Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm

Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm

Fa Akokoduru Ka Onyankopɔn Asɛm

“Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man.”—AMOS 7:15.

1, 2. Ná hena ne Amos, na dɛn na Bible no ka fa ne ho?

BERE a Yehowa dansefo bi reyɛ ne som adwuma no, ɔsɔfo bi bɛtoaa no. Ɔsɔfo no teɛɛm sɛ: ‘Gyae asɛm no ka! Fi ha kɔ!’ Dɛn na ɔdansefo no yɛe? So ɔyɛɛ nea ɔsɔfo no kae no, anaa ɔkɔɔ so de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm? Wubetumi ahu eyi efisɛ saa ɔdansefo no kyerɛw ne suahu ahorow too hɔ wɔ nhoma bi a ne din da so mu. Ɛne Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Amos no. Ansa na yebehu pii afa nea esii wɔ ɔne ɔsɔfo no ntam ho no, ma yensusuw Amos ho kakra.

2 Ná hena ne Amos? Bere bɛn na ɔtraa ase, na ɛhe na ofi? Yehu saa nsɛmmisa no ho mmuae wɔ Amos 1:1, a ɛkenkan sɛ: “Amos a ɔwɔ Tekoa nguanyɛnfo mu nsɛm . . . Yuda hene Usia bere so ne Israel hene Yerobeam a ɔyɛ Yoas ba bere so.” Ná Amos te Yuda man mu. Ne kurom ne Tekoa, na fi Yerusalem anafo kɔ hɔ yɛ kilomita 16. Ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. awiei mu hɔ bere a na Ɔhene Usia di hene wɔ Yuda na Ɔhene Yerobeam II di hene wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no so no. Ná Amos yɛn nguan. Nokwarem no, Amos 7:14 ka sɛ na ɔnyɛ “nguanyɛnfo” nko, na mmom na ‘ɔtetew ɔdɔma’ nso. Enti na ɔde afe no mu nna no bi yɛ afumdwuma wɔ twabere mu nso. Ná otuetue borɔdɔma mu. Ná wɔyɛ adwuma yi na ama borɔdɔma no abere ntɛm. Ná ɛyɛ adwumaden.

“Kɔhyɛ Nkɔm”

3. Sɛ yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ yɛka asɛm no a, ɔkwan bɛn so na Amos ho ade a yebesua no bɛboa yɛn?

3 Amos kaa no pen sɛ: “Ɛnyɛ odiyifo ne me na ɛnyɛ odiyifo ba ne me.” (Amos 7:14) Ná ɔnyɛ odiyifo ba, na wɔantete no sɛ odiyifo nso. Nanso, Yehowa paw Amos wɔ Yudafo no nyinaa mu sɛ ɔnyɛ N’adwuma. Saa bere no Onyankopɔn ampaw ɔhene tumfoɔ, ɔsɔfo nhomanimfo, anaa obirɛmpɔn sikani bi. Ɛno ma yenya asuade titiriw bi. Ebia yɛnyɛ onipa titiriw anaasɛ yɛansua nhoma ankɔ akyiri. Nanso so ɛsɛ sɛ ɛno ma yɛte nka sɛ yɛmfata sɛ yɛbɛka Onyankopɔn asɛm? Dabida! Yehowa betumi asiesie yɛn ma yɛaka n’asɛm—wɔ nsasesin a emu yɛ den mpo mu. Esiane sɛ saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa yɛ maa Amos nti, ɛbɛyɛ asuade ama obiara a ɔpɛ sɛ ɔde akokoduru ka Onyankopɔn asɛm no sɛ osusuw nhwɛso a odiyifo ɔkokodurufo no yɛe no ho.

4. Dɛn nti na na ɛyɛ den ma Amos sɛ ɔbɛhyɛ nkɔm wɔ Israel?

4 Yehowa ka kyerɛɛ Amos sɛ: “Kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ me man Israel.” (Amos 7:15) Ná saa adwuma no yɛ den. Saa bere no ná asomdwoe ne ahobammɔ wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu, ná na wodi yiye. Ná wɔn mu pii wɔ “awɔwbere fi” ne “ahohurubere fi” a ɛnyɛ ntayaa kɛkɛ na wɔde sii, na mmom “abo a wɔatwa” a ne bo yɛ den. Ná ebinom wɔ ɔdan mu nneɛma a ɛyɛ fɛ a wɔde asonse ayɛ, na na wɔnom nsa a wɔyɛe wɔ “bobe nturo a ɛyɛ fɛ” mu. (Amos 3:15; 5:11) Esiane eyi nti, na nnipa pii yɛ anibiannaso. Nokwarem no, na Amos asasesin no te sɛ nea yɛn mu pii yɛ yɛn som adwuma wom no pɛpɛɛpɛ.

