Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wopɛ sɛ Wotra Ase Daa?

So Wopɛ sɛ Wotra Ase Daa?

So Wopɛ sɛ Wotra Ase Daa?

ABEREWA bi a ɔwɔ Japan kae sɛ: “Minsuro sɛ mewu. Nanso ɛhaw me sɛ mewu agyaw saa nhwiren yi hɔ.” Kristoni bea bi a na ɔrekɔsra aberewa no tee nea enti a ɔtee nka saa no ase. Na ɔwɔ turo fɛfɛɛfɛ bi. Nnipa pii a wɔka sɛ wonsuro owu no nya abɔde a ɛyɛ nwonwa no ho anigye kɛse, na ebia eyi ma wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛtra ase daa.

So wobɛtra ase daa? Nnipa pii bɛbɔ adwene a ɛte saa no agu. Ebia ebinom mpo bɛka sɛ wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛtra ase daa. Dɛn nti na obi bɛte nka saa?

Daa Nkwa—So Ɛbɛyɛ Mfonoe?

Nnipa binom susuw sɛ daa nkwa bɛyɛ mfonoe. Ebia wɔbɛtwe adwene asi nnipa pii a wɔakɔ pɛnhyen, na esiane sɛ asetra afono wɔn nti, nea ato wɔn ara ne sɛ wɔde wɔn bere nyinaa hwɛ television no so. Sɛ saa na wote nka a, susuw nea nsoromma ho nimdefo Robert Jastrow kae bere a wobisaa no sɛ ebia daa nkwa bɛyɛ akyɛde anaa ɔhaw ho asɛm no. Jastrow buae sɛ: “Ɛbɛyɛ akyɛde ama nnipa a wɔpɛ biribi ahu na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobesua nneɛma pii no. Adwene a ɛne sɛ wɔbɛkɔ so anya nimdeɛ daa no bɛma wɔanya abotɔyam kɛse. Nanso afoforo a wɔato wɔn adwenem na wɔmpɛ sɛ wosua nneɛma foforo ho ade no bɛte nka sɛ daa nkwa yɛ ɔhaw. Wɔrenhu nea wɔde wɔn bere bɛyɛ.”

Sɛ́ daa nkwa bɛyɛ wo mfonoe anaasɛ ɛrenyɛ mfonoe no, begyina sɛnea wobɛyɛ w’ade so kɛse. Sɛ ‘wopɛ biribi ahu na wowɔ ɔpɛ sɛ wubesua nneɛma pii a,’ susuw nea wubetumi ayɛ wɔ adwinni, nnwonto, adansi, kuayɛ anaa nneɛma pii a ɛyɛ anigye a wopɛ sɛ woyɛ no ho hwɛ. Daa nkwa wɔ asase so bɛma wɔanya anidaso sɛ wɔbɛyɛ nneɛma ahorow a wɔn ani gye ho paa no.

Ɔdɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ afoforo na wɔn nso adɔ yɛn bere nyinaa no bɛma daa nkwa ayɛ abotɔyam ankasa. Wɔde nea ɛma yetumi da ɔdɔ adi bɔɔ yɛn, na yenya nkɔso bere a afoforo da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn no. Ɔdɔ amapa a yeyi no adi kyerɛ yɛn ho yɛn ho no de abotɔyam kɛse a ɛtra hɔ bere tenten ba. Ɛnyɛ yɛn mfɛfo nnipa nkutoo na daa nkwa bɛma yɛanya hokwan kɛse ada ɔdɔ adi akyerɛ wɔn daa na mmom ne titiriw no Onyankopɔn nso. Paulo kae sɛ: ‘Sɛ obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.’ (1 Korintofo 8:3) Anidaso a ɛyɛ anigye bɛn ara ni—sɛ wubehu amansan Hene no na ɔno nso ahu wo! Bio nso, nneɛma a yebesua afa yɛn Bɔfo a ɔwɔ ɔdɔ no ho no nni ano. Ɛnde, ɛbɛyɛ dɛn na daa nkwa ayɛ mfonoe ne ade a mfaso nni so?

