Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wonam Onyankopɔn Nyansa So Bɛbɔ Wo Mma Ho Ban

Sɛnea Wonam Onyankopɔn Nyansa So Bɛbɔ Wo Mma Ho Ban

Sɛnea Wonam Onyankopɔn Nyansa So Bɛbɔ Wo Mma Ho Ban

YƐN nipadua ko tia mmoawammoawa a wɔde yare ba da biara. Anigyesɛm ne sɛ, yɛn mu dodow no ara fi awo mu wɔ nipaduam ahoɔden a etumi bɔ yɛn ho ban wɔ mmoawammoawa a ɛtete saa no ho, na ɛmma nsanyare bebree ntumi nka yɛn.

Saa ara na ɛsɛ sɛ Kristofo ko tia nsusuwii ne abrabɔ a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia, na yɛko tia nhyɛso ahorow a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ pa no. (2 Korintofo 11:3) Nea ɛbɛyɛ na yɛatumi ako atia nhyɛso yi a ɛba yɛn adwene ne yɛn koma so daa no, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ a ebetumi abɔ yɛn ho ban.

Ɛsɛ sɛ yɛn mma titiriw nya nimdeɛ a ɛte saa, efisɛ yɛmfa Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ a ebetumi ama wɔako atia wiase honhom anaa abrabɔ no nwo wɔn. (Efesofo 2:2) Bere a mmofra renyin no, ɛho hia sɛ awofo boa wɔn ma wɔn ankasa nya nimdeɛ a ebetumi abɔ wɔn ho ban. Dɛn so na saa nimdeɛ no gyina? Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: ‘Yehowa na ɔma nyansa, na ɔbɛhwɛ n’ahotefo kwan so.’ (Mmebusɛm 2:6, 8) Onyankopɔn nyansa betumi abɔ mmofra a sɛ wɔannya Onyankopɔn nyansa a wobetumi de wɔn ho akɔhyɛ fekubɔne mu, agyae wɔn ho mu ama atipɛnfo nhyɛso, anaa anigyede a ɛmfata no ho ban. Awofo bɛyɛ dɛn atumi adi Yehowa akwankyerɛ akyi na wɔde Onyankopɔn nyansa adua wɔn mu?

Fekubɔ Pa a Yɛbɛhwehwɛ

Ntease wom sɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so ani gye ho sɛ wɔne wɔn atipɛnfo bɛbɔ, nanso wɔn atipɛnfo a wonni osuahu pii nkutoo a wɔne wɔn bɛbɔ no remma wonnya Onyankopɔn nyansa. Mmebusɛm bɔ kɔkɔ sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho.” (Mmebusɛm 22:15) Ɛnde, ɔkwan bɛn so na awofo binom aboa wɔn mma ma wɔde Onyankopɔn nyansa adi dwuma wɔ fekubɔ mu?

Agya bi a ne din de Don * kae sɛ: “Yɛn mmabarima no ne wɔn nnamfo a wɔyɛ wɔn atipɛnfo bɔe pii, nanso wodii saa bere no mu dodow no ara wɔ yɛn fie bere a na yɛwɔ hɔ. Yɛmaa mmofra pii baa yɛn fie bere nyinaa, na yɛmaa wɔn aduan kyerɛɛ wɔn ho anigye. Wɔn ho dede ne gyegyeegye no anhaw yɛn pii, na yɛnam saayɛ so maa yɛn mma no nyaa baabi a ɛhɔ ye a wobetumi adi agoru ama wɔn ani agye.”

Brian ne Mary wɔ mma baasa a wɔyɛ mmofra pa, nanso wogye tom paa sɛ wɔn ntetee nyɛɛ mmerɛw bere nyinaa. Wɔkae sɛ: “Ná mmofra a wɔreyɛ adi mfirihyia aduonu nnɔɔso wɔ yɛn asafo no mu a na yɛn babea Jane ne wɔn bɛbɔ. Nanso, na ɔwɔ adamfo biako a ne din de Susan a ɔpɛ nnipa na ne ho yɛ anika. Nanso, na n’awofo mma wɔn ani nkɔ ne ho papa sɛ nea na yɛyɛ yɛn babea no. Na wɔma Susan kwan ma otumi pue kɔkyɛ wɔ abɔnten sen Jane. Ná wɔma no kwan ma ɔhyɛ ntade ntiantiaa, tie nnwom a ɛnyɛ papa, hwɛ sini ahorow a ɛmfata. Bere tenten twaam ansa na Jane rete yɛn asɛm ase. Wɔ ne fam no, na ɛte sɛ nea Susan awofo wɔ ntease sen yɛn, na na obu yɛn sɛ yɛyɛ katee dodo. Bere a asɛm too Susan no ansa na Jane rehu sɛ pintinn a yɛyɛe no bɔɔ ne ho ban. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛangow yɛn nsam wɔ nea na yegye di sɛ ɛyɛ papa ma yɛn babea no ho.”