5. Na nneɛma bɔne bɛn na Israelfo no mu binom reyɛ?

5 Ná ɛnyɛ mfomso sɛ Israelfo benya ahode. Nanso, Israelfo binom nam akwammɔne so boaboaa ahonyade ano. Na adefo ‘mia abrɛfo’ na ‘wɔhyɛ ahiafo so.’ (Amos 4:1) Aguadifo, atemmufo, ne asɔfo a wɔwɔ tumi ka wɔn ti pam ho sisi ahiafo. Afei ma yɛnsan nkɔ saa bere no so nkɔhwɛ nea nnipa yi yɛe.

Wobuu Onyankopɔn Mmara So

6. Ɔkwan bɛn so na Israel aguadifo sisii afoforo?

6 Yebedi kan akɔ gua so. Wɔ hɔ no, aguadifo amimfo ma “efa” no yɛ “ketewa,” na ‘abrammo yɛ akɛse,’ na wɔtɔn “awi” ase sɛ awi. (Amos 8:5, 6) Aguadifo no sisii wɔn adetɔfo no wɔ dodow a wɔtɔn ma wɔn no mu, na ne bo yɛ den dodo, na ade a na wɔtɔn no nyɛ papa. Bere a aguadifo no sisii ahiafo no maa wɔn ho sika sae no, na ɛsɛ sɛ saa ahiafo no tɔn wɔn ho ma wɔde wɔn yɛ nkoa. Afei, aguadifo no de “mpaboa” tɔɔ wɔn. (Amos 8:6) Wo de susuw ho hwɛ! Na aguadifo adifudepɛfo no bu wɔn mfɛfo Israelfo sɛ wɔne mpaboa kɛkɛ bo yɛ pɛ! Hwɛ sɛnea woguu ahiafo anim ase na wobuu Onyankopɔn Mmara so kɛse! Nanso, na aguadifo koro yi ara di “homeda.” (Amos 8:5) Yiw, na wɔpɛ nyamesom, nanso wɔ nnipa ani so kɛkɛ.

7. Dɛn na ɛmaa Israel aguadifo tumi buu Onyankopɔn Mmara so?

7 Ɔkwan bɛn so na aguadifo no buu Onyankopɔn Mmara a ese: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no so na wɔfaa wɔn ho dii? (Leviticus 19:18) Wɔfaa wɔn ho dii efisɛ na wɔn a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma Mmara no yɛ adwuma—atemmufo no—ne wɔn na na edi nsɛmmɔne no. Ná atemmufo no ‘gyigye mpata na wɔkyea ahiafo asɛm’ wɔ kurow no pon ano, baabi a na wodi asɛm no. Sɛ́ anka atemmufo no bɛbɔ ahiafo ho ban no, woyii wɔn mae de gyee adanmude. (Amos 5:10, 12) Enti, na atemmufo no nso nni Onyankopɔn Mmara so.

8. Na abrabɔ bɛn na asɔfo abɔnefo no bu wɔn ani gu so?

8 Saa bere no na dɛn na Israel asɔfo reyɛ? Ma yɛnkɔ baabi foforo nkɔhwɛ. Hwɛ bɔne ara a na asɔfo no ama kwan ma wɔreyɛ wɔ “wɔn anyame fi”! Onyankopɔn nam Amos so kae sɛ: “Obi ne n’agya kɔ ababaa koro ho, sɛ wɔde rehura me din kronkron ho.” (Amos 2:7, 8) Susuw ho hwɛ! Na Israelni bi ne ne ba kɔ asɔrefie aguaman biako ho ne no bu brabɔne. Na saa asɔfo abɔnefo no bu wɔn ani gu ɔbrasɛe a ɛte saa so!—Leviticus 19:29; Deuteronomium 5:18; 23:17.

9, 10. Onyankopɔn Mmara bɛn na Israelfo no buu so, na dɛn na ɛne no di nsɛ wɔ yɛn bere yi so?

9 Bere a Yehowa reka wɔn nneyɛe bɔne afoforo ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Wɔda awowa ntama so, afɔremuka nyinaa nkyɛnmu, na wɔnonnom wɔn a wɔadi wɔn kasa nsã, wɔn anyame fi.” (Amos 2:8) Yiw, asɔfo no ne nnipa dodow no ara buu wɔn ani guu mmara a ɛwɔ Exodus 22:26, 27, a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ wɔde obi ntama a wogye no awowa san kɔma no ansa na ade asa no so. Mmom no, wɔde yɛ okuntu a wodwudwo wɔn ho wɔ so bere a wɔtow pon nom nsa de ma atoro anyame no. Na wɔde ka a wɔbɔ ahiafo no sika tɔ nsa nom wɔ atoro som afahyɛ ahorow ase. Na wɔatwe wɔn ho afi nokware som ho koraa!

