Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Papa Ne Bɔne Ɛsɛ sɛ Wusi Ho Gyinae Dɛn?

Papa Ne Bɔne Ɛsɛ sɛ Wusi Ho Gyinae Dɛn?

Papa Ne Bɔne Ɛsɛ sɛ Wusi Ho Gyinae Dɛn?

HENA na ɔfata sɛ ɔkyerɛ nea ɛyɛ papa ne bɔne? Adesamma abakɔsɛm mfiase pɛɛ na saa asɛmmisa no sɔree. Sɛnea Bible mu nhoma, Genesis kyerɛ no, Onyankopɔn frɛɛ dua bi a na esi Eden turom hɔ sɛ “papa ne bɔne hu dua.” (Genesis 2:9) Onyankopɔn ka kyerɛɛ nnipa baanu a wodi kan no sɛ wonnni saa dua yi aba bi. Nanso, Onyankopɔn tamfo, Satan Ɔbonsam kae sɛ, sɛ wodi saa dua no bi a wɔn ani “bebue” na wɔayɛ “sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”—Genesis 2:16, 17; 3:1, 5; Adiyisɛm 12:9.

Na ɛsɛ sɛ Adam ne Hawa si gyinae—so wonnye Nyankopɔn mmara a ɛfa papa ne bɔne ho ntom anaasɛ wɔnyɛ nea wɔn ankasa pɛ? (Genesis 3:6) Wodii dua no aba no mmom de yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden. Dɛn na na saa ade ketewaa a wɔyɛe yi kyerɛ? Wɔnam tie a wɔantie Onyankopɔn mmara a ɔde maa wɔn no so kyerɛe sɛ, sɛ wɔn ankasa kyerɛ wɔn ho nea ɛyɛ papa anaa bɔne a ebesi wɔne wɔn asefo yiye. So pɛ a adesamma pɛe sɛ wɔyɛ wɔn ho sɛ Onyankopɔn hyehyɛ wɔn ankasa mmara no asi wɔn yiye?

Adwenkyerɛ Ahorow

Bere a wɔhwehwɛɛ nyansapɛfo a wɔagye din mfehaha a abɛsen kɔ nkyerɛkyerɛ mu no, Encyclopædia Britannica ka sɛ, “nkurɔfo akɔ so akyerɛ wɔn adwene wɔ papayɛ ne nea ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ papa ne bɔne ho nnyinasosɛm ho” fi Hela nyansapɛfo Socrates bere so abesi 1900 mfe no mu.

Sɛ nhwɛso no, na Sophistfo no yɛ Hela akyerɛkyerɛfo kuw bi a wɔyɛ nyansapɛfo a wɔagye din yiye wɔ afeha a ɛto so anum A.Y.B. Wɔkyerɛkyerɛe sɛ nea nnipa dodow ka no na ɛkyerɛ sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne. Saa akyerɛkyerɛfo no baako kae sɛ: “Biribiara a kurow bi mufo bu no sɛ eye na ɛyɛ papa no ye ma saa kurow no, mpɛn dodow a wosusuw sɛ ɛyɛ papa no.” Sɛ wogyina saa nkyerɛkyerɛ yi so de a, ɛnde na ɛsɛ sɛ Jodie a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm a edi eyi anim no fa sika no, esiane sɛ nnipa dodow no ara a wɔwɔ ne mpɔtam hɔ anaa “kurow” no mu no bɛyɛ saa nti.

Ná afeha a ɛto so 18 no mu nyansapɛfo a wagye din Immanuel Kant wɔ adwenkyerɛ foforo. Issues in Ethics (Abrabɔ Ho Nsɛm) nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Immanuel Kant ne afoforo te sɛ ɔno . . . kae sɛ ɛfata sɛ ankorankoro biara paw nea ɔpɛ.” Sɛnea Kant nyansapɛ nkyerɛkyerɛ kyerɛ no, mpɛn dodow a Jodie renyɛ biribi ntia afoforo no, nea ɔbɛyɛ biara bɛyɛ ɔno ara n’asɛm. Ɛnsɛ sɛ ɔma nnipa dodow adwene kyerɛ no nea ɛyɛ papa anaa bɔne.

Enti Jodie yɛɛ dɛn wɔ asɛm a na akyere no so no ho? Wamfa saa kwan mmienu yi mu biara so. Ɔde Yesu Kristo a Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo nyinaa agye n’abrabɔ ho nnyinasosɛm atom no nkyerɛkyerɛ na ɛyɛɛ adwuma. Yesu kyerɛkyerɛe sɛ: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Jodie de sika $82,000 no maa ɔbea a na ɔreboa no no ma ɛyɛɛ no nwonwa. Bere a wobisaa Jodie sɛ dɛn nti na wamfa sika no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo ntia, na ɔkae sɛ: “Ná sika no nyɛ me dea.” Jodie faa Yesu asɛm a ɛwɔ Bible mu wɔ Mateo 19:18 a ɛka sɛ: “Mmɔ korɔn!” no aniberesɛm.

