Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwehwɛ Yehowa, Nea Ɔsɔ Koma Hwɛ No

Hwehwɛ Yehowa, Nea Ɔsɔ Koma Hwɛ No

Hwehwɛ Yehowa, Nea Ɔsɔ Koma Hwɛ No

“Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa.”—AMOS 5:4.

1, 2. Sɛ Kyerɛwnsɛm no ka sɛ Yehowa ‘hwɛ komam’ a, na dɛn na ɛkyerɛ?

YEHOWA NYANKOPƆN ka kyerɛɛ odiyifo Samuel sɛ: “Onipa hwɛ nea etua aniwa, na [Yehowa, NW] de, ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ‘hwɛ komam’?

2 Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔtaa de koma no di dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de kyerɛ sɛnea obi te ankasa—nneɛma a n’ani gye ho, ne nsusuwii, ne nkate ne nneɛma a ɔpɛ. Enti sɛ Bible ka sɛ Onyankopɔn hwɛ komam a, ɛkyerɛ sɛ ɔnhwɛ nea etua aniwa, na mmom ɔde adwene si sɛnea onipa no te ankasa so.

Onyankopɔn Hwehwɛ Israel Mu

3, 4. Sɛnea Amos 6:4-6 kyerɛ no, tebea bɛn na na ɛwɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu?

3 Bere a koma mu hwehwɛfo no hwɛɛ Israel mmusuakuw du ahemman no wɔ Amos bere so no, dɛn na Ohui? Amos 6:4-6 kaa mmarima a “wɔdeda asonse mpadua so, na wɔtwe wɔn mu wɔn nnae so” ho asɛm. Ná “wodi nguanten mma a wofi nguankuw mu, ne nantwi mma a wofi ɔyɛn dan mu.” Ná mmarima a wɔte saa no ‘to ahuhudwom de yi sanku ano,’ na na “wɔnom nsa nkora mu.”

4 Mfiase no, eyi betumi ayɛ te sɛ nea ɛyɛ anigye. Ná adefo no di nnuan pa nom nsa pa, de asanku bɔ nnwom de gye wɔn ani wɔ wɔn afie fɛfɛɛfɛ mu. Na wɔwɔ “asonse mpadua” nso. Wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu asonse nnwinne wɔ Samaria, Israel ahemman no ahenkurow mu. (1 Ahene 10:22) Ebetumi aba sɛ na emu pii yɛ ɔdan mu nneɛma ne nneɛma a wɔde asiesie ɔfasu ho.

5. Dɛn nti na na Onyankopɔn ani nnye Amos bere so Israelfo no ho?

5 So na Yehowa ani nnye ho sɛ na Israelfo no ho adwo wɔn wɔ asetra mu, di nnuan pa, nom nsã pa, na wotie nnwom a ɛyɛ dɛ no? Dabida! Nokwasɛm ne sɛ ɔde nneɛma a ɛtete saa pii ma na nnipa de agye wɔn ani. (1 Timoteo 6:17) Nea na Yehowa ani nnye ho ne akɔnnɔ bɔne a na nnipa no wɔ, wɔn komam tebea a na enye ne su bɔne a na wokura wɔ Onyankopɔn ho ne ɔdɔ a na wonni mma wɔn mfɛfo Israelfo no.

6. Na Israel honhom fam tebea te dɛn wɔ Amos bere so?

6 Ná wɔrebɛma wɔn a ‘wɔtwe wɔn mu wɔ wɔn nnae so, di nguanten mma a wofi nguankuw mu, nom nsa, to ahuhudwom de yi sanku ano’ no ho adwiriw wɔn. Wobisaa saa mmarima no sɛ: “Mutu dabɔne hyɛ akyirikyiri?” Na ɛsɛ sɛ anka wɔma tebea a ɛwɔ Israel no haw wɔn kɛse, nanso na ‘Yosef sɛe nyɛ wɔn yaw.’ (Amos 6:3-6) Wɔ nkɔso a na ɔman no anya wɔ sikasɛm mu nyinaa akyi no, Onyankopɔn hui sɛ na Yosef—anaa Israel—honhom fam tebea nnye koraa. Nanso, nkurɔfo no kɔɔ so yɛɛ wɔn da biara nnwuma a na hwee mfa wɔn ho. Nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu pii kura su a ɛte saa ara. Ebia wogye tom sɛ yɛte mmere a emu yɛ den mu, nanso mpɛn dodow a wɔn ankasa ho nkyere wɔn no de, afoforo tebea nyɛ wɔn asɛm, na wɔnkyerɛ honhom fam nneɛma ho anigye.

