Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atemmufo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Atemmufo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Atemmufo Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

YEHOWA yɛ n’ade dɛn bere a n’ankasa nkurɔfo po no na wofi ase som atoro anyame no? Na sɛ wɔkɔ so yɛ no so asoɔden na bere a wɔakɔ ahohia mu nkutoo na wɔhwehwɛ mmoa fi no hɔ nso ɛ? So ɛno mu mpo Yehowa yɛ nhyehyɛe de gye wɔn? Atemmufo nhoma no de saa nsɛmmisa no ne afoforo a ɛho hia ho mmuae ma. Nhoma yi a odiyifo Samuel kyerɛw wiei wɔ bɛyɛ afe 1100 A.Y.B. mu no, ka nsɛm a esisii bɛyɛ mfe 330 mu ho asɛm—fi Yosua wu so kosi bere a wɔde Israel hene a odi kan sii agua so so.

Atemmufo nhoma no ka Onyankopɔn asɛm anaa nkrasɛm a tumi wom no ho, ma enti ɛso wɔ mfaso kɛse ma yɛn. (Hebrifo 4:12) Nsɛm a ɛyɛ anigye a wɔakyerɛw wom no ma yehu sɛnea Onyankopɔn te ankasa. Asuade ahorow a yenya fi mu no hyɛ yɛn gyidi den na ɛboa yɛn ma yeso “nokware nkwa,” daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɔde ahyɛ bɔ no mu denneennen. (1 Timoteo 6:12, 19; 2 Petro 3:13) Nea Yehowa yɛ de gyee ne nkurɔfo nkwa no ma yehu ogye kɛse a ɛnam ne Ba, Yesu Kristo, so bɛba daakye no.

DƐN NTI NA NA ATEMMUFO HO HIA?

(Atemmufo 1:1–3:6)

Bere a Yosua dii Israelfo no anim ma wodii Kanaan asase no ahene so nkonim wiei no, Israel mmusuakuw no mu biara kɔfaa asase a wɔde ama wɔn sɛ wɔn agyapade no. Nanso, Israelfo no antu wɔn a wɔtete asase no so no amfi so. Tu a wɔantu wɔn yi sum Israel afiri kɛse.

Ná awo ntoatoaso a wɔbae wɔ Yosua wu akyi no ‘nnim Yehowa ne nea ɔyɛ maa Israel.’ (Atemmufo 2:10) Bio nso, Israelfo no ne Kanaanfo dii ayeware na wɔsom wɔn anyame. Enti Yehowa de Israelfo no hyɛɛ wɔn atamfo nsa. Nanso, bere a nhyɛso no mu yɛɛ den no, Israelfo no hwehwɛɛ mmoa fii nokware Nyankopɔn no hɔ. Yehowa nkurɔfo nyamesom, wɔn asetra mu nsɛm, ne wɔn amammuisɛm ma wohu atemmufo a ɔpaw wɔn ma wogyee ne nkurɔfo fii wɔn atamfo nsam no ho nsɛm.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:2, 4—Dɛn nti na wɔpaw Yuda abusuakuw no sɛ wɔn na wonni kan mfa asase no fã a wɔde maa wɔn no? Sɛnea ɛte no, na Yakob abakan Ruben abusuakuw no na ɛsɛ sɛ wonya saa hokwan yi. Nanso wɔ nkɔm a Yakob hyɛe wɔ ne wupa so mu no, ɔkae sɛ Ruben akanni befi ne nsa, efisɛ na wahwere hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no. Esiane atirimɔdensɛm a na Simeon ne Lewi adi nti na wɔbɛbɔ wɔn apete Israel. (Genesis 49:3-5, 7) Enti na onii a odi hɔ a ne nsa bɛka hokwan yi ne Yuda, Yakob ba a ɔto so anan no. Simeon, a ɔkaa Yuda ho ne no kɔe no nyaa asase no fa ketewa bi wɔ Yuda asase kɛse no mu. *Yosua 19:9.

1:6, 7—Dɛn nti na na wotwitwa ahemfo a wɔadi nkogu no nsa ne wɔn anan kokurobeti? Ɛda adi sɛ na obi a ne nsa ne ne nan kokurobeti atwa nni ahoɔden a wɔde kɔ sa. Ɛbɛyɛ dɛn na ɔsraani a onni nsa kokurobeti betumi aso nkrante anaa peaw mu? Na ne nan kokurobeti a atwa no mma ontumi nnyina hɔ yiye.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

2:10-12. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe a yɛde besua Bible no daa sɛnea ɛbɛyɛ a ‘yɛn werɛ mmfi Yehowa nneyɛe.’ (Dwom 103:2) Ɛsɛ sɛ awofo de Onyankopɔn Asɛm mu nokware no dua wɔn mma koma mu.—Deuteronomium 6:6-9.

