Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Teefo Ntamadan Mu Bɛtrɛw’

‘Teefo Ntamadan Mu Bɛtrɛw’

‘Teefo Ntamadan Mu Bɛtrɛw’

SƐ Harmagedon pae gu na ɛde Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne yi ba awiei a, “abɔnefo fi bebutuw.” Na dɛn na ɛbɛto “teefo ntamadan”? ‘Emu bɛtrɛw’ wɔ wiase foforo a Onyankopɔn de bɛba no mu.—Mmebusɛm 14:11.

Enkosi bere a “wobegu abɔnefo ase afi asase so, na wɔatu nkontompofo afi so no,” wɔn a wɔyɛ pɛ no bɛkɔ so ne abɔnefo abom atra. (Mmebusɛm 2:12, 22) So teefo betumi adi yiye wɔ tebea a ɛte saa mu? Mmebusɛm nhoma a ɛwɔ Bible no mu no ti 14 nkyekyɛm 1 kosi 11 no kyerɛ sɛ, sɛ yɛma nyansa kyerɛ yɛn kasa ne yɛn nneyɛe kwan a, yebetumi adi yiye na yɛanya ahotɔ kakra mpo nnɛ.

Bere a Nyansa Si Dan

Bere a tete Israel hene Salomo reka nea ɔyere yɛ de ma abusua no di yiye ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɔbea nyansafo si ne dan, na ɔbea kwasea de ne nsa dwiriw.” (Mmebusɛm 14:1) Ɔkwan bɛn so na ɔbea nyansafo si ne dan? Ɔbea nyansafo bu Onyankopɔn nhyehyɛe ma tiyɛ no. (1 Korintofo 11:3) Ɔmma ahofadi honhom a abu so wɔ Satan wiase no mu no nnya ne so nkɛntɛnso. (Efesofo 2:2) Ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu na ɔkamfo no, na ɔma afoforo nya obu kɛse ma no. Ɔbea nyansafo de ne ho hyɛ honhom fam ne asetram ntetee a wɔde ma ne mma no mu. Ɔyɛ adwumaden de boa ne fi, ɔma ne fi yɛ beae a anika ne akomatɔyam wɔ ma n’abusua. Onim nyansa na otumi hwɛ sika so yiye. Ɔbea nyansafo boa ma n’abusua nya nkɔso ne ahotɔ.

Ɔbea kwasea mmu Nyankopɔn nhyehyɛe ma tiyɛ no. Bere nyinaa wayɛ krado sɛ ɔbɛkasa atia ne kunu. Onnim sika sohwɛ, ɔsɛe nneɛma a ne fifo ayere wɔn ho ayɛ adwuma anya no. Ɔsɛe bere nso. Nea efi mu ba ne sɛ, wɔn fie ntew, na mmofra no hu amane wɔ honhom ne honam fam nyinaa. Yiw, ɔbea kwasea sɛe ne fie.

Dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi yɛ onyansafo anaasɛ ɔkwasea? Mmebusɛm 14:2 ka sɛ: ‘Nea ɔnantew ne teeyɛ mu no suro Yehowa, na nea ɔkyea n’akwan no tew no ahi.’ Teefo suro nokware Nyankopɔn no, na ‘nyansa mfiase ne Yehowa suro.’ (Dwom 111:10) Obi a ɔyɛ onyansafo ankasa nim sɛ ɛyɛ n’asɛde sɛ ‘osuro nokware Nyankopɔn no na odi n’ahyɛde so.’ (Ɔsɛnkafo 12:13) Ɔkwan foforo so no, ɔkwasea fa ɔkwan a ɛne Onyankopɔn trenee nnyinasosɛm nhyia so. N’akwan nteɛ. Obi a ɔte saa no po Nyankopɔn, na ɔka wɔ ne komam sɛ: ‘Yehowa nni hɔ.’—Dwom 14:1.

Bere a Ano Ka Nyansasɛm

Dɛn na yebetumi aka afa sɛnea obi a osuro Yehowa kasa ne sɛnea obi a obu No animtiaa kasa ho? Ɔhene no ka sɛ: “Ogyimfo anom na n’ahokyerɛ abaa wɔ, na anyansafo ano kora wɔn so.” (Mmebusɛm 14:3) Esiane sɛ ɔkwasea nni ɔsoro nyansa nti, ɔmpɛ asomdwoe na onni ntease. Asase so nyansa, mmoa nyansa ne adaemone nyansa na ɛkyerɛ no kwan. N’ano frɛfrɛ ntɔkwaw na ɔyɛ ahantan. N’anom nsɛm a ɛnyɛ dɛ no de ɔhaw ba ɔne afoforo ntam.—Yakobo 3:13-18.

