Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Yiye Wɔ Amanne a Ɛnsɔ Onyankopɔn Ani Ho

Hwɛ Yiye Wɔ Amanne a Ɛnsɔ Onyankopɔn Ani Ho

Hwɛ Yiye Wɔ Amanne a Ɛnsɔ Onyankopɔn Ani Ho

WƆABUE funnaka bi so si Afrika awia a ano denneennen so. Bere a ayiasefo to santen kɔhwɛ funu no na wosu no no, akwakoraa bi gyina. Awerɛhow ahyɛ no ma, na obutuw funu no anim pɛɛ fi ase kasa sɛ: “Adɛn nti na wanka ankyerɛ me sɛ worekɔ? Wugyaw me maa hena? Seesei a woasan kɔ no, wobɛkɔ so aboa me anaa?”

Wɔawo abofra bi wɔ Afrika fã bi nso. Wɔmma obiara nnkɔhwɛ abofra no. Bere bi akyi no, wɔde abofra no pue abɔnten ma afoforo hu no, na wɔyɛ amanne de to no din.

Wɔ nnipa binom fam no, obi a wawu a wɔne no kasa anaa abofra a wɔawo no foforo a wɔde no sie mma afoforo nhu no no betumi ayɛ ade a ɛyɛ nwonwa. Nanso, wɔ amammerɛ ne aman bi mu no, gyidi a emu yɛ den a nnipa wɔ sɛ awufo nwui ankasa, na wɔte baabi no nya sɛnea nnipa yɛ wɔn ade wɔ owu ne awo ho so nkɛntɛnso.

Saa gyidi yi mu yɛ den araa ma ɛkame ayɛ sɛ enya onipa asetra afã nyinaa so tumi. Sɛ nhwɛso no, nnipa ɔpepem pii gye di sɛ bere titiriw bi wɔ obi asetra mu te sɛ, awo, brayɛ, aware, ne owu yɛ asetra fã bi a ɛde wo rekɔ nananom a wɔawuwu nkyɛn wɔ ahonhom atrae. Wogye di sɛ nipa a wawu no kɔ so di dwuma titiriw bi wɔ wɔn a wagyaw wɔn hɔ no asetra mu wɔ ahonhom atrae hɔ. Na obetumi asan aba ma wɔawo no bio.

Sɛnea ɛbɛyɛ a saa adeyɛ yi bɛkɔ so pɛpɛɛpɛ no, wɔyɛ amanne ahorow pii. Gyidi a ɛne sɛ biribi hyɛ yɛn mu a enwu no na ɛhyɛ saa amanneɛ ahorow yi akyi. Nokware Kristofo kwati amanne ahorow a ɛfoa saa gyidi yi so no. Dɛn ntia?

Tebea Bɛn na Awufo Wom?

Bible no kyerɛkyerɛ tebea a awufo wom mu ma emu da hɔ. Ɛka no tiawa sɛ: “Ateasefo nim sɛ wobewuwu, na awufo de, wonnim biribiara . . . Wɔn dɔ oo, wɔn tan oo, wɔn ninkuntwe oo, ayera dabidabi dedaw . . . Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman a worekɔ hɔ no.” (Ɔsɛnkafo 9:5, 6, 10) Onyankopɔn nokware asomfo agye Bible mu nokware yi atom dedaadaw. Wɔabɛte ase sɛ ɔkra no betumi awu na asɛe, a ɛnyɛ sɛ ɛkɔtra baabi. (Hesekiel 18:4) Wɔabehu nso sɛ awufo ahonhom nni hɔ. (Dwom 146:4) Wɔ tete mmere mu no, Yehowa hyɛɛ ne nkurɔfo denneennen sɛ wɔntwe wɔn ho koraa mfi amanne biara a na ɛne gyidi a ɛne sɛ nipa wu a na onwui na otumi boa ateasefo no hyia no ho.—Deuteronomium 14:1; 18:9-13; Yesaia 8:19, 20.

Saa ara nso na Kristofo a na wɔwɔ afeha a edi kan mu no amfa wɔn ho anhyɛ amanne horow a na ɛne atoro som nkyerɛkyerɛ hyia mu. (2 Korintofo 6:15-17) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo, ɛmfa ho ɔman a wofi mu, abusua a wofi mu anaa ntetee a wonyae no, kwati amammerɛ ne amanne ahorow a ɛne atoro nkyerɛkyerɛ a wɔkyerɛ sɛ biribi hyɛ nipa mu a enwu da no wɔ abusuabɔ no.

