Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Atemmu Bɛba Abɔnefo So

Yehowa Atemmu Bɛba Abɔnefo So

Yehowa Atemmu Bɛba Abɔnefo So

“Siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.”—AMOS 4:12.

1, 2. Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn de nsɛmmɔnedi bɛba awiei?

SO Yehowa de asase yi so nsɛmmɔnedi ne amanehunu bɛba awiei da bi? Ná ɛfata yiye sɛ wobisa asɛm yi wɔ afeha a ɛto so 21 yi mfiase. Ɛte sɛ nea baabiara a yetwa yɛn ani hwɛ no, yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ onipa di ne yɔnko nipa atirimɔdensɛm. Hwɛ sɛnea yɛpɛ sɛ yenya wiase a basabasayɛ, amumɔyɛsɛm, ne dwowtwa biara nnim!

2 Anigyesɛm ne sɛ yebetumi anya ahotoso koraa sɛ Yehowa de nsɛmmɔnedi bɛba awiei. Onyankopɔn su ahorow ma ɛda adi sɛ ɔbɛtwe abɔnefo aso. Yehowa teɛ na odi asɛntrenee. N’asɛm ka kyerɛ yɛn wɔ Dwom 33:5 sɛ: “Ɔdɔ asɛntrenee ne atemmu.” Dwom foforo ka sɛ: “Nea ɔpɛ amim de, ne kra tan no.” (Dwom 11:5) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa, Onyankopɔn a ɔwɔ tumi sen biara, a ɔdɔ trenee ne atemmu no, remma ade a okyi no nkɔ so daa.

3. Dɛn na wobesi so dua bere a yɛsan susuw Amos nkɔmhyɛ no ho no?

3 Susuw ade foforo nti a yebetumi agye adi sɛ Yehowa beyi nsɛmmɔnedi afi hɔ no ho hwɛ. Nneɛma a wayɛ atwam ma yenya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ eyi. Yehu ɔkwan a Yehowa afa so ne abɔnefo adi ho nhwɛso a ɛka koma wɔ Bible mu nhoma a ɛne Amos no mu. Amos nkɔmhyɛ no a yɛbɛsan asusuw ho no besi Onyankopɔn atemmu mu nneɛma abiɛsa so dua. Nea edi kan no, ɛfata bere nyinaa. Nea ɛto so abien no, obiara ntumi nkwati. Na nea ɛto so abiɛsa no, ɛba nnipa pɔtee bi so efisɛ Yehowa bu abɔnefo atɛn na oyi mmɔborohunu adi kyerɛ nnipa komapafo a wonu wɔn ho no.—Romafo 9:17-26.

Onyankopɔn Atemmu Fata Bere Nyinaa

4. Yehowa somaa Amos kɔɔ he, na atirimpɔw bɛn ntia?

4 Wɔ Amos bere so no, na Israel man no mu akyɛ ayɛ ahemman abien dedaw. Na biako ne anafo fam Yuda mmusuakuw abien ahemman no. Na nea ɛka ho no ne atifi fam Israel mmusuakuw du ahemman no. Yehowa paw Amos sɛ ɔnsom sɛ odiyifo, na ɔsomaa no fii ne kurom wɔ Yuda kɔɔ Israel. Na Onyankopɔn de Amos bɛbɔ n’atemmu ho dawuru wɔ hɔ.

5. Aman bɛn na Amos dii kan hyɛɛ wɔn ho nkɔm, na ade biako bɛn nti na na wɔfata sɛ Onyankopɔn bu wɔn atɛn?

5 Ɛnyɛ Yehowa atemmusɛm a Amos ka de tiaa atifi fam Israel ahemman asowuifo no na ɔde fii n’adwuma no ase. Mmom no, ofii ase denam atemmu a ɔkae sɛ ɛbɛba aman asia a ɛbemmɛn Israel so no so. Na saa aman no ne Siria, Filistea, Tiro, Edom, Amon, ne Moab. Nanso so na wɔfata ankasa sɛ Onyankopɔn bu wɔn atɛn? Na wɔfata ankasa. Ade biako ne sɛ na wɔkɔ so da no adi sɛ wɔyɛ Yehowa nkurɔfo atamfo.