Onyansafo ano bɔ ne ho ban, ɛma onya abotɔyam ne anigye. Ɔkwan bɛn so? Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe, na onyansafo tɛkrɛma sa yare.” (Mmebusɛm 12:18) Onyansafo anom asɛm yɛ dɛ. Odwen asɛm ho ansa na waka, ɔnkasa kɛkɛ. (Mmebusɛm 15:28) Ne nsɛm a odwen ho ansa na waka no tumi sa yare—ɛhyɛ wɔn a wɔn koma atu nkuran na ɛhyɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn so no den. Sɛ anka onyansafo de ne kasa bɛhyɛ afoforo abufuw no, ɔka odwo ne asomdwoesɛm.

Bere a Nyansa Kyerɛ Adesamma Mmɔdenbɔ Kwan

Afei Salomo bu bɛ bi a ɛyɛ anika a ɛfa hia a ɛho hia sɛ yesusuw nea eye ne nea enye wɔ adwuma pɔtee bi ho no ho. Ɔka sɛ: “Nea anantwi nni hɔ no, adidide nso nni hɔ, na nnɔbae pii wɔ nantwinini ahoɔden mu.”—Mmebusɛm 14:4.

Nhwehwɛmu nhoma bi ka bɛ yi ho asɛm sɛ: “Mmoa adididaka a hwee nnim no kyerɛ sɛ wɔmmma nantwi biara aduan, ma enti wonni aboa biara a wɔhwɛ no, na wɔnsɛe sika pii nso. Nanso sɛnea nkyekyɛm 4b kyerɛ no, ‘mfaso’ biara nni so, efisɛ mmoa a onni yi nti ɔrennya nnɔbae pii ntwa.” Ɛsɛ sɛ okuafo no fi nyansam paw nea ɛfata.

So yɛrentumi mfa nnyinasosɛm a ɛwɔ bɛ yi mu no nni dwuma bere a yesusuw adwuma a yɛbɛsesa, fie pɔtee bi a yɛbɛpaw, kar a yɛbɛtɔ, ne nea ɛtete saa ho? Onyansafo bɛhwɛ nea eye ne nea enye na wabu akontaa ahwɛ sɛ ɛfata sɛ ɔbɔ saa ka no anaa.

Bere a Ɔdansefo Yɛ Onyansafo

Salomo toa so sɛ: “Ɔdansefo nokwafo renni atoro, na ɔdansekurumfo huw atosɛm.” (Mmebusɛm 14:5) Atoro a ɔdansekurumfo di no betumi de ɔhaw kɛse aba. Wosiw Nabot a ɔyɛ Yesreelni no abo kum no efisɛ mmarima ahuhufo baanu bi twaa nkontompo too no so. (1 Ahene 21:7-13) Na so adansekurumfo ansɔre anhyɛ Yesu, amma wɔankum no? (Mateo 26:59-61) Wodii adansekurum tiaa Stefano—Yesu suani a odi kan a wokum no esiane ne gyidi nti no nso.—Asomafo no Nnwuma 6:10, 11.

Ebia onipa a odi atoro ho renna hɔ mma wonhu no kosi bere bi, nanso susuw ne daakye ho hwɛ. Bible ka sɛ Yehowa kyi “ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm.” (Mmebusɛm 6:16-19) Onipa a ɔte saa no bɛkɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wom no mu—owuprenu—ɔne abɔnefo te sɛ awudifo, aguamammɔfo, ne abosonsomfo.—Adiyisɛm 21:8.

