Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nnipa Betumi Adi Nna Ahe?

Nnipa Betumi Adi Nna Ahe?

Nnipa Betumi Adi Nna Ahe?

WƆ March 3, 1513 mu no, Spaniani Juan Ponce de León, a okyin hwehwɛ nsase so tuu kwan titiriw bi. Ɔde hyɛmma fii n’akwantu no ase wɔ Puerto Rico a na ɔwɔ anidaso sɛ ɔbɛkɔ akopue Bimini supɔw no so. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɔkɔhwehwɛɛ asuti nwonwaso bi a wɔfrɛ no Fountain of Youth (Nsu a ɛma obi dan ɔbabun). Nanso, okopuee beae a ɛnnɛ wɔfrɛ no Florida, U.S.A., no. Wanhu asuti no efisɛ nsu bi a ɛte saa nni hɔ.

Ɛnnɛ, nnipa dodow no ara nni mmoro mfe 70 anaa 80. Ɛwom sɛ Bible no ka nnipa a wɔtraa ase kyɛe paa ho asɛm de, nanso sɛnea 2002 Guinness Book of World Records kyerɛ no, obi a ɔtraa ase kyɛe paa no dii mfe 122 ne nnafua 164. (Genesis 5:3-32) Nanso, aduruyɛ ho mmara ho nimdefo, John Harris kae sɛ: “Nhwehwɛmu foforo a wɔayɛ ma yehu sɛ yebetumi asiw nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ ne owu mpo ano.” Afeha a ɛto so 21 mu nhwehwɛmufo pii ka sɛ “nnipa betumi agyae wu,” “ebedu mfe 2099 no, nnipa betumi atra ase a wonwuwu,” “na nipadua no betumi akɔ so anya nkwammoaa daa” ne nea ɛtete saa.

Mark Benecke ka wɔ ne nhoma The Dream of Eternal Life mu sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nkwammoaa a wɔwɔ nipadua no nyinaa mu yɛ ne ho foforo wɔ obi nkwa nna mu. . . . Bɛyɛ mfe ason akyi no, yɛbɛyɛ nkurɔfo a wɔwɔ nipadua foforo koraa.” Nanso, adeyɛ a ɛte saa no nkɔ so daa efisɛ, sɛ nkwammoaa no mu kyekyɛ kodu baabi a, egyae. Nanso Benecke ka sɛ, sɛ ɛnyɛ saa na ɛte a, anka “nipadua no betumi ayɛ ne ho foforo bere tenten, akosi daa mpo.”

Susuw nsɛm dodow a onipa adwene tumi kora so, a ɛsen nea yetumi de yɛ adwuma wɔ yɛn nkwa nna tiaa mu koraa no nso ho. Sɛnea Encyclopædia Britannica kyerɛ no, onipa adwene “betumi ayɛ adwuma pii sen sɛnea obi tumi de di dwuma wɔ n’asetra mu.” (1976 De, Po 12, kratafa 998) How the Brain Learns nhoma a David A. Sousa kyerɛwee no ka sɛ: “Ɛkame ayɛ sɛ nsɛm a adwene no betumi de asie no nni ano.”—Kratafa 78, Second Edition, copyright 2001.

Dɛn nti na nhwehwɛmufo ntumi nhu nea ɛwɔ nipadua no mu a ɛma yewuwu no? Na dɛn nti na onipa adwene tumi de nsɛm pii sie saa? So ebetumi aba sɛ wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnkɔ so nhwehwɛ nimdeɛ afebɔɔ? Dɛn nti koraa na yetumi nya adwene sɛ yɛbɛtra ase daa?

Bible no ka sɛ: “[Onyankopɔn] de bere a enni awiei ahyɛ wɔn komam, anyɛ saa de a, anka onipa renhu adwuma a Onyankopɔn yɛ fi mfiase kosi awiei no.” (Ɔsɛnkafo 3:11, NW) Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn de daa nkwa ho adwene duaa yɛn mu. Esiane eyi nti, yɛbɛkɔ so anya biribi asua afa Onyankopɔn ne ne nnwuma ho. Sɛ yɛtra ase afebɔɔ—yiw, daa a, yebetumi asua pii afa Onyankopɔn adebɔ nnwuma a ɛyɛ nwonwa no ho.

Yesu Kristo nsɛm yi nso kyerɛ sɛ onipa betumi atra ase daa. Ɔkae sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.” (Yohane 17:3; Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Wo nso ɛ? So wopɛ sɛ wotra ase daa?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Juan Ponce de León hwehwɛɛ asuti a ɛma obi dan ɔbabun no

[Asɛm Fibea]

Ponce de León: Harper’s Encyclopædia of United States History