10 Na Israelfo no rebu Mmara abien a ɛsen biara no so a wɔn ani mmu wɔn dwɛ—sɛ wɔbɛdɔ Yehowa ne wɔn mfɛfo nnipa. Enti Onyankopɔn somaa Amos sɛ ɔnkɔkasa ntia wɔn asoɔden no. Ɛnnɛ, wiase aman no ne Kristoman da ɔporɔwee a ɛkɔɔ so wɔ tete Israel no bi adi. Bere a asi nnipa binom yiye no, nnwumakuw akɛse, amammuisɛm ne atoro som akannifo brasɛe ama nnipa pii sikasɛm asɛe na wɔahaw yiye. Nanso, Yehowa dwen wɔn a wɔrehu amane na ɛka wɔn ma wɔhwehwɛ n’akyi kwan no ho. Enti, wahyɛ n’asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no sɛ wɔnyɛ adwuma bi a ɛte sɛ nea Amos yɛe no bi—wɔmfa akokoduru nka N’asɛm.

11. Dɛn na yebetumi asua afi nhwɛso a Amos yɛe no mu?

11 Esiane nsɛdi ahorow a ɛwɔ Amos adwuma no ne yɛn de no mu nti, sɛ yesusuw nhwɛso a ɔyɛe no ho a, yebenya so mfaso kɛse. Nokwarem no, Amos kyerɛ yɛn (1) asɛm ko a ɛsɛ sɛ yɛka, (2) sɛnea ɛsɛ sɛ yɛka no, ne (3) nea enti a obiara ntumi nsiw yɛn asɛnka adwuma no kwan. Ma yensusuw saa nsɛm yi ho mmiako mmiako.

Sɛnea Yebetumi Asuasua Amos

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛe sɛ na n’ani nnye nea na Israelfo reyɛ no ho, na dɛn na wɔyɛe wɔ ho?

12 Sɛ Yehowa Adansefo no, yɛn Kristofo som adwuma no gyina Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no so. (Mateo 28:19, 20; Marko 13:10) Nanso, yɛtwe adwene si Onyankopɔn kɔkɔbɔ nso so sɛnea Amos kae sɛ Yehowa bebu abɔnefo atɛn no. Sɛ nhwɛso no, Amos 4:6-11 kyerɛ sɛnea Yehowa kaa mpɛn pii kyerɛɛ Israelfo no sɛ n’ani nnye nea na wɔyɛ no ho. Ɔmaa nkurɔfo no dii “aduankɔm,” ‘kamee wɔn osutɔ,’ ‘maa ɔyow ne ɔpo’ ne “ɔyaredɔm” baa wɔn so. So eyinom maa Israelfo nuu wɔn ho? Onyankopɔn kae sɛ: “Moansan amma me nkyɛn.” Nokwarem no, Israelfo no poo Yehowa mpɛn pii.

13 Yehowa twee Israelfo a wɔannu wɔn ho no aso. Nanso, nea edi kan no, ɔde nkɔmhyɛ kwan so kɔkɔbɔ maa wɔn. Nea ɛne eyi hyia no, Onyankopɔn kae sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.” (Amos 3:7) Yehowa daa no adi kyerɛɛ Noa sɛ Nsuyiri bɛba na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa ho kɔkɔbɔ mma. Saa ara nso na Yehowa ka kyerɛɛ Amos sɛ ɔmfa kɔkɔbɔ a etwa to mma. Awerɛhosɛm ne sɛ, Israelfo no antie saa asɛm a efi Onyankopɔn hɔ no ma enti wɔanyɛ ho hwee.

