Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ahene Biako A Ne Bo Yɛ Den A Wohui’

‘Ahene Biako A Ne Bo Yɛ Den A Wohui’

‘Ahene Biako A Ne Bo Yɛ Den A Wohui’

“Ɔsoro ahenni no ne botae a nnipa repere adu ho, na wɔn a wɔrepere adu ho no so mu denneennen.”—MATEO 11:12, NW.

1, 2. (a) Su a wɔntaa nna no adi bɛn na Yesu kaa ho asɛm wɔ mmɛ a obu faa Ahenni no ho no biako mu? (b) Dɛn na Yesu kae wɔ ahene a ne bo yɛ den ho bɛ no mu?

SO BIRIBI wɔ hɔ a wubu no kɛse araa ma wode nea wowɔ nyinaa bɛma anaa wode bɛbɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a wo nsa bɛka saa ade no? Ɛwom sɛ nkurɔfo ka sɛ wɔde wɔn ho nyinaa ama de rehwehwɛ biribi a wɔde asi wɔn ani so te sɛ sika, edin, tumi, anaa dibea de, nanso ɛntaa mma sɛ obi behu biribi a n’ani gye ho araa ma enti obenya ɔpɛ sɛ ɔde nea ɔwɔ nyinaa bɛma de agye dekode no. Yesu Kristo kaa saa su yi a wɔntaa nna no adi no ho asɛm wɔ Onyankopɔn Ahenni ho mmɛ pii a ɛkanyan adwene a obui no biako mu.

2 Ɛyɛ bɛ anaa mfatoho bi a Yesu kaa ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no wɔ kokoam, nea wɔtaa frɛ no ahene a ne bo yɛ den ho bɛ no. Nea Yesu kae ni: “Ɔsoro ahenni te sɛ oguadini bi a [otu kwan hwehwɛ, NW] nhene pa; na ohuu ahene biako a ne bo yɛ den no, ɔkɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔe.” (Mateo 13:36, 45, 46) Dɛn na na Yesu pɛ sɛ n’atiefo no sua fi saa mfatoho yi mu? Na yɛbɛyɛ dɛn atumi anya Yesu asɛm yi so mfaso?

Sɛnea Nhene Pa Som Bo Fa

3. Tete no, dɛn nti na na nhene pa bo yɛ den paa?

3 Efi tete na wɔabu nhene sɛ nneɛma a yɛde hyehyɛ yɛn ho. Nhoma bi ka sɛ sɛnea Romani nhomanimfo Pliny Ɔpanyin kyerɛ no, na nhene “bo yɛ den sen nneɛma a ɛsom bo nyinaa.” Nhene nte sɛ sika kɔkɔɔ, dwetɛ, anaa aboɔden abo pii, efisɛ abɔde a nkwa wom na wɔyɛ. Sɛ nhwɛso no, wonim no yiye sɛ adɔde ahorow bi tumi de abosea nketenkete yɛ nhene. Wɔde wɔn ano nsu na ɛkeka abosea nketenkete no fomfam so de nwene. Tete no, na Ɛpo Kɔkɔɔ, Persia Po, ne India Po a na ɛmmɛn Israel koraa no mu titiriw na na wonya nhene pa a ɛsen biara no fi. Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nti na Yesu kae sɛ ‘oguadini no tuu kwan kɔhwehwɛ nhene pa no.’ Ná egye mmɔdenbɔ pii na ama obi anya nhene a ɛsom bo paa.

