Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monna Ahɔhoyɛ Adi Nkyerɛ Mo Ho’

‘Monna Ahɔhoyɛ Adi Nkyerɛ Mo Ho’

‘Monna Ahɔhoyɛ Adi Nkyerɛ Mo Ho’

NA Foibe, afeha a edi kan mu Kristoni no wɔ nsɛnnennen bi. Na ɔretu kwan afi Kenkrea a ɛwɔ Hela no akɔ Roma, nanso na onnim ne mfɛfo gyidifo a wɔwɔ saa kurow no mu no. (Romafo 16:1, 2) Bible asekyerɛfo Edgar Goodspeed ka sɛ: “Na abɔnefosɛm ne atirimɔdensɛm ahyɛ Roma ahemman [a na ɛwɔ hɔ saa bere] no ma, na na ahɔhodan a ɛwɔ hɔ no agye dimmɔne ma ɛnyɛ beae a ɛsɛ sɛ ɔbea a odi ne ho ni kɔda, ne titiriw no Kristoni bea.” Enti na ɛhe na Foibe bɛsoɛ?

Na nkurɔfo tu akwan pii wɔ Bible mmere mu. Yesu Kristo ne n’asuafo no tuu akwan a ɛte saa de kaa asɛmpa no wɔ Yudea ne Galilea nyinaa. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Kristofo asɛmpatrɛwfo te sɛ Paulo kaa asɛm no wɔ mmeae pii a ɛbemmɛn Mediterranea Po ho, a na Roma a ɛyɛ Roma Ahemman no ahenkurow ka ho. Sɛ na afeha a edi kan mu Kristofo no tu kwan kɔ Yudafo asase anaa asase foforo bi so a, na ɛhe na wɔsoɛ? Sɛ wɔrehwehwɛ dabere a, nsɛnnennen bɛn na na wohyia? Dɛn na yebetumi asua afi wɔn hɔ afa ahɔhoyɛ a wɔda no adi ho?

“Wo Fi na Ɛsɛ sɛ Metra Nnɛ”

Wɔkyerɛ ahɔhoyɛ ase sɛ “koma ne ayamye mu a wofi gye ahɔho,” na ɛyɛ su a Yehowa nokware asomfo fi bere tenten ada no adi. Sɛ nhwɛso no, Abraham, Lot, ne Rebeka daa ahɔhoyɛ adi. (Genesis 18:1-8; 19:1-3; 24:17-20) Bere a tete agya Hiob reka su a okura wɔ ahɔho ho no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɔhɔho biara ansoɛ abɔnten so, mibuee me pon mekyerɛɛ ɔtempɔn.”—Hiob 31:32.

Sɛ na akwantufo pɛ sɛ wɔn mfɛfo Israelfo da ahɔhoyɛ adi kyerɛ wɔn a, na nea wɔtaa yɛ ara ne sɛ wɔtra kurow no abɔnten so na wɔtwɛn ma obi to nsa frɛ wɔn kɔ ne fi. (Atemmufo 19:15-21) Na afiewuranom no taa hohoro wɔn ahɔho no anan ho, ma wɔne wɔn mmoa aduan ne nsu. (Genesis 18:4, 5; 19:2; 24:32, 33) Na akwantufo a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ adesoa ma wɔn afiewuranom no fa wɔn nneɛma a wobehia—nnuan ne nsa ne wɔn mfurum nnuan. Na baabi a wɔbɛda anadwo nkutoo na wɔhwehwɛ.

Ɛwom sɛ Bible no ntaa nka ɔkwan a Yesu faa so nyaa baabi dae wɔ n’asɛnka akwantu no mu de, nanso na ɔne n’asomafo no nya baabi da. (Luka 9:58) Bere a Yesu kɔɔ Yeriko no, ɔka kyerɛɛ Sakeo tiaa sɛ: “Wo fi na ɛsɛ sɛ metra nnɛ.” Sakeo gyee ne hɔho no “fɛw” so. (Luka 19:5, 6) Mpɛn pii no, na Yesu soɛ ne nnamfonom Marta, Maria, ne Lasaro fie wɔ Betania. (Luka 10:38; Yohane 11:1, 5, 18) Ɛbɛyɛ sɛ Yesu traa Simon Petro fie wɔ Kapernaum.—Marko 1:21, 29-35.

Ɔsom adwuma ho akwankyerɛ a Yesu de maa n’asomafo 12 no da ahɔhoyɛ ko a na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wobenya wɔ Israel no adi. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnhwehwɛ sika anaa dwetɛ anaa kɔbere nngu mo abɔso mu, monnhwehwɛ akwantu bɔtɔwa anaa ntade abien anaa mpaboa anaa poma; na odwumayɛfo aduan sɛ no. Na kurow anaa akuraa biara a mobɛhyɛn mu no, mummisa nea ɔsɛ wɔ hɔ, na ɛhɔ na montra nkosi sɛ mubefi hɔ akɔ.” (Mateo 10:9-11) Na onim sɛ ankorankoro a wɔwɔ koma pa no begye n’asuafo no akɔ wɔn afie, ama wɔn nnuan, dabere, ne nneɛma foforo a wohia.