Ɔdansefo nokwafo nni atoro bere a ɔreka ntam no. Atoro biara nni n’adanse a odi no mu. Nanso, eyi nkyerɛ sɛ wɔhyɛ no sɛ ɛsɛ sɛ ɔka nea onim nyinaa kyerɛ wɔn a ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔde ɔhaw ba Yehowa nkurɔfo so wɔ ɔkwan bi so no. Tete agyanom Abraham ne Isak de nokwasɛm bi siee ebinom a na wɔnsom Yehowa no. (Genesis 12:10-19; 20:1-18; 26:1-10) Rahab a ofi Yeriko kyerɛɛ mmarima a ɔhene somaa wɔn no kwan foforo sɛ wɔmfa so. (Yosua 2:1-7) Yesu Kristo ankasa amfa nsɛm bi anto gua esiane sɛ na saa a ɔbɛyɛ no de ɔhaw a ɛho nhia bɛbrɛ no nti. (Yohane 7:1-10) Ɔkae sɛ: “Mommfa akronkronne mmma akraman.” Dɛn ntia? Sɛnea ɛbɛyɛ na “wɔannan ammetetew mo mu.”—Mateo 7:6.

Bere a ‘Nimdeɛ Nyɛ Nyanã’

So nnipa nyinaa na wɔwɔ nyansa? Mmebusɛm 14:6 ka sɛ: “Ɔfɛwdifo hwehwɛ nyansa, na onnya na nimdeɛ nyɛ nhumufo nyanã.” Ɔfɛwdifo bɛhwehwɛ nyansa, nanso ɔrennya. Esiane sɛ ɔfɛwdifo fi ahomaso mu di Onyankopɔn nneɛma ho fɛw nti, ɔrennya ade titiriw a ɛbɛma wahu nyansa no—nokware nimdeɛ a ɛfa nokware Nyankopɔn ho no. N’ahomaso ne ne dwae no mma onsua Nyankopɔn ho ade na wanya nyansa. (Mmebusɛm 11:2) Dɛn nti koraa na ɔhaw ne ho hwehwɛ nyansa? Ɛbɛ no anka, nanso ebia ɔyɛ saa na afoforo ahu sɛ onim nyansa.

‘Nimdeɛ nyɛ nyanã’ mma obi a ɔwɔ ntease. Wɔkyerɛ ntease ase sɛ ‘biribi a adwene no tumi kyere: asɛm asete,’ ‘tumi a wotumi te biribiara ase koraa.’ Ɛyɛ tumi a wotumi te asɛm bi afã horow nyinaa ase na wohu mu yiye, na ɛnyɛ n’afã bi kɛkɛ. Ɛbɛ yi kyerɛ sɛ nimdeɛ nyɛ obi a otumi yɛ saa no nyanã.

Wɔ eyi mu no, susuw nea w’ankasa ahu wɔ Kyerɛwnsɛm mu nokware nimdeɛ a woanya no ho hwɛ. Bere a wufii ase suaa Bible no, akyinnye biara nni ho sɛ nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛfa Nyankopɔn, ne bɔhyɛ ahorow, ne ne Ba no ho no ka nneɛma a edi kan a wusuae no ho. Mfiase no, na ɛno na wunim titiriw. Nanso bere a wokɔɔ so suaa ade no, wubehuu nsɛm nketenkete bi a ɛkeka ho ma wotee Yehowa atirimpɔw nyinaa a ɔwɔ ma adesamma ne asase no ase. Bible mu nokware no bɛyɛɛ nea ntease wom na ɛne ne ho di nsɛ. Nsɛm foforo a wusuae na wokaakae no ammɛyɛ den amma wo bio efisɛ na wutumi hu abusuabɔ a ɛwom.

Ɔhene nyansafo no kyerɛɛ faako a yɛrenhu nimdeɛ. “Fi ɔba kwasea nkyɛn kɔ, na worenhu nimdeɛ wɔ n’anom.” (Mmebusɛm 14:7) Ɔkwasea nni nokware nimdeɛ. N’ano nka nimdeɛ nsɛm. Afotu a ɛwom ara ne sɛ twe wo ho fi obi a ɔte saa ho, nyansa wom sɛ wobɛyɛ saa. Obiara a “ɔne nkwasea bɔ no behu amane.”—Mmebusɛm 13:20.

Salomo toa so sɛ: “Onitefo nyansa ne sɛ ohu ne kwan mu, na nkwasea agyimisɛm yɛ nnaadaa.” (Mmebusɛm 14:8) Onyansafo susuw ne nneyɛe ho. Osusuw hokwan ahorow a abue ama no ho na odwen nea ebefi emu biara mu aba ho. Ɔpaw biribiara a ɔbɛyɛ nyansam. Na ɔkwasea nso ɛ? Ɔpaw ɔkwan a nyansa nni mu, osusuw sɛ onim nea ɔreyɛ na wapaw ɔkwan pa a ɛsen biara. N’agyimisɛm no daadaa no.

