Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Di Yesu Nhwɛso Akyi

Di Yesu Nhwɛso Akyi

Di Yesu Nhwɛso Akyi

“Mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.”—Yohane 13:15.

1. Dɛn nti na ɛfata sɛ Kristofo suasua Yesu?

ONIPA biako pɛ na watra ase pɛn wɔ abakɔsɛm nyinaa mu a wanyɛ bɔne da. Ɔne Yesu. Wɔ Yesu akyi no, “onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne.” (1 Ahene 8:46; Romafo 3:23) Ɛno nti, nokware Kristofo bu Yesu sɛ ɔfata sɛ wosuasua no. Nokwasɛm ni, wɔ Nisan 14, 33 Y.B., bere a na aka kakra ma Yesu awu no, n’ankasa ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wonsuasua no. Ɔkae sɛ: “Mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara.” (Yohane 13:15) Saa anadwo a etwa to no mu no, Yesu kaa akwan pii a ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden fa so sua sɛ wɔbɛyɛ sɛ ɔno ho asɛm. Yebesusuw eyinom bi ho wɔ saa asɛm yi mu.

Nea Enti a Ahobrɛase Ho Hia

2, 3. Akwan bɛn so na Yesu yɛ ahobrɛase ho nhwɛso a ɛyɛ fɛ?

2 Ná ahobrɛase ho asɛm titiriw na na Yesu reka bere a ɔhyɛɛ n’akyidifo no nkuran sɛ wonsuasua no no. Ná watu wɔn fo mpɛn pii sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase, enti wɔ Nisan 14 anadwo no, ɔhohoroo asomafo no nan ho de kyerɛe sɛ ɔbrɛ ne ho ase. Afei Yesu kae sɛ: “Sɛ me Awurade ne kyerɛkyerɛfo no, mahohoro mo nan ho a, na ɛsɛ mo nso sɛ mohohoro mo ho mo ho anan ho.” (Yohane 13:14) Ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ wonsuasua no. Ahobrɛase ho nhwɛso a ɛyɛ fɛ bɛn ara ni!

3 Ɔsomafo Paulo ma yɛte ase sɛ ansa na Yesu reba asase so no, na Yesu ‘wɔ Onyankopɔn tebeam.’ Nanso, ogyaw biribiara hɔ bɛyɛɛ onipa. Nea ɛsen saa no, “ɔbrɛɛ ne ho ase yɛɛ osetie de kosii wu mu, asɛndua ho wu mu po.” (Filipifo 2:6-8) Wode susuw ho hwɛ. Yehowa akyi no, Yesu a obiara nni amansan yi mu a ɔkorɔn sen no no penee so baa fam sen abɔfo, maa wɔwoo no sɛ akokoaa a ontumi nyɛ hwee, nyinii wɔ awofo a wɔnyɛ pɛ ase, na awiei koraa no, wokum no sɛ nsɛmmɔnedifo a wɔmfa no nyɛ hwee. (Kolosefo 1:15, 16; Hebrifo 2:6, 7) Ahobrɛase bɛn ara ni! So yebetumi asuasua “adwene” anaa su a ɛte saa na ama yɛanya “ahobrɛase adwene?” (Filipifo 2:3-5) Yebetumi ayɛ, nanso ɛnna fam.

4. Nneɛma bɛn na ɛma nnipa yɛ ahantan, nanso dɛn nti na asiane wom sɛ obi bɛyɛ ahantan?

4 Ahantan ne ahobrɛase bɔ abira. (Mmebusɛm 6:16-19) Ahantan na ɛmaa Satan hwee ase. (1 Timoteo 3:6) Ɛnkyɛ na ahyɛn onipa koma mu, na sɛ enya ba hɔ nso a, ɛyɛ den sɛ wobeyi afi hɔ. Nkurɔfo yɛ ahantan esiane aman a wofi mu, wɔn honam ani hwɛbea, nneɛma a wɔwɔ, wɔn nhomasua, dibea a wɔwɔ, wɔn ahoɔfɛ, mmɔden a wɔbɔ wɔ agumadi mu, ne nneɛma a ɛtete saa nti. Nanso eyinom mu biara nsom bo wɔ Yehowa ani so. (1 Korintofo 4:7) Sɛ nneɛma a ɛtete saa ma yɛyɛ ahantan a, ɛsɛe yɛne ne ntam abusuabɔ. “[Yehowa, NW] wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.”—Dwom 138:6; Mmebusɛm 8:13.

