Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesuae Sɛ Yɛde Yɛn Ho Bɛto Yehowa So Koraa

Yesuae Sɛ Yɛde Yɛn Ho Bɛto Yehowa So Koraa

Asetram Nsɛm

Yesuae Sɛ Yɛde Yɛn Ho Bɛto Yehowa So Koraa

SƐNEA NATALIE HOLTORF KA KYERƐE

Ná ɛyɛ June 1945. Da bi wɔ saa bosome no mu no, ɔbarima bi a wayɛ hoyaa begyinaa yɛn fie abɔnten pon akyi komm. Me babea kumaa Ruth bɔɔ hu ma ɔteɛɛm sɛ: “Mama, ɔhɔho bi gyina pon no akyi!” Ná onnim sɛ ɔhɔho no yɛ ne papa—me kunu Ferdinand a medɔ no no. Mfe abien akyi ansa na asɛm yi rebesi bere a na yɛawo Ruth ma wanya nnansa pɛ no, Ferdinand fii fie, ma wɔkyeree no de no kɔtoo Nasi nneduaban mu. Nanso afei, bere tenten bi akyi no Ruth huu ne papa, na yɛn abusua no san hyiaam bio. Ná me ne Ferdinand wɔ pii a yɛbɛka akyerɛ yɛn ho yɛn ho!

WƆWOO Ferdinand wɔ afe 1909 mu wɔ Germany kurow Kiel mu, ɛnna wɔwoo me nso wɔ afe 1907 mu wɔ Germany kurow Dresden mu. Bere a m’abusua ne Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no, dii kan hyiae no na madi mfe 12. Midii mfe 19 no migyaee Evangelical Asɔre no na mihyiraa me ho so maa Yehowa.

Saa bere no mu ara na Ferdinand nso wiee po so adwuma ho adesua wɔ kɔlege bɛyɛɛ hyɛn mu odwumayɛni. Wɔ ne po so akwantu ahorow mu no, na ɛyɛ a odwennwen nsɛmmisa a ɛfa wɔ a Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ ho. Bere a Ferdinand fi po so akwantu bi mu baa Germany no, ɔkɔsraa ne nuabarima a na ɔyɛ Bible Suani. Saa nsrahwɛ yi maa no hui sɛ Bible no wɔ nsɛmmisa a na ɛhaw no no ho mmuae. Ogyaee Lutheran Asɔre no, na ɔsan sii gyinae sɛ obegyae po so hyɛn mu adwuma no nso. Da a edi kan a ɔyɛɛ asɛnka adwuma no, onyaa atenka a emu yɛ den sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa nna a aka nyinaa yɛ adwuma yi. Ferdinand hyiraa ne nkwa so maa Yehowa saa anadwo no ara. Wɔbɔɔ no asu wɔ August 1931 mu.

Po So Hyɛn Mu Odwumayɛni ne Ɔsɛnkafo

Wɔ November 1931 mu no, Ferdinand foroo keteke kɔɔ Netherlands sɛ ɔrekɔboa ma wɔayɛ asɛnka adwuma no wɔ hɔ. Bere a Ferdinand ka kyerɛɛ onua a ɔyɛ ɔsom adwuma ho nhyehyɛe wɔ saa ɔman no mu no sɛ na ɔyɛ po so hyɛn mu odwumayɛni no, onua no teɛɛm sɛ: “Wo ara ne nipa a yehia no!” Ná anuanom no anya hyɛmma a wobetua ho ka sɛnea ɛbɛyɛ a akwampaefo (bere nyinaa asomfo) bi betumi akɔka asɛm no akyerɛ wɔn a wɔte nsu anoano wɔ ɔman no atifi fam. Na nnipa baanum na wɔwɔ hyɛmma no mu nanso na obiara nni wɔn mu a obetumi aka. Enti, Ferdinand na ɔkaa hyɛmma no.