IsraelƆman a na Asɛe

7. Sɛ Israelfo antie Onyankopɔn kɔkɔbɔ a, na dɛn na ɛbɛba?

7 Amos nhoma no ka ɔman a sɛnea na ɛte nyinaa akyi no, na asɛe ho asɛm. Esiane sɛ wɔantie Yehowa kɔkɔbɔ ansakra wɔn adwene nti, na Yehowa rennye wɔn mfi wɔn atamfo nsam. Ná Asiriafo beyi wɔn afi wɔn asonse mpadua a ɛyɛ fɛ no so atwe wɔn akɔ nnommumfa mu. Ná wɔrennya ahotɔ bio!

8. Ɛyɛɛ dɛn na Israel baa honhom fam tebea bɔne mu?

8 Ɛyɛɛ dɛn na Israelfo no baa tebea a ɛte saa mu? Saa tebea yi fii ase wɔ afe 997 A.Y.B. bere a Ɔhene Salomo ba Rehabeam bedii n’ade na atifi fam ahemman no wae fii Yuda ne Benyamin mmusua no ho no. Ná “Nebat ba” Yerobeam 1 ne Israel mmusuakuw du ahemman no hene a odi kan. (1 Ahene 11:26) Yeroboam maa ne manfo no gye dii sɛ ɛyɛ den dodo sɛ wobetwa kwan akɔ Yerusalem akɔsom Yehowa. Nanso, na onnwen nnipa no yiyedi ho ankasa. Mmom no, na ɔrebɔ mmɔden abɔ n’ankasa yiyedi ho ban. (1 Ahene 12:26) Ná Yerobeam suro sɛ, sɛ Israelfo toa so kodi afahyɛ a wɔde hyɛ Yehowa anuonyam no wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ a, awiei koraa no wɔbɛkɔ akɔka Yuda ahemman no ho. Esiane sɛ Yeroboam pɛe sɛ osiw eyi ano nti, ɔyɛɛ sika anantwi ahoni abien de biako sii Dan na ɔde nea ɛka ho no nso sii Betel. Enti nantwi ahoni som bɛyɛɛ Israel ahemman no som titiriw.—2 Beresosɛm 11:13-15.

9, 10. (a) Ɔsom mu afahyɛ ahorow bɛn na Ɔhene Yeroboam I hyehyɛe? (b) Onyankopɔn buu afahyɛ ahorow a wodii wɔ Ɔhene Yeroboam II bere so no dɛn?

9 Yerobeam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ɔsom foforo no ayɛ nea wogye tom. Ɔyɛɛ nhyehyɛe a na ɛbɛma wɔadi afahyɛ ahorow a ɛte sɛ nea wodi wɔ Yerusalem no. Yɛkenkan wɔ 1 Ahene 12:32 sɛ: “Yerobeam hyɛɛ dapɔnna, ɔsram a ɛto so awotwe mu, ɔsram no da a ɛto so dunnum so, sɛ dapɔnna a wodi Yuda no, na ɔbɔɔ afɔre afɔremuka no so. Saa na ɔyɛe Bet-El.”

10 Yehowa ani annye atoro som afahyɛ a ɛte saa no ho da. Bɛboro mfe ɔha akyi no, ɔnam Amos so daa eyi adi pefee wɔ Yeroboam II a ɔbɛyɛɛ Israel mmusuakuw du ahemman no hene wɔ 844 A.Y.B. mu no ahenni mu. (Amos 1:1) Sɛnea Amos 5:21-24 kyerɛ no, Onyankopɔn kae sɛ: “Metan na mepo mo nnapɔnna, na m’ani nnye mo afahyɛ nhyiam ho. Na sɛ mobɔ mo hyew afɔre ma me na mode mo aduan ayɛyɛde brɛ me a, m’ani rensɔ, na mo nyɛmmoa asomdwoe afɔre nso, merenhwɛ. Yi wo dwonto gyegyeegye fi me so, na wo sankubɔ nso, merentie. Na atemmu mpirew mmra sɛ nsu, na trenee mmra sɛ asu a ɛsen daa.”

Ɛnnɛ Bere Yi Mu Nsɛdi

11, 12. Nsɛdi ahorow bɛn na yebetumi ahu wɔ tete Israel som ne nea wohu wɔ Kristoman mu no ntam?

