Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yosua Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yosua Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Yosua Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

BERE a na Israelfo no abɔ nsra wɔ Moab Tataw so wɔ afe 1473 A.Y.B., ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei sɛ wɔtee saa nsɛm yi: “Munsiesie akwansoduan nsie, na ɛha yi nnansa morebetwa Yordan yi akɔfa asase a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn de rema mo sɛ munni so no so.” (Yosua 1:11) Ná mfe 40 a wɔde anantenantew sare so no rebɛba n’awiei.

Bɛboro mfe aduonu akyi no, Yosua a na ɔyɛ Israelfo no kannifo no gyinaa Kanaan asase no mfinimfini ka kyerɛɛ wɔn mu mpanyimfo no sɛ: “Monhwɛ, mede ntonto makyɛ amanaman a aka yi ne amanaman a matwitwa agu no nyinaa mu mama mo, sɛ mo mmusuakuw nni so; efi Yordan ano, kodu Po Kɛse no ho, atɔe fam. Na [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn no, ɔno na obesunsum wɔn afi mo anim na obetu wɔn afi mo anim sɛ munni wɔn asase so, sɛnea [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn ka kyerɛɛ mo no.”—Yosua 23:4, 5.

Yosua nhoma no yɛ abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye a ɛfa nsɛm a esisii wɔ mfe 22 a wodii wɔ Moab Tataw so no ho. Yosua na ɔkyerɛwee wɔ afe 1450 A.Y.B. mu. Bere a yegyina wiase foforo no aboboano pɛɛ no, yɛn tebea no te sɛ Israelfo a na wɔayɛ krado rekɔfa Bɔhyɛ Asase no. Ɛnde, momma yɛmfa ahokeka nsusuw Yosua nhoma no ho.—Hebrifo 4:12.

WƆKƆ “YERIKO TATAW SO”

(Yosua 1:1–5:15)

Hwɛ dwumadi a Yehowa de maa Yosua bere a ɔka kyerɛɛ no sɛ: “M’akoa Mose awu; afei sɔre twa Yordan yi, na wo ne ɔman mũ yi nyinaa nkɔ asase a mede merema wɔn, Israelfo, no so”! (Yosua 1:2) Ná Yosua dwumadi ne sɛ obedi ɔman bi a wɔyɛ nnipa ɔpepem pii anim akɔ Bɔhyɛ Asase no so. Ɔsomaa akwansrafo mmienu kɔɔ Yeriko, kurow a na wobedi kan asɛe no no de siesiee wɔn ho. Ná Rahab oguamanfo no a wate ahoɔdenne pii a na Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo no te saa kurow no mu. Ɔbɔɔ akwansrafo no ho ban boaa wɔn, na wɔhyɛɛ no bɔ sɛ wɔbɛkora ne so.

Bere a akwansrafo no san ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ no, Yosua ne nkurɔfo no yɛɛ krado sɛ wobesim akotwa Yordan asubɔnten no. Ɛwom sɛ na asubɔnten no ayiri de, nanso ɛno anyɛ akwanside amma wɔn efisɛ Yehowa maa nsu a efi atifi ba no gyina bɔɔ kuw biako, na ɔmaa nsu a ɛwɔ anafo no sian koguu Po a Awu no mu. Bere a Israelfo no twaa Yordan wiei no, wɔbɔɔ nsra wɔ Gilgal a ɛbɛn Yeriko. Nnannan akyi no, wɔ ɔsram a ɛyɛ Abib no da a ɛto so 14 no, wodii Twam wɔ Yeriko tataw so. (Yosua 5:10) Ade kyee no, wofii ase dii asase no so aduan no bi, na manna a na wonya no to twae. Yosua twaa mmarima a wɔwoo wɔn wɔ sare so no nyinaa twetia wɔ saa bere yi mu.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

2:4, 5—Dɛn nti na Rahab daadaa ɔhene no mmarima a na wɔrehwehwɛ akwansrafo no? Esiane gyidi a na Rahab abenya wɔ Yehowa mu nti, ɔde akwansrafo no siei ɛmfa ho mpo sɛ na anka obetumi ahwere ne nkwa no. Enti, na biribiara nkyekyere no sɛ ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ mmarima a na wɔpɛ sɛ wɔhaw Onyankopɔn nkurɔfo no baabi a akwansrafo no wɔ. (Mateo 7:6; 21:23-27; Yohane 7:3-10) Nokwasɛm ni, wɔnam Rahab ‘nnwuma so buu no bem’ a mmarima a ɔhene no somaa wɔn no a ɔmaa wɔdan wɔn ani kyerɛɛ baabi foforo no ka ho.—Yakobo 2:24-26.

