Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristo—Nea Nkɔmhyɛ Twe Adwene Si No So

Kristo—Nea Nkɔmhyɛ Twe Adwene Si No So

Kristo—Nea Nkɔmhyɛ Twe Adwene Si No So

“Yesu ho adansedi na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”—ADIYISƐM 19:10, NW.

1, 2. (a) Efi 29 Y.B. reba no, na gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ Israel si? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm yi mu?

NA ƐYƐ afe 29 Y.B. mu. Ná wɔreka Mesia a wɔahyɛ ne ho nkɔm no ho asɛm wɔ Israel nyinaa. Ná Osuboni Yohane som adwuma no ama wɔrehwɛ no kwan denneennen. (Luka 3:15) Yohane kae sɛ ɛnyɛ ɔno ne Kristo no. Mmom no ɔtwee adwene sii Yesu Nasareni no so kae sɛ: “Madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.” (Yohane 1:20, 34) Ankyɛ na nnipadɔm dii Yesu akyi sɛ wokotie ne nkyerɛkyerɛ na wɔama wasa wɔn yare.

2 Wɔ asram a na edi hɔ no mu no, Yehowa de adanse pii a ɛfa ne Ba no ho mae. Na wɔn a wɔasua Kyerɛwnsɛm no a wohuu Yesu nnwuma no nyaa nnyinaso a emu yɛ den a ɛma wogyee no dii. Nanso, nnipa a na Onyankopɔn ne wɔn ayɛ apam no mu dodow no ara annye no anni. Wɔn mu kakraa bi na wogye toom sɛ Yesu ne Kristo no, Onyankopɔn Ba no. (Yohane 6:60-69) Sɛ na wote ase saa bere no a, anka dɛn na wobɛyɛ? So anka wubegye Yesu atom sɛ ɔne Mesia no na woayɛ n’akyidini nokwafo? Susuw adanse a Yesu ankasa de mae de kyerɛɛ onipa ko a ɔyɛ bere a wɔbɔɔ no sobo sɛ wasɛe Homeda no ho, na hyɛ adanse a ɔde maa akyiri yi de hyɛɛ n’asuafo anokwafo gyidi den no nsow.

Yesu Ankasa De Adanse Ma

3. Tebea bɛn na ɛmaa Yesu de onii a ɔyɛ ho adanse mae?

3 Ná ɛyɛ Twam afahyɛ wɔ 31 Y.B. mu. Ná Yesu wɔ Yerusalem. Ná ɔsaa ɔbarima bi a wayare mfe 38 yare nkyɛe. Nanso esiane sɛ Yesu yɛɛ eyi Homeda nti, Yudafo no taa no. Wɔbɔɔ no sobo nso sɛ ɔka abususɛm na wɔpɛe sɛ wokum no efisɛ na ɔfrɛ Onyankopɔn sɛ N’agya. (Yohane 5:1-9, 16-18) Anoyi a Yesu de mae no de adanse abiɛsa a ɛyɛ den sɛ wɔbɛbɔ agu a na ɛbɛma Yudani komapafo biara ahu onii ko a Yesu yɛ ankasa no mae.

4, 5. Na dɛn ne Yohane som adwuma no atirimpɔw, na ɔkwan bɛn so na otumi yɛe wɔ ɔkwan a etu mpɔn so?

4 Nea edi kan no, Yesu twee adwene sii adanse a Osuboni Yohane a odii n’anim bae no de mae no so, na ɔkae sɛ: “Moasoma akɔ Yohane nkyɛn, na wadi nokware adanse; Ɔno ne kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn; na mo de, mopɛe sɛ mo ani gye kakra ne hann no mu.”—Yohane 5:33, 35.