Te sɛ Jane no, mmofra pii ahu nyansa a ɛwom sɛ wɔhwehwɛ wɔn awofo akwankyerɛ wɔ wɔn fekubɔ mu. Mmebusɛm ka sɛ: “Asõ a etie nkwa animka no, ɛbɛtra anyansafo mu.” (Mmebusɛm 15:31) Onyankopɔn nyansa ma mmofra hwehwɛ nnamfo a wɔma nkɔso fekubɔ.

Sɛnea Yebegyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

Fekubɔ ne atipɛnfo nhyɛso na ɛnam. Yɛn mma no hyia nhyɛso a ebetumi ama wɔasesa wɔn suban pa no daa. Esiane sɛ mmabun taa hwehwɛ sɛ wɔn atipɛnfo ani begye wɔn ho nti, atipɛnfo nhyɛso tumi ma wɔyɛ nneɛma bi a wiase no ani gye ho.—Mmebusɛm 29:25.

Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam.” (1 Yohane 2:17) Enti, ɛnsɛ sɛ awofo ma wiase adwene nya wɔn mma so nkɛntɛnso a ɛmfata. Wɔbɛyɛ dɛn atumi aboa wɔn mma ma wɔanya Kristofo adwene?

Richard kae sɛ: “Ná me babea pɛ sɛ ɔhyɛ ntade a mmofra foforo hyɛ no bi bere nyinaa. Enti yefi boasetɔ mu ne no susuw mfaso ne ɔhaw a ɛwɔ biribiara a obisae no mu. Wɔ ahosiesie a yɛpenee so sɛ eye mpo ho no, yɛkaa afotu bi a yɛtee wɔ mfe bi a atwam kyerɛɛ no. Afotu no se, ‘Onyansafo na onni kan mmfa ne ho nnhyɛ biribi a ɛba so foforo mu na ɔnnka akyiri wom bere a ɛretwam no.’”

Ɛna bi a ne din de Pauline faa ɔkwan foforo so ko tiaa atipɛnfo nhyɛso. Ɔkae sɛ: “Memaa m’ani kuu me mma no ahiade ne nea wɔn ani gye ho ho, na na mekɔ wɔn dan mu daa ne wɔn kɔkasa. Saa nkɔmmɔ a me ne wɔn de bere tenten bɔe mpɛn pii no ma mitumi teɛteɛɛ wɔn nsusuwii, na meboaa wɔn ma wɔhwehwɛɛ akwan foforo a wɔbɛfa so asusuw nneɛma ho.”

Atipɛnfo nhyɛso rentwam, enti ɛda adi sɛ awofo bɛkɔ so ako atia ‘wiase nsusuwii’ na wɔaboa wɔn mma ma wɔafa ‘wɔn adwene nnommum ma wɔayɛ osetie ama Kristo.’ (2 Korintofo 10:5, NW) Nanso, sɛ awofo ne mmofra nyinaa ‘kura mpaebɔ mu ara’ a, ɛbɛhyɛ afanu no nyinaa den ma wɔawie adwuma a ɛho hia yi.—Romafo 12:12; Dwom 65:2.

Sɛnea Anigyede Tumi Twetwe Nnipa

Nkɛntɛnso a ɛto so abiɛsa a ebetumi ayɛ den ama awofo sɛ wɔbɛko atia ne anigyede. Mmofra pɛ agodie. Mmofra a wɔn ani afi pii nso de ahopere hwehwɛ anigyede. (2 Timoteo 2:22) Nanso, sɛ wɔanni akɔnnɔ yi ho dwuma nyansam a ebetumi asɛe Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ a ɛbɔ wɔn ho ban no. Ɔhaw no nam akwan titiriw abien so na ɛba.

Nea edi kan no, anigyede pii da wiase ɔbrasɛe a ɛyɛ aniwu adi. (Efesofo 4:17-19) Nanso, wɔda no adi wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na ɛtwetwe adwene so. Eyi yɛ asiane ankasa ma mmofra a wɔrentumi nhu asiane ahorow a ɛwom no.

Nea ɛto so abien no, bere dodow a wɔde gye wɔn ani no nso betumi de ɔhaw ahorow aba. Wɔ ebinom fam no, anigyede bɛyɛ ade a ɛho hia wɔn sen biara wɔ asetram, na egye wɔn bere ne wɔn ahoɔden pii. Mmebusɛm bɔ kɔkɔ sɛ “ɛwodi ntraso nye.” (Mmebusɛm 25:27) Saa ara na anigyede pii nso remma wɔn ani nnye Onyankopɔn asɛm a wobesua ma abɔ wɔn ho ban no ho, na ɛno bɛma wɔayɛ akwadworɔ. (Mmebusɛm 21:17; 24:30-34) Wiase yi a mmabun bedi akosi ase no remma ‘wɔnso nokware nkwa’ a ɛne daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu denneennen. (1 Timoteo 6:12, 19) Ɔkwan bɛn so na awofo adi ɔhaw yi ho dwuma?