Yebetumi De Yɛn Ho Ato Nea Nnipa Dodow Ka So?

Ebia ebinom bɛka sɛ Jodie agyimi sɛ odii nokware. Nanso, yentumi mfa yɛn ho nto nea nnipa dodow ka so. Sɛ nhwɛso no, sɛ woatra baabi a nnipa dodow no ara gye di sɛ mfomso biara nni mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre ho pɛn sɛnea bere bi a atwam na nnipa binom susuw no a, so anka ɛno bɛma adeyɛ a ɛte saa ayɛ nea ɛfata? (2 Ahene 16:3) Na sɛ wɔwoo wo too baabi a wobu nnipa nam a wɔwe sɛ adepa nso ɛ? So anka ɛno bɛkyerɛ sɛ nnipa nam a wɔwe no nyɛ bɔne ankasa? Sɛ nnipa dodow no ara de wɔn ho hyɛ adeyɛ bi mu a ɛno nkyerɛ sɛ ɛyɛ papa. Bible no bɔɔ kɔkɔ wɔ afiri a ɛte saa ho fi tete sɛ: “Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne.”—Exodus 23:2.

Yesu Kristo kaa ade foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye wɔ nea nnipa dodow no gyina so ka sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne a yebedi akyi no ho asɛm. Ɔkae sɛ Satan yɛ “wi yi ase sodifo.” (Yohane 14:30; Luka 4:6) Satan de ne dibea no daadaa “amanaman nyinaa.” (Adiyisɛm 12:9) Enti, sɛ wugyina nea nnipa dodow ka so kyerɛ sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne a, na woreyɛ afa Satan adwene a ɔwɔ wɔ abrabɔ ho, na ɛda adi sɛ ɛno bɛyɛ ade a ɛyɛ hu paa.

Wubetumi De Wo Ho Ato Nea W’adwene Kyerɛ Wo So?

Ɛnde, so ɛsɛ sɛ ankorankoro biara si nea ɛyɛ papa ne bɔne ho gyinae? Bible no ka sɛ: “Mfa wo ho ntweri wo nhumu.” (Mmebusɛm 3:5) Dɛn ntia? Efisɛ wɔde sintɔ a ebetumi asɛe nnipa adwene awo nnipa nyinaa. Bere a Adam ne Hawa tew atua tiaa Onyankopɔn no, wɔfaa Satan a ɔyɛ owudifo pɛsɛmenkominyafo no kwan so, na wɔpaw no sɛ wɔn honhom fam agya. Afei wɔde suban bi a ɛyɛ koma bɔne a etumi hu nea ɛyɛ papa nanso ɛtɔ kɔ bɔne so woo wɔn mma.—Genesis 6:5; Romafo 5:12; 7:21-24.

Encyclopædia Britannica ka abrabɔ ho nnyinasosɛm ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa nim nea ɛyɛ papa a ɛsɛ sɛ wɔyɛ, nanso wɔyɛ nea wɔn ankasa adwene kyerɛ wɔn mmom no. Ayɛ asɛnnennen ama Aman a Wodi Yiye no sɛ wɔbɛma nnipa a wɔtete saa no ahu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔyɛ nea ɛyɛ papa no.” Bible no ka no yiye wɔ saa kwan yi so sɛ: “Akoma wɔ hɔ yi, ɛyɛ nkontomponi sene adeɛ nyinaa na ɛyɛ nsɛmmɔne pa ara, hwan na obɛnya mu ahunuyɛ?” (Yeremia 17:9, Asante Twi Bible) Wode wo ho bɛto obi a wonim no sɛ ɔyɛ nkontomponi ne nsɛmmɔnedifo so?

Ɛwom, wɔn a wonnye Onyankopɔn nni no mpo betumi abɔ bra pa na wɔanya abrabɔ ho su pa a mfaso wɔ so. Nanso, mpɛn pii no, Bible mu abrabɔ ho nnyinasosɛm no na ɛda adi wɔ wɔn nnyinasosɛm a wɔde di dwuma no mu. Ɛwom sɛ ebia ankorankoro a wɔtete saa no bɛka sɛ Onyankopɔn nni hɔ de, nanso wɔn nsusuwii da no adi sɛ wɔwɔ su bi wɔ wɔn mu a ɛda Onyankopɔn nipasu adi. Eyi di adanse sɛ wɔbɔɔ nnipa wɔ “Onyankopɔn suban so” sɛnea Bible da no adi no. (Genesis 1:27; Asomafo no Nnwuma 17:26-28) Ɔsomafo Paulo ka sɛ: “Wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔn komam.”—Romafo 2:15.