4. Dɛn ne asɛntitiriw a ɛwɔ Yesu bɛ a ɛfa oguadini kwantufo ho no mu?

4 Ɛwom sɛ mmere tenten ni na wɔabu nhene pa sɛ ade a ne bo yɛ den de, nanso ɛda adi sɛ ɛnyɛ sika fam mfaso dodow a wonya fi so na na ɛyɛ asɛntitiriw a Yesu reka ho asɛm wɔ ɛbɛ a obui no mu. Wɔ saa bɛ yi mu no, Yesu amfa Onyankopɔn Ahenni no antoto ahene a ne bo yɛ den ho kɛkɛ; ɔtwee adwene sii ‘oguadini a otu kwan kɔhwehwɛ nhene pa’ ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade bere a onyaa bi no so. Esiane sɛ ná oguadini a otu kwan kɔhwehwɛ nhene no nte sɛ sotɔɔwura bi kɛkɛ nti, na ɔyɛ obi a onim saa guadi no mu yiye, na na otumi hu nea ɛkyerɛ sɛ ahene bi yɛ ahene pa na ɛyɛ nea edi mũ ankasa. Sɛ ohu ahene no a, otumi hu sɛ ɛyɛ papa anaasɛ ɛnyɛ papa, na ɛnyɛ ade a wobetumi de agude a ɛnyɛ papa anaa daadaakra abu no.

5, 6. (a) Dɛn titiriw na ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ oguadini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no ho? (b) Dɛn na ademude a ahintaw ho bɛ no da no adi wɔ oguadini kwantufo no ho?

5 Biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ saa guadini yi ho. Oguadini biara bɛbɔ mmɔden sɛ obehu bo a obetumi atɔn ahene no na ama wahu sɛnea ɔbɛtɔ no na sɛ ɔtɔn a wanya so mfaso. Ebia obesusuw ho nso sɛ ɛyɛ ade a wɔtɔ ahene a ɛte saa ntɛmntɛm paa wɔ gua so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi atɔn no ntɛm. Ɔkwan foforo so no, sɛnea obetumi atɔn no ntɛm anya ho mfaso no na ebehia no, na ɛnyɛ sɛ ɔbɛtɔ ahene no afa no. Nanso, na ɛnte saa wɔ oguadini a wɔka ne ho asɛm wɔ Yesu bɛ no mu no fam. Ɛnyɛ mfaso anaa ahode na na ɛho hia no. Nokwarem no, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde “nea ɔwɔ nyinaa,” a ebetumi ayɛ n’agyapade nyinaa, bɛbɔ afɔre na ama watumi atɔ ade a na ɔrehwehwɛ no.

6 Wɔ aguadifo dodow no ara ani so no, ebetumi aba sɛ wobebu ade a onipa a ɔwɔ Yesu bɛ no mu yɛe no sɛ adeyɛ a nyansa nnim. Oguadini a ɔwɔ nhumu remfa ne ho nhyɛ adwuma a ebetumi ama wabɔ ka saa mu. Nanso, na mfaso foforo koraa na ɛho asɛm wɔ oguadini a ɔwɔ Yesu bɛ no mu no adwenem. Na ɛnyɛ sika fam mfaso na ɔrepɛ, na mmom na ɛyɛ anigye ne abotɔyam a obenya sɛ wanya biribi a ɛsom bo koraa saa. Yesu ma saa asɛm yi mu da hɔ wɔ bɛ bi a ɛte sɛ eyi a obui no mu. Ɔkae sɛ: “Ɔsoro ahenni no te sɛ ademude bi a wɔde asie afuw mu; ɛno na onipa bi kohui, na ɔkataa so, na ɛho anigye nti ɔkɔ kɔtɔn nea ɔwɔ nyinaa de kɔtɔɔ afuw no.” (Mateo 13:44) Yiw, ɔbarima no nyaa ademude a ohui a na ɛbɛba abɛyɛ ne de no ho anigye a emu yɛ den araa ma ɔde biribiara a na ɔwɔ bɔɔ afɔre. So nnipa bi te saa nnɛ? So ademude bi wɔ hɔ a ɛfata sɛ wɔbɔ ho afɔre a ɛte saa?

Wɔn a Wɔkyerɛɛ Sɛnea Ahenni no Som Bo Ho Anisɔ

7. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ n’ani sɔ sɛnea Ahenni no som bo paa?