6. Na dɛn nti na Onyankopɔn de ɔhaw bɛba Siria, Filistea, ne Tiro so?

6 Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ Siriafo no “dwerɛw Gilead nti” Yehowa buu wɔn atɛn. (Amos 1:3) Siriafo no gyee Gilead asase—Israel mantam a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam no fae, na wokunkum Onyankopɔn nkurɔfo pii wɔ hɔ. Na Filistea ne Tiro nso ɛ? Filistifo no faa Israelfo nnommum, na wɔtɔn wɔn maa Edomfo, na Israelfo no bi kodii Tirofo nkoatɔfo nsam. (Amos 1:6, 9) Susuw ho hwɛ—wɔtɔn Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔkɔyɛɛ nkoa! Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa kae sɛ ɔde amanehunu bɛba Siria, Filistea, ne Tiro so.

7. Na ade biako bɛn na ɛda adi wɔ Edom, Ammon, ne Moab ne Israel ho, na ɔkwan bɛn so na wɔne Israelfo dii?

7 Na ade biako bi da adi wɔ Edom, Amon, ne Moab ne Israelfo no ho. Na aman abiɛsa no nyinaa yɛ Israelfo abusuafo. Na Edomfo yɛ Abraham asefo denam Yakob nua Esau a na ɔne no yɛ nta no so. Enti, ɔkwan bi so no, na wɔn nuanom ne Israelfo no. Na Amonfo ne Moabfo yɛ Abraham wɔfase Lot asefo. Nanso so Edomfo, Amonfo, ne Moabfo ne Israelfo dii sɛ anuanom wɔ ɔdɔ mu? Dabida! Edom de nkrante kum “ne nua” atirimɔden so na Amonfo yɛɛ Israel nnommum no atirimɔdenne. (Amos 1:11, 13) Ɛwom sɛ Amos nka ayayade a Moab yɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo no ho asɛm ankasa de, nanso na wonim fi bere tenten sɛ Moabfo sɔre tiaa Israel. Ná wɔbɛtwe aman abiɛsa a wɔyɛ abusuafo no aso denneennen. Yehowa bɛsɛe wɔn pasaa.

Wontumi Nkwati Onyankopɔn Atemmu

8. Na dɛn nti na aman asia a na wɔbɛn Israel no ntumi nkwati Onyankopɔn atemmu?

8 Ɛda adi pefee sɛ na ɛfata sɛ Onyankopɔn atemmu ba aman asia a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ Amos nkɔmhyɛ no mu no so. Afei nso, na ɔkwan biara nni hɔ a wobetumi afa so akwati. Efi Amos ti 1 nkyekyɛm 3 kosi ti 2 nkyekyɛm 1 so no, Yehowa ka mpɛn asia sɛ “Merennan.” Sɛnea ɔkae no, ɔde atemmu baa saa aman no so ampa. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ saa aman no mu biara huu amane akyiri yi. Anyɛ yiye koraa no, emu anan—Filistea, Moab, Amon, ne Edom—ase tɔree!

9. Na dɛn na na ɛfata Yudafo no, na dɛn ntia?

9 Afei Amos nkɔmhyɛ no twe adwene si ɔman a ɛto so ason no so—ne man Yuda. Ɛbɛyɛ sɛ Amos atiefo a na wɔwɔ Israel atifi fam ahemman no mu ho dwiriw wɔn bere a wɔtee sɛ ɔreka sɛ wobebu Yuda ahemman no atɛn no. Na dɛn nti na na Yudafo no fata sɛ wobu wɔn atɛn? Amos 2:4 ka sɛ: “Wɔapa [Yehowa, NW] mmara.” Yehowa ammu ne Mmara a wɔhyɛɛ da buu so no adewa. Sɛnea Amos 2:5 kyerɛ no, ɔka siei sɛ: “Mɛto Yuda mu gya, na ahyew Yerusalem aban afɛfɛ no.”

10. Dɛn nti na na Yudafo ntumi nkwati amanehunu?

10 Na Yudafo a wɔanni nokware no ntumi nkwati amanehunu a na ɛreba no. Yehowa kaa mpɛn ason so sɛ: “Merennan.” (Amos 2:4) Wɔtwee Yuda aso sɛnea wɔhyɛɛ ho nkɔm no bere a Babilonfo sɛee no wɔ afe 607 A.Y.B. mu no. Yɛsan hu bio nso sɛ abɔnefo ntumi nkwati Onyankopɔn atemmu.

11-13. Amos hyɛɛ nkɔm tiaa ɔman bɛn titiriw, na nhyɛso bɛn na na ɛrekɔ so wɔ hɔ?

11 Ná odiyifo Amos kaa atemmu a na Yehowa de bɛba aman ason no so ho asɛm nkyɛe. Nanso sɛ na obi susuw sɛ wawie ne nkɔmhyɛ no a, na ɛyɛ atoro. Na Amos nwiei koraa! Wɔpaw no titiriw sɛ ɔnka atemmusɛm a ano yɛ den ntia atifi fam Israel ahemman no. Na ɛfata sɛ Onyankopɔn bu Israel atɛn efisɛ na ɔman no asɛe koraa wɔ abrabɔ ne honhom fam.

