɛɛm sɛ: ‘Anigye ne ɔman a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa.’ (Dwom 144:15) Sɛ obi wɔ abotɔyam na ne ho tɔ no a, yɛka sɛ ɔwɔ anigye. Anigye a ɛsen biara na ɛka koma yiye no fi nim a yenim sɛ Yehowa ahyira yɛn no mu. (Mmebusɛm 10:22) Anigye a ɛte saa a yɛwɔ no da no adi sɛ yɛne yɛn soro Agya no wɔ abusuabɔ pa na yenim sɛ yɛreyɛ n’apɛde. (Dwom 112:1; 119:1, 2) Nea ɛyɛ nwonwa no, Yesu kaa nneɛma ahorow akron bi a yebetumi agyina so anya anigye ho asɛm bere bi. Saa nneɛma yi a yɛbɛhwehwɛ mu wɔ adesua yi ne nea edi so no mu no bɛma yɛahu nea enti a bere a yɛresom anigye anaa “ahotɔ Nyankopɔn” Yehowa wɔ nokwaredi mu no, yebetumi anya anigye.—1 Timoteo 1:11.

Yɛn Honhom Fam Ahiade a Yebehu

2. Bere bɛn na Yesu maa ɔkasa bi a ɛfa anigye ho no, na ofii ase dɛn?

2 Yesu maa ɔkasa bi a agye din sen ɔkasa biara wɔ wiase yi mu wɔ afe 31 Y.B. Esiane sɛ Yesu maa saa ɔkasa no wɔ bepɔw bi a ɛbɛn Galilea Po no ho nti, wɔfrɛ no sɛ Bepɔw so Asɛnka. Mateo Asɛmpa no ka sɛ: “Bere a [Yesu] huu nnipakuw no ɔforo kɔɔ bepɔw no so; ɔtraa ase no n’asuafo no baa ne nkyɛn, na obuee n’ano fii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ: Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, efisɛ ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:1-3, NW) Sɛnea Today’s English Version ka no, sɛ wɔkyerɛ Yesu nnianim nsɛm no ase tẽẽ a, nea ɛka ni: “Anigye ne wɔn a wonim sɛ wɔyɛ honhom mu ahiafo.”

3. Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase ma yenya anigye?

3 Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ, sɛ obi nim ne honhom fam ahiade a, ɔwɔ anigye kɛse. Esiane sɛ Kristofo a wɔbrɛ wɔn ho ase nim sɛ wɔyɛ abɔnefo nti, wogyina Kristo agyede afɔre no so srɛ Yehowa sɛ ɔmfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn. (1 Yohane 1:9) Ɛno nti, wonya asomdwoe ne anigye a edi mũ. Anigye anaa “nhyira ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so.”—Dwom 32:1; 119:165.

4. (a) Akwan bɛn na yebetumi afa so ada no adi sɛ yenim yɛne afoforo honhom fam ahiade? (b) Dɛn bio na ɛma yenya anigye mmoroso bere a yehu yɛn honhom fam ahiade no?

4 Nim a yenim sɛ yehia biribi honhom fam no kanyan yɛn ma yɛkenkan Bible no daa, di honhom fam aduan a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu” no, na yɛkɔ Kristofo nhyiam bere nyinaa nso. (Mateo 24:45; Dwom 1:1, 2; 119:111; Hebrifo 10:25) Ɔdɔ a yɛwɔ ma yɛn yɔnko nnipa no ma yehu sɛ wohia honhom fam nneɛma, na ɛma yɛde ahoɔden ka Ahenni ho asɛmpa no san kyerɛkyerɛ wɔn. (Marko 13:10; Romafo 1:14-16) Bible mu nokwasɛm a yɛka kyerɛ afoforo no ma yenya anigye anaa nhyira. (Asomafo no Nnwuma 20:20, 35) Afei nso, sɛ yesusuw Ahenni anidaso nwonwaso no ne nhyira horow a ɛde bɛba no ho a, ɛma yenya anigye mmoroso. Kristofo a wɔasra wɔn a wɔyɛ “kuw ketewa” no mufo no wɔ anidaso sɛ wobenya nkwa a owu nnim wɔ soro sɛ Kristo Ahenni nniso no mufo. (Luka 12:32; 1 Korintofo 15:50, 54) “Nguan foforo” no nso wɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ paradise asase so wɔ saa Ahenni nniso no ase.—Yohane 10:16; Dwom 37:11; Mateo 25:34, 46.