Mari Carmen, ɛna bi a ɔwɔ mmabea baasa, kae sɛ: “Ná yɛpɛ sɛ yɛn mmabea no nya ahomegye a ɛfata na wɔn ani gye. Enti na yɛbom pue sɛ abusua daa, na na wɔne wɔn nnamfo a wɔwɔ asafo no mu nso bom gye wɔn ani. Nanso, yɛamma ahomegye anyɛ nea ɛboro so. Yɛde ahomegye totoo nnɔkɔnnɔkɔwade anaa mfremfremade a yɛde pa yɛn anom bere a yɛadidi awie no ho, na yɛamfa no sɛ ɛyɛ aduan titiriw ankasa. Wosuae sɛ wɔbɛyɛ adwumayɛfo wɔ fie, sukuu mu, ne asafo no mu.”

Don ne Ruth nso hyɛɛ da yɛɛ anigyede ho nhyehyɛe. Wɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Yɛhyɛɛ da de Memeneda sii hɔ sɛ da a abusua no bom yɛ ade. Na yɛbom yɛ asɛnka adwuma anɔpa, koguare nsu awia, na yedi aduan soronko bi anwummere.”

Nsɛm a saa awofo yi akeka no kyerɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ Kristoni bɛyɛ anigyede a ɛfata ho nhyehyɛe pa, na wadi ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛfata so wɔ n’asetra mu.—Ɔsɛnkafo 3:4; Filipifo 4:5.

Fa Wo Ho To Yehowa So

Nokwasɛm ni, egye mfirihyia pii na obi de anya Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ a ɔde bɛbɔ ne ho ban. Aduru biara nni hɔ a wode bɛma wo mma anom ama wɔanya Onyankopɔn nyansa, na akanyan wɔn ma wɔde wɔn ho ato wɔn soro Agya so. Mmom no, ɛsɛ sɛ awofo ‘kɔ so tete wɔn wɔ Yehowa nteɛso ne nyansakyerɛ mu.’ (Efesofo 6:4, NW) Saa “nyansakyerɛ” a wɔkɔ so de ma yi kyerɛ boa a wɔbɛboa mmofra ma wɔanya Onyankopɔn adwene wɔ nneɛma ho. Awofo bɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

Abusua Bible adesua a wɔbɛyɛ no daa yɛ ade titiriw a ɛbɛma wɔadi yiye. Adesua no ‘bue mmofra no aniwa ma wohu Onyankopɔn mmara mu anwonwade.’ (Dwom 119:18) Diego faa abusua adesua aniberesɛm paa ma enti ɔboaa ne mma ma wɔbɛn Yehowa kɛse. Ɔkae sɛ: “Misiesiee me ho yiye maa adesua no. Menam nhwehwɛmu a meyɛe wɔ nhoma ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so tumi huu sɛnea mɛka Bible mu nnipa ho asɛm ama wɔahu wɔn yiye. Mehyɛɛ mmofra no nkuran sɛ wonsuasua anokwafo no abrabɔ. Eyi maa nea ɛsɔ Yehowa ani no traa me mma no adwenem yiye.”

Mmofra nam nneɛma a wohu so nso sua ade. Mose tuu awofo fo sɛ wɔnka Yehowa nkaesɛm ho asɛm ‘bere a wɔwɔ fie, bere a wɔnam kwan so, bere a wɔreda, ne bere a wɔada asɔre.’ (Deuteronomium 6:7) Agya bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Me babarima hia bere a ɔde bebue ne komam na waka ne komam asɛm akyerɛ. Sɛ yɛbom tu mpase anaasɛ yɛbom yɛ adwuma a, otumi ka nea ɛwɔ ne komam kyerɛ me. Yɛn baanu nyinaa bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye ma ɛso ba yɛn mfaso wɔ mmere a ɛtete saa mu.”

Mpae a awofo bɔ nso nya wɔn mma so nkɛntɛnso kɛse. Sɛ mmofra te sɛnea wɔn awofo fi ahobrɛase mu bɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ ne mmoa ne bɔne fafiri a, ɛka wɔn ma ‘wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.’ (Hebrifo 11:6) Awofo pii a wɔatumi atete wɔn mma yiye si hia a mpae a abusua no nyinaa bom bɔ ho hia so dua. Saa mpaebɔ no bi fa sukuu nsɛm ne nneɛma foforo a ɛhaw wɔn mma ho. Agya bi kae sɛ ne yere ne wɔn mma bɔ mpae bere nyinaa ansa mmofra no akɔ sukuu.—Dwom 62:8; 112:7.

