Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔatete Yɛn Sɛ Yenni Adanse Fefeefe

Wɔatete Yɛn Sɛ Yenni Adanse Fefeefe

Wɔatete Yɛn Sɛ Yenni Adanse Fefeefe

‘Mobɛyɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.’—ASOMAFO NO NNWUMA 1:8.

1, 2. Adwuma bɛn na wɔde hyɛɛ Petro nsa, na hena na ɔde maa no?

PETRO ka kyerɛɛ Kornelio ne n’abusua sɛ: “Yesu a ofi Nasaret . . . na ɔhyɛɛ yɛn sɛ yɛnka nkyerɛ ɔman no, na yenni adanse [fefeefe, NW] sɛ ɔne ateasefo ne awufo temmufo a Onyankopɔn ayi no asi hɔ.” (Asomafo no Nnwuma 10:38, 42) Ɔsomafo Petro nam saa asɛm yi so maa Kornelio ne n’abusua no hui sɛ wɔama no adwuma sɛ ɔsɛmpakafo.

2 Bere bɛn na Yesu de saa ahyɛde no mae? Ɛbɛyɛ sɛ na Petro rekaakae asɛm a Yesu kae bere tiaa bi ansa na ɔrekɔ soro wɔ ne wusɔre akyi no. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo anokwafo no saa bere no sɛ: ‘Mobɛyɛ m’adansefo Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de akɔpem asase ano nohoa.’ (Asomafo no Nnwuma 1:8) Nanso ansa na asɛm yi rebesi no, na wɔama Petro ahu sɛ, sɛ Yesu kyidifo no, ɛsɛ sɛ ɔka Yesu mu gyidi a ɔwɔ no ho asɛm kyerɛ afoforo.

Mfe Abiɛsa Ntetee

3. Anwonwade bɛn na Yesu yɛe, na dɛn na ɔtoo nsa frɛɛ Petro ne Andrea sɛ wɔmmɛyɛ?

3 Wɔ Yesu asubɔ akyi wɔ afe 29 Y.B. mu no, ɔde asram pii yɛɛ asɛnka adwuma wɔ faako a na Petro ne ne nua Andrea yi mpataa wɔ Galilea Po so no. Da bi, wɔyɛɛ adwuma anadwo mũ no nyinaa a wɔanya hwee. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Twiw kɔ nea ɛdɔ, na munkogu mo asawu nyi nam!” Bere a wɔyɛɛ nea Yesu kae no, “wobumaa mpataa pii; na wɔn asawu no retetew.” Petro huu saa anwonwade no, ɔbɔɔ hu, nanso Yesu kaa ne koma too ne yam sɛ: “Nsuro! Efi nnɛ wubeyi nnipa.”—Luka 5:4-10.

4. (a) Ɔkwan bɛn na Yesu faa so siesiee n’akyidifo maa adansedi? (b) Sɛ wɔde Yesu som adwuma toto n’akyidifo de ho a, ɛte dɛn?

4 Bere a wɔfrɛɛ wɔn no, ntɛm ara Petro ne Andrea, ne Sebedeo mma Yakobo ne Yohane gyaw wɔn korow no kodii Yesu akyi. Wodii Yesu akyi wɔ n’asɛnka adwuma no mu bɛyɛ mfirihyia abiɛsa nyaa ntetee a na ɛbɛma wɔabɛyɛ asɛmpakafo. (Mateo 10:7; Marko 1:16, 18, 20, 38; Luka 4:43; 10:9) Ntetee no baa awiei wɔ Nisan 14, afe 33 Y.B. mu no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom.” (Yohane 14:12) Ná Yesu akyidifo no bedi adanse fefeefe sɛnea Yesu yɛe no nanso na wɔbɛyɛ wɔ mmeae pii asen no. Sɛnea wobehui no, na wɔne Yesu akyidifo a wɔbɛba akyiri yi nyinaa bedi “aman nyinaa” adanse akosi sɛ “wiase nhyehyɛe no awiei” bɛba.—Mateo 28:19, 20, NW.

5. Yɛbɛyɛ dɛn anya ntetee a Yesu de maa n’akyidifo no so mfaso?

5 Yɛte “wiase nhyehyɛe no” awiei mu. (Mateo 24:3) Ɛnnɛ, yentumi ne Yesu mmom nkɔ asɛnka nhwɛ sɛnea ɔyɛ no te sɛ n’akyidifo a wodi kan no. Nanso yebetumi anya ne ntetee no so mfaso denam sɛnea ɔyɛɛ asɛnka adwuma no ne akwankyerɛ a ɔde mae a yɛbɛkenkan wɔ Bible mu no so. (Luka 10:1-11) Wɔ saa asɛm yi mu no, yebesusuw ade foforo bi a ɛho hia yiye a Yesu maa n’akyidifo no hui ho. Ɛno ne su a ɛfata sɛ yenya wɔ asɛnka adwuma no ho.