Yɛn Ho Ase a Yɛbɛbrɛ Wɔ Yɛn Nuanom Mu

5. Dɛn nti na ehia sɛ mpanyimfo brɛ wɔn ho ase?

5 Ɛnsɛ sɛ hokwan a yɛwɔ wɔ Yehowa som mu ne nea yɛatumi ayɛ wɔ mu mpo ma yɛyɛ ahantan; saa ara na ɛnsɛ sɛ asɛyɛde a yɛwɔ wɔ asafo no mu nso ma yɛyɛ ahantanfo. (1 Beresosɛm 29:14; 1 Timoteo 6:17, 18) Nokwasɛm ni, dodow a yenya asɛyɛde kɛse no, dodow no ara na ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɔsomafo Petro tuu mpanyimfo fo sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘wodi asafotow no so bakoma, na mmom wɔnyɛ nhwɛso mma nguankuw no.’ (1 Petro 5:3) Wɔampaw mpanyimfo sɛ wɔmmɛhyɛ afoforo so na wonni ahensɛm, na mmom wɔpaw wɔn sɛ wɔmmɛsom na wɔnyɛ nhwɛso pa.—Luka 22:24-26; 2 Korintofo 1:24.

6. Tebea bɛn mu na Kristofo hia ahobrɛase?

6 Ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na ehia sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. Petro kyerɛw mmerante a wɔwɔ ahoɔden na wɔn adwene tumi kyere ade ntɛm sen wɔn a wɔn mfe akɔ anim ma enti wobetumi abɛyɛ ahantan no sɛ: “Mo nyinaa mumfura ahobrɛase, na monsonsom mo ho mo ho, efisɛ Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Petro 5:5) Yiw, ehia sɛ yɛn nyinaa nya Kristo ahobrɛase no bi. Egye ahobrɛase na ama yɛatumi aka asɛmpa no, titiriw bere a afoforo yɛ anibiannaso wɔ ho anaa wɔtan yɛn ani no. Egye ahobrɛase na ama yɛagye afotu atom anaa yɛakwati akɛsesɛm na ama yɛatumi atrɛw yɛn som adwuma mu. Bio nso, yehia ahobrɛase, akokoduru, ne gyidi bere a wɔka yɛn ho atosɛm wɔ baguam, nam mmara kwan so de ntua ba yɛn so, anaa yehyia ɔtaa no.—1 Petro 5:6.

7, 8. Akwan a yebetumi afa so anya ahobrɛase no bi ne dɛn?

7 Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi adi ahantan so na wanya ‘ahobrɛase adwene abu ne yɔnkonom sɛ wɔkyɛn no’? (Filipifo 2:3) Ɛsɛ sɛ ohu ne ho sɛnea Yehowa hu no no. Yesu kyerɛɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yebu yɛn ho bere a ɔkaa eyi no: “Mo nso sɛ moayɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.” (Luka 17:10) Kae sɛ, biribiara nni hɔ a yebetumi ayɛ a ɛbɛto nea Yesu yɛe no. Nanso na Yesu brɛ ne ho ase.