12 Amos nkɔmhyɛ no maa nhyɛso a na abu so wɔ Israel ahemman no mu no daa adi. Ɛdefa eyi ho no Amos 2:6, 7 kenkan sɛ: “Sɛ [Yehowa, NW] se ni: Israel amumɔyɛ abiɛsa ne anan nti merennan n’asotwe no, sɛ wɔtɔn ɔtreneeni gye dwetɛ, na mpaboa nti wɔtɔn ohiani. Wɔn kɔn dɔ abrɛfo atifi dɔte, na wɔkyea amanehunufo kwan.”

13 Ná wɔtɔn treneefo “gye dwetɛ,” a ebia nea ɛkyerɛ ne sɛ na atemmufo no gye dwetɛ sɛ adanmude de bu treneefo fɔ. Na wɔn a ahiafo de wɔn ka no tɔn wɔn sɛ nkoa de gye “mpaboa,” ebia wɔ ɛka ketewaa bi ho. Nnipa atirimɔdenfo ‘kɔn dɔe,’ anaasɛ wɔhwehwɛe denneennen sɛ wɔbɛbrɛ “abrɛfo” ase akodu baabi a saa ahiafo no bɛtow dɔte agu wɔn ankasa atifi de akyerɛ wɔn amanehunu, awerɛhodi, anaa animguase. Ná dwowtwa abu so araa ma na “amanehunufo” nni anidaso biara sɛ wobetumi anya atɛntrenee.

14. Na henanom na wɔyɛ wɔn ayayade wɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu?

14 Hyɛ wɔn a na wɔreyɛ wɔn ayayade no nsow. Na wɔne treneefo, ahiafo, abrɛfo, ne amanehunufo. Mmara apam a Yehowa ne Israel yɛe no hwehwɛe sɛ wohu abrɛfo ne ahiafo mmɔbɔ. Nanso, na saafo a wɔwɔ Israel mmusuakuw du ahemman no mu no tebea nye koraa.

“Siesie Wo Ho Kohyia Wo Nyankopɔn”

15, 16. (a) Dɛn nti na wɔbɔɔ Israelfo no kɔkɔ sɛ ‘wonsiesie wɔn ho nkohyia wɔn Nyankopɔn’? (b) Ɔkwan bɛn so na Amos 9:1, 2 kyerɛ sɛ abɔnefo ntumi nkwati Onyankopɔn atemmu a ɛbɛba wɔn so no? (d) Dɛn na ɛbaa Israel mmusuakuw du ahemman no so wɔ 740 A.Y.B. mu?

15 Esiane sɛ na ɔbrasɛe ne bɔne afoforo abu so wɔ Israel nti, na ntease wom sɛ odiyifo Amos bɔɔ ɔman a na atew atua no kɔkɔ sɛ: “Siesie wo ho kohyia wo Nyankopɔn.” (Amos 4:12) Na Israel a wɔanni nokware no ntumi nkwati Onyankopɔn atemmu a ɛreba no, efisɛ Yehowa kaa ne mpɛn awotwe so sɛ: “Merennan n’asotwe no.” (Amos 2:6) Onyankopɔn kaa abɔnefo a ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobehintaw no ho asɛm sɛ: “Oguanfo renguan mma wɔn, na mfimufo remfi mu mma wɔn. Sɛ wofunu kɔ asaman a, me nsa bɛfa wɔn afi hɔ aba, na sɛ wɔforo kɔ ɔsoro a, mede wɔn mefi hɔ masian.”—Amos 9:1, 2.

16 Ná abɔnefo ntumi nkwati atemmu a Yehowa de bɛba wɔn so no denam ‘asaman a wobefunu akɔ no so,’ a sɛnkyerɛnne kwan so no na ɛkyerɛ mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wobehintaw wɔ asase ase tɔnn no. Saa ara nso na na wontumi nkwati Onyankopɔn atemmu denam ‘ɔsoro a wɔbɛforo akɔ’ so, a ɛkyerɛ mmɔden a wɔbɛbɔ sɛ wɔbɛhwehwɛ guankɔbea wɔ mmepɔw atenten so no. Ná Yehowa kɔkɔbɔ no mu da hɔ pefee: Baabiara nni hɔ a wobehintaw a ontumi nhu wɔn. Ná Onyankopɔn atɛntrenee hwehwɛ sɛ Israel ahemman no bu wɔn nsɛmmɔnedi ho akontaa kyerɛ. Saa bere no dui. Wɔ afe 740 A.Y.B. mu, bɛyɛ mfe 60 wɔ bere a Amos kyerɛw ne nkɔmhyɛ no akyi no, Asiriafo dii atifi fam Israel ahemman no so nkonim.

