Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adesua Awiei—Anigye Da

Adesua Awiei—Anigye Da

Adesua Awiei—Anigye Da

“EYI yɛ anigye da ma yɛn. Owia no bɔ. Wim ayɛ bruu. Nwura ayɛ frɔmm. Nnomaa resu. Yɛanya nea ɛbɛma da no ayɛ anigye, na biribiara bɛkɔ so yiye. Yehowa nyɛ huammɔdi Nyankopɔn. Ɔyɛ Onyankopɔn a ɔma nhyira.”

Onua Samuel Herd, a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni na ɔde nsɛm yi fii Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so 117 adesua awiei dwumadi no ase. Esii wɔ September 11, 2004. Nea na ɛka dwumadi a ɛyɛ anigye yi ho ne Bible mu afotusɛm a ɛhyɛ den ne osuahu horow a wonyae wɔ sukuu no mu ne nea efi asɛmpatrɛwfo a wɔn ho akokwaw hɔ. Yiw, na ɛyɛ anigye da ma nnipa a wɔn dodow si 6,974 a wɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Adesuabea a Ɛwɔ Patterson, New York ne mmeae a ɛwɔ Brooklyn ne Wallkill, a wɔnam telefon ne video so tie no.

Nsɛm a Ɛhyɛ Nkuran Ma Adesuafo No

John Kikot a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no kaa nsɛm a ɛhyɛ nkuran a n’asɛmti ne “Kɔ So Nya Anigye Sɛ Ɔsɛmpatrɛwfo.” Ɔdaa no adi sɛ wonim Gilead adesuafo sɛ wɔwɔ anigye, sɛnea ada adi wɔ saa adesua awiei yi mu no. Nkyerɛkyerɛ a efi Kyerɛwnsɛm no mu a wɔde mae wɔ sukuu no mu no maa adesuafo no ani gyei, na afei wobetumi aboa afoforo ma wɔanya saa anigye no bi. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam wɔn ho a wɔde bɛma wɔ wɔn som adwuma no mu sɛ asɛmpatrɛwfo no so. Yesu kae sɛ: ‘Ɔma mu wɔ anigye mmom sen ogye.’ (Asomafo no Nnwuma 20:35) Sɛ asɛmpatrɛwfo foforo yi suasua Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ “anigye Nyankopɔn” ne ɔdemafo a ɔma afoforo hu nokware no a, wobetumi akɔ so anya anigye.—1 Timoteo 1:11, NW.

Nea odii hɔ wɔ dwumadi no mu ne David Splane, a ɔno nso yɛ Sodikuw no muni a ne kasa asɛmti ne “Wobɛyɛ Dɛn ne W’asasesin Foforo Mufo Abɔ?” Akyinnye biara nni ho sɛ eye na ɛyɛ fɛ sɛ wɔbom tra asomdwoe mu, ɛwom sɛ eyi behia sɛ woyɛ ‘ade nyinaa ma nnipa nyinaa’ de. (1 Korintofo 9:22; Dwom 133:1) Onua Splane kae sɛ adesuafo a wɔrewie adesua no behyia nnipa afoforo pii wɔ wɔn asɛmpatrɛw adwuma no mu—nnipa a wɔwɔ wɔn asasesin no mu, wɔn mfɛfo asɛmpatrɛwfo, anuanom a wɔwɔ wɔn asafo foforo no mu, ne wɔn a wɔwɔ baa dwumadibea a wɔde akwankyerɛ ma wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu no. Ɔde sɛnea wobetumi ne afoforo anya abusuabɔ a anigye wom ho nyansahyɛ a edi mu mae na ɔkae sɛ: Munsua hɔnom kasa no, munsua hɔnom amammerɛ, mommfa mo ho nnhyehyɛ mo mfɛfo asɛmpatrɛwfo kokoam nsɛm mu, na muntie wɔn a wodi mo anim no.—Hebrifo 13:17.