5:14, 15—Hena ne ‘Yehowa dɔm so safohene’ no? Ɛbɛyɛ sɛ safohene a ɔba bɛhyɛɛ Yosua den bere a wofii ase dii Bɔhyɛ Asase no so nkonim no nyɛ obi foforo biara sɛ “Asɛm no”—Yesu Kristo, bere a na ɔwɔ soro no. (Yohane 1:1; Daniel 10:13) Hwɛ sɛnea ɛhyɛ den sɛ yebenya awerɛhyem sɛ onuonyamfo Yesu Kristo ka Onyankopɔn nkurɔfo ho nnɛ bere a wogyina Onyankopɔn Asɛm ho ɔsɔretia a wohyia ano no!

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:7-9. Bible no a yɛbɛkenkan no da biara, ataa adwennwen nea ɛka ho, na yɛde nea yesua no ayɛ adwuma no, yɛ nneɛma a ɛho hia a ɛbɛboa yɛn ma asi yɛn yiye wɔ Onyankopɔn som mu.

1:11. Yosua ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔnntra hɔ kwa nntwɛn sɛ Onyankopɔn bɛma wɔn nneɛma a wohia na mmom wonsiesie akwansoduan nsie. Yesu afotu a ɔde mae sɛ mma yɛnnnwinnwen asetram nneɛma ho ne bɔhyɛ a ɔde kaa ho sɛ “wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho” no nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ hwee de hwɛ yɛn ho.—Mateo 6:25, 33.

2:4-13. Bere a Rahab tee nneɛma akɛseakɛse a na Yehowa ayɛ na ohui sɛ ɛyɛ bere a ɛsɛ sɛ osi gyinae no, osii gyinae gyinaa Yehowa asomfo no afã. Sɛ wode mmere kakra asua Bible no na woahu sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu a, so ɛnsɛ sɛ wusi gyinae sɛ wobɛsom Onyankopɔn?—2 Timoteo 3:1.

3:15. Esiane sɛ akwansrafo a wɔsomaa wɔn Yeriko no de amanneɛbɔ papa bae nti, Yosua yɛɛ ade ntɛm so a wantwɛn sɛ Yordan asubɔnten a na ayiri no bɛtwetwe ansa na wɔakɔ. Saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde akokoduru yɛ ade wɔ nneɛma a ɛfa nokware som ho ntɛm sen sɛ anka yɛbɛtwɛn bere a ɛfata yiye.

4:4-8, 20-24. Ná abo 12 a Israelfo no tase fii Yordan asubɔnten no mu no bɛyɛ nkae ama wɔn. Nneɛma a Yehowa yɛ de gye ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ fi n’atamfo nsam no nso ma wɔkae sɛ ɔka wɔn ho.

WƆKƆ SO DI NKONIM

(Yosua 6:1–12:24)

Na “wɔato” Yeriko kurow no mu ‘abram ano, obi mfi adi na obi mma mu.’ (Yosua 6:1) Ná wɔbɛyɛ dɛn adi kurow no so? Yehowa kyerɛɛ Yosua nea ɔnyɛ. Wobubuu kurow no afasu sɛee kurow no ntɛm ara. Rahab ne ne fiefo nkutoo na wogyee wɔn nkwa.

Kurow a edi hɔ a wodii so nkonim ne Ai. Akwansrafo a wɔsomaa wɔn kɔɔ hɔ no bɛbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa kakraa bi na wɔte kurow no mu, nti wonhia mmarima pii na wɔasɛe kurow no. Nanso, asraafo bɛyɛ 3,000 a wɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔsɛe kurow no guanee fii Ai mmarima no anim. Adɛn ntia? Ná Yehowa nni Israelfo no afã. Bere a wɔkɔtow hyɛɛ Yeriko so no, Akan a ofi Yuda abusua mu no yɛɛ bɔne bi. Bere a Yosua siesiee asɛm no wiei no ɔkɔtow hyɛɛ Ai so. Esiane sɛ na Aifo no adi Israelfo no so nkonim pɛn nti, na Ai hene no ho pere no sɛ ɔne wɔn bedi ako. Nanso Yosua faa nyansakwan bi so dii Ai mmarima a na wogye wɔn ho di dodo no so, na Yosua faa kurow no.