11 Ɛda adi pefee sɛ Yehowa hwehwɛɛ wɔn a wodii Israelfo abosonsom afahyɛ no komam na ɔpoo wɔn afahyɛ ne ayɛyɛde ahorow no. Saa ara na nnɛ Onyankopɔn po Kristoman abosonsom afahyɛ ahorow te sɛ Buronya ne Easter. Yehowa asomfo nim sɛ trenee ne amumɔyɛ nni twaka biara, na ayɔnkofa biara nni hann ne sum ntam.—2 Korintofo 6:14-16.

12 Yebetumi ahu nsɛdi foforo wɔ nantwi ba honi a na Israelfo som ne ɔsom a ɛkɔ so wɔ Kristoman mu no ntam. Ɛwom sɛ ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no gye Onyankopɔn Asɛm mu nokware no tom de, nanso Kristoman som nnyina ɔdɔ ankasa a wɔwɔ ma Onyankopɔn no so. Sɛ egyina ɔdɔ so a, anka wɔbɛhwɛ asom Yehowa wɔ “honhom ne nokware mu” efisɛ ɛno ne ɔsom a ɛsɔ n’ani. (Yohane 4:24) Afei nso, Kristoman mma ‘atemmu mma sɛ nsu, na trenee mma sɛ asu a ɛsen daa.’ Mmom no, ɔkɔ so gow Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn mu daa. Ɔma aguamammɔ ne bɔne ahorow a anibere wom ho kwan, na ohyira bɔbeasu koro ntam aware so mpo!

‘Dɔ Papa’

13. Dɛn nti na ehia sɛ yedi nsɛm a ɛwɔ Amos 5:15 no so?

13 Ɔka kyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so no nyinaa sɛ: “Montan bɔne na monnɔ papa.” (Amos 5:15) Ɔdɔ ne ɔtan yɛ nkate a emu yɛ den a ɛkyerɛ nea ɛwɔ sɛnkyerɛnne kwan so koma no mu. Esiane sɛ koma no yɛ ɔdaadaafo nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de bɔ ho ban. (Mmebusɛm 4:23; Yeremia 17:9) Sɛ yɛma akɔnnɔ bɔne hyɛn yɛn koma mu a, yebetumi afi ase adɔ bɔne na yɛatan papa. Na sɛ yedi akɔnnɔ a ɛte saa akyi kɔyɛ bɔne a, mmɔden biara a yɛbɛbɔ wɔ wiase no mu no remma yennya Onyankopɔn anim dom. Enti momma yɛmmɔ mpae nsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa yɛn na ‘yɛntan bɔne na yɛnnɔ papa.’

14, 15. (a) Wɔ Israel no, na henanom na wɔka wɔn a wɔyɛ papa no ho, nanso ɔkwan bɛn so na wɔne wɔn mu binom dii? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ wɔn a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no nkuran nnɛ?

14 Na ɛnyɛ Israelfo no nyinaa na wɔyɛ nea ɛnteɛ wɔ Yehowa ani so. Sɛ nhwɛso no, na Hosea ne Amos ‘dɔ papa’ na wɔde nokwaredi somee sɛ adiyifo. Afoforo dii nsew sɛ Nasirifo. Bere a na wɔsom sɛ Nasirifo no, na wɔmfa bobe ho ade biara, titiriw bobesa, nni dwuma. (Numeri 6:3, 4) Israelfo a na wɔaka no buu ahofama a wɔn a wɔyɛɛ nneɛma pa a ɛtete saa daa no adi no dɛn? Saa asɛmmisa no ho mmuae a ɛyɛ ahodwiriw no kyerɛ baabi a na ɔman no aporɔw adu. Amos 2:12 ka sɛ: “Momaa ahotuafo nsa nomee, na mohyɛɛ adiyifo sɛ: Monnhyɛ nkɔm!”

15 Bere a saa Israelfo no huu Nasirifo ne adiyifo no nhwɛso pa no, na ɛsɛ sɛ anka wɔn ani wu, na ɛkanyan wɔn ma wɔsakra wɔn akwan. Nanso, wofii atirimɔden mu bɔɔ mmɔden sɛ wobebu anokwafo no abam na wɔanhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Mommma yɛnnhyɛ akwampaefo, ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, anaa Betel abusua no mufo nkuran sɛ wonnyae bere nyinaa som adwuma a wɔreyɛ no na wɔmmɛbɔ wɔn bra. Mmom no, momma yɛnhyɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkɔ so nyɛ wɔn nnwuma pa no!

