Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ahene A Ne Bo Yɛ Den” No A Yɛbɛhwehwɛ Nnɛ

“Ahene A Ne Bo Yɛ Den” No A Yɛbɛhwehwɛ Nnɛ

“Ahene A Ne Bo Yɛ Den” No A Yɛbɛhwehwɛ Nnɛ

“Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.”—MATEO 24:14.

1, 2. (a) Adwene bɛn na na Yesu bere so Yudafo no kura wɔ Onyankopɔn Ahenni ho? (b) Dɛn na Yesu yɛe maa wonyaa Ahenni no ho ntease a ɛfata, na dɛn na efii mu bae?

BERE a Yesu baa asase so no, na Onyankopɔn Ahenni no ne ade a Yudafo no ka ho asɛm titiriw. (Mateo 3:1, 2; 4:23-25; Yohane 1:49) Nanso, mfiase no, na wɔn mu dodow no ara nnim baabi a Ahenni no mu bɛtrɛw akodu ne sɛnea ebedi tumi; na saa ara nso na na wonnim sɛ ɛbɛyɛ ɔsoro nniso. (Yohane 3:1-5) Na ebinom a wɔbɛyɛɛ Yesu akyidifo no mpo ante nea Onyankopɔn Ahenni no kyerɛ ase yiye, na saa ara na na wonnim nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ na ama wɔanya hokwan abɛyɛ Kristo yɔnko adedifo.—Mateo 20:20-22; Luka 19:11; Asomafo no Nnwuma 1:6.

2 Bere kɔɔ so no, Yesu fii boasetɔ mu kyerɛkyerɛɛ n’asuafo no nneɛma pii, a ebi ne ahene a ne bo yɛ den ho bɛ a yesuaa ho ade wɔ asɛm a edi eyi anim mu no, na ɔma wohuu hia a ehia sɛ wɔyere wɔn ho hwehwɛ ɔsoro Ahenni no. (Mateo 6:33; 13:45, 46; Luka 13:23, 24) Ɛbɛyɛ sɛ eyi kaa wɔn koma yiye efisɛ ankyɛ na wɔbɛyɛɛ Ahenni no ho asɛmpakafo a wɔyɛ nsi na wɔwɔ akokoduru a wɔde asɛmpa no kɔɔ asase ano nohoa, nokwasɛm a Asomafo no Nnwuma di ho adanse pii.—Asomafo no Nnwuma 1:8; Kolosefo 1:23.

3. Ahenni no ho asɛm bɛn na Yesu ka faa yɛn bere yi ho?

3 Na ɛnnɛ nso ɛ? Wɔaka nhyira a ɛbɛba asase so paradise mu wɔ Ahenni no ase ho asɛm akyerɛ nnipa ɔpepem pii. Wɔ “wiase awiei” ho nkɔm titiriw a Yesu hyɛe mu no, ɔkaa no pefee sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:3, 14; Marko 13:10) Ɔkyerɛkyerɛɛ mu nso sɛ ɛmfa ho sɛ wobehyia akwanside, nsɛnnennen a ɛyɛ hu, ne ɔtaa mpo no, wɔbɛyɛ adwuma kɛse yi. Nanso, ɔhyɛɛ saa bɔ yi sɛ: “Nea obegyina akodu awiei no, ɔno na wobegye no.” (Mateo 24:9-13) Eyi nyinaa hwehwɛ sɛ wɔda ahofama a oguadini kwantufo a wɔkaa ne ho asɛm wɔ Yesu bɛ no mu daa no adi no bi adi. So nnipa bi wɔ hɔ nnɛ a wɔda gyidi ne nsi a ɛte saa adi wɔ Ahenni no a wɔhwehwɛ no ho?