Nkwa—Tiaa a Ɛyɛ no Ma Ɛsom Bo

Nnipa binom te nka sɛ esiane sɛ nkwa yɛ tiaa nti na ɛsom bo no. Ebia wɔde nkwa bɛtoto sika kɔkɔɔ, ade a ɛho yɛ na no ho. Wɔka sɛ, sɛ sika kɔkɔɔ abu so a, anka yenhu sɛ ɛsom bo. Nanso, sika kɔkɔɔ bɛkɔ so ayɛ fɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ saa ara na nkwa nso te.

Yebetumi de daa nkwa a yebenya no atoto mframa a abu so a yɛhome no ho. Fa no sɛ obi tɔɔ po mu a na ontumi mpue, so ɔremmu mframa sɛ ade a ɛsom bo yiye? Wususuw sɛ bere a wɔayi no afi mu akyi no, ɔbɛyɛ bonniayɛ anwiinwii sɛ wannya mframa pii anhome? Dabida!

Sɛnea wobetumi agye obi a waka po mu nkwa no, saa ara na wobetumi agye yɛn nkwa, na mpo yɛwɔ anidaso kɛse sɛ yɛbɛtra ase daa. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Romafo 6:23) Ɛdenam Yesu agyede afɔrebɔ no so no, Onyankopɔn beyi sintɔ ne owu afi nnipa so na ɔde daa nkwa akyɛde no ama adesamma asoɔmmerɛfo. Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ anisɔ wɔ nhyehyɛe a ɛte saa a ofi ɔdɔ mu ayɛ no ho!

Na W’adɔfo Nso Ɛ?

Ebia ankorankoro bi bebisa sɛ: ‘Na m’adɔfo nso ɛ? Sɛ wɔnka me ho a, daa nkwa wɔ asase so renyɛ me dɛ.’ Ebia na woanya Bible mu nimdeɛ ma enti woabehu sɛ wubetumi atra ase daa wɔ paradise wɔ asase so. (Luka 23:43; Yohane 3:16; 17:3) Sɛnea ɛte no, ebia wopɛ sɛ wuhu w’abusuafo a wɔbɛn wo, w’adɔfo afoforo ne nnamfo a w’ani gye wɔn ho wɔ hɔ na wo ne wɔn anya anigye a w’ani da so sɛ wubenya wɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no bi.—2 Petro 3:13.

Nanso sɛ wo nnamfo ne w’adɔfo ani nnye ho sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so nso ɛ? Mma ɛno mmu w’abam. Kɔ so ara nya Kyerɛwnsɛm no mu nokware nimdeɛ na fa bɔ wo bra. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ɔbea, so wunim sɛ ebia wo na wubegye wo kunu nkwa? Anaasɛ, ɔbarima, wunim sɛ ebia wo na wubegye wo yere nkwa?” (1 Korintofo 7:16) Nnipa tumi yɛ nsakrae. Sɛ nhwɛso no, ɔbarima bi a na bere bi ɔtan Kristosom sakrae na akyiri yi ɔbɛyɛɛ ɔpanyin wɔ Kristofo asafo no mu. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me anigye paa sɛ m’abusuafo a medɔ wɔn no de nokwaredi gyinaa Bible mu nnyinasosɛm akyi wɔ bere tenten a mede taa wɔn no nyinaa mu.”