Nea Enti a Wɔn a Wodi Awerɛhow Ani Betumi Agye

5. (a) Dɛn na asɛm, “wɔn a wodi awerɛhow” no kyerɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na saafo no nya awerɛkyekye?

5 Ɛte sɛ nea abirabɔ wɔ asɛm a edi so yi a Yesu kae sɛ ɛde anigye ba no mu. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wodi awerɛhow, efisɛ wɔbɛkyekye wɔn werɛ.” (Mateo 5:4, NW) Ɛbɛyɛ dɛn na obi ani betumi agye bere a ɔredi awerɛhow no? Sɛ yɛbɛte nea Yesu kae no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yesusuw awerɛhowdi kõ a na ɔreka ho asɛm no ho. Osuani Yakobo ka sɛ, ɛsɛ sɛ nim a yenim sɛ yɛyɛ abɔnefo no ma yedi awerɛhow. Ɔkyerɛwee sɛ: “Monhohoro mo nsa, mo nnebɔneyɛfo, na montew mo komam, mo a mo kra yɛ ntanta! Munni nkɔmmɔ, na mo werɛ nhow, na munsu! Mo serew nnan awerɛhow, na mo anigye nnan anito! Mommrɛ mo ho ase [Yehowa, NW] anim, na ɔbɛma mo so.” (Yakobo 4:8-10) Sɛ wɔn a wɔn bɔne nti wodi awerɛhow ampa ara no behu sɛ wobetumi de wɔn bɔne akyɛ wɔn, bere a wɔkyerɛ Kristo agyede afɔre no mu gyidi na wɔda ahonu a edi mũ adi denam Yehowa apɛde a wɔbɛyɛ so a, wonya awerɛkyekye. (Yohane 3:16; 2 Korintofo 7:9, 10) Ɛma wotumi ne Yehowa nya abusuabɔ a emu yɛ den na wonya anidaso a ɛne sɛ wɔbɛtra ase daa asom Yehowa na wɔayi no ayɛ. Eyi ma wonya anigye anaa nhyira a edi mũ ankasa.—Romafo 4:7, 8.

6. Ɔkwan bɛn so na ebinom di awerɛhow, na ɛyɛ dɛn na wonya awerɛkyekye?

6 Yesu asɛm no fa wɔn a esiane nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ asase yi so nti wodi awerɛhow no nso ho. Yesu kae sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia 61:1, 2, NW yi fa ne ho. Ɛka sɛ: “Amansan Hene Yehowa honhom wɔ me so, efisɛ Yehowa asra me sɛ menka asɛmpa menkyerɛ ahobrɛasefo. Wasoma me sɛ memmɛkyekye wɔn a wɔn koma abubu werɛ, . . . menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ.” Kristofo a wɔasra wɔn a wɔda so wɔ asase yi so nso yɛ adwuma yi bi na wɔn mfɛfo “nguan foforo” no boa wɔn. Wɔn nyinaa nya kyɛfa wɔ adwuma a wɔyɛ de hyɛ “mmarima a wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ [Yerusalem a na awae a egyina hɔ ma Kristoman] mu no so nkɔmmɔ [awerɛhow, NW] no nyinaa momaso agyirae” no mu. (Hesekiel 9:4) “Ahenni ho asɛmpa” no ma saa nnipa yi a wodi awerɛhow no nya awerɛkyekye. (Mateo 24:14) Hu a wɔabehu sɛ ɛrenkyɛ wobeyi Satan nhyehyɛe bɔne yi afi hɔ na wɔde Yehowa wiase foforo a trenee te mu asi ananmu no ma wonya anigye.

Anigye Ne Wɔn a Wodwo

7. Dɛn na “odwo” nkyerɛ?

7 Yesu toaa ne Bepɔw so Asɛnka no so sɛ: “Anigye ne wɔn a wodwo, efisɛ wobenya asase no.” (Mateo 5:5, NW) Ɛtɔ mmere bi a nkurɔfo ka sɛ odwo yɛ mmerɛwyɛ. Nanso ɛnyɛ nokware. Bere a Bible ho ɔbenfo bi rekyerɛkyerɛ asɛmfua a wɔakyerɛ ase “odwo” mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Su pa a obi a [odwo] wɔ ne sɛ ɔyɛ onipa a otumi di ne ho so yiye. Ɛnkyerɛ sɛ ɔyɛ ohufo, asɛm haw no ntɛmntɛm anaa ɔmpɛ nnipa. Ɔyɛ obi a ɔyɛ den nanso otumi di ne ho so.” Yesu kaa n’ankasa ho asɛm sɛ: “Midwo na mebrɛ me ho ase koma mu.” (Mateo 11:29) Nanso Yesu de akokoduru gyinaa nnyinasosɛm pa akyi.—Mateo 21:12, 13; 23:13-33.