8 Afei nso, yebetumi asrɛ Yehowa sɛ ɔmma yemmu yɛn ho sɛnea ɛfata. Te sɛ odwontofo no, yebetumi abɔ mpae sɛ: “Kyerɛkyerɛ me nhumu pa ne nimdeɛ, na magye wo mmara nsɛm madi.” (Dwom 119:66) Yehowa bɛboa yɛn na amma yɛammu yɛn ho antra so, na yɛn ahobrɛase nti obehyira yɛn. (Mmebusɛm 18:12) Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase; na obiara a ɔbɛbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”—Mateo 23:12.

Papa ne Bɔne Ho Adwene a Ɛfata a Yebenya

9. Su bɛn na Yesu daa no adi wɔ papa ne bɔne ho?

9 Ɛwom sɛ Yesu ne nnipa a wɔnyɛ pɛ trae mfirihyia 33 de, nanso wanyɛ “bɔne.” (Hebrifo 4:15) Nokwasɛm ni, bere a odwontofo no rehyɛ Mesia no ho nkɔm no, ɔkae sɛ: “Wodɔ trenee, na wotan abɔnefosɛm.” (Dwom 45:7; Hebrifo 1:9) Wɔ eyi mu nso, Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yesu. Ɛnyɛ sɛ wonim papa ne bɔne ara kwa; wɔtan bɔne na wɔdɔ papa. (Amos 5:15) Eyi boa wɔn ma wɔko tia wɔn komam adwene a ɛyɛ bɔne no.—Genesis 8:21; Romafo 7:21-25.

10. Sɛ yɛkɔ so yɛ “bɔne” a yennu yɛn ho a, na su bɛn na yɛreda no adi?

10 Yesu ka kyerɛɛ Farisini Nikodemo sɛ: “Obiara a ɔyɛ bɔne no tan hann no, na ɔmma hann no ho, na wɔanyi no ne nnwuma ho ntɛn. Na nea ɔyɛ nea ɛyɛ nokware no ba hann no ho sɛ ne nnwuma mmɛda adi, efisɛ ɔyɛɛ no Onyankopɔn mu.” (Yohane 3:20, 21) Susuw eyi ho hwɛ: Yohane kaa Yesu ho asɛm sɛ ɔne “nokware hann a ɛhyerɛn ma onipa biara.” (Yohane 1:9, 10) Nanso Yesu kae sɛ, sɛ yɛyɛ “bɔne,” nneɛma a Onyankopɔn mpɛ a, ɛkyerɛ sɛ yɛtan hann no. So wubetumi atan Yesu ne ne gyinapɛn? Nanso, saa na wɔn a wɔkɔ so yɛ bɔne na wɔnsakra no te. Ebia saafo no nte nka saa, nanso akyinnye biara nni ho sɛ saa na Yesu hu wɔn.

Sɛnea Yebenya Yesu Adwene wɔ Papa ne Bɔne Ho

11. Dɛn na ehia na ama yɛanya Yesu adwene wɔ papa ne bɔne ho?

11 Ɛsɛ sɛ yenya sɛnea Yehowa bu papa ne bɔne no mu ntease yiye. Yɛnam Onyankopɔn Asɛm Bible no sua so nkutoo na enya saa ntease no. Bere a yɛresua ade a ɛte saa no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae sɛnea odwontofo no yɛe yi: “[Yehowa, NW] kyerɛ me w’akwan, na fa me fa w’atempɔn so.” (Dwom 25:4) Nanso, mma wo werɛ mfi sɛ Satan yɛ ɔdaadaafo. (2 Korintofo 11:14) Obetumi ama ade a ɛyɛ bɔne abɛyɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho ama Kristoni a n’ani nna hɔ. Ɛno nti, ehia sɛ yesusuw nea yesua no ho kɔ akyiri na yedi afotu a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de ma no akyi yiye. (Mateo 24:45-47) Sɛ yesua ade, bɔ mpae, susuw nea yesua no ho a, ɛbɛboa yɛn ma yɛanyin honhom fam na yɛabɛka wɔn a esiane sɛ wɔde wɔn adwene tumi di dwuma nti, “wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi mu” no ho. (Hebrifo 5:14) Ɛno bɛma yɛatan bɔne na yɛadɔ papa.