Nokware no a Wohui Ho Anigye

4. Ahenni ho nokwasɛm no ka nkurɔfo dɛn nnɛ?

4 Bere a oguadini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu huu nea osusuwii sɛ ɛyɛ “ahene a ne bo yɛ den” no, n’ani gyei mmoroso. Saa anigye no kaa no ma ɔyɛɛ biribiara a obetumi kɔtɔɔ ahene no. (Hebrifo 12:1) Saa ara na ɛnnɛ nkurɔfo ani gye Onyankopɔn ne N’ahenni ho nokwasɛm no ho na ɛkanyan wɔn. Eyi ma yɛkae asɛm bi a Onua A. H. Macmillan, a ɔkyerɛw Onyankopɔn ne N’atirimpɔw akyi kwan a n’ankasa hwehwɛe ho asɛm wɔ Faith on the March (Ɔsom a Ɛrenya Nkɔanim) nhoma no mu kae no. Ɔkae sɛ: “Nnipa mpempem pii da so hu nea mahu no afe biara. Na wɔyɛ nnipa a wɔte sɛ me ne wo, efisɛ wofi aman ne mmusua nyinaa mu, na ɛsonsono dibea a wokura wɔ asetram ne mfe a wɔadi. Nokware no nyiyi nnipa mu. Nnipa ahorow nyinaa tumi ba mu.”

5. Nneɛma a ɛhyɛ nkuran bɛn na ɛwɔ 2004 ɔsom afe ho kyerɛwtohɔ no mu?

5 Yehu sɛ saa asɛm yi yɛ nokware, efisɛ afe biara Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ka nnipa anokwafo ɔpehaha pii ma wohyira wɔn nkwa so ma Yehowa na wɔyɛ n’apɛde. Saa ara na ɛbae wɔ 2004 ɔsom afe a efii ase September 2003 besii August 2004 no mu. Wɔ saa asram 12 no mu no, nnipa 262,416 na wohyira wɔn nkwa so maa Yehowa na wɔde nsu mu asubɔ yɛɛ ho sɛnkyerɛnne. Eyi kɔɔ so wɔ nsase 235 a Yehowa Adansefo reyɛ ofie Bible adesua 6,085,387 dapɛn biara de aboa nnipa a ɛsonsono wɔn dibea wɔ asetram na wofi aman, mmusuakuw, ne ɔkasa pii mu no so. Wɔreboa wɔn ma wɔanya Onyankopɔn Asɛm mu nokware a ɛma nkwa no.—Adiyisɛm 7:9.

6. Dɛn na ɛde nkɔso aba bere nyinaa wɔ mfirihyia pii a atwam no mu?

6 Ɛyɛɛ dɛn na eyi nyinaa tumi bae? Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa na ɔtwe nnipa komapafo yi ba ne nkyɛn. (Yohane 6:65; Asomafo Nnwuma 13:48) Nanso, ade a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so ne ahofama ne nsi a wɔn a wɔatu wɔn ho ama reyɛ Ahenni adwuma no daa no adi no. Bere a Onua Macmillan dii mfirihyia 79 no, ɔkyerɛwee sɛ: “Efi bere a midii kan huu bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ hɔ ma adesamma a wɔyare na wowuwu no, anidaso a mewɔ wɔ saa asɛm a Bible ada no adi mu no so ntewee. Saa bere no ara na misii me bo sɛ mɛhwehwɛ nea Bible kyerɛkyerɛ ho nsɛm pii sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aboa afoforo a wɔte sɛ me a wɔrehwehwɛ Yehowa, Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no, ne n’atirimpɔw ahorow a ɛfata a ɔwɔ ma adesamma no ho nimdeɛ.”

7. Nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ anigye ne ahokeka a wɔn wohu Bible mu nokware no da no adi?

7 Yehu anigye a ɛte saa ara wɔ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso mu. Yɛmfa Daniela a ofi Vienna, Austria, no sɛ nhwɛso. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn ayɛ m’adamfo pa paa fi me mmofraase. Mahwehwɛ sɛ mehu ne din bere nyinaa efisɛ na ɛte sɛ nea ‘Onyankopɔn’ wɔ akyirikyiri dodo. Nanso, manhu kosii sɛ midii mfirihyia 17, bere a Yehowa Adansefo baa me nkyɛn no ansa. Wɔkyerɛkyerɛɛ me biribiara a na mepɛ sɛ mihu fa Onyankopɔn ho. Afei de, mibehuu nokware no, na m’ani gyei yiye! M’ani gyei araa ma mifii ase kaa asɛm no kyerɛɛ obiara.” Ankyɛ na anigye a ɔde ka asɛm no maa ne mfɛfo sukuufo dii ne ho fɛw. Daniela toaa so sɛ: “Nanso, me fam de, mefaa no sɛ ɛyɛ Bible nkɔmhyɛ na ɛrenya mmamu, efisɛ na masua sɛ Yesu kae sɛ ne din nti wɔbɛtan n’akyidifo na wɔataa wɔn. M’ani gyei kɛse na ɛyɛɛ me nwonwa.” Ankyɛ na Daniela hyiraa ne nkwa so maa Yehowa na ɔbɔɔ asu, na ofii ase de asɛmpatrɛw som adwuma yɛɛ ne botae. Bere a Daniela waree no, ɔne ne kunu Helmut, yɛɛ asɛnka adwuma wɔ Afrikafo, Chinafo, Philippinesfo, ne Indiafo a wɔwɔ Vienna no mu. Mprempren, Daniela ne Helmut resom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Afrika anafo fam atɔe.

Wɔmpa Abaw

8. Dɛn ne ɔkwan biako a mfaso wɔ so a nnipa pii afa so ada ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne nokware a wodi ma N’ahenni no adi?

8 Nokwarem no, asɛmpatrɛw adwuma yɛ akwan a Yehowa nkurɔfo fa so da ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne nokware a wodi ma N’ahenni nnɛ no mu biako. Te sɛ oguadini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no, wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ saa ɔsom adwuma yi mu no wɔ ɔpɛ sɛ Ahenni no nti wobetu kwan akɔ akyirikyiri nsase so. Nanso, saa asɛmpatrɛwfo yi ntu kwan nkɔhwehwɛ Ahenni asɛmpa no; wɔde kɔma nnipa a wɔtete asase afanan nyinaa, na wɔkyerɛkyerɛ wɔn boa wɔn ma wɔbɛyɛ Yesu Kristo asuafo. (Mateo 28:19, 20) Wogyina ahokyere a emu yɛ den ano wɔ nsase pii so. Nanso, wohyira wɔn pii wɔ wɔn boasetɔ mu.

9, 10. Osuahu ahorow a ɛyɛ anigye bɛn na asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ akyirikyiri nsase so te sɛ Central African Republic renya?

9 Yɛmfa Central African Republic, ɔman a afe a etwaam no nnipa a wɔkɔɔ Kristo wu Nkaedi ase no dodow yɛ 16,184 no sɛ nhwɛso. Ná saa nnipa dodow yi bɛyɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ saa man no mu mmɔho ason. Esiane sɛ anyinam nkanea nni ɔman no afã pii nti, nkurɔfo taa yɛ wɔn fie nnwuma wɔ abɔnten wɔ gyedua bi ase. Ne saa nti asɛmpatrɛwfo no nso yɛ wɔn asɛnka adwuma wɔ saa kwan no so—wɔyɛ Bible adesua ahorow wɔ abɔnten wɔ gyedua bi ase. Ɛnyɛ hann a wonya ne dwo a ɛhɔ dwo no nko ne mfaso a wonya fi abɔnten a wɔtra no so, na mmom wonya mfaso foforo nso. Nkurɔfo no ani gye Bible ho paa, na wɔtaa bɔ nyamesom ho nkɔmmɔ te sɛ nea wɔtaa bɔ bɔɔl ho nkɔmmɔ wɔ aman foforo so no. Mpɛn pii no, wɔn a wɔretwam no hu Bible adesua a wɔreyɛ no na wɔbɛtra mu bi.

10 Enti, bere a ɔsɛmpatrɛwfo bi reyɛ Bible adesua wɔ abɔnten no, aberante bi a ɔte bɛn hɔ bae bɛkae sɛ esiane sɛ obiara mmaa ne nkyɛn da nti, ɔsɛmpatrɛwfo no mmra na ɔne ɔno nso mmɛyɛ Bible adesua. Nokwarem no, ɔsɛmpatrɛwfo no de anigye kɔɔ ne nkyɛn, na aberante no renya nkɔso ntɛmntɛm. Wɔ saa man no mu no, polisifo taa gyina Adansefo no wɔ kwan so a ɛnyɛ sɛ wɔresamana wɔn anaasɛ wɔrebɔ wɔn ka, na mmom wobisa wɔn Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no foforo a aba ho asɛm anaasɛ wɔda wɔn ase wɔ nsɛmma nhoma no mu asɛm pɔtee bi a wɔn ani gyee ho yiye ho.