Odwen Nnipa Ho

6, 7. Suban bɛn na na Yesu wɔ a ɛmaa n’asɛnka adwuma no tuu mpɔn kɛse, na yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua no?

6 Dɛn na ɛmaa Yesu asɛnka tuu mpɔn kɛse saa? Ade biako ne sɛ, na odwen afoforo ho ankasa. Odwontofo no hyɛɛ nkɔm sɛ Yesu ‘bɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so.’ (Dwom 72:13) Akyinnye biara nni ho sɛ ɔmaa saa nkɔmhyɛ no baa mu. Bible no ka sɛ bere bi, “ohuu nnipa akuwakuw no, ne yam hyehyee no maa wɔn, efisɛ na wɔabrɛ, na wɔsam hɔ sɛ nguan a wonni hwɛfo.” (Mateo 9:36) Ná abɔnefo paa mpo nim sɛ odwen nnipa ho ma enti wɔbɛnee no.—Mateo 9:9-13; Luka 7:36-38; 19:1-10.

7 Sɛ yesusuw afoforo ho saa ara nnɛ a, yɛn nso yɛn adansedi betu mpɔn. Ansa na wobɛkɔ asɛnka no, dɛn nti na wunnye bere kakra mfa nsusuw sɛnea nkurɔfo hia asɛm no ho? Susuw ɔhaw a ebia wɔrehyia a Ahenni no nkutoo na ɛwɔ ano aduru no ho. Si wo bo sɛ wubenya obiara ho adwempa efisɛ wunnim nea obetie asɛm no wɔ aso pa mu. Ebia onipa a odi hɔ a worekɔ ne nkyɛn no abɔ mpae sɛ obi mmra mmɛboa no!

Ɔdɔ na Ɔde Yɛɛ Ne Som Adwuma

8. Te sɛ Yesu no, dɛn na ɛma n’akyidifo ka asɛmpa no?

8 Ná asɛmpa a Yesu kae no fa nsɛntitiriw bi a abɛda nnipa nyinaa so a ɛne Yehowa apɛde a wɔbɛyɛ, Ne din a wɔbɛtew ho, ne Ne tumidi a wɔbɛsan ho ho. (Mateo 6: 9, 10) Ɔdɔ a Yesu dɔ N’agya no kaa no maa odii nokware kosii owu mu, na odii Ahenni a ɛde nsɛmpɔw a asɔre no ho mmuae bɛma no ho adanse fefeefe. (Yohane 14:31) Esiane sɛ Yesu akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ ɔdɔ a ɛte saa ara nti, wɔyɛ ɔsom adwuma no nnam so. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Eyi ne Nyankopɔn dɔ, sɛ yebedi n’ahyɛde so,” a ahyɛde a ɛka sɛ yɛnyɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ka ho.—1 Yohane 5:3; Mateo 28:19, 20.

9, 10. Wɔ ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn akyi no, ɔdɔ bɛn bio na ɛma yedi adanse fefeefe?

9 Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so! Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me.” (Yohane 14:15, 21) Enti ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yesu no kanyan yɛn ma yedi nokware no ho adanse na yedi nneɛma afoforo a Yesu hyɛe nso so. Bere bi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Petro wɔ ne wusɔre akyi, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛn me nguammaa! . . . Hwɛ me nguan! . . . Yɛn me nguan!” Ná dɛn na ɛbɛka Petro ma wayɛ saa? Yesu maa mmuae no daa adi bere a ɔkɔɔ so bisaa Petro sɛ: “Wodɔ me? . . . Wodɔ me? . . . Wodɔ me?” no. Yiw, na nea ɛbɛka Petro ma wadi adanse fefeefe, na wahwehwɛ Yesu “nguan,” na ɛno akyi no wahwɛ wɔn wɔ Onyankopɔn som mu ne ɔdɔ a ɔdɔ Yesu.—Yohane 21:15-17.