Nokwasɛm ne sɛ, sɛ wubehu nea ɛyɛ papa no yɛ ade baako; ɛnna sɛ wubenya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nea ɛyɛ papa no nso yɛ asɛm foforo. Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abenya ɔpɛ a ɛte saa no? Esiane sɛ koma na ɛka obi ma ɔyɛ biribi nti, sɛ onya Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Bible no Kyerɛwfo ho dɔ a, ɛbɛboa no ma wanya saa ɔpɛ no.—Dwom 25:4, 5.

Nea Ɛbɛboa Yɛn Ma Yɛayɛ Papa

Sɛ obi pɛ sɛ onya ɔdɔ ma Onyankopɔn a, nea edi kan koraa no, ɛsɛ sɛ ohu sɛnea n’ahyɛde mu da hɔ na mfaso wɔ so. Ɔsomafo Yohane ka sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so, na n’ahyɛde no nyɛ den.” (1 Yohane 5:3) Sɛ nhwɛso no, afotu a mfaso wɔ so wɔ Bible no mu a ebetumi aboa mmofra ma wɔahu nsonsonoe a ɛwɔ papa ne bɔne mu, bere a wɔresisi gyinae sɛ ɛsɛ sɛ wɔnom mmosa, nnubɔne, anaasɛ wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ansa na wɔaware anaasɛ wɔnnyɛ saa no. Bible no betumi aboa awarefo ma wɔahu sɛnea ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ntam nsɛmnsɛm, na awofo nso betumi anya akwankyerɛ a wɔde bɛtete wɔn mma afi mu. * Sɛ mpanyin ne mmofra nyinaa de Bible abrabɔ ho nnyinasosɛm no yɛ adwuma ɛmfa ho wɔn dibea, wɔn nhomanim, anaa abusua a wofi mu a, wonya so mfaso.

Sɛnea wudi aduan pa a ɛma wunya ahoɔden de yɛ adwuma no, saa ara na Onyankopɔn Asɛm a wobɛkenkan no nso bɛma woanya ɔpɛ de ne nnyinasosɛm abɔ wo bra. Yesu de Onyankopɔn anom asɛm totoo paanoo anaa abodoo a ɛma nkwa ho. (Mateo 4:4) Ɔkae nso sɛ: “M’aduan ne sɛ meyɛ nea ɔsomaa me no apɛde, na miwie n’adwuma.” (Yohane 4:34) Onyankopɔn asɛm a Yesu suae no boaa no ma ɔko tiaa sɔhwɛ ma osisii gyinae a nyansa wom.—Luka 4:1-13.

Ebia mfiase no ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubesua Onyankopɔn Asɛm na wode ne nnyinasosɛm ayɛ adwuma. Nanso kae sɛ bere a woyɛ abofra no ebia na aduan bi a ahoɔden wom a na eye ma wo nyɛ wo dɛ. Ná ɛsɛ sɛ wusua nnuan pa a ɛtete saa di na ama woanya ahoɔden. Saa ara na ebetumi agye bere ansa na w’ani agye Onyankopɔn nnyinasosɛm ho. Sɛ wumia w’ani sua a, w’ani bɛba abegye ho na woabɛyɛ den wɔ Onyankopɔn asɛm mu. (Dwom 34:8; 2 Timoteo 3:15-17) Wubesua sɛnea wode wo ho bɛto Yehowa so na ɛbɛkanyan wo ma ‘woayɛ papa.’—Dwom 37:3.

Ebia ɛnyɛ ade a wubehyia tebea a Jodie hyiae no bi da de, nanso wusisi abrabɔ ho gyinae, nketewa ne akɛse da biara. Enti, Bible no tu wo fo sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.” (Mmebusɛm 3:5, 6) Sɛ wusua sɛ wode wo ho bɛto Yehowa so a, ɛbɛboa wo nnɛ na asan nso abue hokwan ama woatra ase daa, efisɛ osetie a wɔyɛ ma Yehowa Nyankopɔn no kɔ nkwa mu.—Mateo 7:13, 14.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 18 Questions Young People Ask—Answers That Work ne Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba, nhoma a Yehowa Adansefo atintim no de Bible mu afotu a mfaso wɔ so ma wɔ eyinom ne nsɛm afoforo a ɛho hia ho.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

Ahonhommɔne betumi de wɔn ho agye nea nnipa dodow ka no mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Nyansapɛfo akyerɛ wɔn adwene wɔ papa ne bɔne ho fi bere tenten ni

SOCRATES

KANT

CONFUCIUS

[Nsɛm Fibea]

Kant: From the book The Historian’s History of the World; Socrates: From the book A General History for Colleges and High Schools; Confucius: Sung Kyun Kwan University, Seoul, Korea

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Ɛnyɛ papa ne bɔne nko na Bible no boa ma yehu mu nsonsonoe, ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ papa nso