Wɔ asram asia akyi no, wɔka kyerɛɛ Ferdinand sɛ ɔnkɔsom sɛ ɔkwampaefo wɔ Tilburg, a ɛwɔ Netherlands anafo fam. Bɛyɛ saa bere no ara na me nso mekɔɔ Tilburg sɛ ɔkwampaefo, na mihyiaa Ferdinand. Ntɛm ara na wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yentu nkɔ Groningen, a ɛwɔ ɔman no atifi fam. Yɛwaree wɔ hɔ wɔ October 1932 mu. Na yɛtraa fie bi a na akwampaefo bebree te mu mu wɔ hɔ bere a na yɛregye yɛn ahome wɔ yɛn aware akyi no, na yɛsan nso yɛɛ akwampae adwuma no bere koro no ara mu!

Yɛwoo yɛn babea Esther wɔ afe 1935 mu. Ɛwom sɛ na yenni sika pii de, nanso na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ akwampae adwuma no. Yetu kɔɔ akuraa bi ase kɔtraa dan ketewaa bi mu wɔ hɔ. Ná me kunu kɔ asɛnka kyɛ wɔ da no mu, bere a mehwɛ abofra no wɔ fie no. Ade kye a na ɔno nso hwɛ abofra no ma me nso mekɔ asɛnka. Yeyɛɛ eyi kosii sɛ Esther nyinii a na obetumi ne yɛn akɔ asɛnka.

Bere tiaa bi akyi no, nneɛma ahorow a na ɛrekɔ so wɔ Europa amanyɔsɛm mu no ma yebehui sɛ asɛnkɛse bi rebesi. Yɛtee sɛ wɔde ɔtaa aba Adansefo no so wɔ Germany, na ɛmaa yehui sɛ ɛrenkyɛ na wɔataa yɛn nso. Ná yentumi nhu sɛnea yebegyina ɔtaa a ano yɛ den ano. Wɔ afe 1938 mu no, Netherlands atumfoɔ no hyɛɛ mmara sɛ ahɔho nnyɛ bere nyinaa asɛmpakafo adwuma a wɔkyekyɛ nyamesom nhoma wɔ hɔ. Adansefo a wɔwɔ Netherlands no de nnipa a na wɔakyerɛ yɛn adwuma no ho anigye din maa yɛn, na yetumi ne wɔn mu binom suaa Bible no. Na ɛno boaa yɛn ma yɛkɔɔ so yɛɛ yɛn asɛnka adwuma no.

Ná yɛreba abɛyɛ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam saa bere no. Ɛwom sɛ na yenni sika a yebetumi de aforo keteke akɔ beae a yɛbɛyɛ nhyiam no de, nanso na yɛpɛ sɛ yɛkɔ bi. Enti yɛde baesekre twaa nnansa kwan a na Esther a ɔyɛ abofra no te baesekre no anim. Edu anadwo a na yɛda Adansefo a wɔtete kwan so no fie. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yetumi kɔɔ yɛn ɔmantam nhyiam a edi kan! Nhyiam no hyɛɛ yɛn den maa sɔhwɛ a na yɛrebehyia no. Ne nyinaa mu no, wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn so. Asɛm a ɛwɔ Dwom 31:6 a ɛka sɛ: ‘Me de, mede me ho ato Yehowa so’ no bɛyɛɛ asɛm a yɛka daa.

Nasifo no Taataa Yɛn So

Wɔ May 1940 mu no, Nasifo no tow hyɛɛ Netherlands so. Ɛno akyi bere tiaa bi no, sum ase polisifo no baa yɛn fie mpofirim bere a na yɛreyiyi Bible ho nhoma bi a yɛn nsa aka no. Wɔde Ferdinand kɔɔ sum ase polisifo no adwumayɛbea ti. Ná me ne Esther taa kɔsra no wɔ hɔ, na ɛtɔ da bi a na wobisabisa no nsɛm boro no wɔ yɛn anim hɔ ara. Wogyaee Ferdinand mpofirim wɔ December mu nanso n’ahofadi no ankyɛ. Da koro anwummere bi a yɛreba fie no yehuu sum ase polisifo kar bi wɔ yɛn fie nkyɛn hɔ. Ferdinand tumi guanee, na me ne Esther de yewuraa fie hɔ. Ná sum ase polisifo no retwɛn yɛn. Ná wɔrehwehwɛ Ferdinand. Saa anadwo no ara bere a sum ase polisifo no kɔe no, Netherlands polisifo bɛfaa me kobisabisaa me nsɛm. Da a edi hɔ no me ne Esther kɔpɛɛ hintabea wɔ Norder abusua, Adansefo awarefo bi a na wɔbɔɔ asu nkyɛe fie. Wɔmaa yɛn baabi trae bɔɔ yɛn ho ban.