12. Bible afotu bɛn na ɛboa ma yɛkwati amumɔyɛde?

12 Sɛ yɛtan bɔne a, yɛremma kwan mma bɔne ntra yɛn komam. Wɔ Yesu wu akyi mfirihyia pii no, ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Monnnɔ wiase anaa nneɛma a ɛwɔ wiase. Sɛ obi dɔ wiase a, agya no dɔ no nni ne mu. Na nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.”—1 Yohane 2:15, 16.

13, 14. (a) Dɛn nti na asiane wom sɛ Kristoni bɛdɔ nneɛma a ɛwɔ wiase no? (b) Yɛbɛyɛ dɛn akwati sɛ yɛbɛdɔ nneɛma a ɛwɔ wiase no?

13 Ebia ebinom bɛka sɛ ɛnyɛ wiase no mu biribiara na enye. Ɛyɛ nokware de, nanso wiase no ne emu afɛfɛde no betumi atwetwe yɛn afi ɔsom a yɛde ma Yehowa no ho. Biribiara nni wiase a wɔayɛ sɛ ɛmmoa yɛn mma yɛmmɛn Onyankopɔn yiye. Enti sɛ yɛdɔ nneɛma a ɛwɔ wiase, mpo nneɛma a ɛnyɛ bɔne ankasa no a, na yɛreyɛ de yɛn nkwa ato asiane mu. (1 Timoteo 6:9, 10) Eyi te saa efisɛ nneɛma a ɛwɔ wiase dodow no ara nye ankasa na ɛyɛ nea ebetumi asɛe yɛn. Sɛ yɛhwɛ sini anaa television so dwumadi a basabasayɛ anaa nna mu ɔbrasɛe wom, anaa ɛhyɛ honam fam adedodowpɛ ho nkuran a, bere kɔ so no yɛbɛba abɛte nka sɛ nneɛma a ɛtete saa no nyɛ bɔne, na ɛba saa pɛ a ebesum yɛn afiri. Sɛ yɛne wɔn a wɔn adwene nyinaa ara ne sɛ wobedi yiye anaa wɔbɛyɛ adwuma kɛse bi bɔ a, nneɛma a ɛtete saa bɛba abɛyɛ nea ɛho hia yɛn titiriw.—Mateo 6:24; 1 Korintofo 15:33.

14 Nea ɛne no bɔ abira no, sɛ yɛma yɛn ani gye Yehowa Asɛm ho a, “honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa” rentwetwe yɛn kɛse. Bio nso, sɛ yɛne wɔn a wɔde Onyankopɔn Ahenni di kan wɔ wɔn asetram bɔ a, yɛbɛyɛ sɛ wɔn adɔ nea wɔdɔ, akwati nea wɔkwati.—Dwom 15:4; Mmebusɛm 13:20.

15. Te sɛ Yesu no, ɔkwan bɛn so na trenee a yɛbɛdɔ na yɛatan amumɔyɛ no bɛhyɛ yɛn den?

15 Tan a Yesu tan amumɔyɛde na ɔdɔɔ adetrenee no na ɛboaa no ma ɔde n’ani sii “anigye a ɛda n’anim” no so. (Hebrifo 12:2) Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte wɔ yɛn fam. Yenim sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam.” Anigyede biara a ɛwɔ wiase no yɛ bere tiaa mu ade a ebetwam. Nanso “nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Esiane sɛ Yesu yɛɛ Onyankopɔn apɛde nti, wama ayɛ yiye ama nnipa sɛ wobenya daa nkwa. (1 Yohane 5:13) Ɛmmra sɛ yebesuasua no na yɛanya nokware a odi kosii ase no so mfaso.