5 Ná Osuboni Yohane yɛ “kanea a ɛdɛw na ɛhyerɛn,” efisɛ ansa na Herode de no reto afiase wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so no, na wayɛ adwuma a Onyankopɔn de maa no sɛ onsiesie kwan mu mma Mesia no awie. Yohane kae sɛ: “Na sɛ wobeyi [Mesia] no akyerɛ Israel nti na meba mebɛbɔɔ asu nsu mu. . . . Mihuu Honhom no sɛ ofi soro resian sɛ aborɔnoma, na ɔbɛtraa no so. Na me de, anka minnim no, na nea ɔsomaa me sɛ memmɛbɔ asu nsu mu no, ɔno ara na osee me sɛ: Nea wubehu sɛ Honhom no resian abɛtra no so no, ɔno ne nea ɔbɔ asu Honhom Kronkron mu. Na mahu na madi adanse sɛ oyi ne Nyankopɔn ba no.” * (Yohane 1:26-37) Yohane kaa pefee sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba, Mesia a na wɔahyɛ ne ho bɔ no. Na Yohane adansedi no yɛ nokware turodoo araa ma bɛyɛ asram awotwe wɔ ne wu akyi no, Yudafo komapafo pii gye toom sɛ: “Nneɛma a Yohane kae oyi ho no nyinaa yɛ nokware.”—Yohane 10:41, 42.

6. Dɛn nti na nnwuma a Yesu yɛe no maa nkurɔfo gye dii sɛ Onyankopɔn gyina n’akyi?

6 Afei, Yesu de biribi foforo sii adanse a ɔde kyerɛe sɛ ɔne Mesia no so dua. Ɔtwee adwene sii nnwuma pa a ɔyɛe no so sɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn gyina n’akyi. Ɔkae sɛ: “Me de, mewɔ adanse a ɛsen Yohane de no; na nnwuma a agya no de ama me sɛ minwie no, nnwuma no ara a meyɛ no di me ho adanse sɛ agya no na asoma me.” (Yohane 5:36) Yesu atamfo mpo antumi ampo adanse yi a na anwonwade pii ka ho no. Akyiri yi ebinom bisae sɛ: “Dɛn na yɛbɛyɛ, efisɛ onipa yi yɛ nsɛnkyerɛnne pii.” (Yohane 11:47) Nanso, ebinom tiee no na wɔkae sɛ: “Kristo no, sɛ ɔba a, so ɔbɛyɛ nsɛnkyerɛnne bebree asen eyinom a oyi ayɛ yi?” (Yohane 7:31) Ná Yesu atiefo no wɔ biribi a edi mu a na wobegyina so de ahu Agya no su horow wɔ ne Ba no ho.—Yohane 14:9.

7. Ɔkwan bɛn so na Hebri Kyerɛwnsɛm no di Yesu ho adanse?

7 Awiei koraa no, Yesu twee adwene sii adanse bi a wontumi mmɔ ngu so. Ɔkae sɛ: ‘Kyerɛw nsɛm no na edi me ho adanse.’ Afei ɔka kaa ho sɛ: “Sɛ mugye Mose di a, anka mubegye me adi; na me ho nsɛm na ɔno kyerɛwee.” (Yohane 5:39, 46) Nokwarem no, Mose yɛ adansefo pii a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba a wɔkyerɛw Kristo ho asɛm no mu biako pɛ. Na nkɔmhyɛ ɔhaha pii ne anato a wɔakyerɛkyerɛ mu yiye a na ne nyinaa twe adwene si Mesia no so ka nea wɔkyerɛwee no ho. (Luka 3:23-38; 24:44-46; Asomafo no Nnwuma 10:43) Na Mose Mmara no nso ɛ? Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mmara ayɛ yɛn yɛnfo a ɛkyerɛ yɛn Kristo so kwan.” (Galatifo 3:24) Yiw, “Yesu ho adansedi na ɛma wɔhyɛ nkɔm.”—Adiyisɛm 19:10, NW.