2:14, 21, 22. Atirimpɔw bi nti na Yehowa ma kwan ma nneɛma bɔne to ne nkurɔfo asoɔdenfo—sɛ ɔde bɛteɛ wɔn so, ɔde besiesie wɔn na ɔde akanyan wɔn ma wɔasan aba ne nkyɛn.

YEHOWA PAW ATEMMUFO

(Atemmufo 3:7–16:31)

Nea wɔde fii atemmufo no dwumadi ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye no ase ne ahofadi a Otniel maa Israel nyae wɔ mfe awotwe a na wɔde ahyɛ Mesopotamia hene ase no. Ɔtemmufo Ehud faa nyansakwan bi so de akokoduru kum Moab hene Eglon, ɔbran no. Ɔkokodurufo Samgar nkutoo de nantwika poma kunkum Filistifo 600. Ɛdenam nkuranhyɛ a Barak nya fii Debora a na ɔsom sɛ odiyifobea no hɔ, ne mmoa a Yehowa de maa no no nti, ɔne n’asraafo mpem du a na wonkura akode pii no dii Sisera asraafo a na wɔyɛ den no so nkonim koraa. Yehowa paw Gideon ma ɔne ne mmarima 300 no dii Midianfo so nkonim.

Yehowa nam Yefta so gyee Israel fii Amonfo nsam. Na Tola, Yair, Ibsan, Elon ne Abdon nso ka mmarima 12 a wobuu Israel atɛn no ho. Atemmufo no mmere no baa awiei wɔ Simson, a ɔne Filistifo koe no so.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

4:8—Dɛn nti na Barak hyɛɛ katee sɛ odiyifobea Debora nka ne ho nkɔ akono no? Ɛda adi sɛ, Barak tee nka sɛ ɔno nkutoo ntumi ne Sisera asraafo no nko. Ka a na odiyifobea no bɛka ne ho no bɛma ɔne ne mmarima no anya awerɛhyem sɛ wɔwɔ Onyankopɔn akwankyerɛ na ɛbɛma wɔanya ahotoso. Enti na hyɛ a Barak hyɛe katee sɛ Debora nka ne ho no nkyerɛ sɛ na ɔyɛ ohufo, mmom no ɛkyerɛ sɛ na ɔwɔ gyidi a emu yɛ den.

5:20—Ɔkwan bɛn so na nsoromma fi soro ko boaa Barak? Bible no nka sɛ ebia wonyaa abɔfo mmoa anaa Sisera anyansafo kyerɛe sɛ nsoromma fii soro ne wɔn bɛkoe anaasɛ ebia Sisera de ne ho too nsoromma mu hwɛ so ma edii no huammɔ. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ wonyaa Onyankopɔn mmoa ɔkwan bi so.

7:1-3; 8:10—Dɛn nti na Yehowa kae sɛ Gideon mmarima 32,000 no dɔɔso dodo sɛ wɔne asraafo 135,000 bɛko? Nea enti a ɛte saa ne sɛ, na Yehowa na ɔbɛma Gideon ne ne mmarima no adi nkonim. Ná Onyankopɔn mpɛ sɛ wɔte nka sɛ ɛnam wɔn ankasa ahoɔden so na wodii Midianfo no so nkonim.

11:30, 31—Bere a na Yefta rehyɛ bɔ no, so na afɔre a ɔde onipa bɛbɔ ho asɛm na na ɛwɔ n’adwenem? Yefta annwen biribi a ɛte saa ho, efisɛ Mmara no kae sɛ: “Mma wonnhu wo mu obi a ɔma ne babarima anaa ne babea fa ogya mu.” (Deuteronomium 18:10) Nanso, na onipa ho asɛm na ɛwɔ Yefta adwenem na ɛnyɛ aboa. Ɛda adi sɛ na wɔnkora mmoa a wɔfata sɛ wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ Israelfo afie mu. Na na aboa a ɔde bɛbɔ afɔre no renyɛ ade soronko biara. Ɛda adi sɛ na Yefta nim sɛ ebetumi aba sɛ nea obefi ne fi abehyia no no bɛyɛ ne babea. Na ɔde onii no bɛbɔ “ɔhyew afɔre” a nea ɛkyerɛ ne sɛ obehyira onipa a ɔte saa no so ama Yehowa som nkutoo ma wasom wɔ asɔrefie.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

3:10. Nkɔso a yebenya wɔ Onyankopɔn som mu no nnyina nnipa nyansa so, na mmom Yehowa honhom so.—Dwom 127:1.

