Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Wo Asanom Yiye

Hwɛ Wo Asanom Yiye

Hwɛ Wo Asanom Yiye

“Nsã yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan nnim nyansa.”—MMEBUSƐM 20:1, Asante Twi Bible.

1. Ɔkwan bɛn so na odwontofo no kyerɛɛ anisɔ wɔ akyɛde pa a Yehowa de ma no bi ho?

OSUANI Yakobo kyerɛwee sɛ: “Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro, efi hann agya no nkyɛn na ɛba.” (Yakobo 1:17) Onyankopɔn akyɛde pa ho anisɔ kaa odwontofo no ma ɔtoo dwom sɛ: “Ɔma wura fifi ma afieboa, ne afumduan a onipa yɛ ho adwuma sɛ ɔbɛma aduan afi asase mu. Na nsã ama ɔdesani koma atɔ ne yam, na wama ngo ayɛ onipa anim hyɛɛhyɛɛ, na aduan awowaw ɔdesani koma.” (Dwom 104:14, 15) Te sɛ wura, aduan, ne ngo no, nsa ne nsaden afoforo yɛ akyɛde pa a efi Onyankopɔn hɔ. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma?

2. Nsa ho nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Sɛ wɔde akyɛde a ɛma anigye di dwuma ɔkwampa so nkutoo a, ɛnna ɛyɛ akyɛde pa. Sɛ nhwɛso no, ɛwo ‘ye,’ nanso “ɛwodi ntraso nye.” (Mmebusɛm 24:13; 25:27) Bere a ebia ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛnom “bobesa kakraa bi” no, nsa bebree a wobɛnom yɛ aniberesɛm. (1 Timoteo 5:23) Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nsã yɛ ɔfɛdifoɔ, nsaden yɛ ntɔkwapɛni, na obiara a ɔtɔ mu ntintan nnim nyansa.” (Mmebusɛm 20:1, Asante Twi Bible) Nanso, dɛn na ɛkyerɛ sɛ obi atɔ nsa mu ntintan? * Dodow ahe na ɛyɛ nea ɛboro so? Obi bɛyɛ dɛn ahu dodow a ɛfata sɛ ɔnom?

Ɔkwan Bɛn So na Obi ‘Tɔ Nsa Mu Ntintan’?

3, 4. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ wɔkasa tia asabow wɔ Bible mu? (b) Asabow ho nsɛnkyerɛnne bi ne dɛn?

3 Wɔ tete Israel no na wosiw ɔba a ɔyɛ ohohwini ne ɔsabofo a ɔnsakra abo kum no. (Deuteronomium 21:18-21) Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ɔmaanefo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.” Ɛda adi pefee sɛ, Kyerɛwnsɛm no kasa tia asabow.—1 Korintofo 5:11; 6:9, 10.

4 Bible reka nsɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ obi abow ho asɛm no, ɛka sɛ: “Nhwɛ nsã sɛ ɛbere kɔɔ, na ani twa kuruwa mu, na ɛkɔ yɔɔ no, akyiri no ɛka sɛ ɔwɔ, na ɛwɔ bɔre sɛ ahurutoa. W’aniwa bɛhwɛ ananade, na wo koma aka akɔntɔnkyesɛm.” (Mmebusɛm 23:31-33) Asanom bebrebe ka te sɛ ɔwɔ a n’ano wɔ bɔre, ɛbɔ yare, ɛma obi adwene yɛ no basaa, na ade tumi tɔ ne so. Ɔsabofo tumi hu “ananade,” kyerɛ sɛ, otumi hu nneɛma wɔ n’ani so, na odwen nneɛma hunu ho. Ɛba saa a ontumi nhyɛ ne ho so yiye ma enti ɔkeka nsɛnhunu, na ɔda akɔnnɔ bɔne a sɛ ɔmmoe a anka obetumi ahyɛ ne ho so wɔ ho adi.

5. Ɔkwan bɛn so na asanom bebrebe betumi apira obi?

5 Na sɛ obi taa nom nsa nanso ɔhwɛ yiye sɛ ɔrennom bebree nkosi sɛ afoforo behu sɛ wabow nso ɛ? Nnipa bi wɔ hɔ a sɛ wɔnom nsa bebree mpo a ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ wɔabow. Nanso, sɛ obi nya adwene sɛ asɛm biara nni nneyɛe a ɛte saa ho a, na ɔredaadaa ne ho. (Yeremia 17:9) Asanom de nkakrankakra na ɛka obi hɔ ma ɔbɛyɛ ‘ɔsadweam.’ (Tito 2:3) Ɛdefa sɛnea obi bɛyɛ ɔsadweam ho no, nhoma kyerɛwfo Caroline Knapp ka sɛ: “Ɛba nyaa nkakrankakra.” Hwɛ sɛnea asanom bebrebe yɛ afiri a etumi di awu!