Onyankopɔn Atemmu Ba Nnipa Pɔtee Bi So

17, 18. Dɛn na Amos ti 9 da no adi wɔ Onyankopɔn mmɔborohunu ho?

17 Amos nkɔmhyɛ no aboa yɛn ma yɛahu sɛ Onyankopɔn atemmu fata bere nyinaa na obiara ntumi nkwati. Nanso, Amos nhoma no kyerɛ sɛ Yehowa atemmu ba nnipa pɔtee bi so. Onyankopɔn betumi ahu abɔnefo na wabu wɔn atɛn wɔ baabiara a wohintaw no. Obetumi ahu wɔn a wɔanu wɔn ho ne treneefo—wɔn a ɔpaw sɛ obehu wɔn mmɔbɔ no. Wɔasi eyi so dua fɛfɛɛfɛ wɔ Amos nhoma no ti a etwa to no mu.

18 Sɛnea Amos ti 9 nkyekyɛm 8 kyerɛ no, Yehowa kae sɛ: “Ɔsɛe na meremfa mensɛe Yakob fi no koraa.” Sɛnea wɔaka wɔ nkyekyɛm 13 kosi 15 no, Yehowa hyɛ bɔ sɛ ‘ɔbɛdan ne man nnommumfa no.’ Wobehu wɔn mmɔbɔ na wobenya ahobammɔ na wɔadi yiye. Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ: “Nea ɔfɛntɛm bɛka nea otwa.” Susuw ho hwɛ—nnɔbae a wotwa no bɛdɔɔso araa ma wɔremmoa ebi ano na wɔasan afɛntɛm adua aba bio!

19. Dɛn na ɛtoo Israel ne Yudafo nkaefo bi?

19 Wobetumi aka sɛ Yehowa de atemmu a ɔde baa abɔnefo a na wɔwɔ Yuda ne Israel so no baa nnipa pɔtee bi so efisɛ ohuu wɔn a wonuu wɔn ho ne komapafo mmɔbɔ. Israel ne Yudafo nkaefo bi a wonuu wɔn ho a wɔsan fii Babilon nnommumfa mu bae wɔ 537 A.Y.B. mu no maa ba a na wɔbɛsan aba wɔn man mu ho nkɔmhyɛ a ɛwɔ Amos ti 9 no nyaa mmamu. Bere a wɔbaa wɔn man a wɔdɔ no mu no, wɔsan de nokware som sii hɔ. Wosisii wɔn afie yeyɛɛ bobe nturo nso wɔ asomdwoe mu.

Yehowa Atemmu Bɛba!

20. Dɛn na atemmusɛm a Amos bɔɔ no dawuru no ho a yesusuw no ma yenya mu awerɛhyem?

20 Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn atemmusɛm a Amos bɔɔ no dawuru a yesusuw ho no ma yenya awerɛhyem sɛ Yehowa de nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so wɔ yɛn bere yi so no bɛba awiei. Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ ɔbɛyɛ saa? Nea edi kan no, sɛnea Onyankopɔn ne abɔnefo dii nsɛm wɔ tete no ho nhwɛso ahorow yi kyerɛ sɛnea ɔbɛyɛ n’ade wɔ yɛn bere yi so. Nea ɛto so abien no, atemmu a Onyankopɔn de baa Israel ahemman awaefo no so no ma ɛda adi pefee sɛ ɔbɛsɛe Kristoman, “Babilon Kɛse,” wiase atoro som ahemman no fã a ne ho wɔ asɛm paa no.—Adiyisɛm 18:2.

21. Dɛn nti na ɛfata sɛ Onyankopɔn bu Kristoman atɛn?

21 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛfata sɛ Onyankopɔn bu Kristoman atɛn. Ne som ne n’abrabɔ a asɛe no da no adi pefee sɛ ɔfata ɔsɛe. Ɛfata sɛ Yehowa bu Kristoman ne Satan wiase nkae no atɛn. Wɔn nso ntumi nkwati, efisɛ sɛ bere no so sɛ obu atɛn no a, Amos ti 9, nkyekyɛm 1 bɛbam: “Oguanfo renguan mma wɔn, na mfimufo remfi mu mma wɔn.” Yiw, baabiara a abɔnefo behintaw no, Yehowa behu wɔn.

