Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, na adaemone no wɔ he?

Bible no mma asɛm yi ho mmuae tẽẽ. Nanso, yɛwɔ nea yebetumi agyina so ahu faako a adaemone no bɛkɔ wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu.

Bere a ɔsomafo Yohane rema yɛadi kan ahu nea ebesi wɔ Mfirihyia Apem no mfiase ne ɛno akyi no, ɔkae sɛ: “Na mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa; nanso ɛno akyi no, etwa sɛ wogyaa no kakra.” (Adiyisɛm 20:1-3) Saa nkyekyɛm ahorow yi ka Satan a wɔde no bɛto bun mu na awiei koraa wɔagyae no kakra no nkutoo ho asɛm. Ɛwom sɛ wɔammɔ adaemone no din de, nanso ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ bere a ɔbɔfo a okura bun no ano safe—Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no—kyere Ɔbonsam na ɔde no to bun no mu no, ɔbɛyɛ adaemone no nso saa ara.—Adiyisɛm 9:11.

Bere a Yesu Kristo bɛyɛɛ ɔhene wɔ soro wɔ 1914 mu no, ɔyɛɛ ade wɔ ɔkwan bi so ma ɛkaa Satan ne n’adaemone no kɛse. Adiyisɛm 12:7-9 ka sɛ: “Ɔko baa ɔsoro. Mikael ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo [adaemone no] koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.” Efi saa bere no, Satan ne n’adaemone no aka asase so ha. Yebetumi aka sɛ bere a Yesu Kristo besiw Satan nnwuma kwan na ama asase no ade ne ho afi ne nkɛntɛnso bɔne ase no, Ɔbɛyɛ adaemone no nso saa ara.

Susuw Bible mu nkɔmhyɛ a edi kan koraa no nso ho hwɛ. Ɛkenkan sɛ: ‘Mede ɔtan mɛto wo [Satan] ne ɔbea [Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ soro] no ntam, ɛne wo [Satan] aseni ne n’aseni [Yesu Kristo] ntam. Ɔno na ɔbɛbɔ wo ti; na wo nso woaka ne nantin.’ (Genesis 3:15) Satan a wɔde no bɛto bun no mu wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu ka bɔ a wɔbɛbɔ ɔwɔ ne ti no ho. Nkɔmhyɛ no toa so ka sɛ ɔtan da Nea ɔbɔ ɔwɔ no ti ne Satan aseni no ntam. Wɔn a wɔka ɔwɔ no aseni anaa n’ahyehyɛde no ho ne ahonhommɔne anaa adaemone no. Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ bere a Yesu de Satan to bun no mu no, ɔbɛkyekyere adaemone no de wɔn nso agu bun no mu. Nokwasɛm a ɛne sɛ ahonhommɔne no ada no adi sɛ wosuro bun no yiye no kyerɛ sɛ wonim sɛ wɔde wɔn bɛto mu.—Luka 8:31.

So ebetumi aba sɛ wɔbɛsɛe adaemone no aka Satan asefo a aniwa nhu wɔn ho wɔ Harmagedon nti na wɔnka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:1-3 no? Bible no kyerɛ sɛ ɛnte saa. Ɛka nea awiei koraa ɛbɛto Satan ho asɛm sɛ: “Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daa daa.” (Adiyisɛm 20:10) Aboa no ne atoro adiyifo no ne amammui tumidi ahorow no, na wɔyɛ Satan ahyehyɛde a aniwa hu no fã. (Adiyisɛm 13:1, 2, 11-14; 16:13, 14) Wɔbɛsɛe wɔn wɔ Harmagedon bere a Onyankopɔn Ahenni bubu wiase ahenni ahorow nyinaa ma ɛsã no. (Daniel 2:44) Bible no ka “daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’abɔfo no” ho asɛm. (Mateo 25:41; Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Wɔbɛtow Satan ne n’adaemone no agu “ogya ne sufre tare” koro no ara a wɔde aboa no ne atoro diyifo no begu mu no mu, ɛne sɛ wɔbɛsɛe wɔn nso koraa. Sɛ wɔsɛee Satan aseni no fã a wɔne ahonhommɔne a wɔwɔ tumi paa no wɔ Harmagedon a, akyinnye biara nni ho sɛ anka wɔbɛka sɛ wɔde adaemone no ne aboa no ne atoro diyifo no agu saa sɛnkyerɛnne kwan so ɔtare no mu dedaw. Adaemone no ho asɛm a wɔanka wɔ Adiyisɛm 20:10 no kyerɛ sɛ wɔrensɛe wɔn wɔ Harmagedon.

Esiane sɛ wɔnka no tẽẽ sɛ wɔde adaemone no guu bun no mu nti, ɛno nso nti na wɔnka no tẽẽ sɛ wobeyi wɔn afi hɔ no. Nanso, ade koro no ara na ɛbɛto wɔne Ɔbonsam nyinaa. Bere a wɔayi adaemone no ne Ɔbonsam afi bun no mu, na wɔne Ɔbonsam abom de sɔhwɛ a etwa to aba adesamma so wɔ mfirihyia apem no awiei akyi no, wɔbɛtow adaemone no nso agu ogya tare no mu na wobenya daa ɔsɛe.—Adiyisɛm 20:7-9.

Enti, ɛwom sɛ Adiyisɛm 20:1-3 ka Satan nkutoo a wɔbɛkyere no de no ato bun no mu ho asɛm de, nanso yebetumi agyina nsɛm yi so aka sɛ wɔbɛkyekyere n’abɔfo no nso de wɔn agu bun no mu. Wɔremma Satan anaa n’adaemone dɔm no kwan mma wontwitware Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa asase a ɛbɛsan adan paradise ne adesamma a wɔbɛsan abɛyɛ pɛ wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso mu mmamu ho no ananmu.