Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Yesu a na wɔanyan no afi awufo mu no ka kyerɛɛ Toma sɛ ɔmfa ne nsa nka no nanso na wadi kan aka akyerɛ Maria Magdalene sɛ ɔnnyɛ saa?

Bible nkyerɛase ahorow bi a akyɛ ma no bɛyɛ sɛ Yesu ka kyerɛɛ Maria Magdalene sɛ ɔmmfa ne nsa nka no. Sɛ nhwɛso no, King James Version kyerɛ Yesu asɛm no ase sɛ: “Nka me, na minnya menkɔɔ ɔsoro m’agya nkyɛn ɛ.” (Yohane 20:17) Nanso nea mfitiase Hela kasa mu adeyɛ asɛm a wɔtaa kyerɛ ase “fa wo nsa ka” no nso kyerɛ sɛ “sɛ wobɛbam, wobɛfam, wobɛkyekyere, anaa wobeso obi mu.” Yebetumi aka sɛ na ɛnyɛ sɛ Yesu resiw Maria Magdalene kwan sɛ mma ɔmmfa ne nsa nka no kɛkɛ, efisɛ Yesu maa mmea bi a na wɔwɔ n’adamoa so kwan ma ‘wosusoo n’anan.’—Mateo 28:9.

Nnɛyi Bible nkyerɛase pii te sɛ, New World Translation of the Holy Scriptures, The New Jerusalem Bible, ne The New English Bible ma yɛte nea na Yesu repɛ akyerɛ ankasa no ase yiye. Saa nkyerɛase yi nyinaa kyerɛ Yesu asɛm no ase sɛ: “Gyaa me mu.” Ɛnde, dɛn nti na Yesu ka kyerɛɛ Maria Magdalene a na ɔpɛ n’asɛm yiye no sɛ onnyae ne mu?—Luka 8:1-3.

Ɛda adi sɛ na Maria Magdalene te nka sɛ Yesu rebegyaw no hɔ akɔ soro. Esiane sɛ na ɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ ɔne Yesu bɛtra nti, osoo Yesu mu denneennen sɛ ɔremma no nkɔ. Sɛnea ɛbɛyɛ a Yesu bɛma Maria ahu sɛ ɛbere nsoe sɛ ɔno Yesu bɛkɔ soro no nti, Yesu ka kyerɛɛ Maria sɛ onnyae ne mu na mmom ɔnkɔka ne wusɔre no ho asɛm nkyerɛ n’akyidifo no.—Yohane 20:17.

Nanso, nea ɛkɔɔ so wɔ Yesu ne Toma ntam no fa asɛm foforo koraa ho. Wɔ Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo no, nanso na Toma nni hɔ. Akyiri yi, bere a Toma bae na ɔtee sɛ Yesu asɔre no, ɔkae sɛ, sɛ wanhu ne nsam nnadewa no ananmu, na wamfa ne nsa anka Yesu mfem anhwɛ a, ɔrennye nni da. Wɔ asɛm no akyi nnawɔtwe no, Yesu san yii ne ho adi kyerɛɛ n’akyidifo no bere a na Toma wɔ hɔ bi, na Yesu ka kyerɛɛ Toma sɛ ɔnhwɛ ne nsam na ɔmfa ne nsa nka ne mfem nhwɛ.—Yohane 20:24-27.

Enti, wɔ Maria Magdalene asɛm no mu no, na Yesu redi adwene a ɛmfata a Maria nyae sɛ obesiw no kwan sɛ ɔmmma no nnkɔ ɔsoro ho dwuma. Nanso wɔ Toma asɛm no mu no, na Yesu reboa obi a n’adwene mu yɛ no nãã. Wɔ nsɛm abien no nyinaa mu no, na Yesu wɔ nea enti a ɔyɛɛ ade sɛnea ɔyɛe no.