22. Onyankopɔn atemmu ho nsɛm bɛn na wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ 2 Tesalonikafo 1:6-8?

22 Onyankopɔn atemmu fata bere nyinaa, wontumi nkwati, na ɛba nnipa pɔtee bi so. Yebetumi ahu eyi wɔ nsɛm a ɔsomafo Paulo kae yi mu: “Ɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim sɛ ɔde ahohia tua wɔn a wohiahia mo ho no ka, na wama mo a wohiahia mo ho no ne yɛn ahome, ɛda a wobeyi Awurade Yesu adi afi soro, ne ne tumi abɔfo, ogyaframa mu, na wadi wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie yɛn Awurade Yesu asɛmpa no were.” (2 Tesalonikafo 1:6-8) “Ɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim” sɛ otua wɔn a wɔfata atemmu no ka sɛ wɔde ahohiahia baa ne nkurɔfo a wɔasra wɔn no so. Wontumi nkwati saa atemmu no, efisɛ abɔnefo rennya nkwa wɔ ‘Yesu ahoyi a ne tumi abɔfo a wɔwɔ ogyaframa mu no ka no ho’ no mu. Onyankopɔn de n’atemmu no bɛba nnipa pɔtee bi so nso, efisɛ Yesu bedi “wɔn a wonnim Nyankopɔn ne wɔn a wɔantie asɛmpa no” were. Na Onyankopɔn atemmu a ɛbɛba no bɛma nnipa a wosuro Onyankopɔn a wohiahia wɔn ho no ho atɔ wɔn.

Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn a Wɔteɛ

23. Anidaso ne awerɛkyekye bɛn na yebetumi anya afi Amos nhoma no mu?

23 Amos nkɔmhyɛ no kura awerɛkyekye ne anidaso nsɛm ma nnipa komapafo. Sɛnea wɔhyɛɛ nkɔm wɔ Amos nhoma no mu no, Yehowa antɔre ne nkurɔfo a wɔtraa ase wɔ tete no ase koraa. Awiei koraa no, ɔboaboaa Israel ne Yuda nnommum no ano de wɔn san kɔɔ wɔn asase so, na ɔma wodii yiye nyaa ahobammɔ pii. Dɛn na eyi kyerɛ ma yɛn nnɛ? Ɛkyerɛ pefee sɛ Yehowa betumi ahu abɔnefo wɔ baabiara a wobehintaw, na obetumi ahu wɔn a ɛfata sɛ ohu wɔn mmɔbɔ no ɛmfa ho asase no so baabi a wɔte wɔ atemmu a ɔde bɛba no mu.

24. Akwan bɛn so na wɔahyira Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no?

24 Bere a yɛretwɛn bere a Yehowa bebu abɔnefo atɛn no, dɛn na yehu sɛ n’asomfo anokwafo? Wiɛ, Yehowa ama yɛredi yiye wɔ honhom fam! Yɛde ɔsom a atoro ne nnaadaa a efi Kristoman atoro nkyerɛkyerɛ mu nnim ma. Yehowa ama yɛanya honhom fam aduan pii nso. Nanso, kae sɛ asɛyɛde kɛse bata nhyira pii a efi Yehowa hɔ yi ho. Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ yɛbɛbɔ afoforo kɔkɔ wɔ atemmu a ɛreba no ho. Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa de hwehwɛ wɔn a “wɔayi wɔn ama daa nkwa” no. (Asomafo no Nnwuma 13:48) Yiw, yɛpɛ sɛ yɛboa nnipa dodow biara a yebetumi ma wonya honhom fam nhyira a yɛwɔ mprempren no bi. Na yɛpɛ sɛ yɛboa wɔn ma wonya nkwa wɔ Onyankopɔn atemmu a ɛrebɛn a ɔde bɛba abɔnefo so no mu. Nokwarem no, nea ɛbɛyɛ na yɛanya nhyira horow yi bi no, ɛsɛ sɛ yɛn komam tebea yɛ papa. Sɛnea yebehu wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, wosi eyi nso so dua wɔ Amos nkɔmhyɛ no mu.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Amos nkɔmhyɛ no kyerɛ sɛ Yehowa atemmu fata bere nyinaa?

• Adanse bɛn na Amos de ma de kyerɛ sɛ wontumi nkwati Onyankopɔn atemmu?

• Ɔkwan bɛn so na Amos nhoma no kyerɛ sɛ Onyankopɔn atemmu ba nnipa pɔtee bi so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Israel ahemman no antumi ankwati Onyankopɔn atemmu

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔ 537 A.Y.B. mu no, Israel ne Yuda nkaefo bi san fii Babilon nnommumfa mu bae