Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Saulo Asɛnka Ma Wɔtan No

Saulo Asɛnka Ma Wɔtan No

Saulo Asɛnka Ma Wɔtan No

NA Yudafo a wɔwɔ Damasko no nte ase. Ɛyɛɛ dɛn na obi a ogyina wɔn tete nkyerɛkyerɛ akyi denneennen no tumi dan ɔwaefo yi? Na wonim Saulo sɛ obi a ɔtaa wɔn a wɔbɔ Yesu din wɔ Yerusalem no. Ɔbaa Damasko sɛ ɔrebɛtaa asuafo a na wɔwɔ hɔ no. Nanso mprempren ɔno ankasa rekyerɛkyerɛ sɛ ɔsɛmmɔnedifo a wɔbɔɔ no asɛnduam sɛ ɔreka abususɛm no ne Mesia no! Saulo tirim reka no anaa?—Asomafo no Nnwuma 9:1, 2, 20–22.

Ebia nkyerɛkyerɛmu bi wɔ hɔ. Ebia afoforo a wɔne Saulo tuu kwan fii Yerusalem no betumi aka nea esii wɔ kwan mu no ho asɛm. Bere a wɔbɛn Damasko no, mpofirim na hann bi twaa wɔn ho hyiae, na wɔn nyinaa hwehwee fam. Wɔtee ɛnne bi nso. Obiara ho anka gye Saulo nkutoo. Na ɔda ɔkwan no mu. Bere a akyiri koraa ɔsɔree no, na abehia sɛ akwantufo afoforo a wɔka ne ho no bi kyerɛ no kwan kɔ Damasko, efisɛ na onhu hwee.—Asomafo no Nnwuma 9:3-8; 26:13, 14.

Yesu Tamfo Bi Fii Ase Kaa ne Ho Asɛmpa

Dɛn na ɛtoo Saulo bere a ɔnam kwan so rekɔ Damasko no? So ebia kwan no tenten anaa owia no ano hyew ama wayɛ mmerɛw? Esiane sɛ akyinnyegyefo a wɔwɔ hɔ nnɛ pɛ sɛ wonya nsɛm a ɛfata a wɔde bɛkyerɛkyerɛ mu nti, nsɛm a wɔka no bi ne sɛ, biribi te sɛ tirimka, anisobiri, adwenemhaw a Saulo ahonim a na ɛhaw no ne adwene a onyae sɛ ɔyare otwa no na ɛde bae.

Nea esii ankasa ne sɛ Yesu Kristo yii ne ho adi kyerɛɛ Saul wɔ hann bi a efuraa n’ani no mu de ma ogye dii sɛ ɔno ne Mesia no. Asɛm a esii yi ho mfonini a wɔayɛ no bi kyerɛ sɛnea Saulo fi ɔpɔnkɔ so rehwe fam. Ɛno betumi ayɛ nokware efisɛ Bible no ka no tiaa sɛ ‘ɔhwee fam.’ (Asomafo no Nnwuma 22:6-11) Ɔkwan biara a Saulo faa so hwee fam no ho nhia ankasa te sɛ ne kan dibea a efii ne nsa no. Afei ohui sɛ nea Yesu asuafo no ka no yɛ nokware. Na nea aka a Saulo bɛyɛ ara ne sɛ ɔkɔka wɔn ho. Na Saulo yɛ obi a na ɔmpɛ Yesu asɛm no atie koraa nanso ɔbɛdan obi a ɔyɛ den wɔ asɛnka adwuma no mu. Bere a Saulo san huu ade bio na wɔbɔɔ no asu akyi no, ‘ɔkɔɔ so nyaa n’ahoɔden, na ɔmaa Yudafo a wɔte Damasko no ho yeraw wɔn, na odii adanse kyerɛe sɛ oyi ne Kristo no.’—Asomafo no Nnwuma 9:22.

