Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mede Me Ho Ato Yehowa Adɔe So

Mede Me Ho Ato Yehowa Adɔe So

Asetram Nsɛm

Mede Me Ho Ato Yehowa Adɔe So

SƐNEA ANNA DENZ TURPIN KA KYERƐE

Meyɛ abofra no, na metaa bisabisa m’awofo nsɛm pii. Nanso Paapa ne Maame anka m’anim da sɛ mepɛ asɛm dodo. Ná Maame de serew ka sɛ, “wode wopɛ ‘NSƐMMISA’ paa!” Afei nso wɔkyerɛɛ me sɛnea mesusuw nsɛm ho na mafi ahonim a mede Bible atete no mu asisi gyinae. Hwɛ sɛnea ntetee yi som bo ma me! Meka eyi, efisɛ midii mfe 14 no, Nasifo no tetew me ne m’awofo ntam yayaayaw a manhu wɔn bio de besi nnɛ.

ME PAPA Oskar Denz ne me Maame Anna Maria traa Germany kurow Lörrach a ɛbɛn Switzerland hye so mu. Bere a na wosusua no, na wɔde wɔn ho hyɛ amanyɔsɛm mu paa, na na nkurɔfo nim wɔn yiye san bu wɔn nso. Nanso bere a wɔwaree wɔ afe 1922 mu no, ankyɛ wɔsesaa botae a wɔde asisi wɔn ani so na wogyaee amanyɔsɛm. Maame fii ase ne Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no suaa Bible, na bere a obehui sɛ Onyankopɔn Ahenni de asomdwoe bɛba asase so no, n’ani gyee mmoroso. Ankyɛ, Paapa kɔkaa Maame adesua no ho, na afei wɔn baanu fii ase kɔɔ Bible Asuafo no nhyiam. Saa afe no, Paapa de The Harp of God a ɛyɛ nhoma a wɔde sua Bible no kyɛɛ Maame sɛ ne Buronya ade. Wɔwoo me March 25, 1923, na wɔanwo m’akyi.

Hwɛ sɛnea mekae anigye a na yɛwɔ wɔ abusua no mu no! Me werɛ mfii sɛnea na yɛkɔnantenantew baabi a na ɛhɔ dwo a wɔfrɛ hɔ Black Forest wɔ ahohuru bere mu ne sɛnea na Maame kyerɛ me ofie adeyɛ no koraa. Meda so ara kae sɛnea na ogyina gyaade kyerɛ me aduannoa no paa. Nanso ade a ɛsom bo a m’awofo kyerɛɛ me ne sɛnea mɛdɔ Yehowa Nyankopɔn de me ho ato no so.

Ná Ahenni asɛmpakafo nsiyɛfo bɛyɛ 40 na wɔwɔ yɛn asafo mu. Na m’awofo ho akokwaw yiye wɔ sɛnea na wɔhwehwɛ hokwan de ka Ahenni no ho asɛm no mu. Esiane baguam nneɛma a na wɔyɛ wɔ mpɔtam hɔ nti ɛmaa wotumi ne obiara kasae na ɛmaa wotie wɔn paa. Bere a midii mfe ason no, me nso mekae sɛ mɛyɛ afie afie asɛnka adwuma no bi. Da a edi kan a mekɔɔ asɛnka no, nea me ne no kɔe no maa me nhoma kyerɛɛ me ofie bi kae kɛkɛ sɛ, “Kɔhwɛ sɛ ebia wɔpɛ nhoma no anaa.” Yɛkɔɔ Bible Asuafo no nhyiam bi wɔ Basel, Switzerland wɔ afe 1931 mu, na ɛhɔ na wɔbɔɔ m’awofo asu.

Basabasayɛ Bɛdanee Nitan

Ná basabasayɛ rekɔ so wɔ Germany paa, na na amanyɔkuw ahorow taa ko wɔ mmɔnten so. Da bi anadwo, metee nteɛteɛm bi wɔ ofie bi a ɛbɛn yɛn de no mu. Minyanee no, sɛɛ na mmerantewa baanu bi de adinam kɛse bi awɔ wɔn nua barima panyin akum no efisɛ na wɔne no nyɛ adwene wɔ adwene a na okura wɔ amanyɔsɛm ho. Wɔde ɔtaa kɛse nso paa baa Yudafo so. Esiane sɛ na abeawa bi a na yɛne no kɔ sukuu yɛ Yudani nti, na bere nyinaa ɛka ne nkoaa gyina baabi dinn. Na n’asɛm yɛ me awerɛhow paa, nanso na minnim sɛ ebi rebɛto me ama mahu sɛnea ɔtan yɛ yaw fa.