Ɛrekɔ January 1941 awiei no, wɔkyeree akwampaefo awarefo bi a na wɔte ɔdan a esi hyɛmma so mu. Ade kyee no ɔmansin sohwɛfo (ɔsomfo kwantufo) bi ne me kunu kɔɔ hyɛmma no mu sɛ wɔrekoyiyi awarefo no nneɛma bi, nanso sum ase polisifo aboafo bi bɛtow hyɛɛ wɔn so wɔ hɔ. Ferdinand nyaa ne ho tetee traa ne sakre so kɔe. Nanso, ɔmansin sohwɛfo no de, wɔde no kɔtoo afiase.

Anuanom mmarima a na wodi adwuma no anim no ka kyerɛɛ Ferdinand sɛ onsi ɔmansin sohwɛfo no ananmu. Ná ɛno kyerɛ sɛ bosome biara no, nna abiɛsa pɛ na na obetumi aba fie. Ná eyi yɛ sɔhwɛ foforo ma yɛn, nanso mekɔɔ so yɛɛ akwampae adwuma no. Ná sum ase polisifo no amia Adansefo no a wɔrehwehwɛ wɔn no mu, enti na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so sesa yɛn trabea. Yetuu mprɛnsa wɔ afe 1942 mu. Awiei koraa no, yɛkɔtraa Rotterdam kurow mu, na ɛne baabi a Ferdinand reyɛ ne som adwuma wɔ sum ase no ntam kwan ware paa. Saa bere no na manyinsɛn me ba a ɔto so abien. Kamp abusua no a na wɔatwa wɔn mmabarima baanu asu de wɔn akogu nneduaban mu no fii ayamye mu ne yɛn traa wɔn fie.

Sum Ase Polisifo no Taa Yɛn So Denneennen

Yɛwoo yɛn babea a ɔto so abien, Ruth wɔ July 1943 mu. Yɛwoo Ruth no, Ferdinand ne yɛn tumi trae nnansa, nanso na ɛsɛ sɛ ɔkɔ, na ɛno ne bere a etwa to a yehuu no wɔ bere tenten bi ntam. Nnawɔtwe abiɛsa akyi no, wɔkyeree Ferdinand wɔ Amsterdam. Wɔde no kɔɔ sum ase polisifo no adwumam ma wohui sɛ ɛyɛ ɔno ne Ferdinand a wɔrehwehwɛ no no. Sum ase polisifo no bisabisaa no nsɛm anibere so paa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ no ma wakyerɛ sɛnea yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no. Nanso na nea Ferdinand wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛka ara ne sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo na ɔmfaa ne ho nhyɛɛ amanyɔsɛm biara mu. Sum ase polisifo no bo fuwii sɛ Ferdinand a ɔyɛ Germanni no ankɔ sraadi, enti wohunahunaa no sɛ wobekum no efisɛ ɔyɛ ɔmammɔfo.

Bosome anum a edi hɔ no nyinaa mu no, na Ferdinand da afiase, na daa na wohunahuna no sɛ wɔbɛbɔ no tuo akum no. Nanso, wanhinhim wɔ nokware a odi ma Yehowa no mu. Dɛn na ɛboaa no maa ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ kɔɔ so yɛɛ den? Ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no. Ɛwom sɛ Ɔdansefo a na Ferdinand yɛ nti wɔamma no kwan sɛ ɔde Bible bɛba afiase hɔ de, nanso na nneduafo foforo betumi ama wɔabrɛ wɔn bi. Enti Ferdinand ka kyerɛɛ ɔdeduani a na ɔne no da dan mu sɛ ɔnka nkyerɛ n’abusuafo na wɔmmrɛ no Bible, na ɔbarima no nso yɛɛ saa. Mfe bi akyi no, bere biara a na Ferdinand bɛka nea esii yi ho asɛm no, na n’ani taataa nusu ma ɔteɛm sɛ: “Hwɛ awerɛkyekye a saa Bible no de maa me!”