3:21. Ehud de ne nkrante no dii dwuma ahokokwaw ne akokoduru so. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ho kokwaw wɔ sɛnea yɛde “honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm” no di dwuma mu. Eyi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma akokoduru so wɔ yɛn som adwuma no mu.—Efesofo 6:17; 2 Timoteo 2:15.

6:11-15; 8:1-3, 22, 23. Ahobrɛase a Gideon daa no adi no ma yesua nneɛma abiɛsa a ɛho hia: (1) Sɛ wɔde ɔsom dwumadi hokwan bi hyɛ yɛn nsa a, ɛsɛ sɛ yesusuw asɛyɛde a ɛbata ho no mmom ho sen sɛ yɛde yɛn adwene besi edin anaa anuonyam a yebenya no so. (2) Bere a yɛne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne yɛn ko ntɔkwaw redi nsɛm no, nyansa wom sɛ yɛbɛda ahobrɛase adi. (3) Ahobrɛase remma yɛmpere dibea ho.

6:17-22, 36-40. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛma yɛn ani da hɔ na ‘yɛannye honhom mu nsɛm nyinaa anni.’ Mmom no, ɛsɛ sɛ ‘yɛsɔ honhom mu nsɛm no hwɛ sɛ efi Nyankopɔn anaa.’ (1 Yohane 4:1) Nea ɛbɛyɛ na asafo mu panyin bi a ɔyɛ foforo ahu sɛ afotu a ɔpɛ sɛ ɔde ma obi no yɛ nea egyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ ɔne ɔpanyin a ne ho akokwaw yiye besusuw ho.

6:25-27. Gideon yɛɛ ade nyansam sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenhyɛ n’asɔretiafo no abufuw wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Bere a yɛreka asɛmpa no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yɛamma yɛn kasa anhyɛ afoforo abufuw wɔ ɔkwan a ɛmfata so.

7:6. Ɛdefa ɔsom a yɛde ma Yehowa ho no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ te sɛ Gideon mmarima 300 no na yɛma yɛn ani da hɔ na yɛwɛn.

9:8-15. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛma yɛn ho so na yɛapere ahwehwɛ dibea ne tumidi!

11:35-37. Akyinnye biara nni ho sɛ Yefta nhwɛso pa no na ɛboaa ne babea no ma onyaa gyidi a ɛyɛ den ne ahofama a ɔdaa no adi no. Awofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi ayɛ nhwɛso a ɛte saa ama wɔn mma.

11:40. Nkamfo a wɔde ma obi a ɔde ne ho ma wɔ Yehowa som mu no hyɛ onii no nkuran.

13:8. Sɛ awofo rekyerɛkyerɛ wɔn mma a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae hwehwɛ Yehowa akwankyerɛ na wodi akyi.—2 Timoteo 3:16.

14:16, 17; 16:16. Su a wosu gu obi so ne guan a woguan ne ho de hwehwɛ biribi no betumi asɛe abusuabɔ a ɛda wɔn ntam no.—Mmebusɛm 19:13; 21:19.

BƆNE AFOFORO A ƐKƆƆ SO WƆ ISRAEL

(Atemmufo 17:1–21:25)

Nsɛm abien bi a ɛda nsow na ɛwɔ Atemmufo nhoma no fã a etwa to no mu. Nea edi kan no fa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Mika, a ɔyɛɛ honi wɔ ne fi na ɔpaw Lewini bi ma ɔsom sɛ ɔsɔfo maa no no ho. Bere a Danfo sɛee Lais anaa Lesem kurow no wiei no, wɔkyekyee kurow bi na wɔtoo din Dan. Wɔnam Mika honi no ne ne sɔfo no so de ɔsom foforo sii hɔ wɔ Dan. Ɛda adi sɛ wɔsɛee Lais ansa na Yosua rewu.—Yosua 19:47.