8. Dɛn nti na Yudafo pii annye Mesia no anni?

8 So adanse yi nyinaa—Yohane adanse a emu da hɔ, ahoɔden nnwuma a Yesu yɛe ne su pa ne Kyerɛwnsɛm no mu adanse pii no mma wunnye nni sɛ Yesu ne Mesia no? Obiara a ɔdɔ Onyankopɔn ne N’asɛm ankasa no behu eyi ntɛm ara na wanya Yesu mu gyidi sɛ Mesia a wɔhyɛɛ ne ho bɔ no. Nanso na wonni saa ɔdɔ no wɔ Israel. Yesu ka kyerɛɛ n’asɔretiafo sɛ: “Mahu mo sɛ munni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu.” (Yohane 5:42) Sɛ anka ‘wɔbɛhwehwɛ anuonyam afi Onyankopɔn nkyɛn no,’ na ‘wɔregye anuonyam afi wɔn ho wɔn ho nkyɛn.’ Ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔne Yesu a ɔte sɛ N’agya no a ɔmpɛ saa nsusuwii no nka!—Yohane 5:43, 44; Asomafo no Nnwuma 12:21-23.

Anisoadehu a Ɛyɛ Nkɔmhyɛ Hyɛɛ Wɔn Den

9, 10. (a) Dɛn nti na bere a Yesu de sɛnkyerɛnne maa n’asuafo no wom no boaa wɔn? (b) Bɔhyɛ titiriw bɛn na Yesu de maa n’asuafo no?

9 Ná bɛboro afe biako atwam fi bere a Yesu de Mesia a na ɔyɛ no ho adanse a yɛaka dedaw no mae no. Ná wɔadi afe 32 Y.B. mu Twam afahyɛ no awie. Ná wɔn a wogyee no dii no mu pii agyae n’akyi di, ebia esiane ɔtaa, honam fam ade dodowpɛ anaasɛ asetram dadwen nti. Ɛbɛyɛ sɛ afoforo nso adwene tu frae anaasɛ wɔn aba mu bui esiane sɛ Yesu poo mmɔden a wɔbɔe sɛ wobesi no ɔhene nti. Bere a Yudafo nyamesom akannifo no ne no gyee akyinnye no, wampene sɛ ɔbɛyɛ sɛnkyerɛnne a efi soro a ɛbɛhyɛ no anuonyam. (Mateo 12:38, 39) Ɛbɛyɛ sɛ saa a wannyɛ no maa ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa. Afei nso, na Yesu afi ase reda biribi a na ɛyɛ den ma n’asuafo no sɛ wɔbɛte ase no adi akyerɛ wɔn—“ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne kyerɛwfo nsam, na wɔakum no.”—Mateo 16:21-23.

10 Na aka asram bɛyɛ akron anaa du na bere adu sɛ Yesu ‘fi wi yi ase kɔ Agya no nkyɛn.’ (Yohane 13:1) Esiane sɛ na Yesu dwen n’akyidifo anokwafo no ho yiye nti, ɔhyɛɛ wɔn mu binom bɔ sɛ wobehu biribi a wamma Yudafo a na wonni gyidi no anhu—sɛnkyerɛnne a efi soro. Yesu kae sɛ: “Nnipa bi gyina ha a wɔrenka owu nhwɛ kosi sɛ wobehu onipa ba no sɛ ɔreba n’ahenni mu.” (Mateo 16:28) Ɛda adi sɛ na ɛnyɛ nea Yesu reka ne sɛ n’asuafo no bi bɛtra ase akosi sɛ wɔde Mesia Ahenni no besi hɔ wɔ 1914 mu. Nea na ɛwɔ Yesu adwenem ne sɛ ɔbɛma n’asuafo a wɔbɛn no paa no mu baasa ahu n’anuonyam bere a ɔredi tumi wɔ Ahenni no mu ho anisoade a ɛyɛ nwonwa. Wɔfrɛ saa anisoade yi sɛ ahosakra.

