Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ho Dɔ Ama Wɔayɛ Biako

Onyankopɔn Ho Dɔ Ama Wɔayɛ Biako

Onyankopɔn Ho Dɔ Ama Wɔayɛ Biako

BERE a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no wɔ afeha a edi kan Yɛn Bere yi mu no, ɛmfa ho sɛ na emu nnipa gu ahorow no, na su atitiriw a ɛda nsow wom no mu biako ne biakoyɛ. Ná saa nokware Nyankopɔn asomfo no fi Asia, Europa, ne Afrika. Ná osuahu a wɔwɔ wɔ asetram no gu ahorow. Ná ebinom yɛ asɔfo, asraafo, nkoa, aguanfo, adwumfoɔ, nhomanimfo, ne aguadifo. Na ebinom yɛ Yudafo, ɛnna afoforo yɛ Amanaman mufo. Ná anka pii yɛ awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, asabofo, awifo, anaa amimfo. Nanso, bere a wɔbɛyɛɛ Kristofo no, wogyaee wɔn nneyɛe bɔne no, na wɔbɛyɛɛ biako wɔ gyidi mu.

Dɛn na ɛmaa afeha a edi kan mu Kristosom tumi maa saa nnipa yi nyinaa boom yɛɛ biako? Dɛn nti na wɔne wɔn ho wɔn ho ne nnipa nyinaa traa ase asomdwoe mu? Dɛn nti na wɔamfa wɔn ho anhyehyɛ atuatew ne akodi ahorow mu? Dɛn nti na na tete Kristosom yɛ soronko koraa fi ɛnnɛ som atitiriw no ho?

Dɛn na Ɛmaa Asafo no Mufo Yɛɛ Biako?

Ade titiriw a ɛmaa mfɛfo gyidifo yɛɛ biako wɔ afeha a edi kan no mu ne Onyankopɔn ho dɔ. Saa Kristofo no gyee wɔn asɛyɛde titiriw a ɛne sɛ wɔde wɔn koma, wɔn kra, ne wɔn adwene nyinaa bɛdɔ Yehowa, nokware Nyankopɔn no toom. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ ɔsomafo Petro a na ɔyɛ Yudani no sɛ ɔnkɔ amanaman muni bi, obi a sɛ ɛnyɛ asɛm a, anka ɔne no mmɔ nkyɛn. Nea ɛkaa no titiriw ma ɔyɛɛ osetie no ne Yehowa ho dɔ a na ɔwɔ no. Petro ne tete Kristofo no ne Onyankopɔn nyaa abusuabɔ a emu yɛ den a na egyina Onyankopɔn nipasu, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ ho nokware nimdeɛ a wɔwɔ so. Bere kɔɔ so no, asomfo no nyinaa bɛtee ase sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ ‘wɔbɛbom awie pɛyɛ wɔ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’—1 Korintofo 1:10; Mateo 22:37; Asomafo no Nnwuma 10:1-35.

Yesu Kristo mu gyidi nso maa gyidifo no kɔɔ so yɛɛ biako. Wɔpɛe sɛ wodi n’anammɔn akyi pɛpɛɛpɛ. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ: “Monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no, . . . Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Na ɛnsɛ sɛ eyi yɛ ɔdɔ bi a enni nnyinaso, na mmom ɔdɔ a efi ahofama mu. Dɛn na na ebefi mu aba? Yesu bɔɔ mpae maa wɔn a na wɔagye no adi no sɛ: “Mesrɛ . . . sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu.”—Yohane 17:20, 21; 1 Petro 2:21.

Yehowa hwiee ne honhom kronkron, anaa ne tumi a ɔde yɛ ade, guu wɔn a wɔyɛ n’asomfo anokwafo so. Saa honhom yi maa biakoyɛ baa wɔn mu. Ɛmaa wɔtee Bible nkyerɛkyerɛ ase, na asafo ahorow no nyinaa gye toom. Yehowa asomfo nyinaa ka asɛnkoro, a ɛne Yehowa din a wɔnam Onyankopɔn Mesia Ahenni, ɔsoro nniso a ebedi adesamma nyinaa so no so bɛtew ho no. Tete Kristofo no tee ahyɛde a ɛne sɛ ‘ɛnsɛ sɛ wɔyɛ wiase no fã’ no ase. Enti, bere biara a na ɔmanfo bɛtew atua anaasɛ asraafo bedi ako no, na Kristofo no nnyina ɔfã biara akyi. Wɔne nnipa nyinaa traa asomdwoe mu.—Yohane 14:26; 18:36, NW; Mateo 6:9, 10; Asomafo no Nnwuma 2:1-4; Romafo 12:17-21.