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ obi gyae asanom bebrebe ne adidi ntraso?

6 Susuw Yesu kɔkɔbɔ yi nso ho hwɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow [asanom ntraso, NW] ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so.” (Luka 21:34, 35) Enhia sɛ obi nom nsa bow ansa na watɔ nko ayɛ akwadworɔ wɔ n’asetram ne Onyankopɔn som mu. Na sɛ Yehowa da no bɛto no wɔ tebea a ɛte saa mu nso ɛ?

Nea Asanom Bebrebe Betumi De Aba

7. Dɛn nti na asanom bebrebe ne akwankyerɛ a ɛwɔ 2 Korintofo 7:1 no nhyia?

7 Sɛ obi nom nsa bebree a ɛde ɔhaw pii ba ne so wɔ nipaduam na ɛsɛe ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no. Nyarewa a asanom bebrebe de ba no bi ne mmerɛbo mu yare, ne adwene mu yare te sɛ nea ɛma obi ho wosowosow. Sɛ obi we nsa kyɛ a, etumi ma onya kokoram, asikreyare, komayare, ne yafunyare ahorow bi nso. Ɛda adi pefee sɛ nsawe ne Kyerɛwnsɛm mu akwankyerɛ yi nhyia: “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.”—2 Korintofo 7:1.

8. Sɛnea Mmebusɛm 23:20, 21 kyerɛ no, dɛn na asanom bebrebe betumi de aba?

8 Asanom bebrebe betumi asɛe sika nso, na ɛma obi adwuma mpo tumi fi ne nsa. Tete Israel hene Salomo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu.” Dɛn ntia? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Na ɔsadweam ne ohohwini bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa.”—Mmebusɛm 23:20, 21.

9. Sɛ obi bɛka kar a, dɛn nti na nyansa wom sɛ ɔrennom nsa?

9 Bere a The Encyclopedia of Alcoholism (nhoma bi a ɛka sadweamyɛ ho asɛm) reka ɔhaw foforo a nsawe de ba ho asɛm no, ɛka sɛ: “Nhwehwɛmu ada no adi sɛ nsa sɛe obi karka, ɛmma ontumi mfa n’adwene nsi nneɛma so yiye, na ɛma n’ani so yɛ no wisiwisi bere a ɔreka kar no.” Asiane a ɛyɛ hu wɔ nsa a wɔnom de ka kar mu. Wɔ United States nkutoo no, afe biara kar akwanhyia a nsa a wɔnom de ka kar de ba kunkum nnipa ɔpedudu pii, na ɔpehaha pii na wopirapira. Mmabun a wɔn ho nkokwawee wɔ karka mu, na wɔn asanom nyɛ fɛ na wɔtaa de asiane yi ba titiriw. So obi a ɔnom nsa pii de ka kar no betumi aka sɛ obu nkwa sɛ akyɛde a efi Yehowa Nyankopɔn hɔ? (Dwom 36:9) Esiane sɛ nkwa yɛ ade kronkron nti ɛyɛ papa sɛ obi a onim sɛ ɔbɛka kar rennom nsa koraa.

10. Nsa betumi aka yɛn adwene dɛn, na dɛn nti na asiane wom?

10 Ɛnyɛ nipaduam nko na asanom bebrebe haw nnipa na mmom ɛka ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn nso. Bible ka sɛ: “Nsã ne mmosa sɛe ntease.” (Hosea 4:11) Nsa ka adwene no. Nhoma bi a U.S. Ɔman Asoɛe a Ɛhwɛ Nnubɔnenom Ho Nsɛm So akyerɛw kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi nom nsa a, ɛfa n’adidi nkwaadɔm mu kɔ ne mogya mu, na edu n’adwenem ntɛm. Efi ase ma adwene no fã a edi nsusuwii ne nkate ho dwuma no adwumayɛ kɔ fam. Ɛmma onipa no ntumi nhyɛ ne ho so, na otumi yɛ nea ɔpɛ biara.” Wɔ tebea a ɛte saa mu no, ɛda adi paa sɛ ‘yɛbɛtɔ mu ntintan,’ ayɛ ade atra so, na ɛde yɛn akɔ sɔhwɛ ahorow bebree mu.—Mmebusɛm 20:1.

