Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?

Dɛn Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?

Dɛn Na Ɛkyerɛ Sɛnea Wo Daakye Bɛyɛ?

JOHN GRAY a ogye adannandi di kyerɛw sɛ: “Nnipa ntumi nkyerɛ nea wɔn daakye bɛyɛ te sɛ mmoa ara pɛ.” Nhoma kyerɛwfo Shmuley Boteach ka nea ɛne eyi bɔ abira wɔ ne nhoma An Intelligent Person’s Guide to Judaism mu. Ɔka sɛ: “Onipa nte sɛ aboa, ma enti bere nyinaa otumi kyerɛ nea n’ankasa daakye bɛyɛ.”

Nkurɔfo pii ne Gray yɛ adwene na wogye di sɛ abɔde mu tumi a wontumi nyɛ ho hwee na ɛkyerɛ nea adesamma abusua daakye bɛyɛ. Afoforo nso susuw sɛ onipa yɛ Onyankopɔn abɔde a wama no tumi a obetumi de akyerɛ nea ne daakye bɛyɛ.

Ebinom te nka sɛ nnipakuw bi a wɔwɔ tumi na wɔkyerɛ nea wɔn daakye bɛyɛ. Sɛnea nhoma kyerɛwfo Roy Weatherford kyerɛ no, “wiase no mu nnipa dodow no ara—titiriw mmea a wɔka wɔn ho asɛm wɔ abakɔsɛm mu no mu dodow no ara nni . . . wɔn ankasa asetra so tumi esiane nneɛma te sɛ nsisi ne nhyɛso nti.” (The Implications of Determinism) Nkurɔfo pii ahu sɛ amammuifo anaasɛ asraafo a wɔpere tumi ho asɛe anidaso a wɔwɔ sɛ wobenya daakye a ɛyɛ anigye no.

Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, afoforo ate nka sɛ wontumi nyɛ hwee efisɛ wosusuw sɛ tumi bi a ɛboro nnipa de so na ɛkyerɛ nea wɔn daakye bɛyɛ. Boteach ka sɛ: “Na adwene a ɛne sɛ anidaso biara nni hɔ esiane sɛ nnipa ntumi nyɛ wɔn daakye a wɔahyɛ ato hɔ no ho hwee no adi tete Helafo no ti.” Wɔtee nka sɛ anyame a wɔn adwene nkari pɛ na wosi onipa biara daakye ho gyinae. Wogye di sɛ anyame yi na wosi bere a obi bewu ne amanehunu ne ɛyaw a obedi nso wɔ n’asetram ho gyinae.

Gyidi a ɛne sɛ tumi bi a ɛboro nnipa de so na ɛkyerɛ sɛnea obi daakye bɛyɛ no abu so nnɛ. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii gye nkrabea di. Wɔka sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ nea ebefi nnipa nneyɛe mu aba nyinaa ne bere a ɔde bewu ato hɔ. Nkrabea nkyerɛkyerɛ a ɛkyerɛ sɛ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no “ahyɛ onipa biara nkwagye anaasɛ asotwe a awiei koraa a obenya no ato hɔ nso wɔ hɔ.” Nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no gye nkrabea nkyerɛkyerɛ yi di.

Wususuw ho dɛn? Tumi ahorow bi ahyehyɛ wo daakye ato hɔ dedaw a wuntumi nyɛ ho hwee? Anaa so nokwasɛm bi wɔ asɛm a William Shakespeare a ɔkyerɛw nea edi so yi kae no mu: “Bere bi, na nnipa wɔ wɔn ankasa daakye so tumi”? Susuw nea Bible ka wɔ asɛm yi ho no ho hwɛ.