11. Ɛmfa ho sɔhwɛ ahorow a asɛmpatrɛwfo hyia no, wɔn a wɔde mfirihyia pii asom sɛ asɛmpatrɛwfo no te nka dɛn wɔ wɔn so adwuma no ho?

11 Nnipa pii a wɔde wɔn ho hyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no mu mfirihyia 40 anaa 50 a atwam no da so ara de nokwaredi reyɛ wɔn som adwuma no. Gyidi ne animia ho nhwɛso bɛn ara na wɔyɛ ma yɛn sɛɛ yi! Awarefo bi de bɛboro mfirihyia 42 asom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ aman abiɛsa mu. Okunu no ka sɛ: “Yɛahyia nsɛnnennen. Sɛ nhwɛso no, atiridiinini hawee yɛn mfirihyia 35. Nanso, yɛannu yɛn ho da sɛ yesii gyinae sɛ yɛbɛyɛ asɛmpatrɛwfo.” Ne yere de ka ho sɛ: “Nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛda ho ase bere nyinaa. Asɛnka adwuma no yɛ anigye yiye, na ɛnyɛ den sɛ wubenya obi ne no asua Bible. Sɛ wuhu sɛ nnipa a wo ne wɔn sua Bible ba asafo nhyiam ahorow na muhu mo ho mo ho a, mobɛyɛ sɛ abusua biako a wohyiam bere biara.”

‘Wobu Nneɛma Nyinaa Adehwere’

12. Dɛn na obi yɛ de kyerɛ sɛ Ahenni no som bo ma no paa?

12 Bere a oguadini kwantufo no huu ahene a ne bo yɛ den no, “ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.” (Mateo 13:46) Wɔn a Ahenni no som bo ma wɔn paa no taa fi wɔn pɛ mu de nneɛma a wobu no sɛ ɛsom bo no bɔ afɔre. Ɔsomafo Paulo a na ɔne Kristo bedi ade wɔ Ahenni no mu no kae sɛ: “Meda so mibu nneɛma nyinaa adehwere, m’Awurade Kristo Yesu hu a ɛkyɛn so no nti. Ɔno nti na mehweree nneɛma no nyinaa na mibu no sɛ sumina so ade, na Kristo ayɛ me mfaso.”—Filipifo 3:8.

13. Ɔkwan bɛn so na obi a ɔwɔ Czech Republic daa Ahenni no ho anigye a ɔwɔ adi?

13 Saa ara na ɛnnɛ nnipa pii pɛ sɛ wɔyɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya Ahenni no mu nhyira no bi. Sɛ nhwɛso no, wɔ October 2003 mu no, sukuu kyerɛkyerɛfo panyin bi a ɔwɔ Czech Republic a wadi mfirihyia 60 nsa kaa nhoma a wɔde sua Bible a ɛne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no bi. Bere a ɔkenkan wiei no, ntɛm ara na okohuu Yehowa Adansefo a wɔwɔ ne mpɔtam hɔ ma wɔne no bɛyɛɛ Bible adesua. Onyaa Onyankopɔn ho nimdeɛ pii, na ankyɛ na ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow nyinaa. Na dɛn na ɔyɛe wɔ nhyehyɛe a na wayɛ sɛ ɔbɛpere kurow sohwɛfo dibea na wagyina ma wɔatow aba ama no ma wakɔyɛ mmarahyɛ baguani no ho? Ɔpaw biribi foforo a ɛbɛma wanya nkwa—sɛ́ ɔbɛyɛ Ahenni dawurubɔfo. Ɔkae sɛ, “Mitumi maa me sukuufo no nhoma a wɔde sua Bible pii.” Ɔde nsu mu asubɔ yɛɛ ne ho so a wahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne wɔ July 2004 mu.