Nea odii hɔ ne Gilead kyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen a n’asɛmti ne, “Wususuw Ho Dɛn?” Ɔkaee adesuafo no sɛ wɔn a ‘wogyina nea wɔn ani tuae so buu ntɛn no’ annye Yesu antom sɛ ɔne Mesia no. (Yohane 7:24) Sɛ nnipa a yɛnyɛ pɛ no, ehia sɛ yɛn nyinaa hwɛ yiye sɛ yɛrennya ‘nnipa adwene’ na mmom ‘Onyankopɔn adwene.’ (Mateo 16:22, 23) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɔ mmɔden wɔ Onyankopɔn som mu mpo kɔ so siesie wɔn nsusuwii. Te sɛ hyɛn a ɛnam po so no, nsiesiei a wɔbɛyɛ no mprempren no betumi akyerɛ sɛ wobedu wɔn botae ho anaasɛ wobegu asu wɔ Onyankopɔn som mu. Bible no a yɛbɛkɔ so asua no bɛboa yɛn ma yɛadwen ‘Onyankopɔn adwene.’

Wallace Liverance a ɔno nso yɛ Gilead Sukuu kyerɛkyerɛfo no na ɔde dwumadi yi fã no baa awiei. Ɔde n’asɛmti a ɛne “Dɛn na Wobɛtɔ?” no gyinaa Yesaia 55:1 so. Ɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ ‘wɔntɔ’ denhyɛ, anigye, ne aduan a efi Onyankopɔn nkɔmhyɛsɛm mu a wɔde ma wɔ yɛn bere yi mu no. Yesaia nkɔmhyɛ no de Onyankopɔn asɛm yi totoo nsu, bobesa, ne nufusu ho. Ɔkwan bɛn so na wɔbɛtɔ bere a ‘wɔmfa sika ntɔ, na enni bo nso no’? Onua Liverance kyerɛkyerɛɛ mu sɛ denam aso a wɔbɛyɛ ama Bible nkɔmhyɛ na wɔde Onyankopɔn nsusuwii asi wiase nsusuwii ananmu so. (Yesaia 55:2, 3, 6, 7) Sɛ asɛmpatrɛwfo foforo yi yɛ eyi a, wobetumi adi yiye wɔ wɔn amannɔne dwumadi no mu. Nnipa a wɔnyɛ pɛ taa susuw sɛ honam fam nneɛma a wɔbɛyere wɔn ho apɛ no na ɛde anigye ba. Ɔkasafo no kae sɛ “monntɔ ɛno, monntɔ saa nsusuwii no. Monhwɛ sɛ mubenya bere de asua Onyankopɔn Nkɔmhyɛsɛm no na moate ase. Ebetumi ama moanya abotɔyam, ɛbɛhyɛ mo den, na ama moanya anigye wɔ mo asɛmpatrɛw adwuma no mu.”

Adesuafo no Suahu Ahorow ne Nsɛm a Wobisabisaa Wɔn a Ɛyɛ Anigye

Adesuafo no kɔɔ asɛnka daa. Mark Noumair a ɔno nso yɛ Gilead kyerɛkyerɛfo no maa adesuakuw no mufo yɛɛ wɔn suahu ahorow no ho ɔyɛkyerɛ na n’asɛmti ne ‘Wɔn Ani Nwu Asɛmpa no Ho.’ (Romafo 1:16) Atiefo no ani gyee saa asomfo a wɔn ho akokwaw yi suahu ahorow a wonyae wɔ adanse a wodii wɔ afie afie, mmɔnten so, ne mmeae a wɔtontɔn ade no ho. Adesuafo a wɔte kasa foforo kɔkaa asɛm no kyerɛɛ nkurɔfo a wɔka saa kasa no wɔ wɔn asafo no asasesin mu no. Afoforo nso de nhoma ahorow a Yehowa Adansefo atintim no dii dwuma yiye de yɛɛ sankɔhwɛ na wɔde fii Bible adesua. Ná wɔn ‘ani nwu’ sɛ wɔbɛka asɛmpa no.

Onua William Nonkes a ɔyɛ adwuma wɔ Ɔsom Dwumadibea no bisabisaa asɛmpatrɛwfo a wofi Burkina Faso, Latvia, ne Russia no nsɛm. Wɔde afotu ahorow a egyina asɛmti a ɛne “Yehowa Fi Ɔdɔ mu Tua Anokwafo Ka” so mae. Anuanom a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu biako hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ wɔnkae Gideon asraafo 300 no. Na ɔsraani biara wɔ adwuma a ɛboae ma Gideon dii nkonim wɔ ne satu no mu. (Atemmufo 7:19-21) Saa ara na asɛmpatrɛwfo a wonnyae wɔn adwuma no nya akatua.