7 Na ɛyɛ “ɔsoro ahenni” ho asɛm na na Yesu reka wɔ ɛbɛ a obui no mu. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔno ankasa kyerɛɛ sɛnea Ahenni no som bo ho anisɔ ankasa. Nsɛmpa kyerɛwtohɔ no di nokwasɛm yi ho adanse pefee. Bere a wɔbɔɔ Yesu asu wɔ afe 29 Y.B. mu no, ‘ofii ase kaa asɛm sɛ: Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn.’ Ɔde mfirihyia abiɛsa kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo akuwakuw pii. Okyinkyin asase no so baabiara, na “ɔkɔfaa nkurow ne nkuraa nyinaa mu kaa Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no kyerɛe.”—Mateo 4:17; Luka 8:1.

8. Dɛn na Yesu yɛe de kyerɛɛ nea Ahenni no bɛyɛ?

8 Yesu nam anwonwade ahorow pii a ɔyɛe wɔ asase so nyinaa a ebi ne ayarefo a ɔsaa wɔn yare, wɔn a ɔkɔm de wɔn a ɔmaa wɔn aduan, abɔde mu nneɛma te sɛ ɛpo ne mframa a ɔma ɛyɛɛ komm, ne awufo a onyan wɔn no so nso daa nea Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ adi. (Mateo 14:14-21; Marko 4:37-39; Luka 7:11-17) Awiei koraa no, ɔde ne nkwa mae wuu mogya dansefo wu wɔ asɛndua so de daa nokware a odi ma Onyankopɔn ne Ahenni no adi. Sɛnea oguadini kwantufo no tɔn biribiara a na ɔwɔ de tɔɔ ‘ahene a ne bo yɛ den’ no, saa ara na Yesu bɔɔ ne bra na owu maa Ahenni no.—Yohane 18:37.

9. Suban soronko bɛn na Yesu asuafo a wodi kan no daa no adi?

9 Ɛnyɛ Ahenni no ho adwuma nko na Yesu yɛe wɔ n’asetram na mmom ɔboaboaa akyidifo kakra ano nso. Saafo yi nso kyerɛe sɛ wɔyɛ nkurɔfo a Ahenni no som bo ma wɔn paa. Wɔn mu bi ne Andrea a na anka ɔyɛ Yohane Osuboni suani no. Bere a Andrea tee adanse a Yohane dii sɛ Yesu ne “Onyankopɔn guammaa” no, ɔne Yohane suani foforo a ɛda adi paa sɛ ɔbɛyɛ Sebedeo mmabarima no mu biako a ɔno nso de Yohane no kodii Yesu akyi ntɛm ara, na wɔbɛyɛɛ gyidifo. Nanso, asɛm no anso hɔ ara. Ntɛm ara na Andrea kɔɔ ne nua Simon nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahu Mesia” no. Amonom hɔ ara na Simon (a wɔbɛfrɛɛ no Kefa, anaa Petro no) ne Filipo ne n’adamfo Natanael nso begyee Yesu toom sɛ Mesia no. Nokwarem no, biribi kaa Natanael ma ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Wone Nyankopɔn ba, wone Israel hene.”—Yohane 1:35-49.