14. (a) Dɛn na Ahenni ho asɛmpa no akanyan nnipa ɔpepem pii ma wɔayɛ? (b) Nsɛmmisa a ɛma yɛhwehwɛ yɛn ho mu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho?

14 Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase baabiara ayɛ wɔn ade saa ara wɔ Ahenni ho asɛmpa no ho. Wɔafi wiase bɔne no mu, ayi wɔn nipasu dedaw no agu hɔ, atwe wɔn ho afi wɔn kan nnamfo ho, na wɔagyae wiase nneɛma akyi di. (Yohane 15:19; Efesofo 4:22-24; Yakobo 4:4; 1 Yohane 2:15-17) Dɛn nti na wɔyɛ eyinom nyinaa? Efisɛ wobu Onyankopɔn Ahenni no mu nhyira sɛ ɛsom bo sen biribiara a wobetumi anya wɔ wiase a ɛwɔ hɔ yi mu. So saa ara na wote nka wɔ Ahenni ho asɛmpa no ho? So Ahenni ho asɛmpa no kanyan wo ma woyɛ nsakrae wɔ w’abrabɔ ne nneɛma a wode sisi w’ani so mu ma ɛne nea Yehowa hwehwɛ hyia? Saa a wobɛyɛ no bɛma woanya nhyira pii nnɛ ne daakye.

Otwa Adwuma no Reba N’awiei

15. Dɛn na wɔhyɛɛ nkɔm sɛ Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ wɔ nna a edi akyiri no mu?

15 Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Wo man beyi wɔn yam koraa aba, wo koda no.” Wɔn a wɔde wɔn ho ama no bi ne ‘mmerante asafo a wɔte sɛ obosu’ ne ‘mmea a wɔka nkonim asɛmpa no asafo a ɛsõ’ no. (Dwom 68:11; 110:3) Dɛn na afi nsi ne ahofama a Yehowa nkurɔfo, mmarima ne mmea, mpanyin ne mmofra, de ayɛ adwuma wɔ nna a edi akyiri yi mu no mu aba?

16. Ma nhwɛso bi fa kyerɛ sɛnea Onyankopɔn asomfo rebɔ mmɔden aboa afoforo ma wɔasua Ahenni no ho ade.

16 Ɔkwampaefo, anaa bere nyinaa Ahenni dawurubɔfo bi a ɔwɔ India susuw ɔkwan a wobetumi afa so aboa asotifo bɛboro ɔpepem abien a wɔwɔ saa man no mu ma wɔasua Ahenni no ho ade no ho. (Yesaia 35:5) Osii gyinae sɛ ɔbɛkɔ sukuu bi a ɛwɔ Bangalore akosua mum kasa. Ɛhɔ no otumi kaa Ahenni no ho anidaso ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wɔyɛ asotifo no pii, na wɔhyehyɛɛ Bible adesua kuw ahorow. Wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, nnipa bɛboro dumien fii ase baa asafo nhyiam ahorow wɔ Ahenni Asa so. Akyiri yi, wɔ ayeforohyia apontow bi ase no, ɔkwampaefo no hyiaa aberante bi a ɔyɛ ositifo a ofi Calcutta a na ɔwɔ nsɛmmisa pii, na na n’ani gye ho paa sɛ obehu nneɛma pii afa Yehowa ho. Nanso, na ɔhaw bi wɔ hɔ. Na aberante no rebɛsan akɔ Calcutta a ɛwɔ akyirikyiri kilomita 1,600 no akofi ase akɔ kɔlege, na na Adansefo biara nni hɔ a wonim mum kasa. Aberante no bɔɔ mmɔden pii ne ne papa kasae sɛ ɔmma ɔnkɔ sukuu no wɔ Bangalore mmom, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi akɔ so ayɛ ne Bible adesua no. Onyaa Onyankopɔn ho nimdeɛ pii, na afe biako akyi no, ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa. Ɔno nso ne asotifo pii suaa Bible no, a na ne mmofraase adamfo bi ka ho. Mprempren, baa dwumadibea a ɛwɔ India no reyɛ nhyehyɛe ama akwampaefo asua mum kasa ma wɔde aboa asotifo a wɔwɔ ɔman no mu.