Nanso, na bere bi reba a asɛmpakafo a wotu akwan no ankasa bedi wɔn ahiade ho dwuma. Esiane nitan a na Yesu akyidifo no behyia daakye ne asɛnka adwuma no a na wɔbɛtrɛw mu akɔ nsasesin a ɛnyɛ Israelfo de mu nti, ɔkae sɛ: “Nea ɔwɔ sika kotoku no, ɔmfa, ne akwantu bɔtɔwa saa ara.” (Luka 22:36) Na akwantu ne dabere ho behia na ama wɔaka asɛmpa no.

“Mommɔ Ahɔhoyɛ Ho Mmɔden”

Asomdwoe kakraa bi a na ɛwɔ afeha a edi kan Roma Ahemman no mu ne akwan pii a na wɔapaapae atoto mu no maa nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ no taa tutuu akwan. * Esiane sɛ nkurɔfo pii taa tutu akwan nti ɛho behia sɛ wobenya mmeae pii a wɔbɛsoɛ hɔ. Ahɔhodan ahorow a ɛwowɔ akwantempɔn ho a efi biako so kɔ foforo so gye da koro akwantu no dii saa ahiade yi ho dwuma. Nanso, nhoma a wɔfrɛ no The Book of Acts in Its Graeco-Roman Setting no ka sɛ: “Nea wonim wɔ ahɔhodan ahorow no ho a wɔada no adi wɔ nhoma ahorow mu no kyerɛ sɛ na ɛhɔ nyɛ ahomeka. Mpɛn pii no, nhoma ahorow a ɛwɔ hɔ ne nneɛma a wɔatutu fam ahu di adanse sɛ na ɛyɛ adangow a emu ntew, hwee nni mu, sonkuronsuo wom, aduanpa ne nsupa nni hɔ, ɛso ahwɛfo ne wɔn adwumayɛfo nyɛ nnipa a wɔde ho to wɔn so, wɔn a wɔkɔsoɛ hɔ no nni din pa, na ahohwibra na ɛtaa kɔ so wɔ hɔ.” Ntease wom sɛ, ɔkwantuni biara a okura abrabɔ pa renkɔsoɛ ahɔhodan a ɛte saa mu.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Kyerɛwnsɛm no tu Kristofo fo mpɛn pii sɛ wɔnna ahɔhoyɛ adi nkyerɛ afoforo. Paulo hyɛɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no nkuran sɛ: “Momma ahotefo hia nhia mo bi, mommɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden!” (Romafo 12:13) Ɔkaee Yudafo Kristofo no sɛ: “Ahɔhoyɛ nso, mommma mo ani mmpa so; efisɛ eyi so na ebinom nam yɛɛ abɔfo hɔho a wɔn ani nni so.” (Hebrifo 13:2) Petro tuu ne mfɛfo asomfo fo sɛ ‘wɔnna ahɔhoyɛ adi nkyerɛ wɔn ho a anwiinwii biara nni mu.’—1 Petro 4:9.

Nanso, tebea horow bi wɔ hɔ a, ɛremfata sɛ wɔbɛda ahɔhoyɛ adi. Ɔsomafo Yohane kaa “obiara a ɔfom so na ɔntra Kristo kyerɛ no mu no,” ho asɛm sɛ: “Munnnye no nnkɔ mo fi, nso munnkyia no! Na nea okyia no no yɛ ne nnwuma bɔne no fafafo.” (2 Yohane 9-11) Paulo kyerɛw faa abɔnefo a wonnu wɔn ho no ho sɛ: “Sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ aguaman anaa oniberefo anaa ɔbosonsonni anaa ɔmaanefo anaa ɔsabofo anaa omimfo a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo.”—1 Korintofo 5:11.

Ɛbɛyɛ sɛ nnaadaafo ne nnipa afoforo faa nyansa kwan so didii ahɔhoyɛ a na nokware Kristofo da no adi no ho. Afeha a ɛto so abien Y.B. mu akwankyerɛ nhoma bi a ennyina Bible so a ɛka Kristofo gyidi ho asɛm a wɔfrɛ no The Didache, anaa Teaching of the Twelve Apostles (Asomafo Dumien no Nkyerɛkyerɛ) no, hyɛ nyansa sɛ wɔnna ahɔhoyɛ adi “da koro, anaa sɛ ɛho behia a nnanu” nkyerɛ ɔsɛnkafo a otu akwan. Ɛno akyi no, sɛ ɔrefi hɔ akɔ a, “ɛnsɛ sɛ ogye biribiara gye aduan nkutoo . . . Sɛ ɔka sɛ wɔmma no sika a, na ɔyɛ atoro diyifo.” Nhoma no toa so sɛ: “Sɛ ɔpɛ sɛ ɔtra wo fie hɔ na sɛ onim adwuma bi yɛ a, ma ɔno ankasa nyɛ adwuma mpɛ n’ano aduan. Nanso, sɛ wunim sɛ onni nsaanodwuma biara a, ɛnde fa nea ohia ma no, na amma onipa biara antra mo mu anyɛ onihafo esiane sɛ ɔyɛ Kristoni nti. Nanso sɛ ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, ɛnde na ɔredidi Kristo ho; hwɛ yiye wɔ obi a ɔte saa ho.”