10 Ɛnnɛ, yennim Yesu sɛnea na Petro nim no no. Nanso yɛte nea Yesu yɛ maa yɛn no ase yiye. Ɔdɔ a ɛmaa ‘ɔkaa owu hwɛ maa onipa biara nipa’ no yɛ yɛn dɛ dodo. (Hebrifo 2:9; Yohane 15:13) Yɛte nka te sɛ Paulo a ɔkyerɛwee eyi no: “Kristo dɔ no hyɛ yɛn; . . . Owu maa wɔn nyinaa na wɔn a wɔte ase no antra ase amma wɔn ho bio, na mmom wɔatra ase ama . . . no.” (2 Korintofo 5:14, 15) Sɛ yɛde nsi yɛ adansedi adwuma no fefeefe a, ɛda no adi sɛ yɛn ani sɔ ɔdɔ a Yesu daa no adi no kɛse na yɛn nso yɛdɔ no. (1 Yohane 2:3-5) Yɛmpɛ sɛ yɛyɛ asɛnka adwuma no bi ne bi te sɛ nea yebu Yesu afɔrebɔ no sɛ ahuhude bi.—Hebrifo 10:29.

Mma Biribiara Ntwetwe W’adwene

11, 12. Dɛn nti na Yesu baa wiase, na dɛn na ɔyɛ de kyerɛe sɛ na ɛno ho hia no paa sen biribiara?

11 Bere a na Yesu gyina Pontio Pilato anim no, Yesu kae sɛ: “Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse.” (Yohane 18:37) Yesu amma biribiara antwetwe n’adwene amfi nokware no ho adansedi ho. Ná ɛno na Onyankopɔn pɛ sɛ ɔyɛ.

12 Nokwasɛm ni, Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ eyi mu. Bere tiaa bi wɔ Yesu asubɔ akyi no, Satan kae sɛ ɔde “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” bɛma no na wama Yesu ayɛ nipa kɛse wɔ wiase. (Mateo 4:8, 9) Akyiri yi, Yudafo no pɛe sɛ wosi no hene. (Yohane 6:15) Ɛnnɛ ebia ebinom bɛka sɛ, sɛ anka Yesu penee so yɛɛ onipa a odi adesamma so a, anka ɛbɛboa yɛn paa. Nanso Yesu annya adwene a ɛte saa. Ɔde n’adwene nyinaa sii nokware no ho adansedi so.

13, 14. (a) Dɛn na Yesu amma antwetwe n’adwene? (b) Ɛwom sɛ na Yesu nni honam fam nneɛma de, nanso dɛn na otumi yɛe?

13 Bio nso, Yesu amma ahonyade akyidi antwetwe n’adwene. Ɛno nti na ɔnyɛ sikani. Ná onni n’ankasa fie mpo. Bere bi ɔkae sɛ: “Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerebuw, na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to.” (Mateo 8:20) Ade biako pɛ a na ɛsom bo a wonim sɛ Yesu wu gyawee ne n’atade a Roma asraafo no bɔɔ so ntonto no. (Yohane 19:23, 24) So ɛno kyerɛ sɛ na mfaso nni Yesu abrabɔ so? Ɛnte saa koraa!

14 Adɔeyɛfo a wɔwɔ sika paa mpo ntumi nyɛ nea Yesu yɛe no bi da. Paulo kae sɛ: “Munim yɛn Awurade Yesu Kristo dom no, sɛ ɔyɛ ɔdefo de, nanso, mo nti ɔbɛyɛɛ ohiani, sɛ momfa ne hia no so nyɛ adefo.” (2 Korintofo 8:9; Filipifo 2:5-8) Ɛwom sɛ na Yesu nni honam fam nneɛma de, nanso wama no ayɛ yiye sɛ nnipa ahobrɛasefo benya daa nkwa wɔ pɛyɛ mu. Hwɛ sɛnea yɛn ani sɔ nea ɔyɛe no! Hwɛ sɛnea yɛn ani san gye sɛ onyaa saa akatua no esiane sɛ ɔhwɛɛ n’anim tee yɛɛ Onyankopɔn apɛde nti!—Dwom 40:8; Asomafo no Nnwuma 2:32, 33, 36.

15. Dɛn na mfaso wɔ so sen honam fam nneɛma?

15 Kristofo a wɔbɔ mmɔden nnɛ sɛ wobesuasua Yesu no mma honam fam nneɛma akyidi ntwetwe wɔn. (1 Timoteo 6:9, 10) Wonim sɛ honam fam nneɛma betumi ama asetra ayɛ dɛ de, nanso wonim sɛ ɛne daa nkwa a wobenya nni hwee yɛ. Sɛnea na Yesu ntama so nni mfaso mma no bere a owui no, saa ara na sɛ Kristoni bi wu a, honam fam nneɛma a ɔwɔ so nni mfaso biara mma no. (Ɔsɛnkafo 2:10, 11, 17-19; 7:12) Sɛ Kristoni bi wu a, ade biako pɛ a ɛso wɔ mfaso ankasa ma no ne ɔne Yehowa ne Yesu Kristo ntam abusuabɔ.—Mateo 6:19-21; Luka 16:9.