14. Nsɛdi ahorow bɛn na ɛwɔ Amos bere no ne yɛn de yi ntam?

14 Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ nsɛdi atitiriw bi wɔ Amos bere no ne yɛn de yi mu. Yesu Kristo hyɛɛ nkɔm sɛ ɔhaw pii bɛba wɔ awiei bere no mu. Ɔhyɛɛ nkɔm nso sɛ wɔbɛyɛ asɛnka adwuma bi wɔ wiase nyinaa. (Mateo 24:3-14) Nanso, nnipa dodow no ara bu wɔn ani gu yɛn mmere yi ho nsɛnkyerɛnne ne Ahenni asɛm no so sɛnea wɔyɛe wɔ Amos bere so no. Nea ɛtoo Israelfo a wɔannu wɔn ho no ara bi na ɛbɛto saafo no. Yehowa bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ: “Siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.” (Amos 4:12) Wohyiaa Onyankopɔn denam atemmu a ɔde baa wɔn so bere a Asiria asraafo dii wɔn so nkonim no so. Ɛnnɛ, amumɔyɛ wiase yi ‘behyia Onyankopɔn’ wɔ Harmagedon. (Adiyisɛm 16:14, 16) Nanso, bere tenten a Yehowa kɔ so da boasetɔ adi no, yetu nnipa dodow no ara a yebetumi no fo sɛ: “Monhwehwɛ [Yehowa, NW] akyi kwan na munnya nkwa.”—Amos 5:6.

Gyina Ɔsɔretia Ano Sɛnea Amos Yɛe No

15-17. (a) Na hena ne Amasia, na ɔyɛɛ n’ade dɛn wɔ nsɛm a Amos kae no ho? (b) Sobo bɛn na Amasia de bɔɔ Amos?

15 Yebetumi asuasua Amos wɔ nea yɛka ne sɛnea yɛka asɛm no nso mu. Wosii saa nokwasɛm no so dua wɔ ti 7, a wɔkaa ɔsɔfo a wɔaka ne ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no. Ná ɔne “Bet-El sɔfo Amasia.” (Amos 7:10) Ná Betel yɛ kurow a Israel awaefo som wɔ hɔ a na nantwi ba som ka ho. Enti na Amasia yɛ Ɔman som no sɔfo. Ɔyɛɛ n’ade dɛn wɔ nsɛm a Amos de akokoduru kae no ho?

16 Amasia ka kyerɛɛ Amos sɛ: “Ɔdehufo, kɔ! Bɔ wo ho aguaa kɔ Yuda asase so, na kodidi hɔ na hyɛ nkɔm wɔ hɔ. Na nkɔ so nhyɛ nkɔm Bet-El bio, efisɛ ɛyɛ ɔhene kronkronbea, na ɛyɛ ahenni fi nso.” (Amos 7:12, 13) Enti, nea na Amasia rekyerɛ ne sɛ: ‘Kɔ wo fie! Yɛwɔ yɛn som.’ Ɔbɔɔ mmɔden nso sɛ ɔbɛma aban no abara Amos dwumadi bere a ɔka kyerɛɛ Ɔhene Yerobeam II sɛ: “Amos apam wo tiri so, Israel fi mfinimfini” no. (Amos 7:10) Yiw, Amasia bɔɔ Amos sobo sɛ otutu ɔman ase! Ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Sɛ Amos se ni: Afoa ano na Yerobeam bewu, na Israel betu afi n’asase so akɔ.”—Amos 7:11.

17 Amasia de saa asɛm no kaa atosɛm ahorow abiɛsa. Ɔkae sɛ: “Sɛ Amos se ni.” Nanso Amos anka da sɛ ɔno na nkɔmhyɛ no fi no. Mmom no, ɔka bere nyinaa sɛ: “Sɛ Yehowa se ni.” (Amos 1:3, NW) Ɔbɔɔ Amos sobo nso sɛ ɔkae sɛ: “Afoa ano na Yerobeam bewu.” Nanso sɛnea wɔakyerɛw wɔ Amos 7:9 no, Amos hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Me Yehowa, mede afoa mɛsɔre mahyɛ Yerobeam fi.’ Onyankopɔn ka siei sɛ saa amanehunu no bɛba Yerobeam “fi,” a wɔne n’asefo so. Bio nso, Amasia kae sɛ Amos aka sɛ: “Israel betu afi n’asase so akɔ.” Nanso na Amos ahyɛ nkɔm nso sɛ Israelni biara a ɔbɛsan aba Onyankopɔn nkyɛn no benya nhyira. Ɛda adi pefee sɛ Amasia kyinkyim nsɛm de bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔman no abara Amos asɛnka adwuma no.

18. Ɔkwan bɛn so na akwan a Amasia faa so no ne nea asɔfo fa so nnɛ no di nsɛ?