17. Ka biribi pɔtee a ɛhyɛ nkuran a wuhu wɔ 2004 ɔsom afe ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ kratafa 19 kosi 22 mu no mu.

17 Wubehu Yehowa Adansefo wiase nyinaa asɛnka adwuma ho kyerɛwtohɔ ma 2004 ɔsom afe no wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 19 kosi 22. Gye bere kakra fa hwehwɛ mu, na w’ankasa hu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa de wɔn adwene asi “ahene a ne bo yɛ den” a wɔrehwehwɛ no so denneennen nnɛ.

Kɔ so ‘Hwehwɛ Ahenni no Kan’

18. Asɛm bɛn na Yesu anna no adi wɔ oguadini kwantufo ho bɛ no mu, na dɛn ntia?

18 Sɛ yɛsan susuw Yesu bɛ a ɛfa oguadini kwantufo no ho bio a, yehu sɛ Yesu anka biribiara amfa ɔkwan a na oguadini no bɛfa so ahwɛ ne ho bere a na watɔn biribiara a ɔwɔ no. Ebia ebinom de adwempa bebisa sɛ: ‘Afei a na oguadini no nni biribiara a ɔde bɛhwɛ ne ho no, ɛhe na na obenya aduan, ntade, ne dabere? Mfaso bɛn na na obenya afi saa ahene a ne bo yɛ den no so?’ Saa nsɛmmisa yi bɛyɛ nea ɛfata wɔ nnipa ani so. Nanso, so Yesu anka ankyerɛ n’asuafo no sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho”? (Mateo 6:31-33) Asɛntitiriw a ɛwɔ ɛbɛ no mu ne koma nyinaa mu a yebefi de yɛn ho ama Onyankopɔn na yɛayɛ nsi wɔ Ahenni adwuma no mu. So yebenya asuade bi wɔ eyi mu?

19. Asuade titiriw bɛn na yebetumi anya afi ahene a ne bo yɛ den ho bɛ a Yesu bui no mu?

19 Sɛ́ ebia nnansa yi ara na yesuaa asɛmpa a ɛyɛ anigye no ho ade, anaasɛ mfirihyia pii na yɛde ayɛ Ahenni no ho adwuma na yɛreka emu nhyira ho asɛm akyerɛ afoforo no, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de Ahenni no yɛ yɛn asetram ade titiriw. Yɛte mmere a emu yɛ den mu, nanso yɛwɔ ntease a edi mũ a yebegyina so agye adi sɛ ade a yɛrehwehwɛ no wɔ hɔ ankasa, na biribiara ne no nsɛ—ɛte sɛ ahene a oguadini no kohui no. Nsɛm a ɛresisi wɔ wiase ne Bible nkɔmhyɛ a ɛrenya mmamu no yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ yɛte “wiase awiei” bere mu. (Mateo 24:3) Te sɛ oguadini kwantufo no, momma yemfi yɛn koma nyinaa mu mfa nsi nyɛ Onyankopɔn Ahenni no ho adwuma na yenni ahurusi wɔ asɛmpa no a yɛanya hokwan reka bi no mu.—Dwom 9:1, 2.

So Wokae?

• Dɛn na ɛde nkɔso aba nokware asomfo mu wɔ mfirihyia pii a atwam no mu?

• Su bɛn na wɔn a wɔresom sɛ asɛmpatrɛwfo no da no adi?

• Nsakrae ahorow bɛn na esiane Ahenni no ho asɛmpa nti ebinom ayɛ?

• Asuade titiriw bɛn na yebetumi anya afi ahene a ne bo yɛ den ho bɛ a Yesu bui no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 19-22]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 2004 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

[Mfonini wɔ kratafa 14]

“Nnipa ahorow nyinaa tumi ba . . . nokware no mu.”—A. H. Macmillan

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Daniela ne Helmut yɛɛ asɛnka adwuma wɔ wɔn a wɔka amannɔne kasa mu wɔ Vienna

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Te sɛ oguadini kwantufo no, wohyira ɛnnɛ bere yi mu asɛmpatrɛwfo no pii

[Mfonini wɔ kratafa 17]

“Wo man beyi wɔn yam koraa aba”