Wɔkanyan Wɔn Koma Maa Wɔyɛɛ Ade

10. Bere a Yesu frɛɛ asuafo no nea ɛto so abien no, wɔyɛɛ wɔn ade dɛn?

10 Yebetumi de anigye a Andrea, Petro, Yohane, ne afoforo nyae bere a wohuu Mesia no atoto anigye a oguadini kwantufo no nyae bere a ohuu ahene a ne bo yɛ den no ho. Afei na dɛn na wɔbɛyɛ? Nsɛmpa no nka nea wɔyɛe wɔ bere a edi kan a wohuu Yesu no akyi pɛɛ no ho nsɛm pii nkyerɛ yɛn. Ɛda adi sɛ, wɔn mu dodow no ara san kɔyɛɛ wɔn nnwuma a na wɔyɛ no daa no. Nanso, efi bɛyɛ asram asia kosi afe biako akyi no, Yesu san hyiaa Andrea, Petro, ne Yohane nua Yakobo bio wɔ baabi a na woyi mpataa wɔ Galilea Po no ho. * Bere a Yesu huu wɔn no, ɔkae sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.” Wɔyɛɛ wɔn ade dɛn? Mateo kyerɛwtohɔ no ka Petro ne Andrea ho asɛm sɛ: “Ntɛm ara wogyaw wɔn asawu no bedii n’akyi.” Yɛkenkan Yakobo ne Yohane ho asɛm sɛ: “Ntɛm ara wogyaw ɔkorow no ne wɔn agya bedii n’akyi.” Luka kyerɛwtohɔ no de ka ho sɛ “wogyaw biribiara hɔ dii n’akyi.”—Mateo 4:18-22; Luka 5:1-11, NW.

11. Ɛbɛyɛ sɛ dɛn na ɛmaa asuafo no gyee Yesu frɛ no so ntɛm no?

11 So asuafo no de ahopere na egyee ɔfrɛ no so a wɔannwen ho ankɔ akyiri? Dabida! Ɛwom sɛ wɔsan kɔyɛɛ wɔn abusua adwuma a ɛyɛ mpataayi no wɔ bere a wohyiaa Yesu nea edi kan no akyi de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ nea na wɔahu na wɔate wɔ bere a edi kan a wohyiaa Yesu no nyaa wɔn koma ne wɔn adwene so nkɛntɛnso kɛse. Bɛyɛ afe biako a etwaam no maa wonyaa bere pii de susuw nneɛma a ɛte saa no ho. Afei de na bere adu sɛ wosi gyinae. So na wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ oguadini kwantufo no a ahene a ne bo yɛ den kanyan ne koma kɛse ma ɔyɛɛ n’ade sɛnea Yesu kaa ho asɛm sɛ, ‘ntɛm ara ɔkɔe’ kɔyɛɛ nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ de kɔtɔɔ saa ahene no? Yiw. Nea na wɔahu na wɔate no kanyan wɔn koma. Wohui sɛ na bere adu sɛ wɔyɛ biribi. Enti, sɛnea kyerɛwtohɔ no ka no, wogyaw biribiara hɔ ntɛm ara bɛyɛɛ Yesu akyidifo.

12, 13. (a) Nnipa pii a wɔtee Yesu asɛm no yɛɛ wɔn ade dɛn? (b) Asɛm bɛn na Yesu ka faa n’asuafo anokwafo no ho, na n’asɛm no kyerɛ dɛn?

12 Hwɛ sɛnea ɛsono saa anokwafo yi ne afoforo a wɔkaa wɔn ho asɛm akyiri yi wɔ Nsɛmpa no mu no! Nnipa yi mu pii na Yesu saa wɔn yare anaasɛ ɔmaa wɔn aduan nanso wɔsan kɔyɛɛ wɔn nnwuma. (Luka 17:17, 18; Yohane 6:26) Bere a Yesu frɛɛ ebinom sɛ wɔmmɛyɛ n’akyidifo no, wɔde nneɛma yiyii wɔn ho ano. (Luka 9:59-62) Nea ɛnte saa koraa no, Yesu ka faa anokwafo no ho akyiri yi sɛ: “Efi Yohane Suboni bere so besi sesɛɛ, ɔsoro ahenni no ne botae a nnipa repere adu ho, na wɔn a wɔrepere adu ho no so mu denneennen.”—Mateo 11:12, NW.