Ɔtaa Ano a Yebegyina

16. Dɛn nti na Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ wɔnnodɔ wɔn ho?

16 Yesu kaa ade foforo a n’asuafo besua no ho asɛm bere a ɔkaa eyi no: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no.” (Yohane 15:12, 13, 17) Nneɛma pii nti na Kristofo dɔ wɔn nuanom. Bere a Yesu hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnnodɔ wɔn ho no, ɔtan a wiase no bɛtan n’akyidifo no ho asɛm na na ɛwɔ n’adwene mu titiriw. Ɔkae sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. . . . Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔataa me a, wɔbɛtaa mo nso.” (Yohane 15:18, 20) Yiw, wɔ ɔtaa mu mpo no, Kristofo te sɛ Yesu. Ɛsɛ sɛ wonya ɔdɔ a emu yɛ den ankasa ma wɔn ho wɔn ho na ama wɔatumi agyina ɔtaa ano.

17. Dɛn nti na wiase no tan nokware Kristofo?

17 Dɛn nti na wiase no bɛtan Kristofo? Nea enti a ɛte saa ne sɛ “wɔnyɛ wiase no fã” sɛnea na Yesu nso nyɛ wiase no fã no. (Yohane 17:14, 16, NW) Wonni ɔfã biara wɔ sraadi ne amanyɔsɛm mu, na wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma kyerɛ obu ma nkwa, na wobu bra pa. (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29; 1 Korintofo 6:9-11) Botae titiriw a wɔde asisi wɔn ani so fa Onyankopɔn som ho na ɛnyɛ honam fam nneɛma. Wɔte wiase no mu de, nanso sɛnea Paulo kyerɛwee no, wɔmma wiase nneɛma ‘nnye wɔn adwene.’ (1 Korintofo 7:31, NW) Nokwasɛm ni, ebinom akyerɛ anisɔ wɔ Yehowa Adansefo abrabɔ pa ho. Nanso Yehowa Adansefo nnyae wɔn ho mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkamfo wɔn anaa wobegye wɔn atom. Esiane eyi nti, nnipa a wɔwɔ wiase fã kɛse no ara nte wɔn ase na pii nso tan wɔn.

18, 19. Bere a Kristofo di Yesu nhwɛso akyi no, wɔyɛ wɔn ade dɛn wɔ ɔsɔretia ne ɔtaa ho?

18 Yesu asomafo no huu ɔtan kɛse a wiase no tan wɔn no bere a wɔkyeree Yesu kokum no no, na wɔsan huu sɛnea Yesu gyinaa saa ɔtan no ano. Bere a na wɔwɔ Getsemane turom hɔ no, nyamesomfo a na wɔtan Yesu no bae sɛ wɔrebɛkyere no. Saa bere no, Petro twee nkrante sɛ ɔde reko agye Yesu. Nanso Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.” (Mateo 26:52; Luka 22:50, 51) Bere a atwam no, Israelfo no de nkrante na ɛne wɔn atamfo de dii ako. Nanso saa bere yi de, na tebea no asesa. Ná Onyankopɔn Ahenni no “mfi wiase,” na na enni hye bi a ɛwɔ asase so a ɛsɛ sɛ wɔbɔ ho ban. (Yohane 18:36) Ná ɛrenkyɛ na Petro abɛyɛ honhom mu man bi a emufo bɛtra soro muni. (Galatifo 6:16; Filipifo 3:20, 21) Efi saa bere no reba no na Yesu akyidifo nyinaa begyina ɔtaa ne ɔsɔretia ano saa ara. Yiw, na wɔde akokoduru begyina ano nanso wɔnyɛ basabasa. Wofi ahotoso mu begyae nneɛma mu ahyɛ Yehowa nsa na wɔde wɔn ho ato ne so sɛ ɔmma wɔn ahoɔden a wobetumi de agyina mu.—Luka 22:42.

