Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti A Nnipa Pii Nnye Nni Sɛ Nyamesom Betumi Ama Adesamma Ayɛ Biako

Nea Enti A Nnipa Pii Nnye Nni Sɛ Nyamesom Betumi Ama Adesamma Ayɛ Biako

Nea Enti A Nnipa Pii Nnye Nni Sɛ Nyamesom Betumi Ama Adesamma Ayɛ Biako

ƆSOM ahorow pii gye abrabɔ ho akwankyerɛ titiriw yi tom: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” (Mateo 22:39) Sɛ ɔsom ahorow a ɛtete saa no yeree wɔn ho kyerɛkyerɛɛ wɔn akuw no mufo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnkonom a, anka emufo bɛbɛn wɔn ho wɔn ho na wɔayɛ biako. Nanso, saa na woahu? So ɔsom ahorow no tumi de biakoyɛ ba? Wɔnam nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi wɔ Germany so bisaa nkurɔfo sɛ: “So nyamesom de biakoyɛ ba nnipa mu, anaasɛ ɛde mpaapaemu mmom na ɛba?” Nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 22 kae sɛ nyamesom de biakoyɛ ba, bere a ɔha biara mu 52 kae sɛ ɛde mpaapaemu ne ntetewmu mmom na ɛba. Ebia nnipa a wɔwɔ wo man mu nso te nka saa ara.

Dɛn nti na nnipa pii nni ahotoso koraa sɛ nyamesom betumi ama adesamma ayɛ biako? Gyama ebia nea wonim fi abakɔsɛm mu ntia. Sɛ́ anka nyamesom bɛma nkabom aba nnipa mu no, mpɛn pii na ɛde ntetewmu mmom aba wɔn mu. Wɔ nhwɛso ahorow bi mu no, wɔayɛ atirimɔdenne a ɛyɛ hu sen biara wɔ nyamesom din mu. Susuw nhwɛso ahorow bi a ɛkɔɔ so wɔ mfirihyia 100 a atwam yi ara mu ho hwɛ.

Nea Nyamesom De Bae

Wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no, Croatiafo a wɔyɛ Roma Katolekfo ne Serbiafo a wɔyɛ Ortodɔksfo a wɔwɔ Balkan aman so no dii ako. Afanu no nyinaa kyerɛe sɛ wɔyɛ Yesu a ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnnɔ wɔn yɔnko no akyidifo. Nanso, sɛnea nhwehwɛmufo bi kaa wɔn akodi ho asɛm no, “ɛyɛ akodi a wokunkum ɔmanfo a wɔnyɛ asraafo wom ma ɛyɛɛ ahodwiriw sen biara wɔ abakɔsɛm mu no mu biako.” Ehu kaa wiase no wɔ nnipa dodow a wowuwui wom a na wɔboro mmarima, mmea, ne mmofra 500,000 no ho.

Wɔ afe 1947 mu no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 400 a na wɔyɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa saa bere no ɔha biara mu 20 a wɔyɛ Hindufo, Nkramofo, ne Sikhfo titiriw na na wɔwɔ India. Bere a wɔkyɛɛ India mu no, wobenyaa Nkramofo man a ɛne Pakistan. Saa bere no, aguanfo ɔpehaha pii a wofi aman abien no nyinaa mu na wɔhyew wɔn, boroo wɔn, yɛɛ wɔn ayayade, na wɔtotow wɔn atuo wɔ nyamesom din mu ntoatoaso.

Te sɛ nea nhwɛso a yɛaka ho asɛm yi ara nnɔɔso no, amumɔyɛsɛm ho asɛm sɔree wɔ afeha yi mfiase. Ɛnnɛ, amumɔyɛsɛm ama wiase mũ no nyinaa ntumi nna, na amumɔyɛfo akuw pii kyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesomfo. Wommu nyamesom sɛ ade a ɛde biakoyɛ ba. Mmom no, ɛtaa de basabasayɛ ne mpaapaemu na ɛba. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ German nsɛmma nhoma FOCUS de wiase som ahorow akɛse no—Buddhasom, Kristoman, Konfusiosom, Hindusom, Nkramosom, Yudasom, ne Taosom—totoo atuduru ho.

Akasakasa a Ɛkɔ So Wɔ Ɔsom Ahorow Mu

Bere a ɔsom ahorow bi ne afoforo redi ako no, afoforo de, akasakasa na ɛrekɔ so wɔ wɔn ankasa mu. Sɛ nhwɛso no, nkyerɛkyerɛ ho akyinnyegye a ɛrekɔ so nnansa yi wɔ Kristoman mu asɔre ahorow mu no ama asɔre ahorow no mu akyekyɛ. Asɔfo ne asɔremma no nyinaa bisa sɛ: So hokwan wɔ hɔ sɛ wosiw awo ano? Na nyinsɛn a wotu gu nso ɛ? So ɛsɛ sɛ wɔhyɛ mmea asɔfo? Ɛsɛ sɛ asɔre no bu nnipa a wokura bɔbeasu koro ntam nna dɛn? So ɛsɛ sɛ ɔsom bi pene akodi so? Esiane sɛ mpaapaemu a ɛte saa wɔ hɔ nti, nnipa pii bisa sɛ: ‘Sɛ nyamesom ntumi mma emufo nyɛ biako a, ɛbɛyɛ dɛn na atumi de biakoyɛ aba adesamma mu?’

Ɛda adi pefee sɛ, nyamesom ankasa ntumi mfaa biakoyɛ mmae. Nanso, so ɔsom ahorow nyinaa na mpaapaemu wom? So ɔsom bi wɔ hɔ a ɛyɛ soronko a ebetumi ama adesamma ayɛ biako?

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Polisifo a wɔapirapira wɔ nyamesom akuw ntam basabasayɛ mu wɔ India wɔ afe 1947 mu

[Asɛm Fibea]

Photo by Keystone/Getty Images