Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bere a Mpanyinyɛ Yɛ “Abotiri a Ɛyɛ Fɛ”

Bere a Mpanyinyɛ Yɛ “Abotiri a Ɛyɛ Fɛ”

‘Me Mmoa Fi Yehowa’

Bere a Mpanyinyɛ Yɛ “Abotiri a Ɛyɛ Fɛ”

MURIEL a na wadi mfe 101 no kae sɛ: “Ɛno ne asetra a eye sen biara.” Theodoros a na wadi mfe 70 no kaa obi nkwa nna a ɔde som Yehowa ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ hokwan a ɛkyɛn so ankasa!” Maria a na ɔno nso adi mfe 73 no kae sɛ: “Anka mintumi mfa m’asetra nni dwuma ɔkwampa so saa.” Na wɔn nyinaa de wɔn nkwa nna nyinaa asom Yehowa.

Wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔte saa no yɛ nnipa pii a wɔde nsi resom Yehowa wɔ wiase nyinaa no mu bi. Wɔ wɔn a mfe akɔ anim, wɔn akwahosan a asɛe ne ɔhaw afoforo a wohyia nyinaa akyi no, wofi wɔn kra nyinaa mu resom Onyankopɔn. (Kolosefo 3:23) Wɔ Kristofo asafo no mu no, saa nnipa anokwafo a wɔn mfe akɔ anim yi yɛ onyamesom pa ho nhwɛso a edi mũ. Ɛwom mpo sɛ ebia wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ntumi nyɛ pii de, nanso Yehowa ani sɔ ɔsom a wɔde ma no no paa. *2 Korintofo 8:12.

Nnwom nhoma no ka asetra a edi mũ a wɔn a wɔn mfe akɔ anim betumi ahwɛ kwan sɛ wɔn nsa bɛka no ho asɛm. Wobetumi ayɛ sɛ dua kɛse a akyɛ a ɛkɔ so sow aba. Odwontofo no too anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no ho dwom sɛ: “Wɔbɛkɔ so asow aba nkwakoraa bere, wɔbɛyɛ akɛse ne frɔmfrɔm ara.”—Dwom 92:14.

Ebia ebinom besuro sɛ, sɛ mpanyinyɛ ma wɔn ahoɔden so tew a, wɔbɛpo wɔn na wɔabu ani agu wɔn so. Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Ntow me nkyene nkwakoraabere, na sɛ m’ahoɔden sa a, nnyaw me.” (Dwom 71:9) Dɛn na ɛma obi nya nkɔso na dɛn na ɛma ɔyɛ mmerɛw wɔ ne mpanyinyɛ mu? Ɛne sɛ ɔbɛda su pa a ɛne adetreneeyɛ adi. Odwontofo no too dwom sɛ: “Ɔtreneeni bɛfefɛw sɛ abɛ, obenyin sɛ Lebanon so kyeneduru.”—Dwom 92:12.

Wɔn a wɔde nokwaredi som Yehowa wɔ wɔn asetram no taa kɔ so sow aba pa wɔ wɔn mpanyinyɛ mu. Nokwarem no, nneɛma pii a wɔayɛ wɔ wɔn asetram anaa wɔayɛ aboa afoforo no asow aba pii, te sɛ aba a efifi nyin na ɛma wotwa nnɔbae pii no. (Galatifo 6:7-10; Kolosefo 1:10) Nokwarem no, nkurɔfo a wɔde wɔn asetra yɛ nea wɔn ankasa pɛ a Onyankopɔn ani nnye ho no, ntaa nnya so mfaso biara bere a wɔn mfe rekɔ anim no.

Wɔsan si adetrenee a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ wɔn mpanyin bere mu nso so dua wɔ Bible mu nhoma a ɛne Mmebusɛm no mu. Yɛkenkan wom sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” (Mmebusɛm 16:31) Yiw, adetreneeyɛ yɛ nneyɛe pa a obi fi komam da no adi. Adetrenee a obi bɛyɛ bere tenten no ma onya obu. (Leviticus 19:32) Sɛ obi a onyin ama wafuw dwen yɛ onyansafo na ɔbɔ bra pa a, onya nidi.—Hiob 12:12.