13 Dɛn na saa nsɛm yi, ‘pere’ ne “repere adu ho” no kyerɛ? Ɛdefa Hela adeyɛ asɛm a wonyaa saa nsɛm yi fii mu ho no, Vine’s Expository Dictionary of Old and New Testament Words ka sɛ: “Adeyɛ asɛm no kyerɛ adwuma a wɔyɛ no ahoɔden so.” Bible ho ɔbenfo Heinrich Meyer ka saa nkyekyɛm yi ho asɛm sɛ: “Saa kwan yi so no, wɔde anigye, mmɔdenbɔ, ne ahopere kɛse na ɛhwehwɛ Mesia ahenni a ɛreba no . . . (wɔntra faako komm nhwɛ kwan bio) na mmom wɔde ahopere ne ahoɔden na ɛhwehwɛ ahenni no.” Te sɛ oguadini kwantufo no, saa nnipa kakra yi huu ade a ɛsom bo ankasa no ntɛm, na wofii wɔn pɛ mu de nea na wɔwɔ nyinaa bɔɔ afɔre hwehwɛɛ Ahenni no.—Mateo 19:27, 28; Filipifo 3:8.

Afoforo Bɛkaa Ahenni a Wɔrehwehwɛ no Ho

14. Ɔkwan bɛn so na Yesu siesiee asomafo no maa Ahenni asɛnka adwuma no, na dɛn na efii mu bae?

14 Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔtetee afoforo boaa wɔn ma wɔhwehwɛɛ Ahenni no. Nea edi kan no, ɔpaw n’asuafo no mu 12 yɛɛ wɔn asomafo, anaa nnipa a ɔsomasomaa wɔn. Yesu de akwankyerɛ a ɛkɔ akyiri a na ɛfa sɛnea wɔbɛyɛ wɔn som adwuma no ho maa wɔn, na ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ nsɛnnennen ne ahokyere a na wobehyia ho. (Mateo 10:1-42; Luka 6:12-16) Mfirihyia abien anaa nea ɛte saa a edi hɔ mu no, wɔne Yesu tutuu akwan kɔkaa asɛm no wɔ asase no so nyinaa, na wɔne no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Wotiee ne kasa, huu n’anwonwade, ne ne nhwɛso a ɔyɛe. (Mateo 13:16, 17) Akyinnye biara nni ho sɛ eyinom nyinaa kaa wɔn koma kɛse araa ma te sɛ oguadini kwantufo no, wɔde nsiyɛ ne wɔn koma nyinaa hwehwɛɛ Ahenni no.

15. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛno ne ade ankasa a na ɛsɛ sɛ ɛma n’akyidifo no ani gye?

15 Asomafo 12 no akyi no, Yesu “paw nnipa aduɔson bio, na ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kurow biara ne baabiara a ɔno ankasa rebɛkɔ hɔ.” Ɔkaa sɔhwɛ ne ahokyere a na wobehyia ho asɛm kyerɛɛ wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnka nkyerɛ nkurɔfo no sɛ: “Onyankopɔn ahenni abɛn mo.” (Luka 10:1-12) Bere a asuafo 70 no san bae no, na wɔn ani agye mmoroso, na wɔde amanneɛ yi bɛbɔɔ Yesu sɛ: “Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.” Nanso, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ho dwiriw wɔn sɛ Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ esiane nsi a wɔde ayɛ Ahenni no ho adwuma nti wobenya anigye foforo a ɛkyɛn saa koraa no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mommma mo ani nnnye sɛ ahonhom abrɛ wɔn ho ase ama mo; na mmom mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din ɔsoro.”—Luka 10:17, 20.

16, 17. (a) Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo no anadwo a etwa to a ɔne wɔn hyiae no? (b) Anigye ne awerɛhyem bɛn na Yesu nsɛm no maa asomafo no nyae?

16 Awiei koraa no, wɔ anadwo a etwa to a Yesu ne n’asomafo no hyiaam wɔ Nisan 14, 33 Y.B. mu no, ɔde afahyɛ bi a wɔbɛfrɛɛ no Awurade Anwummeduan sii hɔ, na ɔhyɛe sɛ wɔnyɛ mfa nyɛ no nkae. Saa anwummere no, Yesu ka kyerɛɛ asomafo 11 a na wɔda so ne no wɔ hɔ no sɛ: “Mone wɔn a wɔda so ka me ho me sɔhwɛ mu. Na me nso sɛnea m’agya ayi ahenni ama me no, saa ara na meyi mama mo, na moadidi na moanom me pon so wɔ m’ahenni mu, na moatra nhengua so abu Israel mmusuakuw dumien no atɛn.”—Luka 22:19, 20, 28-30.