Pɔw a Wɔbɔe Sɛ Wobekum no no Yɛɛ Kwa

Bere a Saulo a wɔbɛfrɛɛ no Paulo no nyaa adwensakra akyi no, ɛhe na ɔkɔe? Bere a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Galatifo no, ɔkae sɛ: “Mekɔɔ Arabia, na mesan mebaa Damasko bio.” (Galatifo 1:17) Asɛmfua “Arabia” no betumi akyerɛ ɔkwan a otu kɔɔ Arabia Asase Hwene no fã baabiara. Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ Paulo kɔɔ Siria Sare so anaa baabi foforo wɔ Areta IV Nabataea ahemman mu. Ebetumi aba sɛ, wɔ Saulo asubɔ akyi no ɔkɔɔ beae bi a ɛhɔ yɛ komm kɔdwennwenee nsɛm ho, te sɛ nea Yesu yɛe wɔ n’asubɔ akyi no.—Luka 4:1.

Bere a Saulo san kɔɔ Damasko no, “Yudafo no pam ne tiri so sɛ wobekum no.” (Asomafo no Nnwuma 9:23) Amrado a na ɔyɛ Ɔhene Areta nanmusini wɔ Damasko no na na wɔama wɔrewɛn kurow no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyere Saulo. (2 Korintofo 11:32) Nanso bere a na atamfo repam Saulo tiri so sɛ wobekum no no, na Yesu asuafo no refa kwan bi so ama waguan.

Wɔn a wɔboaa Saulo ma oguanee no mu bi ne Anania ne asuafo a ɔsomafo no ne wɔn bɔe bere a onyaa adwensakra akyi pɛɛ no. * (Asomafo no Nnwuma 9:17-19) Ebetumi aba sɛ ebinom a Saulo asɛnka wɔ Damasko ma wɔdanee gyidifo no nso boaa no bi, efisɛ Asomafo no Nnwuma 9:25 ka sɛ: N’asuafo no faa no anadwo de no too kyerɛnkyɛ mu faa ɔfasu so twetwee no sii fam.” Asɛm “n’asuafo” no betumi akyerɛ wɔn a Saulo kyerɛkyerɛɛ wɔn no. Sɛnea ɛte biara no, aba a ne som adwuma no sow no maa ɔtan a na wɔwɔ ma no dedaw no mu yɛɛ den.

Nea Ɛsɛ sɛ Yesua Fi Mu

Sɛ yɛhwehwɛ nsɛm a esisii a ɛfa Saulo adwensakra ne n’asubɔ ho no mu a, yehu pefee sɛ sɛnea afoforo buu no atɛn no anhaw no dodo; na saa ara nso na ɔsɔretia a emu yɛ den amma wannyae ne som adwuma no. Nea na ɛho hia Saulo titiriw ne asɛnka adwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa no.—Asomafo no Nnwuma 22:14, 15.

So woagye atom nnansa yi sɛ asɛmpaka adwuma no ho hia? Sɛ saa a, wunim sɛ ɛsɛ sɛ nokware Kristofo nyinaa ka Ahenni ho asɛmpa no. Sɛ ɛtɔ mmere bi na w’asɛnka adwuma no ma wɔtan wo a, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ wo nwonwa. (Mateo 24:9; Luka 21:12; 1 Petro 2:20) Sɛnea Saulo yɛɛ n’ade wɔ ɔsɔretia ho no yɛ asuade ma yɛn. Kristofo a wogyina sɔhwɛ ano a wonnyaee mu no benya Onyankopɔn anim dom. Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo.” Nanso ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Mo boasetɔ mu na mubenya mo kra.”—Luka 21:17-19.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Ɛbɛyɛ sɛ Kristosom duu Damasko wɔ Yesu asɛnka wɔ Galilea no akyi anaasɛ wɔ Pentekoste 33 Y.B. akyi.—Mateo 4:24; Asomafo no Nnwuma 2:5.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo no, “ɔhwee fam”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Saulo tumi guan bere a wɔbɔɔ ne ho pɔw wɔ Damasko