18 So wohyɛɛ sɛnea akwan a Amasia faa so ne akwan a wɔn a wɔsɔre tia Yehowa nkurɔfo nnɛ fa so di nsɛ no nsow? Sɛnea Amasia bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Amos agyae asɛm no ka no, saa ara na yɛn bere yi so asɔfo, asɔfo mpanyin, ne akannifo bi bɔ mmɔden sɛ wobesiw asɛnka adwuma a Yehowa asomfo reyɛ no kwan. Amasia twaa atoro too Amos so sɛ otutu ɔman ase. Saa ara na ɛnnɛ nso asɔfo bi twa atoro to Yehowa Adansefo so sɛ wɔde ɔman no ahobammɔ to asiane mu. Na sɛnea Amasia hwehwɛɛ ɔhene hɔ mmoa na ama wako atia Amos no, saa ara nso na asɔfo taa kɔhwehwɛ mmoa fi wɔn amammui nnamfo nkyɛn na ama wɔataa Yehowa Adansefo.

Asɔretiafo Ntumi Nsiw Yɛn Asɛnka Adwuma no Kwan

19, 20. Dɛn na Amos yɛe wɔ Amasia ɔsɔretia no ho?

19 Amos yɛɛ n’ade dɛn wɔ Amasia ɔsɔretia no ho? Nea edi kan no, Amos ka kyerɛɛ ɔsɔfo no sɛ: “Wo de, woka sɛ: Nhyɛ nkɔm ntia Israel.” Afei Onyankopɔn diyifo ɔkokodurufo no kaa nsɛm a na Amasia mpɛ sɛ ɔte no ntɛm ara. (Amos 7:16, 17) Amos ansuro. Nhwɛso pa a ɔyɛ maa yɛn bɛn ara ni! Ɛdefa Onyankopɔn asɛm a yɛka ho no, yebetie Onyankopɔn, wɔ aman a nkurɔfo yɛ wɔn ade te sɛ Amasia kanyan ɔtaa a emu yɛ den mpo mu. Te sɛ Amos no, yɛkɔ so bɔ dawuru sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] se ni.” Na asɔretiafo ntumi nsiw yɛn asɛnka adwuma no kwan, efisɛ “[Yehowa, NW] nsa” ka yɛn ho.—Asomafo no Nnwuma 11:19-21.

20 Na anka ɛsɛ sɛ Amasia hu sɛ n’ahunahuna no nkosi hwee. Ná Amos adi kan akyerɛkyerɛ nea enti a asase so nipa biara ntumi mma onnyae nea ɔka no mu dedaw—na ɛno ne asɛm a ɛto so abiɛsa a yebesusuw ho. Sɛnea Amos 3:3-8 kyerɛ no, Amos de nsɛmmisa ne mfatoho ahorow kyerɛe sɛ biribi nsi kwa. Afei, ɔde mfatoho yi mae: “Gyata abobom, hena na ɔrensuro? [Yehowa, NW] Nyankopɔn akasa, hena na ɔrenhyɛ nkɔm?” Wɔ ɔkwan foforo so no, Amos ka kyerɛ n’atiefo sɛ: ‘Sɛnea sɛ mote sɛ gyata bobom a, musuro no, saa ara na menso mintumi nnyae Onyankopɔn asɛm ka efisɛ Yehowa ahyɛ me sɛ menyɛ saa.’ Onyankopɔn suro anaa nidi a emu dɔ a Amos wɔ ma Yehowa no kanyan no ma ɔde akokoduru kasae.

21. Yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ahyɛde a Onyankopɔn de ama sɛ yɛnka asɛmpa no ho?

21 Yɛn nso yɛte sɛ Yehowa de ahyɛde ama sɛ yɛnka asɛm. Dɛn na yɛyɛ wɔ ho? Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛde akokoduru ka N’asɛm no te sɛ nea Amos ne Yesu akyidifo a wodi kan no yɛe no. (Asomafo no Nnwuma 4:23-31) Ɔtaa a asɔretiafo ma wɔde ba yɛn so anaa anibiannaso a wɔn a yɛka asɛm no kyerɛ wɔn no da no adi no remma yennyae asɛm no ka. Esiane sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa da nnamyɛ adi te sɛ Amos nti, ɛkanyan wɔn ma wɔde akokoduru kɔ so ka asɛmpa no. Ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛbɛbɔ nnipa kɔkɔ sɛ Yehowa atemmu reba. Ɛyɛ atemmu bɛn? Wobebua saa asɛm no wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Wɔ tebea bɛn mu na Amos dii ahyɛde a Onyankopɔn de maa no no so?

• Te sɛ Amos no, asɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛka?

• Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde yɛ yɛn asɛnka adwuma no?

• Dɛn nti na asɔretiafo ntumi nsiw yɛn adansedi adwuma no kwan?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Onyankopɔn paw Amos a na otuetue borɔdoma mu no sɛ ɔnyɛ N’adwuma

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 13]

So wode akokoduru reka Yehowa asɛm te sɛ nea Amos yɛe no?