8. Dɛn na ɛne odwo wɔ abusuabɔ kɛse, na dɛn nti na yehia saa su yi wɔ yɛne afoforo abusuabɔ mu?

8 Ɛnde, yebetumi aka sɛ abusuabɔ kɛse da odwo ne ahosodi anaa anidahɔ ntam. Nokwasɛm ne sɛ, ɔsomafo Paulo bɔɔ anidahɔ anaa ahosodi din dii odwo akyi pɛɛ sɛ ɛka “honhom aba” no ho. (Galatifo 5:22, 23) Ɛsɛ sɛ honhom kronkron no boa yɛn ma yedwo. Ɛyɛ Kristofo su a ɛma asomdwoe ba wɔne wɔn a wonnye nni ne asafo no mufo nyinaa ntam. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. . . Munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho.”—Kolosefo 3:12, 13.

9. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ yɛne nnipa ntam abusuabɔ mu nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛda ahobrɛase adi? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a ‘wodwo benya asase no adi’?

9 Nanso ɛnyɛ yɛne nnipa ntam abusuabɔ mu nko na wɔhwehwɛ sɛ yɛda odwo adi. Sɛ yefi yɛn pɛ mu brɛ yɛn ho ase hyɛ Yehowa tumidi ase a, yɛda no adi sɛ yedwo. Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔnam odwo a ɔdaa no adi ne ahobrɛase mu a ofi yɛɛ N’agya apɛde no so maa wohui sɛ odwo sen onipa biara. (Yohane 5:19, 30) Esiane sɛ Yesu na wɔapaw no sɛ asase yi Sodifo nti, ɔno na obedi kan koraa anya asase no adi. (Dwom 2:6-8; Daniel 7:13, 14) Ɔne 144,000 a wɔyɛ “adedifo” a wɔapaw wɔn afi “nnipa mu” sɛ ‘wonni asase so ahene’ no na ebedi asase no so. (Romafo 8:17; Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1, 3, 4; Daniel 7:27) Kristo ne ne mfɛfo adedifo no bedi mmarima ne mmea a wɔbrɛ wɔn ho ase sɛ nguan, a nkɔmhyɛ bi a ɛwɔ dwom nhoma no mu benya ne mmamu anigye so wɔ wɔn so no so. Saa nkɔmhyɛ no ka sɛ: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11; Mateo 25:33, 34, 46.

Anigye Ne Wɔn a Trenee Ho Kɔm De Wɔn

10. Dɛn ne ɔkwan biako a wɔn a “trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn” no bɛfa so amee?

10 Ade foforo a Yesu kae wɔ Galilea Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ ɛde anigye ba ni: “Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, efisɛ wɔbɛmee.” (Mateo 5:6, NW) Yehowa na ɔkyerɛ Kristofo nea ɛteɛ. Enti, wɔ ɔkwan bi so no, wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn no kɔn dɔ sɛ wobenya akwankyerɛ afi Onyankopɔn nkyɛn. Saafo no nim no yiye sɛ wɔyɛ abɔnefo na wɔnyɛ pɛ ma enti wɔhwehwɛ sɛ wobenya Yehowa anim dom. Hwɛ anigye ara wonya bere a wobehu fi Onyankopɔn Asɛm no mu sɛ, sɛ wɔsakra na wogyina Kristo agyede afɔre no so bisa bɔne fafiri a, wobetumi abɛyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim no!—Asomafo no Nnwuma 2:38; 10:43; 13:38, 39; Romafo 5:19.

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔabu Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ atreneefo? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn no mfɛfo no bɛmee yiye wɔ trenee ho kɔm a ɛde wɔn no ho?