Adolf Hitler bɛyɛɛ German mampanyin January 30, 1933. Bere a na yɛwɔ fie no, yehuu sɛ Nasifo no de wɔn frankaa resɛn ɔdan a na ɔmanfo hyiam so de akyerɛ sɛ wɔadi nkonim. Yɛn kyerɛkyerɛfo a na n’ani agye no ka kyerɛɛ yɛn wɔ sukuu mu sɛ yenkyia sɛ, “Osagyefo Hitler!” Mekaa asɛm yi kyerɛɛ Paapa saa da no awia. Asɛm yi haw no ma enti ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛka saa. ‘Osagyefo’ kyerɛ nkwagye. Sɛ yɛfrɛ ‘Hitler Osagyefo’ a, na ɛkyerɛ sɛ ɔno na obegye yɛn nkwa na ɛnyɛ Yehowa. Mete nka sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛbɛka saa, nanso w’ankasa si wo gyinae.”

Esiane sɛ na memfa Hitler nkyia no nkyia nti, na me mfɛfo sukuufo mpɛ m’asɛm koraa. Ná sɛ akyerɛkyerɛfo no nhwɛ hɔ mpo a na mmarimaa no bi bobɔ me. Akyiri yi wogyaee me haw nanso me namfonom mpo ka kyerɛɛ me sɛ wɔn awofo abɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔne me nni agoru bio efisɛ me ho yɛ hu yiye.

Nasifo nyaa tumi no, asram abien akyi pɛ na wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ Germany sɛ wɔyɛ amammɔfo. Nasi asraafo a wɔn tirim yɛ den no begyee yɛn adwumayɛbea a ɛwɔ Magdeburg no na wɔamma yɛanyɛ nhyiam bio. Nanso esiane sɛ na yɛte ɔman no hye so nti, Paapa nyaa nkrataa a ɛmaa yetumi twaa hye no kɔɔ asafo nhyiam Kwasida wɔ Basel. Ná ɔtaa ka sɛ, onyae a anka anuanom a wɔwɔ Germany no nso nsa ka nkyerɛkyerɛ a ɛte saa na ama wɔanya akokoduru agyina nea ɛbɛba daakye no ano.

Mpasetu a Ɛyɛ Hu

Bere a wɔde nsa too Magdeburg Betel so no, onua Julius Riffel a na ɔyɛ adwuma wɔ hɔ no baa ne kurom Lörrach sɛ ɔrebɛyɛ nhyehyɛe ama wɔayɛ asɛnka adwuma no wɔ sum ase. Ntɛm ara na Paapa kae sɛ ɔbɛboa. Enti ɔka kyerɛɛ me ne Maame sɛ waka sɛ ɔbɛboa ma wɔde Bible ho nhoma afi Switzerland aba Germany. Ɔkae sɛ adwuma no yɛ hu paa na wobetumi akyere no bere biara. Wanhyɛ yɛn sɛ yɛmmɛka ne ho efisɛ na ebetumi de yɛn nso nkwa ato asiane mu. Nanso n’ano ansi mpo na Maame kae sɛ, “Mɛka wo ho ma yɛayɛ.” Bere a na wɔn baanu no hwɛ m’anim no, me nso mekae sɛ, “Me nso mɛka mo ho!”

Maame pam kotoku bi a ne kɛse te sɛ Ɔwɛn-Aban a ná ɔde nsɛmma nhoma hyem. Ná ɔde hyɛ kotoku no fã bi pam ano. Ɔpam bɔtɔ bi a na obiara nhu wɔ Paapa ntade mu na ɔsan pam abɔsoɔ abien bi a na yetumi de nhoma nketewa a wɔde sua Bible hyem a obiara nhu. Bere biara a na yetumi de adepa yi ba fie no, na yegu ahome da Yehowa ase. Ná yɛde nhoma no sie ɔdan bi a ɛwɔ yɛn dan no atifi mu.