Sɛ́ Kristofo no, sɛ yɛresi gyinae wɔ amanne bi a ɛsɛ sɛ yedi anaa yenni ho a, dɛn na ebetumi akyerɛ yɛn kwan? Ɛsɛ sɛ yɛto yɛn bo ase dwen ho sɛ ɛne nkyerɛkyerɛ bi a ennyina Bible so, te sɛ gyidi a ɛne sɛ awufo ahonhom boa ateasefo no wɔ abusuabɔ bi anaa. Bio nso, ɛsɛ sɛ yesusuw ho sɛ, sɛ yɛde yɛn ho hyɛ amanne anaa afahyɛ a ɛte saa mu a, ebetumi ato afoforo a wonim nea Yehowa Adansefo gye di na wokyerɛkyerɛ no hintidua anaa. Bere a saa nsɛm yi wɔ yɛn adwenem no, momma yensusuw nneɛma abien bi a ɛho abehia ho nhwɛ—awo ne owu.

Awo ne Abadinto

Amanne pii a ɛbata awo ho no fata. Nanso, wɔ mmeae a wobu abofra a wɔawo no sɛ ofi nananom a wɔawuwu ahonhom atrae na aba nnipa mu no, ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hwɛ yiye. Sɛ nhwɛso no, wɔ Afrika mmeae bi no, sɛ wɔwo abofra bi a wɔde no hyɛ dan mu ma bere bi twam ansa na wɔato no din. Ɛwom sɛ ebetumi asono bere tenten a wɔde no hyɛ dan mu wɔ mpɔtam biara de, nanso wɔde abadinto na ewie. Saa bere no wɔde abofra no pue abɔnten na afei wɔda no adi kyerɛ abusuafo ne nnamfo, na wɔbɔ abofra no din ma obiara a ɔwɔ hɔ te bi.

Bere a nhoma, Ghana—Understanding the People and Their Culture (Ghana—Nnipa no ne Wɔn Amammerɛ a Wobɛte Ase) rekyerɛkyerɛ nea amanne yi kyerɛ mu no, ɛka sɛ: “Sɛ wɔwo abofra a, nnanson a edi kan no, wobu no sɛ ɔwɔ ‘nsrahwɛ’ mu, na ofi ahonhom atrae reba abɛtra asase so. . . . Wɔtaa de abofra no hyɛ dan mu na wɔmma obiara a ɔnyɛ obusuani nhu no.”

Dɛn nti na wɔde abofra no hyɛ dan mu kosi bere bi ansa na wɔayɛ amanne de ato no din? Ghana in Retrospect (Ghana Ho Abakɔsɛm) nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nnanson a edi kan no wobu abofra no sɛ ɔnyɛ nipa. Ɔkwan bi so no, wobu no sɛ ɔda so wɔ ahonhom atrae a ofi hɔ bae no.” Nhoma no toa so sɛ: “Sɛnea yɛbɛka no no, esiane sɛ edin a wɔde to abofra no na ɛma ɔbɛyɛ nipa nti, sɛ awarefo bi suro sɛ wɔn ba a wɔawo no no bewu a, nea wɔtaa yɛ ne sɛ wɔnto abofra no din kosi sɛ wohu sɛ abofra no bɛtra ase ansa. . . . Enti, wosusuw sɛ saa amanne a wɔyɛ de yi abofra no adi no yɛ ade a ɛho hia paa ma abofra no ne n’awofo. Ɛyɛ amanne no na ɛma abofra no bɛyɛ onipa.”

Ɔpanyin bi a ɔwɔ abusua no mu na ɔtaa to din no. Ɛsono nneɛma a wɔyɛ wɔ abadinto no ase wɔ baabiara, nanso wɔtaa gu nsa, yɛ amanne foforo de da nananom a wɔawuwu ahonhom ase sɛ abofra no abedu asomdwoe mu.

Abofra no din a wɔbɔ kyerɛ ne ade titiriw wɔ abadinto ase. Ɛwom sɛ awofo no na ɛsɛ sɛ wɔto wɔn ankasa ba no din de, nanso abusuafo foforo nso tumi kyerɛ din a wɔmfa mma no. Edin no bi wɔ hɔ a ɛkyerɛ biribi te sɛ “ɔkɔbae,” “Eno aba bio,” anaa “Agya aba bio” wɔ ɛhɔfo kasa mu. Edin no bi wɔ hɔ nso a ekura nkyerɛase bi a ɛremma nananom a wɔawuwu no mmɛfa abofra a wɔawo no foforo no nsan nkɔ ahonhom atrae hɔ.