11 Yesu kae sɛ saafo no benya anigye efisɛ ‘wɔbɛmee.’ (Mateo 5:6) Wɔabu Kristofo a wɔasra wɔn a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔne Kristo ‘nkodi hene’ wɔ soro no ‘bem’ anaa treneefo ‘ama nkwa.’ (Romafo 5:1, 9, 16-18) Yehowa afa wɔn sɛ ne honhom mu mma. Wɔne Kristo bedi ade wɔ ne soro Ahenni nniso no mu sɛ ahene ne asɔfo.—Yohane 3:3; 1 Petro 2:9.

12 Saa bere yi de, wonnya mmuu wɔn a wɔasra wɔn no mfɛfo no atreneefo mmaa nkwa. Nanso esiane gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo mogya a ɔde bɔɔ afɔre no mu nti, Yehowa bu wɔn atreneefo wɔ ɔkwan bi so. (Yakobo 2:22-25; Adiyisɛm 7:9, 10) Wobu wɔn sɛ atreneefo a wɔyɛ Yehowa nnamfo a wobenya nkwa wɔ “ahohia kɛse” no mu. (Adiyisɛm 7:14) Wɔbɛmee yiye wɔ trenee ho kɔm a ɛde wɔn no ho bere a wɔ “ɔsoro foforo” no ase no wɔbɛyɛ asase foforo a “trenee te mu” no mufo no.—2 Petro 3:13; Dwom 37:29.

Anigye ne Mmɔborohunufo

13, 14. Akwan pa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛfa so da no adi sɛ yɛyɛ mmɔborohunufo, na mfaso bɛn na yebenya afi so?

13 Bere a Yesu retoa ne Bepɔw so Asɛnka no so no, ɔkae sɛ: “Anigye ne mmɔborohunufo, efisɛ wobehu wɔn mmɔbɔ.” (Mateo 5:7, NW) Wɔ mmara mu no, mmɔborohunu kyerɛ gow a ɔtemmufo bi gow asotwe a anka mmara hwehwɛ sɛ ɔde ma ɔdebɔneyɛfo bi mu no. Nanso, mpɛn pii no, mfitiase asɛm a wɔkyerɛ ase “mmɔborohunu” wɔ Bible mu no kyerɛ tema a wofi ayamye mu da no adi kyerɛ wɔn a wɔyɛ mmɔbɔ na ama wɔanya ahotɔ. Enti wɔn a wɔyɛ mmɔborohunufo da no adi sɛ wɔwɔ ayamhyehye. Samariani mmɔborohunufo ho bɛ a Yesu bui no ma yenya obi a ɔdaa mmɔborohunu adi kyerɛɛ nea na n’asɛm yɛ “mmɔbɔ” ho nhwɛso a ɛyɛ fɛ.—Luka 10:29-37.

14 Sɛ yebenya anigye a ɛwɔ ɔma mu no bi a, ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn a wɔwɔ ahohia mu. (Galatifo 6:10) Yesu yam hyehyee no maa nkurɔfokuw a ohuu wɔn no, na “wɔyɛɛ no mmɔbɔ, efisɛ na wɔte sɛ nguan a wonni hwɛfo; na ofii ase kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii.” (Marko 6:34) Yesu hui sɛ ade titiriw a na nnipa hia ne honhom fam nneɛma. Yɛn nso yebetumi ada no adi sɛ yɛwɔ ayamhyehye ne mmɔborohunu ma afoforo denam “ahenni no ho asɛmpa” a wohia sen biribiara a yɛbɛka akyerɛ wɔn no so. (Mateo 24:14) Yebetumi asan ayɛ nnwuma a mfaso wɔ so ama yɛn mfɛfo Kristofo a wɔn mfe akɔ anim, akunafo ne nyisaa, na ‘yɛakyekye wɔn a wɔn koma atu no werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14; Mmebusɛm 12:25; Yakobo 1:27) Ɛnyɛ anigye anaa nhyira nko na saa a yɛbɛyɛ no bɛma yɛanya na mmom ɛbɛma Yehowa nso ada mmɔborohunu adi akyerɛ yɛn.—Asomafo no Nnwuma 20:35; Yakobo 2:13.

Wɔn a Wɔn Koma Mu Tew ne Wɔn a Wɔpɛ Asomdwoe

15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɛyɛ wɔn a wɔn koma mu tew na wɔpɛ asomdwoe?