Mfiase no, Nasifo no annya adwene biara sɛ biribi rekɔ so wɔ sum ase enti wɔammisa yɛn hwee ammɛhwehwɛ yɛn fie nso. Nanso yesii gyinae sɛ, sɛ ɔhaw bi sɔre a yɛbɛfa ɔkwan bi so abɔ yɛn nuanom Kristofo no kɔkɔ. Yɛkae sɛ bere biara a wɔpɛ sɛ wɔba yɛn fie hɔ a wɔbɛte sɛ yɛabɔ sradehuam bi a na agye din a wɔfrɛ no 4711 din no, na ɛkyerɛ sɛ asɛm asi nti wɔmma hɔ. Paapa nso kae sɛ ɛyɛ a wɔnhwɛ yɛn asa so mpomma no ansa na wɔaba hɔ. Sɛ yɛabue benkum so de no a, ɛkyerɛ sɛ nneɛma nkɔ yiye enti wɔmma.

Efi afe 1936 kosi 1937 no, Nasi polisifo a wɔyɛ adwuma wɔ sum ase no kyeree Adansefo mpempem pii de wɔn koguu afiase ne nneduaban ahorow mu yɛɛ wɔn ayayade ankasa. Yɛn adwumayɛbea a ɛwɔ Bern, Switzerland no fii ase boaboaa amanneɛbɔ a ɛfa nea na ɛrekɔ so wɔ nneduadan ahorow mu a ebi wɔ hɔ a ɛyɛ nea wowia fii nneduaban mu ano, na wɔde yɛɛ nhoma bi a na wɔfrɛ no Kreuzzug gegen das Christentum (Akodi a Etia Kristosom) de paa nsɛmmɔnedi a na ɛrekɔ so wɔ Nasi nniso ase no ho ntama. Yɛde amanneɛbɔ ahorow yi bi twaa hye no kɔ Basel. Ná ɛyɛ hu yiye. Sɛ Nasifo no kyeree yɛn sɛ yɛde nkrataa a wɔabra yi retwa hye no a, anka wɔde yɛn begu afiase ntɛm. Sɛnea na wɔreyɛ yɛn nuanom ayayade a mekenkan ho nsɛm no maa misui papaapa. Nanso ɛno ammɔ me hu. Minyaa gyidi sɛ Yehowa ne m’awofo ne me nnamfonom bɛhwɛ me.

Miwiee sukuu bere a na madi mfe 14, na minyaa krakyedwuma bi yɛe wɔ sotɔɔ bi mu. Mpɛn pii no, na ɛyɛ Memeneda anaa Kwasida a Paapa nkɔ adwuma no na na yɛkɔ kɔfa nneɛma no ba Germany. Ná yɛyɛ eyi adapɛn abien biara. Sɛ na yɛrekɔ a yɛyɛ yɛn ho te sɛ abusua bi a wɔretu mpase kɛkɛ. Yɛyɛɛ eyi bɛyɛ mfe anan a awɛmfo a wɔwɔ hye no so ammisa yɛn asɛm bi da, na wɔanhwehwɛ yɛn nneɛma mu nso. Nanso da koro bi, asɛm bi sii wɔ February 1938 mu.

Wɔkyeree Yɛn!

Me werɛ remfi sɛnea Paapa yɛɛ n’anim bere a yeduu baabi a ɛbɛn Basel a yɛfa nhoma no na ohuu nhoma pii wɔ hɔ no da. Na wɔakyere abusua bi a wɔn nso fa nhoma no bi twa hye no, enti na nhoma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛfa. Ɔwɛmfo a ɔwɔ hye no so no hwɛɛ yɛn komm na ɔkae sɛ yɛmma ɔnhwehwɛ yɛn nneɛma mu. Ohuu nhoma no, ɔde tuo dii yɛn akyi kɔɔ polisifo kar bi a esi hɔ mu. Bere a wotuu kar no, Paapa sɔɔ me nsa ka guu m’asom sɛ: “Hwɛ na wanyi obiara amma!” Meka kyerɛɛ no sɛ: “Merenyɛ saa.” Bere a yeduu Lörrach no, wɔde me papa a mepɛ n’asɛm no kɔtoo afiase. Manhu no bio de besi nnɛ.

