Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wubetumi Asakra Wo Daakye?

So Wubetumi Asakra Wo Daakye?

So Wubetumi Asakra Wo Daakye?

SO WƆAHYƐ nea awiei koraa no ɛbɛba yɛn so ato hɔ? So nneɛma a yɛpaw wɔ asetram no nnya yɛn daakye so nkɛntɛnso?

Fa no sɛ onipa biara wɔ n’ankasa daakye so tumi. Wɔ eyi mu no, so wobetumi ahyɛ ato hɔ sɛ ankorankoro biara bɛyɛ adwuma pɔtee bi anaasɛ obekura dibea bi? Na ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn betumi adi nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔ asase so ho dwuma sɛ adesamma ankasa tumi sakra wɔn daakye a? Bible de nsɛmmisa yi ho mmuae a ɛtɔ asom ma.

Nkrabea ne Yɛn Pɛ mu a Yefi Paw Nea Yɛ Pɛ—So Ehyia?

Susuw sɛnea Yehowa Nyankopɔn yɛɛ yɛn no ho hwɛ. Bible ka sɛ: “Onyankopɔn suban so na ɔbɔɔ [onipa], ɔbarima ne ɔbea na ɔbɔɔ wɔn.” (Genesis 1:27) Wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so, ma enti yɛwɔ tumi a yɛde bɛda ne su horow te sɛ ɔdɔ, atɛntrenee, nyansa, ne tumi no bi adi. Onyankopɔn ama yɛn akyɛde a ɛne sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yɛpɛ. Eyi ma yɛda nsow wɔ n’asase so abɔde mu. Yebetumi apaw sɛ yebedi Onyankopɔn abrabɔ ho akwankyerɛ so anaasɛ yenni so. Ɛno nti odiyifo Mose tumi kae sɛ: “Ɛnnɛ mefrɛ ɔsoro ne asase midi mo adanse sɛ: Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa, na wo ne w’asefo nnya nkwa, na dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.”—Deuteronomium 30:19, 20.

Ɛwom sɛ yetumi paw nea yɛpɛ de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ yɛwɔ ahofadi koraa. Ɛmma yɛnne yɛn ho mfi mmara a ɛkyerɛ abɔde kwan ne abrabɔ ho mmara a Onyankopɔn yɛe na ama ahotɔ ne asomdwoe atra amansan yi mu no ho. Yɛn ankasa yiyedi nti na wɔyɛɛ mmara yi, na emu biara so a wobebu no betumi de ɔhaw a anibere wom aba. Wode susuw nea ebetumi asi no ho hwɛ sɛ yebu yɛn ani gu tumi a ɛtwe ade ba fam ho mmara so na yehuruw fi abansoro so a!—Galatifo 6:7.

Ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yetumi paw nea yɛpɛ no nso ma yɛn anohyeto ahorow bi, nanso ɛnte saa wɔ abɔde a enni saa hokwan no fam. Nhoma kyerɛwfo Corliss Lamont bisa sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn de sɛnea nnipa bɔ wɔn bra ho asodi ato wɔn so, na yɛatwe wɔn aso wɔ bɔne a wɔyɛ no ho, sɛ yegye tom sɛ . . . wɔahyɛ nea obiara bɛyɛ ato hɔ dedaw a?” Nokwarem no, ɛrentumi mma saa. Wɔmfa asodi nto mmoa a wɔn nkate kyerɛ wɔn nea wɔnyɛ so wɔ nea wɔyɛ wɔ asetram ho, na saa ara nso na wɔmmɔ kɔmputa sobo wɔ nneɛma a wɔahyehyɛ wom sɛ ɛnyɛ no ho. Enti ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛpaw nea yɛpɛ no de asɛyɛde a emu yɛ duru to yɛn so, na ɛma yɛn nneyɛe ho asodi bɛda yɛn so.

Sɛ Yehowa Nyankopɔn di kan hyɛ nea yɛbɛyɛ to hɔ ansa na wɔawo yɛn, na sɛ ɔsan twe yɛn aso wɔ yɛn nneyɛe ho a, anka hwɛ sɛnea ɛno renkyerɛ ɔdɔ ne trenee wɔ ne fam! Ɔrenyɛ saa efisɛ “Onyankopɔn ne dɔ” na “n’akwan nyinaa yɛ trenee.” (1 Yohane 4:8; Deuteronomium 32:4) Esiane sɛ Onyankopɔn ama yɛn tumi a yɛde paw nea yɛpɛ nti, ‘wanni kan ankyerɛ wɔn a obegye wɔn nkwa ne wɔn a ɔbɛsɛe wɔn no’ sɛnea wɔn a wogye nkrabea di kyerɛ no. Ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔpaw nea ɔpɛ no bɔ nkrabea ho adwene no gu.

