Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ɛyɛɛ dɛn na Simson tumi de ne nsa kaa nnipa a n’ankasa akunkum wɔn no amu na ɔkɔɔ so yɛɛ Ɔhotuafo?

Wɔ tete Israel no, na obi betumi afi ne pɛ mu ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ Ɔhotuafo akosi bere bi. * Na anohyeto biako a ɛwɔ saa bɔhyɛ no ho ne sɛ: “Nna a watua ne ho ade ama [Yehowa, NW] no, ɔnnkɔ efunu ho. N’agya ne ne na ne ne nuabarima ne ne nuabea wu mu mpo, onnkogu ne ho fí.” Na sɛ obi ‘wu mpofirim wɔ ne ho’ nso ɛ? Efunu a wanhyɛ da na ɔde ne nsa ka no no bɛsɛe N’ahotua no. Enti, wɔkae sɛ: “Kan nna no ayera.” Na ebehia sɛ odwira ne ho na ɔsan fi Ahotua no ase bio.—Numeri 6:6-12.

Nanso na Simson yɛ Ɔhotuafo wɔ ɔkwan soronko bi so. Ansa na wɔbɛwo Simson no, Yehowa bɔfo ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Na hwɛ, worebenyinsɛn awo babarima a oyiwan renka ne ti, na abofra no bɛyɛ Onyankopɔn hotuafo afi yafunum, na ɔno na obefi ase agye Israel afi Filistifo nsam.” (Atemmufo 13:5) Simson anhyɛ bɔ biara wɔ N’ahotua no ho. Onyankopɔn na ɔpaw no sɛ Ɔhotuafo, na na ɔbɛyɛ Ɔhotuafo ne nkwa nna nyinaa. Na na onni anohyeto a ese wɔnka funu no ase. Sɛ na ɔwɔ ase na wanhyɛ da na ɔkɔka funu a, ɛbɛyɛ dɛn na wasan afi Ahotua a wɔde woo no a ɛbɛkɔ so ne nkwa nna nyinaa no ase bio? Ɛnde na ɛda adi pefee sɛ, nea wɔhwehwɛ fi obi a ɔyɛ Ɔhotuafo ne nkwa nna nyinaa ho no yɛ soronko wɔ wɔn a wofi wɔn pɛ mu yɛ Ahotuafo no ho.

Susuw mmara nsɛm a Yehowa de maa nnipa baasa a wɔyɛ Ahotuafo wɔn nkwa nna nyinaa—Simson, Samuel, ne Osuboni Yohane—a wɔka ho asɛm wɔ Bible mu no ho hwɛ. Sɛnea yɛadi kan ahu no, na wɔahyɛ Simson sɛ onntwitwa ne ti nhwi. Hana hyɛɛ ne ba Samuel a na afei na ɔrebenyinsɛn no ho bɔ sɛ: “Mede no mɛma [Yehowa, NW] ne nkwa nna nyinaa, na oyiwan bi renka ne ti.” (1 Samuel 1:11) Ɛdefa Osuboni Yohane ho no, Yehowa bɔfo no kae sɛ: “Ɔrennom bobesa anaa nsa biara.” (Luka 1:15) Bio nso, “na Yohane yi fura yoma nhwi ntama, na nhoma abɔso bɔ n’asen, na n’aduan ne mmoadabi ne wuram wo.” (Mateo 3:4) Na saa nkurɔfo baasa yi mu biara nni hɔ a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɛn funu.

Ɛwom, na Ɔhotuafo Simson ka atemmufo a Yehowa paw wɔn sɛ wonnye Israelfo mfi afowfo nsam no ho. (Atemmufo 2:16) Na bere a ɔreyɛ adwuma a wɔde hyɛɛ ne nsa no, ɔkɔkaa afunu. Bere bi Simson kunkum Filistifo 30 na oyiyii wɔn ho ntade. Akyiri yi okokunkum atamfo no, “na ɔbobɔɔ wɔn srɛ ne wɔn dwonku so kunkum wɔn okunkɛse.” Ɔsan nso de afurum abogye bi a afɔw kunkum mmarima apem. (Atemmufo 14:19; 15:8, 15) Nea Simson yɛe yi nyinaa na Yehowa pene so na ɔtaa n’akyi. Kyerɛwnsɛm no ka ne ho asɛm sɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi soronko.—Hebrifo 11:32; 12:1.

So asɛm a ɛka sɛ Simson tetew gyata mu “sɛnea wɔtetew abirekyi ba mu” no kyerɛ sɛ mmirekyi mma mu a wɔtetew yɛ ade a na wɔtaa yɛ wɔ ne bere so?

Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Israel atemmufo no bere so no na nnipa taa tetew mmirekyi mma mu. Atemmufo 14:6 ka sɛ: “[Yehowa, NW] honhom sii [Simson], so, na ɔtetew no mu, sɛnea wɔtetew abirekyi ba mu, nanso na hwee nkita ne nsam.” Ebetumi aba sɛ saa asɛm yi yɛ ntotoho bi.

Saa asɛm “tetew no mu” no betumi akyerɛ nneɛma abien. Ebia Simson waee gyata no abogye mu abien anaasɛ ɔtetew ne mu wɔ ɔkwan bi so. Sɛ ɔwaee gyata no abogye mu abien a, ɛnde na wobetumi aka sɛ saa ara na nnipa betumi de n’ahoɔden ayɛ abirekyi ba. Wɔ saa kwan yi so no ntotoho yi kyerɛ sɛ, na ɛrenyɛ den mma Simson sɛ ɔde ne nsa pan bekum gyata te sɛ sɛnea anka ɔde bekum abirekyi ba ara pɛ. Nanso, sɛ anka Simson tetew gyata no mu asinasin ma owui nso ɛ? Ɛnde na yɛrentumi nka sɛ asɛm no yɛ ntotoho bi. Ntease a ɛwɔ ntotoho yi mu no betumi akyerɛ sɛ, Yehowa honhom na ɛkanyan Simson ma otumi de ahoɔden a ɛkyɛn nnipa de yɛɛ ade no. Wɔ tebea abien no nyinaa mu no, ntotoho a ɛwɔ Atemmufo 14:6 no kyerɛ sɛ denam Yehowa mmoa so no, Simson remmu gyata a ne ho yɛ den paa no sɛ ne ho yɛ hu te sɛ nea onipa remmu abirekyi ba sɛ ne ho yɛ hu no.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Mmere dodow a obedi wɔ n’ahotua bere no mu no gyina onii a ɔhyɛɛ bɔ no ankasa so. Nanso sɛnea na Yudafo no amammerɛ te no, anyɛ yiye koraa no na ɛsɛ sɛ ne bɔhyɛ no di nnafua 30. Wɔkyerɛ sɛ sɛ annu saa a, ɛbɛma bɔhyɛ no ayɛ biribi a ɛnsom bo.