Sum ase polisifo no de nnɔnhwerew anan bisabisaa me nsɛm sɛ memmobɔ Adansefo a aka no din mfa wɔn address mma wɔn. Ka a manka no maa polisini biako bu fuwii na ɔde ahunahuna kae sɛ, “Yenim nea yɛbɛyɛ ama woakasa!” Nanso manka hwee. Afei wɔde Maame ne me kɔɔ yɛn fie kɔhwehwɛɛ hɔ nea edi kan koraa. Wokodii me maame asɛm na wɔde me nso kɔmaa me sewaa sɛ ɔnhwɛ me nanso na wonnim sɛ ɔno nso yɛ Ɔdansefo. Ɛwom sɛ wɔmaa me kwan maa meyɛɛ adwuma de, nanso na daa Nasi sum ase polisifo no de kar besi yɛn fie anim hɔ hwɛ biribiara a meyɛ yiye, na na polisini foforo nso di akɔneaba wɔ mpɔtam hɔ.

Wɔ asɛm no akyi nna kakraa bi no, da bi awia mifii adi baa abɔnten, na mihui sɛ onuawa kumaa bi te sakre so reba me nkyɛn. Bere a oduu me nkyɛn no mihui sɛ ɔpɛ sɛ ɔtow krataa bi ma me. Bere a ɔtow maa me no, medan m’ani hwɛe sɛ ebia sum ase polisifo no ahu anaa. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ wɔn nyinaa atu serew saa bere no ara!

Onuawa no krataa no kae sɛ menkɔ n’awofo fie awia dumien no. Nanso bere a na sum ase polisifo yi de wɔn ani di m’akyi saa no, so na ɛnyɛ amanenyasɛm na merekɔpɛ ama n’awofo? Afei medan m’ani hwɛɛ sum ase polisifo baanan no wɔ kar no mu ne nea na ɔnenam mpɔtam hɔ no. Na minhu nea menyɛ, enti mifi koma nyinaa mu bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me. Nea mihui ara ne sɛ polisini a na ɔnenam mpɔtam hɔ no reba Nasi sum ase polisifo no kar ho. Ɔne wɔn kasae na nea mihui ara ne sɛ wɔatu wɔn kar a wɔrekɔ!

Asɛm yi sii no na awia dumien apa ho. Saa bere no na me sewaa no apue aba abɔnten. Ɔkenkan krataa no na ɔkae sɛ ɛbɛyɛ sɛ anuanom no ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔde me bɛkɔ Switzerland. Enti ɔkae sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkɔ faako a wɔaka sɛ yɛnkɔ no. Yeduu hɔ no, abusua no de me kyerɛɛ owura bi a na minnim no a wɔfrɛ no Heinrich Reiff. Ɔkae sɛ n’ani agye sɛ matumi abedu hɔ asomdwoe mu na waba sɛ ɔrebɛfa me aguan akɔ Switzerland. Ɔmaa me simma aduasa sɛ minhyia no wɔ wuram baabi.

Obi Man So Tra

Mihyiaa Onua Reiff no, na merete nisu paa, na na me werɛ ahow kɛse sɛ meregyaw m’awofo hɔ. Manhwɛ kwan sɛ nneɛma bɛkɔ saa da. Bere a yedii awerɛhow kakra wiee no, yɛde yɛn ho fraa nsrahwɛfo bi mu twaa hye no kɔɔ Switzerland dwoodwoo.

Bere a yeduu Bern Betel no mebehui sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no na wɔyɛɛ nhyehyɛe no maa me. Wofi ayamye mu maa me baabi trae. M’ani gyee adwuma a wɔmaa meyɛe wɔ gyaade no ho paa. Nanso, hwɛ sɛnea na ɛyɛ den ma me sɛ mɛtra obi man so bere a na wɔde m’awofo agu afiase mfe abien a minnim nea ɛbɛto wɔn no! Ɛtɔ mmere bi a, na awerɛhow ne dadwen bunkam me so ma meto me ho pon mu wɔ aguaree su paa. Nanso na mitumi ne m’awofo di nkitaho bere nyinaa denam nkrataakyerɛw so, na wɔkɔɔ so hyɛɛ me nkuran sɛ menkɔ so nni nokware.