16. Dɛn nti na Israelfo no dii yiye wɔ Mose bere so sen Amos bere so.

16 Ɛwom sɛ na Israelfo pii a wɔwɔ Amos bere so no redi yiye wɔ honam fam de, nanso na wɔnyɛ “adefo wɔ Onyankopɔn fam.” (Luka 12:13-21) Wɔn nananom de mfe 40 dii mana nkutoo wɔ sare so. Wɔanni anantwinini nam na wɔamfa anihaw anna wɔn asonse nkongua mu. Nanso Mose ka kyerɛɛ wɔn ma ɛfatae sɛ: “[Yehowa, NW] wo Nyankopɔn ahyira wo, wo nsa ano adwuma nyinaa mu. . . . Mfirihyia aduanan yi [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn adi w’akyi, biribiara nhiaa wo ɛ.” (Deuteronomium 2:7) Yiw, Israelfo a na wɔwɔ sare no so no nyaa nea na wohia ankasa bere nyinaa. Nea ɛsen ne nyinaa no, wonyaa Onyankopɔn dɔ, n’ahobammɔ ne ne nhyira!

17. Dɛn nti na Yehowa dii tete Israelfo no anim kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so?

17 Yehowa kaee Amos bere sofo no sɛ Ɔde wɔn nananom baa Bɔhyɛ Asase no so na ɔboaa wɔn ma wɔtɔree wɔn atamfo nyinaa ase fii so. (Amos 2:9, 10) Nanso dɛn nti na Onyankopɔn yii saa tete Israelfo no fii Misraim na ɔde wɔn kɔɔ bɔhyɛ asase no so? So ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atra ase ma wɔn ho adwo wɔn na wɔapo wɔn Bɔfo no? Dabi! Mmom no, ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi asom no sɛ nnipa a wɔwɔ ahofadi na wɔn ho tew wɔ honhom fam. Nanso Israel mmusuakuw du ahemman no mufo antan bɔne na wɔannɔ papa nso. Mmom no, wɔhyɛɛ ahoni anuonyam na ɛnyɛ Yehowa. Aniwusɛm bɛn ara ni!

Yehowa Ma Wobu Akontaa

18. Dɛn nti na Yehowa ama yɛade yɛn ho wɔ honhom fam?

18 Ná Onyankopɔn remmu n’ani ngu Israelfo abrabɔ a na ɛyɛ aniwu no so. Ɔdaa adwene a na okura no adi pefee bere a ɔkaa eyi no: “Mo na metua mo mo amumɔyɛ so ka.” (Amos 3:2) Ɛsɛ sɛ saa nsɛm no ma yesusuw ogye a yɛn ankasa anya afi nnɛyi Misraim a ɛne mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi mu no ho. Yehowa amma yɛanne yɛn ho wɔ honhom fam sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi adi pɛsɛmenkominya botae horow akyi. Mmom no, wayɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi afi koma nyinaa mu ahyɛ no anuonyam sɛ nnipa a wɔde wɔn ho a wɔde ɔsom a ɛho tew ma. Na yɛn mu biara bebu sɛnea yɛde yɛn ahofadi redi dwuma no ho akontaa.—Romafo 14:12.

19. Sɛnea Amos 4:4, 5 kyerɛ no, na dɛn na Israelfo dodow no ara dɔ paa?

19 Awerɛhosɛm ne sɛ Israelfo dodow no ara antie Amos nsɛm a tumi wom yi. Odiyifo no de nsɛm a wɔkyerɛw wɔ Amos 4:4, 5 no paa wɔn koma a ɛyare wɔ honhom fam no ho ntama sɛ: “Monkɔ Bet-El nkɔto mmara, monkɔ Gilgal mmã mmarato nnɔɔso, . . . Na saa na mopɛ, mo Israelfo.” Ná Israelfo no nkura adwempa. Ná wɔmmɔɔ wɔn koma ho ban. Ne saa nti, na wɔn mu dodow no ara dɔ bɔne na wɔtan papa. Wɔn a wɔsom anantwi honi no a wɔasen wɔn kɔn no ansakra. Ná Yehowa bɛma wɔabu akontaa na wobewuwu wɔ wɔn bɔne mu!

20. Ɔkwan bɛn so na obi betumi ayɛ ade ma ɛne Amos 5:4 ahyia?