Bible no da no adi pefee sɛ nea yɛpaw no bɛsesa yɛn daakye. Sɛ nhwɛso no, Onyankopɔn ka kyerɛ abɔnefo sɛ: “Monsan mfi mo akwammɔne so ne mo nsɛnnii bɔne mu . . . na merenyɛ mo bɔne.” (Yeremia 25:5, 6) Sɛ Onyankopɔn ahyɛ obiara daakye ato hɔ dedaw a, ɛnde na ntease biara nni saa asɛm yi mu. Bio nso, Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Monsakra mo adwene, na monnan mo ho, na wɔapopa mo bɔne.” (Asomafo no Nnwuma 3:19) Dɛn nti na Yehowa bɛka akyerɛ nnipa sɛ wɔnsakra na wɔnnan wɔn ho bere a onim dedaw sɛ wɔrentumi nyɛ hwee mfa nsakra wɔn akwan no?

Kyerɛwnsɛm no ka nnipa bi a Onyankopɔn apaw wɔn sɛ wɔne Yesu Kristo nkodi hene wɔ soro no ho asɛm. (Mateo 22:14; Luka 12:32) Nanso, Bible no ka sɛ sɛ wɔannyina mu ankodu awiei a, wɔbɛhwere saa hokwan no. (Adiyisɛm 2:10) Sɛ Onyankopɔn asi gyinae dedaw sɛ ɔrempaw wɔn a, dɛn nti koraa na afei ɔpaw wɔn? Susuw nsɛm a ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo gyidifo no ho hwɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yenya nya nokware no mu nimdeɛ, na akyiri yi yɛboapa kɔyɛ bɔne a, na bɔne ho afɔre biara nni hɔ bio.” (Hebrifo 10:26) Sɛ Onyankopɔn ahyɛ nea wɔn daakye bɛyɛ ato hɔ dedaw a, ɛnde na mfaso biara nni saa kɔkɔbɔ no so. Nanso anyɛ yiye koraa no, so Onyankopɔn nhyɛe sɛ nnipa bi ne Yesu Kristo nkodi ade?

So Wɔpaw Ankorankoro Anaasɛ Kuw Bi?

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “[Onyankopɔn] ahyira yɛn ɔsoro hɔnom Kristo mu, sɛnea ɔpaw yɛn wɔ no mu ansa na wɔhyɛɛ wiase ase . . . na oyi yɛn too hɔ sɛ ɔnam Yesu Kristo so bɛfa yɛn abagye mu.” (Efesofo 1:3-5) Dɛn na Onyankopɔn apaw, na paw a ɔpaw wɔn “ansa na wɔhyɛɛ wiase ase” no kyerɛ dɛn?

Saa nsɛm yi kyerɛ sɛ Onyankopɔn apaw onipa a odi kan Adam asefo no mu bi sɛ wɔne Kristo nkodi ade wɔ soro. (Romafo 8:14-17, 28-30; Adiyisɛm 5:9, 10) Nanso, adwene a ɛne sɛ Yehowa Nyankopɔn dii kan paw nnipa pɔtee bi sɛ wonnya hokwan yi mfe mpempem pii ansa na wɔrewo wɔn no ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔama nnipa kwan sɛ wɔmpaw nea wɔpɛ no bɔ abira. Wɔn a Onyankopɔn dii kan paw wɔn no yɛ kuw anaasɛ nnipakuw bi, na ɛnyɛ ankorankoro.

Mfatoho bi ni: Fa no sɛ aban bi si gyinae sɛ ɔbɛhyehyɛ asoɛe pɔtee bi. Odi kan kyerɛ adwuma a asoɛe no bɛyɛ, tumi a ebenya ne sɛnea ne kɛse bɛyɛ. Bere a wɔhyehyɛɛ asoɛe no wiei no efii ase yɛɛ adwuma bere bi akyi, na adwumayɛfo no kae sɛ: “Aban no kyerɛe adwuma ko a yɛbɛyɛ wɔ mfe bi a atwam no mu. Afei yɛrefi adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa sɛ yɛnyɛ no ase.” So wobɛka sɛ ɛbɛyɛ sɛ na aban no adi kan akyerɛ ankorankoro a wɔbɛyɛ adwuma wɔ asoɛe hɔ wɔ mfe bi a atwam no mu? Ɛnte saa koraa. Saa ara na Yehowa ahyɛ sɛ ɔbɛhyehyɛ asoɛe titiriw bi a ebeyi nea Adam bɔne ama aba no afi hɔ. Wahyɛ nnipakuw a wɔbɛyɛ adwuma wɔ saa asoɛe no ato hɔ—nanso ɛnyɛ ankorankoro. Wɔbɛpaw wɔn akyiri yi, na nea wɔbɛpaw wɔ wɔn asetram no bɛkyerɛ sɛ ebia wɔapene wɔn so koraa anaa.

Na dɛn na ɛwɔ ɔsomafo Paulo adwenem bere a ɔkae sɛ: “[Onyankopɔn paw] yɛn wɔ no mu ansa na wɔhyɛɛ wiase ase” no? Wiase a na Paulo reka ho asɛm wɔ ha no nyɛ wiase a Onyankopɔn de hyɛɛ ase bere a ɔbɔɔ Adam ne Hawa no. Na saa wiase no ‘ye papa’—na bɔne ne ɔporɔw nni mu koraa. (Genesis 1:31) Ná enhia ‘ogye’ biara fi bɔne mu.—Efesofo 1:7.