Nhwɛso a m’awofo yɛe wɔ gyidi ho no kaa me maa mihyiraa me nkwa so maa Yehowa bɔɔ asu July 25, 1938. Midii afe wɔ Betel no, mekɔyɛɛ adwuma wɔ Chanélaz, afuw bi a na Switzerland Betel no atɔ a wodua nnuan wom ma Betel abusua no. Ɛhɔ na wɔde anuanom a ɔtaa nti wɔbaa hɔ no nso kɔtrae.

M’awofo afiase nna no baa awiei wɔ afe 1940 mu, nanso Nasifo no kae sɛ, sɛ wobegyae wɔn gyidi mu de a, wɔn nso begyae wɔn. Nanso wɔanyɛ saa ma enti wɔde Paapa kɔɔ nneduaban mu wɔ Dachau na wɔde Maame nso kɔɔ nneduaban mu wɔ Ravensbrück. Eduu awɔw bere wɔ afe 1941 mu no, me maame ne Adansefo mmea bi a na wɔwɔ nsraban no mu anyɛ adwuma amma asraafo no. Eyi nti wɔmaa wɔn gyinaa awɔw mu awia ne anadwo nnansa de twee wɔn aso na ɛno akyi no wɔde wɔn koguu ɔdan bi a esum wom mu kyenee wɔn kɔm na na nnanan biara na wɔma wɔn aduan. Wɔyɛɛ wɔn saa ara adaduanan. Ɛno akyi no, wotwaa wɔn mmaa ankasa. Ɔhwe bebrebe yi nti, Maame wui adapɛn abiɛsa akyi wɔ January 31, 1942.

Woyii Paapa fii Dachau kɔɔ Mauthausen wɔ Austria. Nasifo no nam kɔm a wɔkyenee wɔn ne adwumaden so kunkum nneduafo no wɔ saa nsraban yi mu. Maame wui akyi asram asia no, Nasifo no faa ɔkwan foforo so kum me Papa. Aduruyɛfo a na wɔwɔ nsraban no mu hyɛɛ da de aduru bi a nsamanwaw wom maa wɔn sɛ wɔde reyɛ nhwehwɛmu. Ɛno akyi no, wɔwɔɔ wɔn paane bɔne bi wɔ wɔn koma ho. Kyerɛwtohɔ a ɛwɔ hɔ no ka sɛ “komayare bi” na ekum Paapa. Owui a na wadi mfe 43. Asram pii twaam ansa na metee sɛ wɔakum me papa yayaayaw saa. Ɛnnɛ, sɛ mekae m’awofo a, na awerɛhow kɛse aka me. Nanso, sɛnea na minim saa bere no ne mprempren no, sɛ mekae sɛ Yehowa kae Maame ne Paapa a na wɔwɔ ɔsoro anidaso no a, ɛma minya awerɛkyekye ankasa.

Bere a Wiase Ko II baa awiei no, minyaa hokwan kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a ɛto so 11 no bi wɔ New York. Hwɛ anigye kɛse a minyae sɛ minyaa nkyerɛkyerɛ a edi mũ a egyina Kyerɛwnsɛm so asram anum! Bere a miwiee adesua no wɔ afe 1948 mu no, wɔde me kɔɔ Switzerland sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mihyiaa onua nokwafo bi a wɔfrɛ no James L. Turpin a ɔno nso kɔɔ Gilead adesua a ɛto so anum no bi. Bere a wobuee Betel a edi kan wɔ Turkey no, ɔno na ɔyɛɛ ɛso hwɛfo. Yɛwaree wɔ March 1951 mu na ankyɛ na mefaa yafunu! Yetu kɔɔ United States maa mekɔwoo yɛn babea Marlene wɔ hɔ wɔ December, saa afe no.