Bere a Nyansa Kyerɛ Abusuabɔ Kwan

Asomdwoe wɔ nea nyansa kyerɛ no kwan no ne afoforo ntam. Israel hene no ka sɛ: “Agyimfo di afobu ho fɛw, na tẽefo mu na anisɔ wɔ.” (Mmebusɛm 14:9, NW) Afobu anaa ahonu nka a wɔte no yɛ fɛwdi ma ɔkwasea. Wasɛe ɔne afoforo ntam abusuabɔ wɔ fie ne mmeae foforo efisɛ ɔyɛ “ahantan ara ma ontumi nsakra” na wahwehwɛ asomdwoe. (The New English Bible) Obi a ɔteɛ wɔ ɔpɛ sɛ obegye afoforo sintɔ atom. Wayɛ krado sɛ ɔbɛpa kyɛw na wayɛ nsakrae bere a n’ankasa hu sɛ wadi mfomso no. Esiane sɛ ɔhwehwɛ asomdwoe nti, ɔne afoforo nya abusuabɔ a ɛyɛ anigye na ɛtra hɔ kyɛ.—Hebrifo 12:14.

Salomo asɛm a edi hɔ no fa nea ɛmma nnipa ntam abusuabɔ nkɔ so yiye ho. Ɔka sɛ: “Koma nim ne kra awerɛhow, na n’anigye nso, ɔhɔho mfa ne ho mfra mu.” (Mmebusɛm 14:10) So yebetumi akɔ so ada yɛn komam nkate adi akyerɛ afoforo na yɛaka sɛnea yɛte nka akyerɛ wɔn pɛpɛɛpɛ bere a yɛn werɛ ahow anaa yɛwɔ anigye no? Na so bere nyinaa nso na obi betumi ate sɛnea ɔfoforo te nka no ase? Nsɛmmisa abien no nyinaa mmuae yɛ dabi.

Sɛ nhwɛso no, susuw sɛnea obi te nka sɛ obedi ne ho dɔm no ho hwɛ. Nea ɔwɔ saa atenka no ntaa nka ho asɛm nkyerɛ n’abusua muni biara anaasɛ n’adamfo. Na afoforo ntaa nhu atenka no ho sɛnkyerɛnne biara wɔ wɔn mfɛfo ho. Sɛ yɛanhu saa nsɛnkyerɛnne yi na yɛantumi anyɛ biribiara amfa ammoa a, ɛho nhia sɛ yɛte afobu nka. Ɛbɛ yi san kyerɛkyerɛ sɛ ɛwom sɛ awerɛkyekye wom sɛ yɛbɛdan akɔ yɛn adamfo bi a ɔwɔ tema nkyɛn ma waboa yɛn wɔ nkate fam de, nanso nnipa tɔ sin wɔ mmoa a wobetumi de ama ho. Sɛ yɛrehyia nsɛnnennen bi a, ebehia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa nkutoo so.

“Ade ne Ahonya Wɔ ne Fi”

Israel hene no ka sɛ: “Abɔnefo fi bebutuw, na teefo ntamadan mu bɛtrɛw.” (Mmebusɛm 4:11, NW) Ɔbɔnefo betumi adi yiye wɔ saa nneɛma nhyehyɛe yi mu na obetumi atra fie a ɛyɛ fɛ mu, nanso sɛ owu a, mfaso bɛn na ɛwɔ so? (Dwom 37:10) Ɔkwan foforo so no, ebetumi aba sɛ fie a ɔtreneeni te mu no nkyere so. Nanso Dwom 112:3 ka sɛ: “Ade ne ahonya wɔ ne fi.” Ɛyɛ dɛn ade?

Sɛ nyansa kyerɛ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe kwan a, yebenya “ahonya ne anuonyam” a ɛka nyansa ho no. (Mmebusɛm 8:18) Nea ɛka eyi ho ne abusuabɔ a asomdwoe wom a ɛbɛtra yɛne Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ntam no, asetra pa ne anigye, ne ahotɔ. Yiw, ‘teefo ntamadan mu betumi atrɛw’ mprempren.

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɔbea nyansafo si ne dan

[Mfonini wɔ kratafa 28]

“Ɛwɔ nea ɔworo kasa sɛ nkrante nwowɔe”