Ná ‘Gibeon yɛ kurow kɛse a ɛso sen Ai, na emu mmarima nyinaa yɛ nnɔmmarima.’ (Yosua 10:2) Nanso, bere a Gibeon mmarima no tee sɛ Israel adi Yeriko so nkonim no, wɔdaadaa Yosua ma ɔne wɔn yɛɛ asomdwoe apam. Aman a atwa wɔn ho ahyia no suroe sɛ Gibeonfo no twee wɔn ho. Aman no mu anum ahemfo kaa wɔn ti boom tow hyɛɛ Gibeon so. Israel gyee Gibeonfo no na wodii ntuafo no so nkonim korakora. Wɔ Yosua akanni ase no Israel dii nkonim afoforo wɔ anafo ne atɔe fam nkurow so, na saa ara nso na wodii atifi fam ahemfo a wɔka boom no so nkonim. Ahemfo a wodii wɔn so nkonim wɔ Yordan atɔe fam no nyinaa dodow yɛ 31.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

10:13—Ɛyɛɛ dɛn na anwonwade a ɛte saa tumi sii? “So biribi yɛ [Yehowa, NW],” nea ɔbɔɔ ɔsoro ne asase no, “yɛna?” (Genesis 18:14) Sɛ Yehowa pɛ a, obetumi ama sɛnea asase no twa ne ho no asesa sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi wɔ asase so a ɛbɛyɛ no sɛ nea owia ne ɔsram agyina. Anaasɛ obetumi ama asase no ne ɔsram no akɔ so atwa wɔn ho na wama hann a efi owia ne ɔsram mu ba no akɔ so aba asase so. Sɛnea ɛte biara no, “ɛda bi mmae sɛ ɛno” wɔ nnipa abakɔsɛm mu da.—Yosua 10:14.

10:13 (Fante Bible)—Jashar nhoma no yɛ nhoma bɛn? Nhoma no din san pue wɔ 2 Samuel 1:18 (Fante Bible). Wɔatwe adwene asi anwensɛm bi a wɔfrɛ no “Bɛmma” a ɛyɛ awerɛhow dwom bi a ɛfa Israel hene Saul ne ne babarima Yonatan wu ho so. Ɛbɛyɛ sɛ na abakɔsɛm mu nsɛm ho nnwom ne anwensɛm a wɔaboaboa ano na na ɛwɔ nhoma no mu, na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ nhoma a Hebrifo no nim yiye.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

6:26; 9:22, 23. Nnome a Yosua ka faa Yeriko ho bere a wɔsɛe no no baa mu bɛyɛ mfe 500 akyi. (1 Ahene 16:34) Dome a Noa domee ne banana Kanaan no baa mu bere a Gibeonfo no bɛyɛɛ nkoa no. (Genesis 9:25, 26) Yehowa asɛm ba mu bere nyinaa.

7:20-25. Ebia ebinom bɛka sɛ Akan korɔn a ɔbɔe no nyɛ bɔne kɛse, ebia wɔbɛka mpo sɛ amfa ɔhaw biara ammrɛ afoforo. Saa ara nso na wobetumi abu korɔn nketenkete ne bɔne nketenkete a Bible mmara kasa tia no. Nanso, yɛn de, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade te sɛ Yosua wɔ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛko atia ɔbra bɔne anaa nneɛma a ɛmfata ho nhyɛso no.

9:15, 26, 27. Ɛsɛ sɛ yɛfa nhyehyɛe a yɛyɛ anaa bɔ biara a yɛhyɛ no aniberesɛm na yedi yɛn asɛm so.

YOSUA YƐ N’ADWUMA KƐSE A ETWA TO

(Yosua 13:1–24:33)

Afei na Yosua anyin, ɔrekonya mfe 90, na ofii ase kyekyɛɛ asase no. Ná ɛyɛ adwuma a ɛso yiye! Ná Ruben ne Gad mmusuakuw no ne Manase abusuakuw fã anya wɔn agyapade wɔ Yordan apuei fam dedaw. Afei wɔnam ntontobɔ so maa mmusuakuw a aka no agyapade wɔ atɔe fam.

Wosii ntamadan no wɔ Silo wɔ Efraim asasesin mu. Kaleb nyaa Hebron kurow no, ɛnna Yosua nyaa Timnat-Sera. Wɔmaa Lewifo no nkurow 48 a guankɔbea nkurow 6 no ka ho. Bere a Ruben, Gad, ne Manase abusuakuw fã no akofofo no resan aba wɔn agyapade so wɔ Yordan apuei fam no, wosii afɔremuka a “wohwɛ a, ɛso.” (Yosua 22:10) Mmusuakuw a wɔwɔ Yordan atɔe fam no buu adeyɛ yi sɛ ɔwae, na ɛkaa kakraa ma anka abusua ntam akodi sii, nanso esiane nkitahodi pa nti amma mogyahwiegu amma.