19 Petro kyerɛwee wɔ mfirihyia bi akyi sɛ: “Kristo nso huu amane maa mo gyaw mo nhwɛso, sɛ munni n’anammɔn akyi. . . . Ɔno na wɔyaw no, wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:21-23) Sɛnea Yesu bɔɔ kɔkɔ no, Kristofo ahyia ɔtaa a ano yɛ den wɔ mmere pii mu. Sɛnea wɔyɛe wɔ afeha a edi kan no mu ne yɛn bere yi so nso, Kristofo akɔ so adi Yesu nhwɛso akyi na wofi nokwaredi mu agyina ɔtaa ano ama no ayɛ nwonwa de ada no adi sɛ wɔyɛ mudi mu kurafo a wɔpɛ asomdwoe. (Adiyisɛm 2:9, 10) Sɛ ɛba sɛ tebea a ɛte saa ara to yɛn a, ɛmmra sɛ yɛn mu biara bɛyɛ saa ara.—2 Timoteo 3:12.

“Monhyɛ Awurade Yesu Kristo”

20-22. Ɔkwan bɛn so na Kristofo ‘hyɛ Awurade Yesu Kristo’?

20 Paulo kyerɛw kɔmaa asafo a na ɛwɔ Roma no sɛ: “Monhyɛ Awurade Yesu Kristo, na munnyina ɔhonam adwene so nyɛ nhyehyɛe.” (Romafo 13:14, NW) Sɛnea yɛbɛka no no, Kristofo hyɛ Yesu sɛ atade. Wɔbɔ mmɔden biara sɛ wobesuasua Yesu sɛnea nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi biara na ama wɔabɛyɛ te sɛ wɔn Wura no.—1 Tesalonikafo 1:6.

21 Yebetumi ‘ahyɛ Awurade Yesu Kristo’ bere a yesuasua Yesu asetra na yɛbɔ mmɔden bɔ yɛn bra sɛnea ɔbɔɔ ne de no. Yesuasua n’ahobrɛase, ɔdɔ a na ɔdɔ adetrenee, ɔtan a na ɔtan adebɔne, sɛnea na ɔdɔ ne nuanom, ne ho a ɔtwe fii wiase no ho, ne boasetɔ a ɔde gyinaa sɔhwɛ ano no. Yennyina “honam adwene so nyɛ nhyehyɛe,” ɛne sɛ, yɛmma wiase botae horow bi a yebedu ho anaa honam akɔnnɔ nyɛ ade titiriw wɔ yɛn asetram. Mmom no, sɛ yɛredi tebea bi ho dwuma anaasɛ yɛresisi gyinae bi a, yebisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ Yesu a, anka ɔbɛyɛ dɛn? Dɛn na ɔpɛ sɛ meyɛ?’

22 Awiei koraa no, yesuasua Yesu denam nnam a yɛde ‘ka asɛmpa’ no so. (Mateo 4:23; 1 Korintofo 15:58) Wɔ eyi yɛ mu nso, Kristofo di nhwɛso a Yesu yɛ too hɔ no akyi. Yebesusuw sɛnea yesuasua Yesu no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristoni brɛ ne ho ase?

• Yɛbɛyɛ dɛn anya papa ne bɔne ho adwene a ɛfata?

• Ɔkwan bɛn so na Kristofo suasua Yesu wɔ sɛnea wogyina ɔsɔretia ne ɔtaa ano mu?

• Ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi ‘ahyɛ Awurade Yesu Kristo’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yesu yɛɛ ahobrɛase ho nhwɛso a edi mu

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Ɛhwehwɛ sɛ Kristoni brɛ ne ho ase wɔ biribiara a ɔyɛ a asɛnka adwuma ka ho mu

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Satan betumi ama anigyede a ɛmfata abɛyɛ te sɛ nea asɛm biara nni ho ama Kristoni

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Ɔdɔ a yɛn nuanom beyi no adi akyerɛ yɛn bɛhyɛ yɛn den ama yɛagyina ɔsɔretia ano