Wɔ January 1944 mfiase no, wɔde Ferdinand kɔtoo nneduaban mu wɔ Vught, Netherlands mpofirim. Yi a woyii no kɔɔ hɔ no bɛyɛɛ mmoa maa no efisɛ ohyiaa Adansefo foforo 46 wɔ hɔ a na ɔnhwɛ kwan. Bere a metee sɛ wɔde no kɔ baabi foforo no, m’ani gyei paa sɛ metee sɛ ɔda so te ase!

Wannyae Asɛm no Ka Wɔ Nneduaban Mu

Na nneduaban mu asetra yɛ den yiye. Bere nyinaa na wonnya aduan pa nni, wonnya ntade a wɔde ko awɔw nhyɛ, na na awɔw ano yɛ den wɔ hɔ. Ferdinand nyaa menemyare denneennen bi. Bere a wogyinaa awɔw mu ma wɔbobɔɔ wɔn din wiei no, ɔkɔɔ baabi a wɔhwɛ ayarefo. Ayarefo a na wɔn ho ayɛ hyehyeehyew akodu digrii celcius 40 anaa nea ɛboro saa na na wɔma wɔtra hɔ. Enti wɔamma Ferdinand antra hɔ efisɛ na ne ho hyew no yɛ digrii celcius 39 pɛ! Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnsan nkɔyɛ adwuma. Nanso, nneduafo a na wɔwɔ ayamhyehye boaa no de no siee baabi a ɛhɔ yɛ hyew kakra wɔ bere ntiatiaa mu. Afei bere a wim yɛɛ hyew kakra no onyaa ahotɔ. Bio nso, sɛ na anuanom no bi nya aduan a, na wɔne afoforo kyɛ, enti Ferdinand san nyaa ahoɔden kakra.

Ansa na wɔde me kunu kɔtoo afiase no, na asɛnka adwuma no ne n’adwuma titiriw, na ɔkɔɔ so kaa ne gyidi ho asɛm kyerɛɛ afoforo wɔ nneduaban no mu. Ná mpanyimfo a ɛhwɛ nneduaban no so no taa de n’ahinasa afasebiri, a na ɛno ne ahyɛnsode a ɛma wohu sɛ odeduani bi yɛ Ɔdansefo no di ne ho fɛw. Nanso Ferdinand de hokwan a ɛte saa no ne wɔn fii nkɔmmɔbɔ ase. Mfiase no na baabi a anuanom tumi ka asɛm no yɛ baabi a na Adansefo no nkutoo deda. Anuanom no bisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, ‘Yɛbɛyɛ dɛn atumi aka asɛm no akyerɛ nneduafo pii?’ Wɔn a na wɔhwɛ nneduaban no so no ma wohuu nea wɔbɛyɛ a na wonnim. Ɔkwan bɛn so?

Na anuanom no wɔ Bible ho nhoma ne Bible 12 nso hyɛ baabi. Da bi awɛmfo no huu nhoma bi, nanso wɔantumi anhu nea na ɛyɛ ne dea. Enti mpanyimfo a wɔhwɛ nneduaban no so no sii gyinae sɛ wɔbɛpaapae Adansefo no mu. Ɛno nti, wɔde anuanom no frafraa nneduafo a wɔnyɛ Adansefo mu de twee wɔn aso. Bio nso, sɛ woredidi a na ɛsɛ sɛ anuanom no tratra wɔn a wɔnyɛ Adansefo no ntam. Saa nhyehyɛe yi bɛyɛɛ mmoa maa wɔn. Afei de na anuanom no betumi aka asɛm no akyerɛ nneduafo pii sɛnea na anka mfiase no wɔpɛ sɛ wɔyɛ no.

Me Nkutoo Metetee Mmabea Baanu

Saa bere no nyinaa na me ne me mmabea baanu no da so te Rotterdam. Ná afe 1943 ne afe 1944 awɔw no ano yɛ den paa. Ná afiri bi a wɔde tow tuo bɔ wimhyɛn a na German asraafo hwɛ so si yɛn fie akyi. Ɛnna na Waal Po So Hyɛn Gyinabea a na Aman a wɔko tia Germanfo no atu wɔn ani asi so nso wɔ yɛn anim. Ná ɛyɛ hu sɛ yɛbɛtra hɔ. Bio nso na aduan ho yɛ den. Yesuae sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so koraa sen bere biara.—Mmebusɛm 3:5, 6.