Gyidifo no nyinaa de yɛɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔbɛboa ma biakoyɛ atra wɔn mu. Ɔkwan bɛn so? Denam mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛma wɔn nneyɛe ne Bible no ahyia so. Enti, ɔsomafo Paulo kyerɛw Kristofo no sɛ: ‘Munyi nipasu dedaw a ɛne mo kan abrabɔ no hyia no ngu,’ na “monhyɛ nipasu foforo” no.—Efesofo 4:22-32, NW.

Wɔkɔɔ So Kuraa Biakoyɛ Mu

Nokwarem no, na gyidifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu nyɛ pɛ, na nsɛm bi sɔree a anka ɛreyɛ asɛe wɔn biakoyɛ no. Sɛ nhwɛso no, Asomafo no Nnwuma 6:1-6 ka akasakasa bi a ɛsɔree wɔ Yudafo Kristofo a wɔka Hela kasa ne wɔn a wɔka Hebri kasa ntam ho asɛm. Nea ɛde akasakasa no bae ne sɛ, Yudafo a wɔka Hela kasa no nyaa adwene sɛ wɔyɛ nyiyim tia wɔn. Nanso, bere a asomafo no tee ho asɛm pɛ na wodii ho dwuma ɔkwan a ɛfata so ntɛm ara. Akyiri yi, nkyerɛkyerɛ bi a na wɔhwehwɛ sɛ Kristofo a wɔnyɛ Yudafo di so de akyinnyegye baa asafo no mu. Wogyinaa Bible mu nnyinasosɛm so sii gyinae, na asafo no mufo nyinaa gyee saa gyinae a wosii yi toom.—Asomafo no Nnwuma 15:1-29.

Saa nhwɛso ahorow yi da no adi sɛ adwene a na enhyia wɔ nsɛm bi ho no amfa abusuakuw anaa nkyerɛkyerɛ bi a wokura mu katee ho mpaapaemu amma afeha a edi kan no mu Kristofo asafo no mu. Dɛn ntia? Efisɛ nneɛma a ɛde biakoyɛ ba—Yehowa ho dɔ, Yesu Kristo mu gyidi, ahofama a efi ɔdɔ mu a na wɔwɔ ma wɔn ho wɔn ho, honhom kronkron akwankyerɛ a wogye toom, Bible nkyerɛkyerɛ ho ntease biako a na wɔwɔ, ne krado a na wɔayɛ sɛ wɔbɛsesa wɔn suban—yɛɛ nneɛma a emu yɛ den koraa a ɛmaa tete asafo no mufo yɛɛ biako na wɔtraa ase asomdwoe mu.

Ɔsom Mu Biakoyɛ a Ɛwɔ Hɔ Nnɛ

So yebetumi afa saa kwan yi ara so anya biakoyɛ nnɛ? So saa nneɛma yi ara betumi ama ɔsom bi mufo ayɛ biako, na wɔatumi ne mmusua horow abom atra asomdwoe mu wɔ wiase afanan nyinaa? Yiw, wobetumi! Yehowa Adansefo ayɛ biako wɔ wiase nyinaa onuayɛ kuw a ɛtrɛw kɔ nsase, nsupɔw, ne nsasesin bɛboro 230 so no mu. Na saa nneɛma a ɛmaa afeha a edi kan no mu Kristofo no yɛɛ biako no ara na ama wɔn nso ayɛ biako.