Yehowa ani sɔ ɔbrapa a wɔbɔ wɔ ne som mu no yiye. Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Ekosi w’akorayɛ mu, [me Yehowa] mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn. Me na mayɛ, na me na mɛsoa, me na mɛbɔ wo akɔnkɔn, na mayi wo masi.” (Yesaia 46:4) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yehu sɛ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no hyɛ bɔ sɛ ɔbɛwowaw n’anokwafo na waboa wɔn wɔ bere a wɔn mfe akɔ anim no!—Dwom 48:14.

Esiane sɛ Yehowa ani sɔ obi asetra a ɔde som no wɔ nokware mu nti, so ɛnsɛ sɛ afoforo nso bu no saa kwan no so? Sɛ yesusuw nneɛma ho sɛnea Yehowa yɛ no a, ɛkyerɛ sɛ yebu yɛn mfɛfo gyidifo a wɔn mfe akɔ anim no sɛ wɔn ho hia. (1 Timoteo 5:1, 2) Enti momma yɛnhwehwɛ akwampa a yɛbɛfa so ayi Kristofo dɔ akyerɛ wɔn de adi wɔn ahiade ahorow ho dwuma.

Wɔfa Trenee Kwan no so Akyiri Yi Wɔ Wɔn Asetra Mu

Salomo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Trenee kwan so na nkwa wɔ.” (Mmebusɛm 12:28) Mpanyinyɛ nsiw obi kwan sɛ ɔbɛfa trenee kwan no so akyiri yi wɔ n’asetram. Sɛ nhwɛso no, wɔ Moldova no, na ɔbarima bi a wadi mfe 99 de ne mmerante bere akamfo Komunis amammui adwene akyerɛ. Ɔhoahoaa ne ho sɛ watumi ne Komunis akannifo a na wɔagye din te sɛ V. I. Lenin abɔ nkɔmmɔ. Nanso, bere a Komunis nniso brɛɛ ase na egui no, atirimpɔw a na saa ɔpanyin a ne mfe akɔ anim yi kura wɔ asetram no yɛɛ kwa. Nanso, bere a Yehowa Adansefo kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn Ahenni nkutoo na ebedi adesamma haw ahorow ho dwuma no, ogyee Bible mu nokware no toom na ɔbɛyɛɛ Bible suani a ɔyɛ nsi. Awerɛhosɛm ne sɛ owu nti wantumi ammɔ asu sɛ Yehowa somfo.

Bere a na aberewa bi a wadi mfe 81 a ɔwɔ Hungary resua Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn ho ade no, obehui sɛ ɛsɛ sɛ ɔne ɔbarima bi a na ɔne no atwe mpena mfe pii no ware. Ɔbea no de akokoduru kyerɛkyerɛɛ ne gyidi a egyina Bible so no mu no kyerɛɛ ne mpena no. Ne ho dwiriw no, na n’ani gyei kɛse bere a ɔbarima no penee so sɛ ɔbɛkɔ akogye no aware no. Bere a wɔwaree wɔ mmara kwan so akyi no, onyaa nkɔso ntɛmntɛm wɔ Onyankopɔn som mu. Bere a wofii ase suaa Bible no wɔ asram awotwe ntam no ɔbɛyɛɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu, na wɔ bere tiaa bi akyi no wɔbɔɔ no asu. Hwɛ sɛnea ɛyɛ nokware sɛ adetreneeyɛ betumi ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho ayɛ fɛ ankasa!

Yiw, Kristofo anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no betumi anya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn ani gye wɔn ho. Yehowa rempo wɔn a wodi no nokware no. Mmom no, ɔhyɛ bɔ sɛ ɔbɛkyerɛ wɔn kwan, aboa wɔn na wawowaw wɔn kosi wɔn mpanyinyɛ mu mpo. Na wodi adanse sɛ odwontofo no nsɛm yi yɛ nokware: ‘Me mmoa fi Yehowa.’—Dwom 121:2.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Hwɛ 2005 Calendar of Jehovah’s Witnesses, January ne February.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

“Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.”MMEBUSƐM 16:31

[Adaka wɔ kratafa 8]

YEHOWA DWEN N’ASOMFO A WƆN MFE AKƆ ANIM NO HO

“Sɔre atifi dwen anim, na di akwakoraa anim ni, na suro wo Nyankopɔn; Mene [Yehowa, NW].”—Leviticus 19:32.

“Ekosi w’akorayɛ mu, mene me ara, na ekosi dwen fuw mu mpo, mɛbɔ wo akɔnkɔn.”—Yesaia 46:4.