Na ɔsomafo Paulo yɛ ahwɛyiye sɛ ɔremfa adesoa duruduru nto wɔn a ɔtra wɔn afie mu no so bere a ɔkyɛ wɔ nkurow bi mu no. Na ɔnwene ntamadan de hwɛ ne ho. (Asomafo no Nnwuma 18:1-3; 2 Tesalonikafo 3:7-12) Nea ɛbɛyɛ na tete Kristofo no aboa akwantufo a wɔfata a wɔwɔ wɔn mu no, ɛda adi sɛ na wɔde nkrataa na ɛkamfo wɔn kyerɛ, te sɛ nea Paulo kamfoo Foibe kyerɛe no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Mekamfo yɛn nuabea Foibe . . . na moagye no Awurade mu . . . na moaboa no biribiara mu bere a obehia mo no.”—Romafo 16:1, 2, NW.

Nhyira a Ahɔhoyɛ a Wɔda no Adi De Ba

Kristofo asɛmpatrɛwfo a wɔtraa ase afeha a edi kan mu no nyaa ahotoso sɛ Yehowa de nea wohia nyinaa bɛma wɔn. Nanso, so na wobetumi ahwɛ kwan sɛ wɔn mfɛfo gyidifo bɛda ahɔhoyɛ adi akyerɛ wɔn? Lidia maa Paulo ne afoforo bi bɛsoɛɛ ne fi. Paulo traa Akwila ne Priskila nkyɛn wɔ Korinto. Afiasehwɛfo bi a ɔwɔ Filipi tow pon maa Paulo ne Silas. Yason gyee Paulo fɛw so wɔ Tesalonika, Filipo gyee no traa ne nkyɛn wɔ Kaesarea, na Mnason nso gyee no traa ne fi bere a ɔnam kwan so fi Kaesarea rekɔ Yerusalem no. Bere a Paulo rekɔ Roma no, anuanom a wɔwɔ Puteoli no gyee no traa wɔn nkyɛn. Hwɛ sɛnea mmere a ɛtete sɛɛ no maa afiewuranom a wogyee Paulo traa wɔn afie mu no nyaa mfaso wɔ honhom fam!—Asomafo no Nnwuma 16:33, 34; 17:7; 18:1-3; 21:8, 16; 28:13, 14.

Nhomanimfo Frederick F. Bruce ka sɛ: “Ade titiriw a ɛkaa Paulo nnamfo, ne mfɛfo adwumayɛfo, ne afiewuranom yi ma wɔboaa Paulo no ne ɔdɔ a wɔwɔ ma no ne Owura a na ɔsom no no. Na wonim sɛ bere a wɔresom Paulo hɔho no, na wɔresom Kristo.” Eyi yɛ adwempa a edi mu a wɔde da ahɔhoyɛ adi.

Ɛho da so ara hia sɛ yɛda ahɔhoyɛ adi. Yehowa Adansefo ahwɛfo akwantufo mpempem pii na yɛn mfɛfo gyidifo da ahɔhoyɛ adi kyerɛ wɔn. Ahenni adawurubɔfo binom ankasa bɔ ka tu kwan kɔka asɛmpa no wɔ mmeae a wɔntaa nka bi wɔ hɔ no. Sɛ yɛma saafo no bɛtra yɛn afie mu a, yenya so mfaso kɛse ɛmfa ho sɛ wobebu no sɛ ɛyɛ afie kyɛkyɛwa bi no. Ahɔhoyɛ su a yefi ayamye mu da no adi betumi ayɛ aduan a ɛho ka nnɔɔso a yɛnoa ma wɔn, na ɛma yenya hokwan a ɛkyɛn so ‘hyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran’ na yɛda ɔdɔ adi kyerɛ yɛn nuanom ne yɛn Nyankopɔn. (Romafo 1:11, 12) Mmere a ɛtete saa no ma afiewuranom nya anigye pii efisɛ “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35, NW.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Wobu akontaa sɛ eduu afe 100 Y.B. mu no, na Romafo apae akwan a ne tenten bɛyɛ kilomita 80,000.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Kristofo ‘bɔ ahɔhoyɛ ho mmɔden’