11, 12. Ɔhaw bɛn na nsawe betumi de aba ɔsom a obi de ma Onyankopɔn so?

11 Afei nso, Bible ka sɛ: “Sɛ mudidi oo, monom oo, moyɛ biribiara oo, monyɛ ne nyinaa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam!” (1 Korintofo 10:31) So nsa bebree a wobɛnom no betumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam? Ɛda adi sɛ Kristoni biara nni hɔ a ɔpɛ sɛ wɔfrɛ no kɔwensani. Edin a ɛte saa a obegye no de ahohorabɔ mmom na ɛbɛba Yehowa din so na ɛnyɛ anuonyam.

12 Na sɛ Kristoni bi nsawe to ne yɔnko gyidini bi, ebia osuani foforo bi, hintidua nso ɛ? (Romafo 14:21) Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Obiara a ɔbɛto nketewa a wogye me di yi mu biako hintidua no, eye ma no sɛ wɔde owiyammo sɛn ne kɔn mu, na wokogu no asu ɛpo bun mu.” (Mateo 18:6) Asanom bebrebe nso betumi ama ɔsom hokwan a obi wɔ wɔ asafo no mu afi ne nsa. (1 Timoteo 3:1-3, 8) Ade foforo a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so nso ne ɔhaw a asanom bebrebe tumi de ba abusua mu no.

Kwati Asiane Ahorow NoƆkwan Bɛn So?

13. Dɛn ne ade titiriw a ɛbɛma obi akwati asanom bebrebe?

13 Ade titiriw a ɛbɛma woatumi akwati asiane ahorow a asanom bebrebe de ba ne sɛ wubehu dodow a ɛfata sɛ wonom, ɛnyɛ sɛ wubehu nsonsonoe a ɛwɔ nsawe ne asabow mu, na mmom sɛ́ wubehu nsonsonoe a ɛwɔ nsanom kakra ne nsawe mu. Hena na obetumi asi nsonsonoe a ɛwɔ nsanom kakra ne nsawe mu ho gyinae ama wo? Esiane sɛ ɛsono sɛnea obiara ahoɔden te nti, yentumi nhyehyɛ nsa dodow a ɛboro so ho mmara katee biara. Ɛsɛ sɛ obiara hu dodow a n’ahoɔden betumi a ɛfata sɛ ɔnom na ɔhwɛ sɛ ɔrennom nntra so. Dɛn na ebetumi aboa wo ma woahu dodow a ɛboro w’ahoɔden so? So biribi wɔ hɔ a wubetumi agyina so ahu?

14. Nnyinasosɛm bɛn na ɛbɛboa wo ma woahu nsonsonoe a ɛwɔ nsanom kakra ne nsawe mu?

14 Bible ka sɛ: “Fa nyansahu ne adwempa sie, na ayɛ nkwa ama wo kra, ne anuonyam ama wo kɔn.” (Mmebusɛm 3:21, 22) Ɛnde, nea ɛsɛ sɛ wugyina so hu ni: Nsa dodow biara a ɛmma wuntumi nsisi gyinae na ɛmma wunnwen yiye no yɛ nea ɛboro w’ahoɔden so. Nanso, ɛsɛ sɛ w’ankasa wudi nokware wɔ dodow a w’ahoɔden betumi no ho!

15. Bere bɛn na ɛbɛyɛ papa sɛ worennom nsa koraa?

15 Wɔ tebea bi mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ worennom nsa koraa. Esiane asiane a nsa tumi de ba abofra a ɔhyɛ yafunum so nti, ɔbea a ɔyem betumi asi gyinae sɛ ɔrennom nsa koraa. Na so ɛrenyɛ nea ɛkyerɛ ayamye sɛ worennom nsa bere a obi a na anka ɔyɛ ɔsadweam wɔ hɔ anaasɛ obi a n’ahonim haw no wɔ asanom ho wɔ hɔ? Yehowa hyɛɛ wɔn a na wɔyɛ asɔfodwuma wɔ ntamadan no mu sɛ: “Ansa na mobɛhyɛn ahyiae ntamadan no mu no, monnnom bobesa anaa nsã bi, na moanwuwu.” (Leviticus 10:8, 9) Enti, nnom nsa bere a worebɛkɔ Kristofo nhyiam, asɛnka, ne bere a woreyɛ biribiara a ɛfa Onyankopɔn som adwuma ho no. Afei nso, wɔ aman a wɔabra asanom anaasɛ wɔma nnipa a wɔadi aboro mfe dodow bi nkutoo na wɔnom nsa no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma saa mmara no.—Romafo 13:1.