Esther a na wadi mfe awotwe no na ɛyɛ a ɔkɔtow santen kogye aduan brɛ yɛn abusua ketewaa no. Nanso, mpɛn pii no ebedu no so na aduan no asa. Da bi a na ɔrekɔhwehwɛ aduan aba no, wofii ase totow atuo wɔ wim. Bere a metee sɛ wɔretotow atuo no me yam hyehyee me, nanso ankyɛ na m’awerɛhow no dan anigye bere a Esther san bae a wampira, na mpo ɔde aduan bi a ɛte sɛ ntɔmmɔ kakra bae no. Asɛm a midii kan bisaa no ne sɛ: “Dɛn na esii?” Ɔde abotɔyam kae sɛ: “Bere a atopae no totowee no, meyɛɛ nea Paapa ka kyerɛɛ me sɛ menyɛ no, ɔkae sɛ ‘Ɛyɛ a menna fam, menkɔ so nna hɔ na memmɔ mpae.’ Na ɛyɛɛ adwuma!”

Esiane sɛ na mekasa a wohu sɛ meyɛ Germanni nti, na ɛyɛ papa sɛ Esther bɛkɔ akodi gua nketenkete a na yehia. German asraafo no huu akyi, nti wofii ase bisabisaa Esther nsɛm, nanso wanna biribiara adi. Mede Bible no kyerɛkyerɛɛ Esther wɔ fie, na esiane sɛ na ontumi nkɔ sukuu nti, mekyerɛɛ no akenkan ne akyerɛw ne nneɛma foforo nso.

Esther boaa me wɔ asɛnka adwuma no mu nso. Ansa na mefi adi ne obi akosua Bible no, na Esther di kan kɔhwɛ sɛ kwan mu da hɔ anaa. Na ɔkɔhwɛ sɛ nneɛma a me ne Bible suani no kae sɛ ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne no wɔ hɔ. Sɛ nhwɛso no, onipa a na mɛkɔ akɔsra no no de kuku bi a wodua nhwiren wom si beae pɔtee bi wɔ mpomma no ano na ama mahu sɛ metumi akɔ hɔ. Sɛ yɛreyɛ Bible adesua no a, ɛyɛ a na Esther wɔ abɔnten rehwɛ sɛ asiane bi reba anaa. Bere koro no ara nso na opia Ruth wɔ nkokoaa akentengua mu kɔ tiri ba tiri wɔ kwan no so.

Wɔde Wɔn Kɔɔ Sachsenhausen

Na Ferdinand ho te dɛn? Wɔ September 1944 mu no, wɔhyɛɛ ɔne afoforo pii dii wɔn anim de wɔn kɔɔ keteke gyinabea, baabi a wɔhyehyɛɛ nneduafo 80 akuwakuw guu nnua nnaka a esisi keteke so retwɛn wɔn mu. Na bokiti baako a wɔnom mu nsu ne baako a wogya wɔn anan wom na na ɛwɔ keteke biara mu. Wodii nnansa wɔ kwan so, na wogyinaa mu, na na wɔakyere so wom! Ná mframa biara mfa mu. Ná kwan biara nna keteke no ho ka ntokuro nketenkete bi a ɛwowɔ mmeae pii a ani nkutoo na wotumi de hwɛ mu. Yentumi nka ɔhyew, ɔkɔm, ne osukɔm ne pampan a na ɛsɛ sɛ wogyina ano no ho asɛm.

Nkakrankakra keteke no koduu Sachsenhausen nneduaban a agye dimmɔne no. Wɔamfa nneduafo no nneɛma a na wɔwɔ no mu biara amma wɔn gye Bible nketewa 12 no a Adansefo no de kɔe no!