Nokwarem no, mfomso biara nni ho sɛ wobedi abofra awo ho ahurusi. Abofra a wɔde no to obi anaa wɔma no din a ɛne nsɛm a esii wɔ n’awo mu hyia no yɛ amanne a ɛfata, ɛnna bere kõ a wɔpɛ sɛ wɔto abofra no din nso yɛ ankorankoro gyinaesi. Nanso, Kristofo a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no hwɛ sɛ wɔbɛkwati amanne biara a ɛma afoforo nya adwene sɛ wɔne wɔn a wogye di sɛ abofra a wɔawo no no yɛ “ɔhɔho” a ofi nananom a wɔawuwu ahonhom atrae rebɛtra nnipa mu no yɛ adwene.

Bio nso, esiane sɛ nnipa pii a wɔwɔ mpɔtam hɔ no bu abadinto no sɛ bere a abofra no fi ahonhom atrae rebɛyɛ onipa nti, ɛsɛ sɛ Kristofo susuw afoforo ahonim ho na wosusuw adwene a wɔn a wɔnyɛ gyidifo no benya ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ Kristofo abusua bi de wɔn ba a wɔawo no foforo hyɛ dan mu kosi sɛ wɔbɛto abofra no din ansa na wɔayi no apue a, dɛn na ebia ebinom bɛka? Sɛ wɔto din a ɛne Bible mu nokware a wɔka sɛ wɔkyerɛkyerɛ no nhyia a, adwene bɛn na afoforo benya?

Enti, sɛ Kristofo resi gyinae wɔ ɔkwan a wɔbɛto wɔn mma din ne bere kõ a wɔbɛyɛ no ho a, wɔbɔ mmɔden sɛ ‘wɔbɛyɛ ne nyinaa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔnto afoforo hintidua. (1 Korintofo 10:31-33) ‘Wɔnnkwae Onyankopɔn ahyɛde sɛnea ɛbɛyɛ a wobedi wɔn atetesɛm’ a wɔahyɛ da ayɛ de redi awufo ni no so. Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔde nidi ne anuonyamhyɛ ma Yehowa, ɔteasefo Nyankopɔn no.—Marko 7:9, 13.

Wawu Kɔ Asetra Foforo Mu

Nnipa pii bu owu sɛ ɛde wo kɔ asetra foforo mu te sɛ awo ara pɛ; kyerɛ sɛ, sɛ obi wu a ofi wiase yi mu kɔ ahonhom atrae a awufo ahonhom wɔ no. Nnipa pii gye di sɛ, sɛ obi wu na wɔanyɛ amanne ahorow bi wɔ n’ayi no ho a, awufo ahonhom a wogye di sɛ wɔwɔ tumi a wɔde twe ateasefo aso anaa wɔde boa wɔn no bo befuw. Saa gyidi yi nya nkɛntɛnso kɛse wɔ ayiyɛ so.

Wɔtaa da nkate ahorow adi wɔ ayi bi a wɔyɛ sɛ wɔde redwudwo awufo bo no ase. Ebinom twa agyaadwo, na ebinom nso bɔ bena wɔ funu no anim, ɛnna wosie funu no nso wie a, wodidi gye wɔn ani. Adidi ntraso, asabow, ne nnwom a wɔbɔ no denneennen ma wɔsaw na ɛtaa kɔ so wɔ ayiyɛ a ɛte saa ase. Wobu ayiyɛ sɛ ade titiriw paa ma enti wɔn a wonni bi koraa mpo no bɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛboaboa sika a ɛsɔ ani ano de ayɛ “ayi a ɛfata,” ɛmfa ho mpo sɛ ebetumi de ka ne nsɛnnennen abɛto wɔn so no.

Mfe pii ni na Yehowa Adansefo akɔ so akyerɛkyerɛ ayiyɛ ho amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so no mu ma emu ada hɔ fann. * Saa amanne ahorow no bi ne pɛsi, nsa a wogu, awufo a wɔne wɔn kasa bisa wɔn hɔ ade, ayi ho afahyɛdi te sɛ nnawɔtwe da di, adaduanan ne nea ɛkeka ho, ne amanne ahorow a egyina gyidi a ɛne sɛ biribi wɔ nnipa mu a enwu so no. Amanne a ɛtete saa a ɛmfa nidi mma Onyankopɔn no ‘ho ntew,’ na ɛyɛ “nnaadaa hunu” a egyina “nnipa atetesɛm” so na ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no so.—Yesaia 52:11; Kolosefo 2:8.