Ade titiriw a ama biakoyɛ aba Yehowa Adansefo mu ne wɔn ho a wɔde ama Yehowa Nyankopɔn no. Eyi kyerɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobedi Yehowa nokware wɔ tebea horow nyinaa mu. Yehowa Adansefo gye Yesu Kristo ne ne nkyerɛkyerɛ nso di. Saa Kristofo yi da ahofama a efi ɔdɔ mu adi kyerɛ wɔn mfɛfo gyidifo, na wɔka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa koro no ara wɔ wiase baabiara a wɔka asɛm no. Wɔde anigye ka Ahenni yi ho asɛm kyerɛ nnipa a wɔwɔ ɔsom, mmusua, aman, ne akuw ahorow nyinaa mu. Yehowa Adansefo nnyina ɔfã biara akyi wɔ wiase nsɛm mu nso, na ɛno boa wɔn ma wɔko tia amanyɔsɛm, amammerɛ, asetram nsɛm, ne aguadi nhyɛso a ɛde mpaapaemu pii aba adesamma mu no. Adansefo nyinaa gye asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔbɛboa ma biakoyɛ atra wɔn mu no tom denam wɔn abrabɔ a wɔma ɛne Bible gyinapɛn ahorow hyia no so.

Biakoyɛ Twetwe Afoforo

Mpɛn pii na saa biakoyɛ yi akanyan nnipa bi a na wɔnyɛ Adansefo no anigye. Sɛ nhwɛso no, na anka Ilse * yɛ Katolekni bea kokorani wɔ nkokorafi wɔ Germany. Dɛn na ɛmaa n’ani begyee Yehowa Adansefo ho? Ilse kae sɛ: “Wɔne nnipa a woye sen biara a mahyia wɔn pɛn. Wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ akodi mu; wɔnyɛ biribiara a ebepira afoforo. Wɔpɛ sɛ wɔboa nkurɔfo ma wɔtra ase anigye mu wɔ paradise asase so wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.”

Nhwɛso foforo nso ne Günther a na ɔyɛ German sraani a na ɔwɔ France wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no. Da bi, Protestant sɔfo bi kɔyɛɛ asɔre maa asraafo a na wɔwɔ Günther kuw no mu no. Ɔsɔfo no bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa, ahobammɔ, ne nkonimdi maa wɔn. Bere a wɔyɛɛ asɔre wiei no, Günther kɔyɛɛ n’adwuma sɛ ɔwɛnfo. Bere a ɔhwɛɛ n’adwinnade a etumi hu ade a ɛwɔ akyirikyiri mu no, ohui sɛ ɔsɔfo bi nso ne asraafo a wɔne wɔn redi ako no reyɛ asɔre. Akyiri yi Günther kae sɛ: “Ɛda adi sɛ saa sɔfo no nso bɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa, ahobammɔ, ne nkonimdi maa ne nkurɔfo. Ná mente ase sɛ Kristofo asɔre ahorow no tumi di asi wɔ ɔko biako mu.” Günther werɛ amfi saa asɛm yi. Bere a akyiri yi Günther hyiaa Yehowa Adansefo a wɔnkɔ ɔko no, ɔbɛyɛɛ wɔn wiase nyinaa onuayɛ kuw no muni.

Ná anka Ashok ne Feema yɛ Apuei fam som bi mufo. Ná wɔwɔ nyame bi asɔredan si wɔn fie. Bere a yare bi a emu yɛ den bɔɔ wɔn abusua no, wɔsan hwehwɛɛ wɔn som mu yiye. Bere a Ashok ne Feema ne Yehowa Adansefo bɔɔ nkɔmmɔ no, wɔn ani begyee Bible nkyerɛkyerɛ ne ɔdɔ a ɛwɔ Adansefo no mu ho. Mprempren wɔyɛ Yehowa Ahenni no ho asɛmpakafo a wɔyɛ nsi.

Ilse, Günther, Ashok, ne Feema ne Yehowa Adansefo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa ayɛ biako. Wogye Bible bɔhyɛ a ɛne sɛ ɛrenkyɛ na nneɛma a ama Yehowa Adansefo ayɛ biako wɔ ɔsom mu nnɛ no bɛma adesamma asoɔmmerɛwfo nyinaa nso ayɛ biako no di. Saa bere no, wɔrennyina nyamesom din mu nkɔ so nyɛ atirimɔdenne, mfa mpaapaemu ne nyiyim biara mma bio. Wiase nyinaa bɛyɛ biako wɔ nokware Nyankopɔn a ɔne Yehowa no som mu.—Adiyisɛm 21:4, 5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Wɔasesa edin ahorow a wɔde adi dwuma wɔ asɛm yi mu no bi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]

Ɛmfa ho sɛ na tete Kristofo no kan abrabɔ gu ahorow no, na biakoyɛ wɔ wɔn mu