Onyankopɔn dwen wo ne w’adɔfo nkwa ho kɛse. Nokwarem no, ‘Yehowa mpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.’ (2 Petro 3:9) Yehowa Nyankopɔn pɛ sɛ wo ne w’adɔfo nyinaa tra ase daa. Ɔdɔ a ɔwɔ ma yɛn no sen nnipa a wɔnyɛ pɛ de. (Yesaia 49:15) Ɛnde adɛn nti na wo ne Onyankopɔn nnya abusuabɔ pa? Sɛ ɛba saa a, ebia wubetumi aboa w’adɔfo ma wɔn nso ayɛ saa ara. Sɛ seesei wonni daa nkwa ho anidaso mpo a, wobetumi asakra wɔn nsusuwii bere a wohu sɛ wode Bible mu nokware nimdeɛ a woanya bɔ wo bra no.

Na w’adɔfo a wɔawuwu no nso ɛ? Bible no ka sɛ anidaso a ɛyɛ anigye wɔ hɔ ma nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu no sɛ wobenya owusɔre—wobenyan afi awufo mu na wɔabɛtra Paradise wɔ asase so. Yesu Kristo hyɛɛ bɔ sɛ: ‘Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa befi adi.’ (Yohane 5:28, 29) Wɔde wɔn a wɔannya Onyankopɔn ho nimdeɛ na wowuwui no mpo bɛsan aba nkwa mu bio, efisɛ Bible ka sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.” (Asomafo no Nnwuma 24:15) Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛma nnipa a wɔte saa no akwaaba aba nkwa mu!

Daa Nkwa—Anidaso a Ɛyɛ Anigye

Wɔ ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase yi nyinaa akyi no, sɛ wutumi nya anigye ne abotɔyam a, ɛnde na akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi atra ase daa wɔ paradise asase so. Nanso, bere a Yehowa Dansefo bi kaa mfaso a daa nkwa bɛma yɛanya ho asɛm kyerɛɛ ɔbea bi no, ɔkae sɛ: “Mempɛ sɛ metra ase daa. Mfe 70 anaa 80 no ara dɔɔso ma me.” Kristofo asafo no mu panyin bi a na ɔwɔ hɔ bisaa no sɛ: “So woasusuw sɛnea wo mma bɛte nka bere a woawu no ho pɛn?” Ɔbea no tew nusu bere a osusuw awerɛhow a ne mma no bedi wɔ ne wu ho no. Ogye toom sɛ: “Eyi ne bere a edi kan a mahu sɛ na meyɛ pɛsɛmenkominya, na mitumi hu sɛ daa nkwa nyɛ anidaso a pɛsɛmenkominya wom na mmom ɛfa yɛne afoforo abusuabɔ nso ho.”

Ebia ebinom bɛte nka sɛ, sɛ wɔte ase oo, sɛ wowu oo, ɛmfa obiara ho. Nanso ɛfa yɛn Nkwamafo no ho. Ɔno na ɔka sɛ: “Sɛ mete ase yi, . . . ampa ara, ɔbɔnefo wu nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefo bɛsan afi ne kwan so na wanya nkwa.” (Hesekiel 33:11) Sɛ ɔbɔnefo mpo nkwa ho asɛm hia Onyankopɔn a, ɛnde na akyinnye biara nni ho sɛ odwen wɔn a wɔdɔ no no nkwa ho yiye.

Tete Israel hene Dawid nyaa ɔdɔ mu a Yehowa fi dwen yɛn ho no mu ahotoso. Bere bi ɔkae sɛ: ‘Sɛ m’agya ne me na agyaw me a, Yehowa de, obegye me.’ (Dwom 27:10) Ná Dawid nim yiye sɛ n’awofo dɔ no. Nanso sɛ na ɛba sɛ n’awofo, a wɔyɛ nnipa a wɔbɛn no paa no gyaw no mpo a, na onim sɛ Onyankopɔn rennyaw no da. Esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn na Odwen yɛn ho nti, wayɛ daa nkwa ho nhyehyɛe ama yɛn na yɛne no anya ayɔnkofa daa. (Yakobo 2:23) So ɛnsɛ sɛ yɛde anisɔ gye akyɛde nwonwaso yi?

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko no bɛma daa nkwa asom bo ama yɛn