Yosua traa Timnat-Sera mmere kakra akyi no, ɔfrɛɛ Israel mpanyimfo, atitiriw, atemmufo, ne ahwɛfo no hyiae, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonnya akokoduru na wɔnkɔ so nni nokware mma Yehowa. Akyiri yi, Yosua boaboaa Israel mmusuakuw no nyinaa ano wɔ Sekem. Otii sɛnea Yehowa ne nnipa adi fi Abraham bere so tɔnn mu, na ɔsan tuu wɔn fo bio sɛ, “munsuro [Yehowa, NW] na monsom no emudi ne nokware mu.” Ɛkaa nnipa no ma wɔkae sɛ: “[Yehowa, NW] yɛn Nyankopɔn na yɛbɛsom no, na ne nne na yebetie.” (Yosua 24:14, 15, 24) Nsɛm yi akyi no, Yosua wui a na wadi mfe 110.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

13:1—So eyi ne asɛm a ɛwɔ Yosua 11:23 no mmɔ abira? Dabi, efisɛ na Bɔhyɛ Asase no so nkonimdi no wɔ afã mmienu: ná nea edi kan no yɛ Kanaan asase so ahemfo 31 no so nkonim a ɔman no dii, na ɛno na ɛmaa Kanaanfo no tumi fii wɔn nsa. Nea ɛto so mmienu no ne asase no a wɔkyekyɛɛ mu koraa maa mmusuakuw no ne ankorankoro no. (Yosua 17:14-18; 18:3) Ɛwom sɛ Israelfo no antumi antu Kanaanfo no nyinaa amfi asase no so koraa de, nanso wɔn a wɔkae no anhaw Israelfo no. (Yosua 16:10; 17:12) Yosua 21:44 ka sɛ: “[Yehowa, NW] maa wɔn asomdwoe hyiae.”

24:2—Na Abraham papa Tera som ahoni anaa? Mfiase no na Tera nyɛ Yehowa Nyankopɔn somfo. Ɛbɛyɛ sɛ na ɔsom ɔsram nyame a wɔfrɛ no Sin a na agye din wɔ Ur no. Sɛnea Yudafo amammerɛ kyerɛ no, ɛbɛyɛ sɛ na Tera yɛ ahoni mpo. Nanso, bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham sɛ omfi Ur no, Tera ne no kɔɔ Haran.—Genesis 11:31.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

14:10-13. Ɛwom sɛ na Kaleb adi mfe 85 de, nanso ɔsrɛe sɛ wɔmma ontu nnipa a na wɔte Hebron asase so no mfi so. Ná ɛyɛ dwumadi a ɛyɛ den. Ná Anakfo mmarima a wɔsoso woware yiye na wɔte asase no so. Ɛdenam Yehowa mmoa so no, ɔkofo a onim akodi yiye yi dii nkonim, na Hebron bɛyɛɛ guankɔbea kurow. (Yosua 15:13-19; 21:11-13) Kaleb nhwɛso yi hyɛ yɛn nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ yeguan fi teokrase dwumadi ahorow a ɛyɛ den ho.

22:9-12, 21-33. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛampere yɛn ho ammu afoforo atɛn.

“Asɛm Biako Pɛ Antɔ Fam”

Bere a Yosua bɔɔ akora no, ɔka kyerɛɛ mmarima a wodi Israelfo no anim sɛ: “Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo.” (Yosua 23:14) Hwɛ sɛnea Yosua abakɔsɛm ho kyerɛwtohɔ no kyerɛkyerɛ eyi mu pefee!

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn kyerɛkyerɛ sɛ yɛmfa boasetɔ ne kyerɛw nsɛm no mu awerɛkyekye so nnya anidaso.” (Romafo 15:4) Yebetumi anya awerɛhyem sɛ ahotoso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no yɛ nea ɛfata. Bɔhyɛ baako koraa renni huammɔ; ne nyinaa bɛbam.

[Asase mfonini wɔ kratafa 10]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Asase a wodii so nkonim wɔ Yosua akanni ase

BASAN

GILEAD

ARABA

NEGEB

Yordan Asubɔnten

Nkyene Po

Yabok Subon

Arnon Subon

Hasor

Madon

Saron

Simron

Dor

Megido

Kedes

Taanak

Hefer

Tirsa

Afek

Tapua

Betel

Ai

Gilgal

Yeriko

Geser

Yerusalem

Makeda

Yarmut

Yokneam

Adulam

Libna

Lakis

Eglon

Hebron

Debir

Arad

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Wunim nea enti a wobuu Rahab oguamanfo no sɛ ɔtreneeni?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yosua tuu Israelfo no fo sɛ, “munsuro [Yehowa, NW] na monsom no”

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Akan korɔn a ɔbɔe no nyɛ bɔne ketewaa bi​—ɛkɔfaa ɔhaw pii bae

[Mfonini wɔ kratafa 12]

‘Gyidi nti na Yeriko afasu no buruwii.’—Hebrifo 11:30