Ɔsɔretia Ammɔ Ne Hu

16. Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ ɔsɔretia ho?

16 Ɔsɔretia amma Yesu annyae nokware no ho adansedi. Nim a na onim sɛ ɔnam ne nkwa a ɔde bɛbɔ afɔre so na ɛde n’asase so som adwuma bɛba awiei no mpo ammu n’abam. Paulo ka faa Yesu ho sɛ: “Ɔhwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.” (Hebrifo 12:2) Hyɛ no nsow sɛ Yesu ‘ani anwu.’ Wamma nea n’atamfo kekae no anhaw no. Ná n’adwene si Onyankopɔn apɛde a ɔbɛyɛ so.

17. Dɛn na yebetumi asua afi Yesu boasetɔ mu?

17 Bere a na Paulo reda asuade a ɛwɔ Yesu boasetɔ mu adi no, ɔhyɛɛ Kristofo nkuran sɛ: “Munsusuw nea ɔtɔɔ ne bo ase tiee ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano bebree no ho yiye, na moammrɛ, na mo kra antɔ piti.” (Hebrifo 12:3) Nokwasɛm ni, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubegyina ɔsɔretia anaa fɛwdi ano bere nyinaa. Ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛko atia wiase afɛfɛde bere a ebia abusuafo a wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ “yɛnyɛ biribi” kasa tia yɛn no. Nanso te sɛ Yesu no, yɛde yɛn ho to Yehowa so sɛ ɔmmoa yɛn bere a yɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛde Ahenni no bedi kan wɔ yɛn asetram no.—Mateo 6:33; Romafo 15:13; 1 Korintofo 2:4.

18. Asuade titiriw bɛn na yebetumi anya afi asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Petro no mu?

18 Twe a Yesu amma biribiara antwetwe n’adwene no daa adi bere a ɔkaa owu a na ɔrebewu ho asɛm kyerɛɛ n’akyidifo no. Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ “ɛmpare wo” na “eyi remma wo so.” Yesu ampɛ sɛ obetie biribiara a ebebu n’abam wɔ ne bo a na wasi sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde no ho. Ɔdan ne ho ka kyerɛɛ Petro sɛ: “Fi me so Satan! Woyɛ me hintidua, efisɛ wunnwen Onyankopɔn de, na mmom nnipa de na wudwen yi.” (Mateo 16:21-23) Ɛmmra sɛ yɛn nso yebesi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛpo nnipa nsusuwii biara. Mmom no, momma yɛmma Onyankopɔn nsusuwii nkyerɛ yɛn kwan daa.

Mfaso Ankasa a Ahenni no De Bɛba

19. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ anwonwade de, nanso ne som adwuma no fã bɛn na na mfaso wɔ so paa?

19 Yesu yɛɛ anwonwade pii de kyerɛe sɛ ɔne Mesia no. Onyanee awufo mpo. Anwonwade a ɔyɛe no twetwee nkurɔfo, nanso ɛnyɛ adɔeyɛ kɛkɛ nti na Yesu baa wiase. Ɔbae sɛ ɔrebedi nokware no ho adanse. Ná onim sɛ mfaso a ɛwɔ honam fam nneɛma a ɔde mae so no yɛ bere tiaa mu de. Ná wɔn a wonyan wɔn no mpo bɛsan awuwu. Ná ɛyɛ nokware no ho adanse a obedi no nkutoo na ɛbɛboa binom ma wɔanya daa nkwa.—Luka 18:28-30.

20, 21. Ɛdefa nnwuma pa ho no, dɛn na Kristofo yɛ?

20 Ɛnnɛ, ebinom bɔ mmɔden sɛ wobesuasua nnwuma a Yesu yɛe no denam ayaresabea a wobuebue ne adɔe a wɔyɛ ahiafo so. Ɛtɔ mmere bi a, saafo yi bɔ ka kɛse de yɛ nneɛma a ɛtete saa, na yɛkamfo wɔn wɔ mmɔden a wɔrebɔ no ho. Nanso mfaso a ɛwɔ nea wɔyɛ so no nyɛ nea ɛtra hɔ daa. Ahenni no nkutoo na ebetumi ayi ɔhaw ahorow afi hɔ koraa. Ɛno nti, sɛnea Yesu yɛe no, Yehowa Adansefo nso de wɔn adwene si Ahenni no ho nokwasɛm ho adanse a wobedi so kɛse.