20 Ná ɛnyɛ mmerɛw mma obiara a ɔwɔ Israel saa bere no sɛ ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware. Sɛ Kristofo mmofra ne mpanyimfo a yɛwɔ hɔ nnɛ no, yenim yiye sɛ ɛyɛ den sɛ yɛrenyɛ nneɛma a aba so no bi. Nanso ɔdɔ a na Israelfo no bi wɔ ma Onyankopɔn ne sɛnea wɔpɛ sɛ wɔsɔ n’ani no kanyan wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ nokware som mu. Yehowa de anigye too nsa frɛɛ wɔn sɛnea wɔakyerɛw wɔ Amos 5:4 no sɛ: “Monhwehwɛ m’akyi kwan na munnya nkwa.” Ɛnnɛ, Onyankopɔn yi mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn a wonu wɔn ho na wɔhwehwɛ no no denam N’asɛm mu nimdeɛ a wonya ne n’apɛde a wɔyɛ no so. Eyi yɛ nyɛ mmerɛw, nanso ne yɛ bɛma yɛanya daa nkwa.—Yohane 17:3.

Wodi Yiye Wɔ Honhom Mu Kɔm Nyinaa Akyi

21. Ɔkɔm bɛn na ɛde wɔn a wɔmfa wɔn ho nhyɛ nokware som mu no?

21 Dɛn na na ɛda hɔ retwɛn wɔn a wɔannyina nokware som akyi no? Ɔkɔm a ebi mmae da—honhom fam kɔm! Amansan Hene Yehowa kae sɛ: “Nna bi reba, [Yehowa, NW] Nyankopɔn asɛm ni, sɛ mɛma ɔkɔm aba asase no so, ɛnyɛ aduankɔm anaa osukɔm, na [Yehowa, NW] asɛm tie de.” (Amos 8:11) Kristoman redi honhom fam kɔm a ɛte saa. Nanso, komapafo a wɔwɔ mu no tumi hu honhom fam yiyedi a Onyankopɔn nkurɔfo renya no, na wɔresen yuu aba Yehowa ahyehyɛde mu. Yehowa asɛm kyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛda tebea a Kristoman wom ne nea Onyankopɔn asomfo wom ntam no mu ma ɛfata sɛ: “Hwɛ, me nkoa bedidi, na mo de, mubedi kɔm; hwɛ, me nkoa bɛnom, na mo de, mubedi sukɔm; hwɛ, me nkoa ani begye, na mo de, mo ani bewuwu.”—Yesaia 65:13.

22. Dɛn nti na yɛwɔ nea yebegyina so adi ahurusi?

22 Sɛ Yehowa asomfo no, sɛ yɛn ani sɔ honhom fam nneɛma ne nhyira a yɛwɔ no? Sɛ yesua Bible ne Kristofo nhoma ahorow na yɛkɔ asafo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow ase a, yɛte nka sɛ yɛde anigye reteɛm esiane yɛn komam tebea pa no nti! Yedi ahurusi wɔ Onyankopɔn Asɛm mu ntease a edi mu a yɛanya, a ebi ne Amos nkɔmhyɛ a efi honhom mu no.

23. Dɛn na wɔn a wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam no nya?

23 Amos nkɔmhyɛ no kura anidaso asɛm bi ma wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔpɛ sɛ wɔhyɛ no anuonyam no nyinaa. Ɛmfa ho sɛnea yɛn mprempren sikasɛm te biara anaa sɔhwɛ biara a ɛsɛ sɛ yehyia wɔ wiase a ɔhaw ahyɛ mu ma yi mu no, yɛn a yɛdɔ Onyankopɔn no nya ne nhyira horow ne honhom fam aduan pa a ɛsen biara. (Mmebusɛm 10:22; Mateo 24:45-47) Enti, anuonyam nyinaa nka Onyankopɔn a ɔma yɛn nneɛma nyinaa boro so ma yenya so mfaso no. Enti, ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo sɛ yebefi yɛn komam ayi no ayɛ daa. Sɛ yɛhwehwɛ Yehowa, koma mu Hwehwɛfo no a, yebenya hokwan a ɛyɛ anigye yi.

Wubebua Dɛn?

• Tebea bɛn na na ɛwɔ Israel wɔ Amos bere so?

• Dɛn na ɛne tebea a na ɛwɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu di nsɛ nnɛ?

• Ɔkɔm a wɔhyɛɛ ho nkɔm bɛn na ɛwɔ hɔ nnɛ, na henanom na ɔkɔm nne wɔn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Israelfo pii dii yiye wɔ honam fam, nanso wɔanni yiye wɔ honhom fam

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Hyɛ bere nyinaa asomfo nkuran ma wɔnkɔ so nyɛ wɔn adwuma pa no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24, 25]

Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ anigye no nni honhom fam kɔm