Asɛm a ɛto so abien no sii wɔ Yosua wu no akyi bere tiaa bi. Mmonnaa a Benyaminfo dodow bi a wɔwɔ Gibea kurow mu toe no maa anka wɔretɔre Benyamin abusua no mufo nyinaa ase—mmarima 600 pɛ na wonyaa nkwa. Nanso, wɔyɛɛ nhyehyɛe pa ma wonyaa yerenom, na eduu Dawid ahenni mu no, na wɔn akofofo dodow bɛyɛ 60,000.—1 Beresosɛm 7:6-11.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

17:6; 21:25—Yɛ a ‘obiara yɛɛ nea ɛteɛ n’ani so’ no maa basabasayɛ kɔɔ so? Amma saa, efisɛ Yehowa yɛɛ nhyehyɛe ahorow a ɛfata de kyerɛɛ ne nkurɔfo kwan. Ɔde ne Mmara maa wɔn na ɔmaa asɔfokuw no kyerɛkyerɛɛ wɔn n’akwan. Ɔsɔfo panyin no tumi de Urim ne Tumim no hwehwɛɛ Onyankopɔn adwene wɔ nsɛm a ɛho hia ho. (Exodus 28:30) Na kurow biara nso wɔ mpanyimfo a na wotumi de afotu pa ma. Sɛ na Israelni bi di nhyehyɛe ahorow yi so a, na onya akwankyerɛ pa ma n’ahonim. Na yɛ a ɔbɛyɛ nea “ɛteɛ n’ani so” ma ɔyɛ ade pa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ na obi bu n’ani gu Mmara no so na n’ankasa si gyinae wɔ abrabɔ ne ɔsom ho a, na nea efi mu ba no nyɛ papa.

20:17-48—Dɛn nti na Yehowa maa Benyaminfo no dii mmusuakuw a wɔaka no so nkonim mprenu, ɛmfa ho mpo sɛ na ɛsɛ sɛ wɔtwe Benyaminfo no aso no? Yehowa nam ma a ɔmaa kwan maa mmusuakuw anokwafo no dii nkogu akɛse nea edi kan no so sɔɔ wɔn bo a na wɔasi sɛ wobeyi nea ɛnteɛ afi Israel no hwɛe.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

19:14, 15. Ɔpɛ a Gibeafo annya sɛ wɔbɛda ahɔhoyɛ adi no yɛ nea ɛkyerɛ sɛ na wɔtɔ sin wɔ abrabɔ fam. Wotu Kristofo fo sɛ ‘wɔmmɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden.’—Romafo 12:13.

Ogye a Yebenya

Ɛrenkyɛ koraa Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Kristo Yesu nsa no bɛsɛe abɔnefo wiase no na ɛde ogye kɛse abrɛ teefo ne wɔn a wɔn ho nni asɛm no. (Mmebusɛm 2:21, 22; Daniel 2:44) ‘Yehowa atamfo nyinaa bɛsɛe, na n’adɔfo ayɛ sɛ owia a efi n’ahoɔden mu.’ (Atemmufo 5:31) Momma yɛnna yɛn ho adi sɛ wɔn a wɔka Yehowa adɔfo no ho denam nea yɛasua afi Atemmufo nhoma no mu a yɛde bedi dwuma no so.

Nokwasɛm titiriw a wɔada no adi mpɛn pii wɔ Atemmufo no nsɛm mu ne sɛ: Osetie a wɔyɛ ma Yehowa de nhyira pii na ɛba, na Yehowa so asoɔden de ɔhaw kɛse ba. (Deuteronomium 11:26-28) Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ ‘yebefi koma mu ayɛ osetie’ ama Onyankopɔn apɛde a wada no adi no!—Romafo 6:17; 1 Yohane 2:17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Wɔamfa Bɔhyɛ Asase no bi amma Lewifo no sɛ wɔn agyapade, gye nkurow 48 a na apete wɔ Israel no nko.

[Asase mfonini wɔ kratafa 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

“[Yehowa, NW] momaa atemmufo so ma wogyee wɔn nkwa fii wɔn afowfo no nsam.”—Atemmufo 2:16

ATEMMUFO

1. Otniel

2. Ehud

3. Samgar

4. Barak

5. Gideon

6. Tola

7. Yair

8. Yefta

9. Ibsan

10. Elon

11. Abdon

12. Simson

NAFTALI

ASER

SEBULON

DAN

ISAKAR

MANASE

EFRAIM

BENYAMIN

YUDA

DAN

MANASE

GAD

RUBEN

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Asuade bɛn na wunya fii hyɛ a Barak hyɛɛ Debora sɛ ɔnka ne ho nkɔ akono no mu?