Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

So asɛm a Stefano kae a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma 7:59 no kyerɛ sɛ Yesu na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae?

Asomafo no Nnwuma 7:59 ka sɛ: “Wɔresiw Stefano abo no, ɔfrɛe sɛ: Awurade Yesu, gye me honhom!” Esiane sɛ Bible ka sɛ Yehowa na ɔyɛ “Mpaebɔ Tiefo” nti, saa asɛm yi ama nsɛmmisa asɔre wɔ ebinom adwenem. (Dwom 65:2) So Yesu na Stefano bɔɔ no mpae ankasa? So eyi kyerɛ sɛ Yesu ara ne Yehowa?

King James Version ka sɛ na Stefano “refrɛ Onyankopɔn.” Sɛ ɛte saa a, ɛnde na ɛfata sɛ nnipa pii ne Bible ho nkyerɛkyerɛmufo Matthew Henry a ɔkae sɛ: “Ɛha no na Stefano rebɔ Kristo mpae, enti ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ no mpae” no yɛ adwene. Nanso, saa adwene no yɛ mfomso koraa. Dɛn ntia?

Barnes’ Notes on the New Testament (Barnes Apam Foforo Ho Nsɛm) ka saa nokwasɛm yi: “Asɛmfua Onyankopɔn no nni mfitiase nkyerɛwee no mu, na anka ɛnsɛ sɛ ɛba nkyerɛase no mu. Enni tete [nsaano nkyerɛwee] anaa nkyerɛase no biara mu.” Ɛyɛɛ dɛn na asɛmfua “Onyankopɔn” bɛhyɛɛ nkyerɛase no mu? Nhomanimfo Abiel Abbot Livermore frɛɛ eyi “mfomso a nkyerɛasefo gyinaa wɔn som mu ntease a wokura so dii ho nhwɛso bi.” Enti, wɔayi asɛmfua Onyankopɔn a wodii atoro twee adwene sii so no afi nnɛyi nkyerɛase dodow no ara mu.

Nanso, nkyerɛase pii ka sɛ Stefano “bɔɔ” Yesu “mpae.” Na asehɔ asɛm a ɛwɔ New World Translation mu kyerɛ sɛ asɛm “ɔsrɛe” no betumi akyerɛ “mpaebɔ” nso. So ɛno renkyerɛ sɛ Yesu ne Ade Nyinaa So Tumfoɔ no? Dabi. Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words kyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so sɛ mfitiase Hela asɛmfua, e·pi·ka·leʹo no kyerɛ: “Sɛ́ wɔbɛfrɛ, anaa . . . wɔde asɛm bi bɛdan otumfoɔ bi.” Paulo de asɛmfua koro yi ara dii dwuma bere a ɔkae sɛ: “Mede asɛm no medan Kaesare” no. (Asomafo no Nnwuma 25:11) Ɛnde, na ɛfata sɛ The New English Bible ka sɛ Stefano “frɛɛ” Yesu.

Dɛn na ɛmaa Stefano srɛɛ ade wɔ saa kwan yi so anaa ɔde asɛm no dan Yesu? Sɛnea Asomafo no Nnwuma 7:55, 56 kyerɛ no, Stefano a ‘honhom kronkron ayɛ no ma no hwɛɛ ɔsoro dinn huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu sɛ ogyina Onyankopɔn nifa.’ Sɛ ɛnyɛ anisoadehu no a anka Stefano bɛfa Yesu din so asrɛ Yehowa hɔ ade. Nanso, bere a Stefano huu Yesu a wɔanyan no wɔ anisoadehu mu no, ɛda adi sɛ ɔtee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔde n’adesrɛ to n’anim tee, na ɔkae sɛ: “Awurade Yesu, gye me honhom!” Na Stefano nim sɛ wɔama Yesu tumi sɛ onnyan awufo. (Yohane 5:27-29) Enti ɔsrɛɛ Yesu sɛ ɔnkora ne honhom anaa ne nkwa so nkosi da a Yesu benyan no akɔ ɔsoro asetra a owu nnim mu.

So asɛntiaa a Stefano kae no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yesu mpae? Dabida. Ade biako ne sɛ, Stefano kyerɛe pefee sɛ ɛsono Yesu ɛnna ɛsono Yehowa, efisɛ kyerɛwtohɔ no ka sɛ ohuu Yesu sɛ “ogyina Onyankopɔn nifa.” Afei nso, na nsɛm tebea yi yɛ biribi soronko koraa. Bere foforo koro pɛ a obi kaa asɛm a ɛte saa kyerɛɛ Yesu ne bere a ɔsomafo Yohane nso huu Yesu wɔ anisoadehu mu na ɔkasa kyerɛɛ Yesu tee no.—Adiyisɛm 22:16, 20.

Ɛwom sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ Yehowa Nyankopɔn mpae wɔ ɔkwan a ɛfata so de, nanso wɔn nso wɔ gyidi a emu yɛ den sɛ Yesu ne “owusɔre ne nkwa.” (Yohane 11:25, NW) Sɛnea ɛboaa Stefano no, saa ara na Yesu mu gyidi a yebenya sɛ obetumi anyan n’akyidifo afi awufo mu no betumi aboa yɛn na awowaw yɛn wɔ sɔhwɛ mmere mu.