11. Ka sɛnea ahosakra no sii ho asɛm.

11 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro, Yakobo, ne Yohane kɔɔ bepɔw tenten bi so—ɛbɛyɛ Bepɔw Hermon atifi. Wɔ hɔ no, Yesu ‘sakrae wɔ wɔn anim, na n’anim hyerɛnee sɛ owia, na ne ntade yɛɛ fitaa sɛ hann.’ Wohuu adiyifo Mose ne Elia nso sɛ wɔne Yesu rebɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛbɛyɛ sɛ anwonwade yi sii anadwo, na ɛma wotumi huu no yiye. Nokwarem no, ɛyɛe te sɛ nea ɛyɛ nokwasɛm ankasa ma enti Petro kae sɛ obesi ntamadan anaa ɔbɛbɔ asese abiɛsa—Yesu de biako, Mose de biako, na Elia de biako. Bere a Petro gu so rekasa no, omununkum bɛkataa wɔn so, na ɛnne bi fi mu kae sɛ: “Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani. Muntie no!”—Mateo 17:1-6.

12, 13. Nkɛntɛnso bɛn na ahosakra no nyae wɔ Yesu asuafo no so, na dɛn ntia?

12 Nokwarem no, na Petro dii adanse sɛ Yesu ne “Kristo no, Onyankopɔn teasefo no ba” no nkyɛe. (Mateo 16:16) Nanso susuw ho hwɛ sɛ Onyankopɔn ankasa de adanse rema de asi onii ko a ne Ba a wasra no yɛ ne nea ɔbɛyɛ no so dua! Hwɛ sɛnea ahosakra no hyɛɛ Petro, Yakobo, ne Yohane gyidi den! Esiane sɛ na eyi ahyɛ wɔn gyidi den nti, afei de na wɔasiesie wɔn ho yiye ama nea ɛda wɔn anim ne adwuma titiriw a wɔbɛyɛ wɔ asafo a wɔbɛhyehyɛ no daakye no mu.

13 Ahosakra no nyaa asuafo no so nkɛntɛnso yiye. Bɛboro mfe 30 akyi no, Petro kyerɛwee sɛ: “[Yesu nyaa] nidi ne anuonyam fii agya Onyankopɔn nkyɛn no, ɛne sɛ saa nne yi fii anuonyam a ɛsɛ ɔkɛse no baa no so sɛ: Oyi ne me dɔba a ɔsɔ m’ani! no, yɛn a yɛne no wɔ bepɔw kronkron no so no tee saa nne yi sɛ efi soro bae.” (2 Petro 1:17, 18) Ade no nyaa Yohane so nkɛntɛnso saa ara. Bɛboro mfe 60 akyi no, ɔkaa ho asɛm sɛ: “Yehuu n’anuonyam sɛ agya no ba a ɔwoo no koro anuonyam, na ɔdom ne nokware ayɛ no ma.” (Yohane 1:14) Nanso na ahosakra no nyɛ anisoadehu a Yesu de maa n’akyidifo no mu nea etwa to.

Ntease Foforo Ma Onyankopɔn Asomfo Anokwafo

14, 15. Ɔkwan bɛn so na na ɔsomafo Yohane bɛtra hɔ akosi sɛ Yesu bɛba?

14 Wɔ Yesu wusɔre akyi no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo no wɔ Galilea Po ho. Ɔka kyerɛɛ Petro wɔ hɔ sɛ: “Sɛ mepɛ sɛ [Yohane tra] hɔ kosi sɛ mɛba a, ɛfa wo ho dɛn?” (Yohane 21:1, 20-22, 24) So na asɛm yi kyerɛ sɛ asomafo a aka no bedi kan awu ansa na ɔsomafo Yohane awu? Ɛda adi sɛ ɛte saa, efisɛ ɛno akyi no ɔtraa ase bɛyɛ mfe 70 de nokwaredi som Yehowa. Nanso, nea Yesu kae no kyerɛ biribi a ɛho hia sen saa.