Samuel Roberson a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Patterson no gyinaa asɛmti a ɛne ‘Monyɛ Ade Nyinaa Mma Nnipa Nyinaa’ so bisabisaa nsɛm. Obisabisaa Baa Boayikuw mufo baanan a wofi Senegal, Guam, Liberia, ne Madagascar nsɛm. Asɛmpatrɛwfo a wɔn dodow si 170 na wɔsom wɔ saa nsase yi so. Nsɛm a Baa Boayikuw no mufo kae no maa adesuafo a wɔrewie wɔn adesua no huu sɛnea Baa Boayikuw no boa asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo ma wɔn ani ka wɔn adwuma no mu. Nea na ɛno taa kyerɛ ne sɛ wobesua amanne ahorow a ɛyɛ soronko wɔ Atɔe famfo de ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ aman bi mu no wɔtaa hu mmarima, a wɔn a wɔwɔ Kristofo asafo no mu ka ho sɛ wɔaso wɔn nsam te sɛ nnamfo bere a wɔbɔ anan nantew no. Wɔ mmeae bi a ɛhyɛ Guam baa dwumadibea no ase no, wodi nnuan bi a wonhuu bi da Nanso afoforo asua di, na saa ara na asɛmpatrɛwfo a wɔyɛ foforo nso betumi adi.

Guy Pierce a ɔyɛ Sodikuw no muni kyerɛkyerɛɛ asɛmti a ɛne ‘Kɔ So Di Yɛn Awurade Ahenni no Nokware’ mu. Ɔkaee atiefo no sɛ: “Atirimpɔw bi nti na Yehowa bɔɔ ade. Na ɔwɔ atirimpɔw bi ma n’abɔde. N’atirimpɔw ma asase yi nsesae. Ɛyɛ adwuma de kɔ n’awiei a hwee nsiw no kwan. Hwee rentumi nsesa no.” (Genesis 1:28) Onua Pierce hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa nokwaredi mmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Onyankopɔn tumidi ase ɛmfa ho nsɛnnennen a onipa a odi kan, Adam, bɔne de aba no. Onua Pierce hyɛɛ wɔn sɛ: “Yɛte atemmu bere mu. Bere a aka a yɛde bɛka asɛm akyerɛ nnipa komapafo na yɛaboa wɔn ma wɔahu nokware no sua. Momfa bere nni dwuma yiye na moatumi aka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ afoforo.” Wɔn a wofi nokwaredi mu gyina Onyankopɔn Ahenni no akyi no betumi anya awerɛhyem sɛ obegyina wɔn akyi.—Dwom 18:25.

Wɔ dwumadi no fã a etwa to mu no, oguamtrani no kenkan nkyia ne nkuranhyɛsɛm a efi baa dwumadibea ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa hɔ no. Afei ɔde adesuafo no adansedi krataa maa wɔn, na wɔn mu biako kenkan krataa a efi adesuakuw no hɔ a ɛkyerɛ anisɔ kɛse a wɔanya ama ntetee a wɔn nsa aka no. Na wɔde dwumadi no baa awiei anigye so na ɛyɛ da a wɔn a wɔbae no nyinaa werɛ remfi da.

[Adaka wɔ kratafa 23]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 11

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 22

Adesuafo no dodow: 48

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 34.8

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 18.3

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13.4

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ɔwɛn Aban Gilead Sukuu Adesuakuw a Ɛto so 117 a Wɔawie Wɔn Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Thompson, E.; Norvell, G.; Powell, T.; Kozza, M.; McIntyre, T. (2) Reilly, A.; Clayton, C.; Allan, J.; Blanco, A.; Muñoz, L.; Rustad, N. (3) Guerrero, Z.; Garcia, K.; McKerlie, D.; Ishikawa, T.; Blanco, G. (4) McIntyre, S.; Cruz, E.; Guerrero, J.; Ritchie, O.; Avellaneda, L.; Garcia, R. (5) Powell, G.; Fiskå, H.; Muñoz, V.; Baumann, D.; Shaw, S.; Brown, K.; Brown, L. (6) Shaw, C.; Reilly, A.; Peloquin, C.; Münch, N.; McKerlie, D.; Ishikawa, K. (7) Münch, M.; Peloquin, J.; Kozza, T.; Avellaneda, M.; Allan, K.; Ritchie, E.; Norvell, T. (8) Cruz, J.; Baumann, H.; Clayton, Z.; Fiskå, E.; Thompson, M.; Rustad, J.