17 Bere a asomafo no tee Yesu nsɛm no, hwɛ anigye ne abotɔyam a ɛbɛyɛ sɛ wonyae! Afei de na wɔde nidi ne hokwan a ɛsen biara a nnipa betumi anya rema wɔn. (Mateo 7:13, 14; 1 Petro 2:9) Te sɛ oguadini kwantufo no, na wɔde nneɛma pii abɔ afɔre abedi Yesu akyi rehwehwɛ Ahenni no. Afei de na wɔama wɔn awerɛhyem sɛ afɔre ahorow a wɔabɔ no nyinaa nyɛɛ ɔkwa.

18. Wɔ asomafo 11 no akyi no, henanom nso na na wobenya Ahenni no so mfaso?

18 Ná ɛnyɛ asomafo a na wɔne Yesu wɔ hɔ saa anadwo no nkutoo na na wobenya Ahenni no so mfaso. Ná ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ wɔde nnipa 144,000 bɛba Ahenni apam no mu ma wɔabɛyɛ Yesu Kristo mfɛfo adedifo wɔ ɔsoro Ahenni a anuonyam wom no mu. Afei nso, ɔsomafo Yohane huu ‘nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn sɛ wogyinagyina ahengua no ne oguammaa no anim, na wɔteɛɛm sɛ: Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea’ wɔ anisoadehu mu. Eyinom yɛ Ahenni no nkoa a wɔwɔ asase so. *Adiyisɛm 7:9, 10; 14:1, 4.

19, 20. (a) Hokwan bɛn na abue ama nnipa a wofi amanaman nyinaa mu? (b) Asɛmmisa bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Aka bere tiaa bi ma Yesu aforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo anokwafo no sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:19, 20) Enti, na nnipa a wofi amanaman nyinaa mu bɛba abɛyɛ Yesu Kristo asuafo. Sɛ́ wobenya wɔn akatua wɔ soro anaa asase so no, na wɔn nso de wɔn koma bedi Ahenni no akyi sɛnea oguadini kwantufo no yɛe wɔ ahene pa no ho no.

20 Yesu nsɛm no kyerɛ sɛ wɔbɛyɛ asuafoyɛ adwuma no akosi “wiase awiei.” Enti, so nnipa bi wɔ yɛn bere yi so a wɔte sɛ oguadini kwantufo no a wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde nea wɔwɔ nyinaa bɛbɔ afɔre de ahwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no? Yebesusuw asɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 10 Ɛbɛyɛ sɛ Yohane, Sebedeo ba no dii Yesu akyi huu nneɛma a ɔyɛe bere a wohyiae nea edi kan no, na ɛno na ɛmaa Yohane tumi kyerɛw nneɛma a Yesu yɛe no ho asɛm pɛpɛɛpɛ wɔ N’asɛmpa kyerɛwtohɔ no mu no. (Yohane, ti 2-5) Nanso, ɔsan kɔyɛɛ n’abusua adwuma a ɛyɛ mpataayi no bere bi ansa na Yesu too nsa frɛɛ no bio.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn ne asɛntitiriw a ɛwɔ oguadini kwantufo ho bɛ a Yesu bui no mu?

• Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛe sɛ Ahenni no som bo ma no paa?

• Bere a Yesu frɛɛ Andrea, Petro, Yohane, ne afoforo no, dɛn na ɛma wogyee so ntɛm ara?

• Hokwan a ɛyɛ anigye bɛn na ɛwɔ hɔ ma nnipa a wofi amanaman nyinaa mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

‘Wogyaw biribiara hɔ kodii Yesu akyi’

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ansa na Yesu reforo akɔ soro no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ asuafo