21 Nanso ɛno nkyerɛ sɛ nokware Kristofo nyɛ afoforo papa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:10) Sɛ asɛnkɛse bi si anaasɛ obi ho kyere no a, yɛntwentwɛn yɛn anan ase sɛ ‘yɛbɛyɛ’ yɛn afipamfo anaa yɛn nuanom Kristofo “yiye.” Nanso, yɛkɔ so yɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ, ɛne nokware no a yebedi ho adanse no.

Sua Biribi Fi Yesu Nhwɛso no Mu

22. Dɛn nti na Kristofo ka asɛm no kyerɛ wɔn afipamfo?

22 Paulo kyerɛwee sɛ: “Sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!” (1 Korintofo 9:16) Wannyɛ asɛmpaka adwuma no bi ne bi efisɛ na ɔne n’atiefo nkwa gyina so. (1 Timoteo 4:16) Saa ara na yehu yɛn asɛnka adwuma no. Yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn afipamfo. Yɛpɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa. Yɛpɛ sɛ yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yesu na yɛn ani sɔ ɔdɔ kɛse a ɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no. Ɛno nti na yɛka asɛmpa no na ‘yɛntra ase mma nnipa akɔnnɔ bio, na mmom yɛtra ase ma Onyankopɔn apɛde no.’—1 Petro 4:1, 2.

23, 24. (a) Asuade bɛn na yenya fi mpataa a woyii no anwonwakwan so no mu? (b) Henanom na wɔredi adanse fefeefe nnɛ?

23 Te sɛ Yesu no, sɛ afoforo di yɛn ho fɛw anaasɛ wɔde abufuw po yɛn asɛm no a, yɛmma no mmu yɛn abam. Yenya asuade bi fi anwonwade a Yesu yɛe bere a ɔfrɛɛ Petro ne Andrea sɛ wommedi n’akyi no mu. Sɛ yetie Yesu na sɛnea yɛbɛka no no, yegu yɛn asaw wɔ nsu a ɛte sɛ nea mpataa nnim mpo mu a, ebia yebeyi bi. Bere a Kristofo pii a wɔte sɛ mpataayifo de mfe pii yɛɛ adwuma wɔ nsu a ɛte sɛ nea mpataa nnim mu no, wɔatumi ayi mpataa pii. Ebinom nso atumi atu kɔ mmeae a mpataayi adwuma no kɔ so yiye na wɔatumi ayi pii. Enti nea ebesi biara no, yɛbɛkɔ so atow yɛn asaw no. Yenim sɛ Yesu nkae sɛ yɛawie asɛnka adwuma no wɔ wiase no fã biara.—Mateo 24:14.

24 Seesei, Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem asia de ntɛmpɛ reka asɛm no wɔ nsase bɛboro 230 so. Yɛde adwuma a yɛyɛe wɔ wiase nyinaa wɔ afe 2004 ɔsom afe no mu ho amanneɛbɔ bɛma wɔ February 1, 2005 Ɔwɛn-Aban no mu. Saa amanneɛbɔ no bɛma yɛahu sɛnea Yehowa rehyira asɛnka adwuma no so kɛse. Ɛmmra sɛ wɔ bere a aka ama nneɛma nhyehyɛe yi no, yebetie Paulo asɛm a ɛka koma yi: “Pae mu ka asɛm no, gyina mu.” (2 Timoteo 4:2) Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so adi adanse fefeefe akosi sɛ Yehowa bɛka sɛ afei de adwuma no asa.

Efi saa afe yi rekɔ no, Yehowa Adansefo Wiase Nyinaa Ɔsom Afe Ho Amanneɛbɔ no remma wɔ January 1 Ɔwɛn-Aban no mu. Ɛbɛba wɔ February 1 de no mu.

Wubetumi Abua?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mfaso afi ntetee a Yesu de maa n’asuafo no so?

• Su bɛn na Yesu daa no adi kyerɛɛ wɔn a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no?

• Dɛn na ɛkanyan yɛn ma yedi adanse fefeefe?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn adwene asi Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ so sɛnea Yesu yɛe no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Sɛ yɛda no adi wɔ yɛn som adwuma mu sɛ yedwen afoforo ho sɛ Yesu a, yebetu mpɔn

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Yesu baa asase so titiriw sɛ ɔrebedi nokware no ho adanse

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Adanse a Yehowa Adansefo bedi no fefeefe no ho hia wɔn sen biribiara