15 Asɛm “kosi sɛ mɛba” no ma yɛkae nea Yesu ka faa ‘onipa Ba no a ɔreba n’ahenni mu’ ho no. (Mateo 16:28) Yohane traa hɔ kosii sɛ Yesu bae efisɛ akyiri yi wɔde ba a na Yesu bɛba Ahenni tumi mu no ho anisoadehu a ɛyɛ nkɔmhyɛ maa no. Bere a aka kakra ma Yohane awu a na wɔatwa no asu akɔtra Patmo supɔw so no, ne nsa kaa Adiyisɛm no a nsɛm a ebesisi “Awurade da no” mu nyinaa ho nsɛnkyerɛnne a ɛyɛ nwonwa wom. Anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi nyaa Yohane so nkɛntɛnso yiye ma bere a Yesu kae sɛ: “Yiw, mereba ntɛm” no, Yohane teɛm sɛ: “Amen, Awurade Yesu, bra.”—Adiyisɛm 1:1, 10; 22:20.

16. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so hyɛ yɛn gyidi den?

16 Nnipa komapafo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no gyee Yesu toom sɛ Mesia no na wogyee no dii. Esiane nnipa a wonni gyidi mu a na wɔte, adwuma a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ, ne sɔhwɛ ahorow a na wobehyia nti, na ehia sɛ wɔhyɛ wɔn a wɔbɛyɛ gyidifo no den. Ná Yesu de adanse pii ama sɛ ɔne Mesia no, na na ɔde anisoadehu a ɛyɛ nkɔmhyɛ a ɛma wɔte nneɛma ase ama de ahyɛ n’akyidifo anokwafo nkuran. Ɛnnɛ, yɛadu akyiri wɔ “Awurade da no” mu. Ɛrenkyɛ Kristo bɛsɛe Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no nyinaa na wagye Onyankopɔn nkurɔfo. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde Yehowa nsiesiei a ɔde ama na yɛasom no yiye no nyinaa hyɛ yɛn gyidi den.

Wɔkora Wɔn so Wɔ Esum ne Ahohiahia Mu

17, 18. Nsonsonoe kɛse bɛn na ɛda sɛnea afeha a edi kan no mu Yesu akyidifo no yɛɛ wɔn ade ne sɛnea wɔn a wɔsɔre tiaa Onyankopɔn atirimpɔw no yɛɛ wɔn ade ntam, na dɛn na ɛtoo kuw no mu biara?

17 Yesu wu akyi no, n’asuafo no de akokoduru dii n’ahyɛde a ese wonni ne ho adanse wɔ ‘Yerusalem ne Yudea ne Samaria nyinaa mfa nkɔpem asase ano nohɔ’ no so. (Asomafo no Nnwuma 1:8) Wɔ ɔtaa pii nyinaa akyi no, Yehowa maa Kristofo asafo a ɛyɛ foforo no tee honhom fam nneɛma ase na wonyaa asuafo afoforo pii.—Asomafo no Nnwuma 2:47; 4:1-31; 8:1-8.

18 Nanso, nea na wɔn a wɔsɔre tia asɛmpa no hwɛ kwan no kɔɔ so yɛɛ kwa. Mmebusɛm 4:19 ka sɛ: “Abɔnefo kwan te sɛ esum kabii, wonnim nea wohintiw.” “Esum” no yɛɛ kabii wɔ 66 Y.B. mu bere a Roma asraafo betwaa Yerusalem ho hyiae no. Bere a Romafo no san wɔn akyi kɔe bere tiaa bi a wonhu nea enti a wɔyɛɛ saa no, wɔsan bae wɔ 70 Y.B. mu, na saa bere yi de, wɔsɛee kurow no pasaa. Sɛnea Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛ no, Yudafo bɛboro ɔpepem biako wuwui. Nanso, Kristofo anokwafo nyaa nkwa. Dɛn ntia? Efisɛ bere a wɔsan wɔn akyi kɔe no, wodii Yesu ahyɛde a ese wonguan no so.—Luka 21:20-22.

