Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Suban Bi a Nnipa Nyinaa Wɔ

Suban Bi a Nnipa Nyinaa Wɔ

Suban Bi a Nnipa Nyinaa Wɔ

Jodie yɛ obi a ɔhwehwɛ wɔn a wɔawuwu agyapade mu boa ma wɔtɔn. Ɔreboa ɔbea bi ma wayiyi ne nuabea a wawu fie nneɛma mu atɔn. Bere a ɔrehwɛ faako a na wɔsɔ gya nkyɛn baabi no, ohu nnaka mmienu bi a wɔde nneɛma a wɔde yi nam gu mu. Bere a obue baako so no, ne ho dwiriw no. Ohu Amerika sika $100 pii a wɔde krataa akyekyere ho a ne dodow yɛ $82,000 wɔ mu! Jodie nkutoo na ɔwɔ dan no mu. Dɛn na ɔnyɛ? Ɔnyɛ kodɛɛ mfa adaka no anaa ɔnka nkyerɛ ɔbea no sɛ wahu sika bi wom?

JODIE asɛm yi ma yehu suban bi a ɛma yɛyɛ soronko wɔ mmoa ho. The World Book Encyclopedia (Wiase Nhoma a Ɛka Nneɛma Pii Ho Asɛm) ka sɛ: “Nnipa suban titiriw baako ne sɛ yebebisabisa nsɛm a ɛkanyan adwene wɔ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ anaa ɛnsɛ sɛ yɛyɛ ho.” Sɛ ɔkraman a ɔkɔm de no hu nam sin bi a ɛda ɔpon bi so a, ɛnyɛ ade a obedwen ho sɛ ɔnwe anaa ɔnnwe. Nanso, Jodie de, obetumi ahu sɛ nea ɔbɛyɛ no ye anaasɛ enye. Sɛ ɔfa sika no a ɔrewia ade, nanso ebetumi aba sɛ wɔrenkye no. Sika no nyɛ ne dea, nanso ɔbea no nso nnim sɛ sika bi wɔ baabi. Ɛno da nkyɛn a, sɛ Jodie de sika no ma ɔbea no a nnipa a wɔne no te mpɔtam hɔ no bɛka sɛ wagyimi.

Wo na woyɛ Jodie a anka dɛn na wobɛyɛ? Sɛnea wobɛma saa asɛm yi ho mmuae no begyina nnyinasosɛm ko a wopɛ sɛ wode bɔ wo bra so.

Dɛn ne Abrabɔ Ho Nnyinasosɛm?

Wɔakyerɛ “abrabɔ ho nnyinasosɛm” ase sɛ, “nsɛmmisa a yegyina so kyerɛ sɛ biribi yɛ papa anaa bɔne.” (Collins Cobuild English Dictionary) Nhomakyerɛwfo Eric J. Easton ka sɛ: “‘Abrabɔ’ ne ‘suban’ kyerɛ ade koro.”

Efi bere tenten ni na nyamesom akyerɛ abrabɔ ho nnyinasosɛm kõ a nnipa mfa mmɔ wɔn bra. Onyankopɔn Asɛm Bible no titiriw na aman pii de abɔ wɔn bra. Nanso, nnipa a wobu Bible mu nnyinasosɛm sɛ mfaso nni so na atwam no redɔɔso wɔ wiase baabiara. Dɛn na abesi ananmu? Ethics in Business Life (Adwumam Abrabɔ Ho Nnyinasosɛm) nhoma no ka sɛ, “wiase nyansa abunkam nkyerɛkyerɛ a na anka nyamesom de ma no so.” Sɛ́ anka nnipa pii bɛma nyamesom akyerɛ wɔn sɛnea wɔmmɔ wɔn bra no, wɔdan kɔ wiase abenfo a wɔasua abrabɔ ho nsɛm hɔ mmom. Paul McNeill a ɔyɛ ɔbenfo wɔ abrabɔ ho nsɛm mu no ka sɛ: “M’adwene kyerɛ me sɛ abrabɔ ho nnyinasosɛm ho abenfo na wɔyɛ wiase asɔfo. . . . Ɛnnɛ, sɛ́ anka nnipa bɛma nyamesom akyerɛ wɔn sɛnea wɔmmɔ wɔn bra te sɛ bere bi a atwam no, wɔma abrabɔ ho nnyinasosɛm na ɛkyerɛ wɔn.”

Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wusi gyinae bi a ɛyɛ den a, woyɛ dɛn hu sɛ eyi yɛ papa anaa bɔne? Onyankopɔn na ɔkyerɛ wo abrabɔ ho nnyinasosɛm kõ a ɛsɛ sɛ wode bɔ wo bra anaa w’ankasa?