Me ne Jim anya anigye kɛse wɔ Ahenni adwuma no mu mfe a abɛsen kɔ no nyinaa. Mede anigye kae abeawa kumaa bi a ofi China a wɔfrɛ no Penny a me ne no suaa Bible no yiye. Na n’ani gye Bible adesua ho paa. Ɔbɔɔ asu na akyiri yi Guy Pierce a mprempren ɔsom sɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni no waree no. Saa adɔfo yi boa me ma minya anigye a anka menya afi m’awofo nkyɛn no.

Anuanom a wɔwɔ Lörrach, m’awofo kurom hɔ sii Ahenni Asa foforo bi wɔ afe 2004 mfiase hɔ wɔ mpɔtam bi a wɔfrɛ hɔ Stich Street. Esiane nea Yehowa Adansefo ayɛ nti, kurow no mu mpanyimfo kae sɛ wɔbɛto kwan no din Denzstraße (Denz Kwan) de akae m’awofo. Kurom hɔ atesɛm krataa a wɔfrɛ no Badische Zeitung kyerɛw ho asɛm sɛ: “Ɔkwan no Din Foforo: De Kae Denz ne ne Yere a Wokum Wɔn No.” Krataa no ka faa m’awofo ho sɛ “wɔn gyidi nti na wokunkum wɔn wɔ Nasi Nniso no ase.” Ɛwom sɛ na menhwɛ biribi a ɛte saa kwan de, nanso ɛyɛɛ me anigye paa.

Ná Paapa taa ka sɛ yɛntoto yɛn nneɛma te sɛ nea Harmagedon remmɛto yɛn nanso yɛmmɔ yɛn bra sɛnea ɛbɛba ɔkyena nkoaa. Mabɔ mmɔden sɛ mede afotu pa yi bedi dwuma wɔ m’asetram bere nyinaa. Nanso sɛ worehwɛ biribi kwan a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubenya ntoboase atwɛn, titiriw bere a onyin aka me ato fie yi. Nanso m’adwene mu nyɛɛ me nãã wɔ saa bɔ a Yehowa ahyɛ ne nkoa anokwafo nyinaa yi ho da: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho . . . Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 29]

ANIGYESƐM BI A ME NSA KAE

Ɔbea bi a ofi akuraa bi a ɛbɛn Lörrach baa Lörrach 1980 mfe no mu. Saa bere no na kurom hɔfo de wɔn nneɛma a wɔmpɛ reba abɔnten ama nkurɔfo abɛhwehwɛ mu afa nea wɔpɛ. Saa ɔbea yi huu adaka bi a nneɛma a wɔde pam ade wom na ɔfa de kɔɔ fie. Bere a obuee so no, ohui sɛ abeawa bi mfonini ne nkrataa bi a wɔkyerɛw no nneduadan mu gu ase. Ɔkenkan nkrataa no n’ani gyei ma enti ɔpɛe sɛ ohu abeawa a wabɔ ne ti a ne mfonini wom no.

Da bi, wɔ afe 2000 mu no, atesɛm krataa bi kyerɛw asɛm bi faa nneɛma bi a wɔde kyerɛe wɔ Lörrach ho, na saa ɔbea yi hui. Ná asɛm no fa sɛnea wɔyɛɛ Yehowa Adansefo wɔ Nasi nniso ase ho, na na m’abusua ho asɛm nso ka ho. Na me mmabaaberem mfonini ka ho. Bere a ɔbea no de mfonini a ohui wɔ adaka no mu totoo nea na ɛwɔ krataa no mu ho no, okohuu sɛnkyerɛwfo no de nkrataa no maa no. Na ne nyinaa yɛ 42! Adapɛn kakra akyi no, wɔde saa nkrataa no brɛɛ me. Na ɛyɛ nkrataa bi a na m’awofo ankasa akyerɛw de rebisa me sewaa sɛnea me ho te. Ɔdɔ a na wɔwɔ ma me no to antwa da. Ɛyɛ nwonwa sɛ bɛboro mfirihyia 60 akyi no, saa nkrataa yi da so wɔ hɔ ma me nsa aka!

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Yɛn abusua a na anigye wom no mu paapae bere a Hitler bedii tumi no

[Asɛm Fibea]

Hitler: U.S. Army photo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

1. Magdeburg Betel

2. Sum ase polisefo kyeree Adansefo mpempem pii

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Me ne Jim anya anigye pii wɔ Ahenni adwuma no mu