19, 20. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo suro bere a mprempren wiase no rebɛn n’awiei no? (b) Ntease titiriw bɛn na Yehowa maa ne nkurɔfo nyae mfe pii ansa na 1914 reba no?

19 Yɛwɔ tebea a ɛte saa ara mu. Ahohiahia kɛse a ɛreba no bɛma Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne no nyinaa aba awiei. Nanso enhia sɛ Onyankopɔn nkurɔfo suro, efisɛ Yesu hyɛɛ bɔ sɛ: “Hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:20) Nea ɛbɛyɛ na Yesu ahyɛ n’asuafo a na wodi kan no gyidi den na wasiesie wɔn ama nea ɛda wɔn anim no, ɔma wodii kan huu n’anuonyam a obenya wɔ soro sɛ Mesia Hene no. Ɛnnɛ nso ɛ? Wɔ 1914 mu no, nea wohui wɔ anisoadehu no mu no nyaa mmamu. Na hwɛ sɛnea eyi hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo den! Ɛde daakye pa bi ho bɔhyɛ ma, na ama Yehowa asomfo akɔ so anya Mesia Ahenni no ho ntease nkakrankakra. Wɔ wiase a aduru sum yi mu no, “treneefo kwan te sɛ owia hann, ɛkɔ so hyerɛn kodu awia ketee.”—Mmebusɛm 4:18.

20 Kristofo a wɔasra wɔn kuw ketewaa bi fii ase tee Awurade sanba no ho nokware atitiriw bi ase ansa na 1914 mpo reba. Sɛ nhwɛso no, wohui sɛ yɛremfa yɛn aniwa nhu, sɛnea abɔfo baanu a woyii wɔn ho adi kyerɛɛ asuafo no wɔ 33 Y.B. mu bere a na Yesu reforo akɔ soro no kyerɛe no. Bere a omununkum gyee Yesu fii asuafo no anim no, abɔfo no kae sɛ: “Yesu yi ara a wɔafa no mo nkyɛn kɔ ɔsoro yi, ɔbɛba saa ara, sɛnea muhu no sɛ ɔrekɔ ɔsoro yi.”—Asomafo no Nnwuma 1:9-11; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

21. Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

21 Yesu akyidifo anokwafo no nkutoo na wohuu ne kɔ no. Te sɛ ahosakra no, wɔanyɛ baguam ade biara; wiase no anhu nea esii no mpo. Saa ara na ɛbɛyɛ bere a Kristo san ba Ahenni tumi mu no. (Yohane 14:19) N’asuafo anokwafo a wɔasra wɔn no nkutoo na wobehu sɛ waba sɛ Ɔhene. Wɔ asɛm a edi hɔ no mu no, yebehu sɛnea nneɛma a wɔtee ase no nyaa wɔn so nkɛntɛnso kɛse, a ɛma wɔboaboaa nnipa ɔpepem pii a wɔbɛyɛ Yesu manfo a wɔbɛtra asase so ano no.—Adiyisɛm 7:9, 14.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Ɛda adi sɛ Yohane nkutoo na ɔtee Onyankopɔn nne wɔ Yesu asubɔ no mu. Ná Yudafo a Yesu rekasa akyerɛ wɔn no ‘ntee Onyankopɔn nne da, na wonhuu ne suban nso.’—Yohane 5:37.

So Wokae?

• Bere a wɔbɔɔ Yesu sobo sɛ wasɛe Homeda na ɔka abususɛm no, adanse bɛn na ɔde mae de kyerɛe sɛ ɔne Mesia no?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu asuafo a wodi kan no nyaa ahosakra no so mfaso?

• Dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ Yohane bɛtra hɔ akosi sɛ ɔbɛba no?

• Wɔ 1914 mu no, anisoadehu bɛn na enyaa mmamu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Yesu de adanse mae sɛ ɔne Mesia no

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ná ahosakra ho anisoadehu no hyɛ gyidi den

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Na Yohane bɛtra hɔ akosi sɛ Yesu ‘bɛba’