16. Sɛ wɔde nsa si w’anim a, ɛsɛ sɛ wusi ho gyinae dɛn?

16 Sɛ wɔma wo nsa anaasɛ wɔde nsa si w’anim a, asɛm a ɛsɛ sɛ wudi kan bisa wo ho ne sɛ: ‘So ɛsɛ sɛ menom mpo?’ Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛnom a, kae dodow a w’ahoɔden betumi a ɛfata sɛ wonom no, na ɛnnom nntra so. Mma ofiewura yamyefo bi mfa nsa mpuapua wo. Hwɛ yiye wɔ apontow te sɛ ayeforohyia a nsa bu so wɔ ase no ho. Wɔ mmeae pii no, mmara ma kwan ma mmofra nom nsa. Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔde akwankyerɛ bɛma wɔn mma wɔ asanom ho, na wɔde wɔn ani adi wɔn akyi wɔ ho.—Mmebusɛm 22:6.

Wubetumi Adi Ɔhaw no So

17. Dɛn na ɛbɛboa wo ma woahu sɛ ebia wowe nsa anaa?

17 So wowe nsa? Sɛ nsawe abɛyɛ bɔne a woyɛ sie a, nnaadaa wo ho, efisɛ ɛrenkyɛ koraa na anya wo so nkɛntɛnso bɔne. Enti fa nokwaredi hwehwɛ wo ho mu yiye. Fa nsɛmmisa yi hwehwɛ wo ho mu hwɛ: ‘So metaa nom nsa mprempren sen bere bi a atwam no? So nsa a ano yɛ den na menom mprempren? So menom nsa sɛnea ɛbɛyɛ a me werɛ befi m’ahokyere, me haw, anaa me nsɛnnennen? So m’abusua muni anaa m’adamfo bi aka me nsanom no ho asɛm? So me nsanom de ɔhaw ahorow bi aba m’abusua mu? So ɛyɛ den ma me sɛ megyae nsanom dapɛn biako, bosome biako, anaa asram kakra? So memmma afoforo nnhu nsa dodow a menom?’ Wo fam no, sɛ nsɛmmisa yi mu bi ho mmuae yɛ yiw ɛ? Ɛnyɛ wo ho sɛ onipa a ‘ɔhwɛ n’anim ahwehwɛ mu na ntɛm ara na ne werɛ afi su ko a okura’ no. (Yakobo 1:22-24) Fa akwan bi so siw ɔhaw no ano. Dɛn na wubetumi ayɛ?

18, 19. Wobɛyɛ dɛn atumi agyae nsawe?

18 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo fo sɛ: “Mommmow nsa, efisɛ ɛno na ɛde sakasaka ba, na mmom monyɛ ma wɔ honhom mu.” (Efesofo 5:18) Hu nsa dodow a ɛboro w’ahoɔden so, na si nea ɛfata sɛ wonom ho gyinae. Bɔ wo tirim sɛ worennom nntra nea w’ahoɔden betumi so; da anidahɔ anaa ahosodi adi. (Galatifo 5:22, 23) So wowɔ ayɔnkofo bi a wɔde nsa puapua wo? Hwɛ yiye. Bible ka sɛ: “Wo ne anyansafo mmɔ, na dan onyansafo, na nea ɔne nkwasea bɔ no hu amane.”—Mmebusɛm 13:20.

19 Sɛ ɔhaw bi nti na worewe nsa sɛnea ɛbɛyɛ a wo werɛ befi a, gyae na fa ani kann gyina ɔhaw no ano. Onyankopɔn Asɛm mu afotu a wode bedi dwuma betumi ama woagyina ɔhaw ahorow ano. (Dwom 119:105) Ntwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi Kristoni panyin bi a wowɔ ne mu ahotoso hɔ. Fa nsiesiei a Yehowa ayɛ sɛ ɛmmoa wo na yɛ den wɔ Onyankopɔn som mu no di dwuma yiye. Hyɛ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den. Bɔ no mpae daa, ne titiriw, wɔ wo mmerɛwyɛ ahorow ho. Srɛ Onyankopɔn sɛ ‘ɔnnan w’asaabo ne wo koma.’ (Dwom 26:2) Sɛnea yesusuw ho wɔ asɛm a edi kan no mu no, yɛ nea wubetumi biara sɛ wobɛnantew wo mudi mu.

