Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adidibere Ɛsen Adidi Ara Kwa!

Adidibere Ɛsen Adidi Ara Kwa!

Adidibere Ɛsen Adidi Ara Kwa!

OBIARA ani gye aduan a ɛyɛ dɛ ho. Sɛ wo ne nnipa a wodɔ wɔn redidi na mobɔ nkɔmmɔ nya fekubɔ pa a, adidi no bɛyɛ anigye bere a ɛma wunya abotɔyam na womee. Mmusua pii de yɛ wɔn su sɛ anyɛ yiye koraa no wɔbɛbom adidi pɛnkoro wɔ da no mu. Adidibere ma abusua no nya hokwan susuw nneɛma a ɛkɔɔ so wɔ da mũ no mu anaa nea wɔbɛyɛ wɔ da no mu ho. Awofo a wotie nsɛm a wɔn mma ka no tumi hu nea ɛwɔ wɔn mma adwenem ne sɛnea wɔte nka fa. Bere kɔ so no, fekubɔ a ɛyɛ anigye a abusua no nya bere a wodidi no ma wonya ahobammɔ, ahotoso, ne ɔdɔ a ɛboa ma abusua no yɛ den.

Ɛnnɛ, esiane sɛ abusua mufo pii no ara nni adagyew na bere nyinaa wɔwɔ biribi yɛ nti ɛyɛ den sɛ wobehyiam abom adidi. Wɔ wiase afã horow bi no, wɔn amammerɛ mma kwan sɛ abusua bi bɛbom adidi anaasɛ wɔkasa mpo bere a wɔredidi no. Ayɛ mmusua bi su nso sɛ wɔbɛsɔ TV bere a wɔredidi no, na ɛno mma wonnya hokwan nnya nkitahodi pa biara.

Nanso, Kristofo awofo de hokwan biara a wonya no hyɛ wɔn mmusua den bere nyinaa. (Mmebusɛm 24:27) Bible mmere mu no, wɔka kyerɛɛ awofo sɛ hokwan ahorow a eye mu biako a wobetumi ne wɔn mma abɔ Onyankopɔn asɛm ho nkɔmmɔ ne ‘wɔn afitra mu.’ (Deuteronomium 6:7) Sɛ awofo ne wɔn mma taa bom didi a, ɛma awofo nya hokwan kɛse de Yehowa ho dɔ a emu yɛ den ne ne trenee nnyinasosɛm dua wɔn mma koma mu. Sɛ woma w’abusua nya anigye ne abotɔyam wɔ fie a, wubetumi ama adidibere ayɛ bere a ɛyɛ anigye ne denhyɛ nso ama wɔn. Yiw, ma adidibere nyɛ bere a ɛsen adidi ara kwa!