“Mommma Yɛmmmrɛ Papayɛ Mu”

Awofo nyinaa di mfomso na ebia wodi yaw wɔ sɛnea wodii nneɛma horow bi ho dwuma no ho. Nanso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkɔ so mmɔ mmɔden sɛ “yɛmmrɛ wɔ papayɛ mu.”—Galatifo 6:9.

Nanso, sɛ ɛtɔ mmere bi na awofo nte wɔn mma nsɛm ase a, na wɔreyɛ apa abaw. Ɛnyɛ den koraa sɛ wobɛka sɛ nnɛɛmmafo yɛ soronko na wɔn aso yɛ den. Nanso, nokwarem no, mmerɛwyɛ a mmofra a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ no te sɛ tetefo de no ara, na wohyia sɔhwɛ koro no ara bi. Na nhyɛso a ɛma wodi mfomso no mmom na emu ayɛ den. Enti, bere a agya bi teɛɛ ne babarima bi so wiei no, ɔgow ne nsɛm mu fi ayamye kae sɛ: “Nea na me koma pɛ sɛ meyɛ bere a na mete sɛ wo no ara na wo nso wo koma pɛ sɛ woyɛ no.” Ɛwom sɛ ebia awofo nnim kɔmputa anaa nneɛma a aba so ho nsɛm pii de, nanso wonim nneɛma a ɔhonam a ɛyɛ mmerɛw tɔ kɔ so no nyinaa.—Mateo 26:41; 2 Korintofo 2:11.

Ebia mmofra bi ani nnye wɔn awofo akwankyerɛ ho na wɔtew atua wɔ nteɛso a wɔde ma wɔn ho mpo. Nanso, boasetɔ ho hia wɔ eyi ho nso. Ɛmfa ho sɛ ebia mmofra bɛtwetwe wɔn ho mfiase anaasɛ ɛtɔ mmere bi a wɔbɛtew atua no, wɔn mu pii yɛ osetie akyiri yi. (Mmebusɛm 22:6; 23:22-25) Matthew, Kristoni aberante bi a ɔresom wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea bi mprempren no kae sɛ: “Bere a miduu me mpanyin afe so no, metee nka sɛ anohyeto ahorow a m’awofo de ma me no mfata. Minyaa adwene sɛ, sɛ me nnamfonom awofo ma wɔn kwan ma wɔyɛ nneɛma bi a, dɛn nti na m’awofo mma me kwan? Na sɛ ɛtɔ mmere bi na sɛ wɔtwe m’aso ka sɛ wɔremma mennkɔhare ɔkorow—adeyɛ a na m’ani gye ho—a, na me bo fuw ankasa. Nanso, sɛ mehwɛ m’akyi a, mihu sɛ nteɛso a m’awofo de maa me no tu mpɔn na na ɛho hia ankasa. M’ani sɔ sɛ wɔmaa me akwankyerɛ a na mihia wɔ bere a na ɛsɛ sɛ wɔde ma me no.”

Akyinnye biara nni ho sɛ mmere bi wɔ hɔ a yɛn mma betumi akɔ mmeae bi a nea ɛkɔ so wɔ hɔ nhyɛ Onyankopɔn som ho nkuran de, nanso wobetumi anyin abɛyɛ Kristofo pa. Sɛnea Bible hyɛ bɔ no, wobetumi anya Onyankopɔn nyansa ne nimdeɛ a ɛbɛbɔ wɔn ho ban. “Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban, na ayi wo afi bɔne kwan mu.”—Mmebusɛm 2:10-12.

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ abofra bɛhyɛ wo yafunum asram akron. Na wubetumi anya anigye ne ɛyaw wɔ mfirihyia 20 a edi hɔ no mu. Nanso, esiane sɛ Kristofo a wɔyɛ awofo dɔ wɔn mma nti, wɔbɔ mmɔden yɛ nea wobetumi biara de Onyankopɔn nyansa bɔ wɔn ho ban. Wɔte nka wɔ wɔn mma ho te sɛ nea ɔsomafo Yohane a na ne mfe akɔ anim tee wɔ ne mma a na ɔnam Onyankopɔn asɛm so awo wɔn ho no: “Minni anigye a ɛsen eyi, sɛ mete sɛ me mma nam nokware mu.”—3 Yohane 4.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Wɔasesa edin ahorow a ɛwɔ asɛm yi mu no bi.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

“Yɛmaa mmofra pii baa yɛn fie bere nyinaa”

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ma w’ani nku wo mma ahiade ne nea wɔn ani gye ho ho

[Mfonini wɔ kratafa 26]

“Misiesiee me ho yiye maa adesua no”