20. Dɛn na ebehia sɛ woyɛ na ama woatumi agyae nsa a worewe no?

20 Na sɛ mmɔden a wobɔ nyinaa akyi no wuhu sɛ woda so ara we nsa nso ɛ? Ɛnde, ɛsɛ sɛ wudi Yesu afotu yi akyi: “Sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa! Eye ma wo sɛ wode basin bɛkɔ nkwa mu, sen sɛ wowɔ nsa abien na wode bɛkɔ amanehunu kurom.” (Marko 9:43) Nea ɛkyerɛ ne sɛ: Gyae nsanom koraa. Saa na ɔbea bi a yɛbɛfrɛ no Irene yɛe. Ɔka sɛ: “Bere a migyaee nsanom bɛyɛ mfirihyia abien akyi no, mifii ase nyaa adwene sɛ mennom nsa kakraa bi nhwɛ sɛ metumi adi me ho so anaa. Nanso sɛ minya adwene saa ara pɛ a, ntɛm ara na mede asɛm no ato Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Masi me bo sɛ merennom nsa bio de bɛkɔ akosi nhyehyɛe foforo no mu, ebia a ɛhɔ mpo merennom.” Sɛ wode nsa a wubegyae nom koraa toto Onyankopɔn trenee wiase foforo no mu asetra a wubenya ho a, wubehu sɛ wonhweree hwee koraa.—2 Petro 3:13.

“Muntu Mmirika Saa Ara, na Moanya Bi”

21, 22. Dɛn na ebetumi asi yɛn kwan ma yɛrenwie nkwa ho mmirika a yɛretu no, na yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati?

21 Bere a ɔsomafo Paulo de Kristoni asetra retoto mmirikatu anaa agumadi ho no, ɔkae sɛ: “Munim sɛ wɔn a wosi ammirika kane no, wɔn nyinaa tu mmirika no de, nanso obiako na onya nkonim bo no? Muntu mmirika saa ara, na moanya bi. Na obiara a osi agumadi kane no, ɔsɔre ne ho ade nyinaa mu; na wɔn de, wɔyɛ na wɔanya abotiri a ɛsɛe, na yɛn de, nea ɛrensɛe. Ne saa nti me de, mmirika a mitu yi, mintu no asunsumabo mu; kuturuku a meko yi, menko no sɛ nea ɔboro mframa, na mmom mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya, na mereka asɛm makyerɛ ebinom yi, m’ankasa manyɛ nea ɔmfra.”—1 Korintofo 9:24-27.

22 Wɔn a wobetu mmirika no awie nkutoo na wobenya nkonim bo no. Wɔ nkwa ho mmirikatu mu no, asanom bebrebe betumi ama yɛrenwie mmirikatu no. Ɛsɛ sɛ yenya ahosodi. Mmirika no a yebetu no yiye hwehwɛ sɛ ‘yɛrennom nsa bebree.’ (1 Petro 4:3) Mmom no, ɛsɛ sɛ yenya ahosodi wɔ ade nyinaa mu. Wɔ nsanom ho no, nyansa wom sɛ ‘yɛbɛpa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ, na yɛde adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa atra’ ase.—Tito 2:12.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 “Nsa” a yɛreka ho asɛm wɔ asɛm yi mu ne bia, bobesa, ne nsaden afoforo.

So Wokae?

• Dɛn ne asanom bebrebe?

• Ɔhaw bɛn na ɛwɔ nsawe mu?

• Wobɛyɛ dɛn atumi akwati asiane ahorow a ɛwɔ asanom bebrebe mu no?

• Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi agyae asanom bebrebe?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Nsa ‘ma ɔdesani koma tɔ ne yam’

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Ɛsɛ sɛ yehu dodow a yɛn ahoɔden betumi a ɛfata sɛ yɛnom na yɛhwɛ sɛ yɛrennom nntra so

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Di kan hu dodow a ɛfata sɛ wonom

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Bɔ Yehowa mpae daa wɔ wo mmerɛwyɛ ahorow ho

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ɛyɛ awofo asɛyɛde sɛ wɔde akwankyerɛ bɛma wɔn mma wɔ asanom ho