Wiase pɔtee a na Paulo reka ho asɛm no ne nea ɛbae wɔ Adam ne Hawa atuatew wɔ Eden no akyi—wiase bi a ɛyɛ soronko wɔ nea Onyankopɔn bɔɔ ne tirim mfiase sɛ ɛnyɛ no ho. Ɛno ne wiase a wɔde Adam ne Hawa mma fii ase no. Ná nnipa a wɔwom no aman afi Nyankopɔn ho abɛyɛ nkoa ama bɔne ne ɔporɔw. Ná ɛyɛ wiase a esiane sɛ nnipa a wɔwom no nte sɛ Adam ne Hawa a wɔhyɛɛ da yɛɛ bɔne no nti, na wobetumi agye wɔn nkwa.—Romafo 5:12; 8:18-21.

Yehowa Nyankopɔn tumi dii tebea a efi Eden atuatew no mu bae no ho dwuma amonom hɔ ara. Bere a ɛho behia ara pɛ no, ɔyɛɛ asoɛe titiriw bi ho nhyehyɛe too hɔ—Mesia Ahenni a ɔde ahyɛ Yesu Kristo nsa sɛ ɔnam so begye adesamma afi Adam bɔne mu no. (Mateo 6:10) Onyankopɔn yɛɛ eyi ansa na ‘wɔhyɛɛ wiase’ a ɛne adesamma a wobegye wɔn no “ase,” kyerɛ sɛ ansa na Adam ne Hawa rewo mma.

Mpɛn pii no, ɛho hia sɛ nnipa yɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no ho nhyehyɛe ansa na wɔatumi ayɛ. Wɔde nkrabea kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ amansan ho nhyehyɛe a edi mu a wahyehyɛ biribiara a ɔbɛyɛ wom no ato hɔ dedaw. Roy Weatherford kyerɛw sɛ: “Wiase animdefo pii susuw sɛ sɛ Onyankopɔn antumi anhu asɛm bi a esi nyinaa mu anwie a, na tumi a ɔwɔ no nni mu.” So ebehia sɛ Onyankopɔn hyɛ asɛm biara a ebesi to hɔ ansa na asi?

Yehowa a ne tumi ne ne nyansa nni ano no betumi adi biribiara a esi mpofirim anaa ebetumi asi bere a n’abɔde de hokwan a wɔwɔ sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ di dwuma no ho dwuma. (Yesaia 40:25, 26; Romafo 11:33) Obetumi ayɛ eyi ntɛm ara a enhia sɛ ɔyɛ ho nhyehyɛe biara. Esiane sɛ Ade Nyinaa so Tumfo Nyankopɔn no nte sɛ nnipa a wɔtɔ sin na wɔn nimdeɛ sua nti, onhia nhyehyɛe a edi mũ a wayɛ ato hɔ a ɛkyerɛ sɛnea onipa biara a ɔwɔ asase so daakye bɛyɛ. (Mmebusɛm 19:21) Wɔ Bible nkyerɛase pii mu no, Efesofo 3:11 ka sɛ Onyankopɔn wɔ “daa atirimpɔw” na ɛnyɛ nhyehyɛe a wayɛ ato hɔ.

Sɛnea Wubetumi Anya Daakye a Wopɛ

Onyankopɔn wɔ atirimpɔw ma asase no, na wayɛ saa atirimpɔw no ho nhyehyɛe ato hɔ. Adiyisɛm 21:3, 4 ka sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Yiw, asase yi bɛdan paradise, sɛnea na Yehowa pɛe sɛ ɛyɛ mfiase no. (Genesis 1:27, 28) Asɛm no ne sɛ, So wobɛkɔ hɔ bi? Ɛno begyina nea wopaw mprempren so. Yehowa nhyehyɛɛ wo daakye ntoo hɔ.

Onyankopɔn Ba Yesu Kristo agyede afɔrebɔ no ma obiara a onya ne mu gyidi no tumi nya daa nkwa. (Yohane 3:16, 17; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Bible no ka sɛ: “Nea ogye ɔba no di no wɔ daa nkwa; na nea ontie ɔba no renhu nkwa.” (Yohane 3:36) Wubetumi apaw nkwa denam Onyankopɔn, ne Ba no, ne N’apɛde ho ade a wubesua wɔ Bible no mu na wode nea wusua no adi dwuma no so. Wɔma obi a ɔyɛ n’ade ma ɛne nokware nyansa a ɛwɔ Nyankopɔn Asɛm mu no hyia no awerɛhyem sɛ, ‘ɔbɛtra hɔ komm, na ne ho adwo no a onsuro sɛ amane reba.’—Mmebusɛm 1:20, 33.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 5]

Nnipa nte sɛ mmoa a wɔn nneyɛe ho so asodi nna wɔn so no

[Asɛm Fibea]

Ɔkɔre: Mfonini: Cortesía de GREFA