Nhyɛso a Efi Afoforo Hɔ

Ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobegyae amanne ahorow a egyina atetesɛm so di, titiriw wɔ aman a wobu awufo a wodi wɔn ni no sɛ ade a ɛho hia paa no. Esiane sɛ Yehowa Adansefo nni amanne a ɛtete saa akyi nti, wɔanya wɔn ho adwene a ɛmfata anaasɛ wɔabɔ wɔn sobo sɛ wɔmpɛ nnipa na wommu awufo. Kasatia ne nhyɛso a emu yɛ den yi ama Kristofo binom abɔ hu sɛ wɔbɛyɛ soronko, ɛmfa ho sɛ wɔte Bible mu nokware ase yiye no. (1 Petro 3:14) Ebinom nso ate nka sɛ saa amanne ahorow yi yɛ wɔn amammerɛ fã ma nti wontumi nnyae koraa. Afoforo nso aka sɛ, sɛ wɔanni amanne akyi a ebetumi ama mpɔtam hɔfo no anya Onyankopɔn nkurɔfo ho adwemmɔne.

Yɛmpɛ sɛ yɛbɛhaw afoforo sɛnea ɛho nhia. Nanso, Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ nokware no a yebegyina akyi pintinn no bɛma wiase a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no atan yɛn. (Yohane 15:18, 19; 2 Timoteo 3:12; 1 Yohane 5:19) Yefi yɛn pɛ mu gyina nokware no akyi, a yenim sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ soronko wɔ wɔn a wɔnsom Onyankopɔn no mu. (Malaki 3:18; Galatifo 6:12) Sɛnea Yesu ko tiaa sɔhwɛ a Satan de baa ne so sɛ ɔnyɛ ade a ɛnsɔ Onyankopɔn ani no, saa ara na yɛn nso yɛko tia nhyɛso a ɛbɛma yɛayɛ ade a ɛnsɔ Onyankopɔn ani. (Mateo 4:3-7) Ade titiriw a ehia Kristofo ne sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani na wɔadi no ni sɛ nokware Nyankopɔn sen sɛ wɔbɛma nnipa ho suro adi wɔn so. Wɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a esiane nhyɛso nti wommu wɔn ani ngu Bible nnyinasosɛm a ɛfa nokware som ho so.—Mmebusɛm 29:25; Asomafo no Nnwuma 5:29.

Yehowa a Yebedi no Ni Denam Sɛnea Yebu Awufo So

Ɛnyɛ nwonwa sɛ, sɛ yɛn dɔfo bi wu a, ɛbɛyɛ yɛn yaw kɛse na yɛadi awerɛhow. (Yohane 11:33, 35) Yɛn dɔfo bi a wawu a yɛkae no na yesie no ɔkwan a ɛfata so no yɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma no a yɛda no adi. Nanso, Yehowa Adansefo gyina owu ho awerɛhow ano a wɔmma amanne ahorow a ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam nni wɔn so. Eyi nyɛ mmerɛw mma wɔn a wɔtetee wɔn wɔ baabi a owu ho suro a emu yɛ den wɔ no. Ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so bere a yɛredi yɛn dɔfo bi a ɔbɛn yɛn wu ho awerɛhow no. Nanso, Yehowa a ɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no hyɛ Kristofo anokwafo den, na wonya mmoa a efi ɔdɔ mu fi mfɛfo gyidifo hɔ. (2 Korintofo 1:3, 4) Gyidi a emu yɛ den a Kristofo wɔ sɛ wɔn a wɔawuwu a wɔwɔ Onyankopɔn nkae mu no bɛsan abɛtra ase da bi no, ma wɔtwe wɔn ho fi ayiyɛ ho amanne biara a ennyina kyerɛwsɛm so a ɛkyerɛ sɛ owusɔre nni hɔ no ho koraa.

Enti ɛnyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa afrɛ yɛn ‘afi esum mu aba ne hann a ɛyɛ nwonwa mu’? (1 Petro 2:9) Bere a yɛn ani gye sɛ wɔawo abofra na yedi owu ho awerɛhow no, ɛmmra sɛ ɔpɛ a emu yɛ den a yɛwɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ ne ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no bɛka yɛn ma ‘yɛakɔ so annantew sɛ hann mma.’ Mommma yɛmmma amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so a ɛnsɔ Onyankopɔn ani no mfra yɛn som mu da.—Efesofo 5:8.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 23 Yɛsrɛ sɛ hwɛ Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? ne Ɔkwan a Ɛkɔ Daa Nkwa mu No—So Woahu? nhomawa a Yehowa Adansefo tintimii no.