Wɔde Ferdinand ne anuanom mmarima baawɔtwe kɔɔ nneduaban foforo ketewa bi a na ɛbɛn hɔ mu wɔ Rathenow sɛ wɔnkɔyɛ akode. Ɛwom sɛ na wɔtaa hunahuna anuanom no sɛ wobekum wɔn de, nanso wɔanyɛ saa adwuma no. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran no, na wosusuw Bible mu nkyekyɛm bi te sɛ Dwom 18:2 ho anɔpa, na wɔatumi adwennwen ho wɔ da no mu. Eyi boaa wɔn ma wotumi dwennwen honhom fam nneɛma ho.

Awiei koraa no, atuo a wɔtee sɛ ɛretotow maa wohui sɛ Aman a wɔko tia Germanfo ne Russia asraafo no reba. Russiafo no na wodii kan baa nneduaban a na Ferdinand ne n’ahokafo no wɔ no. Wɔmaa nneduafo no aduan na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ womfi nneduaban no mu. Wɔ April 1945 awiei no, Russia asraafo no maa wɔn kwan sɛ wɔnkɔ fie.

Abusua Mũ no Nyinaa Hyiam Bio

Ferdinand beduu Netherlands June 15. Anuanom a wɔwɔ Groningen no gyee no fɛw so. Ankyɛ na ɔtee sɛ yɛte ase wɔ ɔman no mu baabi, na yɛn nso yenyaa nkra sɛ wasan aba. Twɛn a na yɛretwɛn sɛ ɔbɛba no yɛɛ te sɛ bere tenteenten wɔ yɛn ani so. Nanso awiei koraa no, da bi Ruth teɛɛm sɛ: “Mama, ɔhɔho bi gyina pon no akyi!” Sɛɛ na ɛyɛ me kunu a me dɔ no no ne me mma no papa!

Na ɛsɛ sɛ yɛtoto nneɛma ahorow pii ansa na yɛatumi asan abɔ yɛn bra sɛ abusua bio. Ná yenni baabi a yɛbɛtra, na nea na ɛyɛ asɛnnennen kɛse ne sɛnea yɛbɛsan anya hokwan atra Netherlands hɔ daa. Esiane sɛ na yɛyɛ Germanfo nti, wɔ mfe pii mu no, Netherlands atumfoɔ no buu yɛn sɛ nkurɔfo a wɔapam wɔn. Nanso, bere bi akyi no, yetumi nyaa baabi trae ma yɛsan fii adwuma a na yɛpɛ sɛ yɛyɛ paa no ase—sɛ yɛbɛbom asom Yehowa sɛ abusua.

‘Mede Me Ho Ato Yehowa So’

Mfe bi akyi no, bere biara a na me ne Ferdinand ne yɛn nnamfo binom a wɔn nso hyiaa tebea a na ɛyɛ den te sɛ yɛn de no behyia no, yɛkaee ɔhwɛ a Yehowa fii ɔdɔ mu hwɛɛ yɛn wɔ saa mmere a na emu yɛ den no mu no. (Dwom 7:1) Yɛn ani gyei sɛ wɔ mfe a atwam mu no, Yehowa maa yɛn kwan ma yenyaa kyɛfa wɔ Ahenni adwuma ntrɛwmu mu. Ná yɛtaa ka sɛnea yɛn ani gye nso sɛ yɛde ɔsom kronn maa Yehowa wɔ yɛn mmerantebere ne yɛn mmabaabere mu.—Ɔsɛnkafo 12:1.

Wɔ Nasi ɔtaa no akyi no, me ne Ferdinand de bɛboro mfe 50 boom som Yehowa ansa na owiee n’asase so som adwuma wɔ December 20, 1995. Merekonya mfe 98. Da biara, meda Yehowa ase sɛ yɛn mma no boaa yɛn paa wɔ saa mfe a na emu yɛ den no mu, na meda so ara tumi yɛ nea metumi biara wɔ ne som mu de hyɛ no anuonyam. M’ani sɔ nea Yehowa ayɛ ama me nyinaa, na ɛyɛ ade a ɛda me koma so paa sɛ mɛkɔ so abɔ me bra ma ɛne m’asɛm yi a da biara meka yi ahyia: ‘Me de, mede me ho ato Yehowa so.’—Dwom 31:6.

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Me ne Ferdinand, October 1932

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Hyɛmma a na wɔde yɛ asɛmpaka adwuma, “Almina” ne emufo

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Me ne Ferdinand ne mmofra no