15 Yesu kaa ade a ɛto so asia ne ason a ɛde anigye ba no ho asɛm sɛɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn koma mu tew, efisɛ wobehu Onyankopɔn. Anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe, efisɛ wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma.” (Mateo 5:8, 9) Koma a emu tew nyɛ nea emu tew wɔ abrabɔ fam nko na mmom emu tew nso wɔ honhom fam na edi mũ wɔ ɔsom a ɛde ma Yehowa no mu. (1 Beresosɛm 28:9; Dwom 86:11) Nea mfitiase kasa a wɔkyerɛ ase “wɔpɛ asomdwoe” no kyerɛ ankasa ne “apatafo.” Wɔn a wɔpɛ asomdwoe ne wɔn nuanom Kristofo tra asomdwoe mu na sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a wɔn fam no wɔne nnipa nyinaa tra asomdwoe mu. (Romafo 12:17-21) ‘Wɔhwehwɛ asomdwoe na wodi akyi.’—1 Petro 3:11.

16, 17. (a) Dɛn nti na wɔfrɛ wɔn a wɔasra wɔn no sɛ “Onyankopɔn mma,” na ɔkwan bɛn so na “wobehu Onyankopɔn”? (b) Ɔkwan bɛn so na “nguan foforo” no ‘hu Onyankopɔn’? (d) Ɔkwan bɛn so ne bere bɛn na “nguan foforo” no bɛba abɛyɛ “Onyankopɔn mma” ankasa?

16 Wɔhyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe na wɔn koma mu tew no bɔ sɛ “wɔbɛfrɛ wɔn Onyankopɔn mma” na “wobehu Onyankopɔn.” Wɔde honhom asra Kristofo a wɔasra wɔn no ma enti bere mpo a wɔwɔ asase so no Yehowa fa wɔn sɛ ne “mma.” (Romafo 8:14-17) Sɛ wonyan wɔn fi owu mu kɔka Kristo ho wɔ soro a, wɔsom wɔ Yehowa anim pɛɛ na wohu Yehowa ankasa.—1 Yohane 3:1, 2; Adiyisɛm 4:9-11.

17 “Nguan foforo” a wɔn nso pɛ asomdwoe no som Yehowa wɔ Oguanhwɛfo Pa, Kristo Yesu, a ɔbɛba abɛyɛ wɔn “Daa-agya” no ase. (Yohane 10:14, 16; Yesaia 9:6) Yehowa bɛfa wɔn a wobedi nkonim wɔ sɔhwɛ a etwa to a ɛbɛba wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no awiei no sɛ ne mma a wɔwɔ asase yi so, na wɔbɛyɛ “Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu.” (Romafo 8:21; Adiyisɛm 20:7, 9) Esiane sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛba abɛyɛ Onyankopɔn mma nti, wɔfrɛ Yehowa sɛ wɔn Agya, efisɛ ɔno na wɔahyira wɔn nkwa so ama no, agye no atom sɛ wɔn Nkwamafo. (Yesaia 64:8) Wɔde gyidi aniwa “hu Onyankopɔn” te sɛ Hiob ne Mose a wɔtraa ase tete mmere mu no ara pɛ. (Hiob 42:5; Hebrifo 11:27) Wɔnam wɔn “koma ani” ne Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ a wɔwɔ so hu Yehowa su a ɛyɛ nwonwa no na wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua no denam n’apɛde a wɔyɛ no so.—Efesofo 1:18; Romafo 1:19, 20; 3 Yohane 11.

18. Sɛ yesusuw nneɛma ahorow ason a Yesu kae sɛ ɛde anigye ba no ho a, henanom na nnɛ yebetumi aka sɛ wɔwɔ anigye a edi mũ ankasa?

18 Yɛahu sɛ wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade, wɔn a wodi awerɛhow, wɔn a wodwo, wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, mmɔborohunufo, wɔn a wɔn koma mu tew ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe nya anigye a edi mũ bere a wɔresom Yehowa no. Nanso, saafo no hyia ɔsɔretia ne ɔtaa bere nyinaa. So eyi sɛe wɔn anigye? Yebesusuw saa asɛmmisa yi ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

Ntimu

• Anigye bɛn na wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade no nya?

• Akwan bɛn so na wɔkyekye wɔn a wodi awerɛhow no werɛ?

• Ɔkwan bɛn so na yɛda no adi sɛ yedwo?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ mmɔborohunufo, yɛma yɛn koma mu tew, na yɛpɛ asomdwoe?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

“Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

“Anigye ne mmɔborohunufo”

[Mfonini wɔ kratafa 10]

“Anigye ne wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn”