Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkwa—Ɛsom Bo Anaasɛ Ɛho Nhia?

Nkwa—Ɛsom Bo Anaasɛ Ɛho Nhia?

Nkwa—Ɛsom Bo Anaasɛ Ɛho Nhia?

“Esiane sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, sɛ wokum onipa bi a na wɔasɛe ade a ɛsom bo na ɛyɛ kronkron sen biara wɔ wiase no mu.”—The Plain Man’s Guide to Ethics, a William Barclay kyerɛwee.

SO WUKURA adwene a ɛte saa wɔ nkwa ho, sɛ́ ɛno ne ‘ade a ɛsom bo sen biara wɔ wiase’? Sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade da no adi sɛ nnipa pii ne saa ɔkyerɛwfo no nyɛ adwene. Nnipa a wɔyɛ keka na wɔnam pɛsɛmenkominya so hwehwɛɛ nneɛma a wɔpɛ a wɔansusuw wɔn yɔnko nnipa ho no akunkum nnipa ɔpepem pii atirimɔden so.—Ɔsɛnkafo 8:9.

Wɔn Ho Nni Mfaso na Wɔmfa Wɔn Nyɛ Hwee

Wiase Ko I no yɛ eyi ho nhwɛso a ɛfata. Abakɔsɛm kyerɛwfo A.J.P. Taylor ka sɛ, “wokunkum nkurɔfo kwa” wɔ bere ne bere mu wɔ saa akodi a ɛyɛ hu no mu. Esiane sɛ na asraafo akannifo no repɛ anuonyam ne din agye nti, wɔde asraafo dii dwuma te sɛ nea na wɔn ho nni mfaso biara na wɔmfa wɔn nyɛ hwee koraa. Wɔ Verdun ko a ɛkɔɔ so wɔ France no nkutoo mu no, wokunkum nnipa bɛboro ɔpepem fã. Taylor kyerɛwee sɛ, “Wɔannya akatua anaa mfaso titiriw biara [a ɛsom bo] amfi mu, nea wɔyɛe ara ne nnipa a wokum wɔn de pɛɛ anuonyam kɛkɛ.”—The First World War.

Nnipa nkwa a ɛsom bo a wommu yɛ ade a ɛda so wɔ hɔ paa. Nhomanimfo Kevin Bales ka sɛ nnansa yi, “nnipa ɔpepem pii a wɔyɛ ahiafo na wonni ahobammɔ a wonnya adwuma nyɛ abu so wɔ wiase.” Wodi apere bere nyinaa pɛ nea wobedi kɛkɛ wɔ wiase a nsisi ahyɛ adwumam ma, ma “nkwa abɛyɛ nea ɛho nhia no.” Bales ka sɛ, asisifo yi yɛ wɔn te sɛ nkoa ara pɛ—“wobu wɔn sɛ nnipa a wɔmfa wɔn nyɛ hwee a wɔde wɔn pɛ sika ara kwa.”—Disposable People.

“Ɔdadwen Hunu”

Nneɛma foforo pii nso wɔ hɔ a ɛma nnipa ɔpepem pii te nka sɛ wɔn so nni mfaso na wonni anidaso biara—kyerɛ sɛ, sɛ wobewu o sɛ wɔbɛtra ase o, ɛmfa obiara ho. Sɛ ɔko ne nsisi da nkyɛn a, ɔhaw a ɔpɛ de ba, ɔkɔm, yare, obi dɔfo wu ho awerɛhow ne nneɛma foforo pii to nnipa nyinaa, na ama nnipa ntumi nhu mpo sɛ nkwa som bo anaa.—Ɔsɛnkafo 1:8, 14

Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na odi hia buburoo na ne ho hiahia no wɔ asetra mu pii de, nanso wɔn a wonni ahokyere a ɛte saa mu mpo no taa ne tete Israel hene Salomo yɛ adwene wɔ asɛm a obisae yi ho. Obisae sɛ: “Ɛdɛn na onipa nya ne brɛ nyinaa ne ne koma mu dadwen a ɔde haw ne ho owia ase no mu?” Sɛ nnipa pii tra ase dwen nneɛma ho a, wobehu sɛ nneɛma dodow no ara a wɔyɛe no yɛ “ahuhude ne ɔdadwen hunu.”—Ɔsɛnkafo 2:22, 26.

Sɛ nnipa pii susuw wɔn asetra ho a, wobisa sɛ, “So asetra no ara ni?” Yiw, nnipa baahe na wotumi nyin kyɛ a wɔte nka sɛ ‘mfe amee’ wɔn te sɛ tete agya Abraham? (Genesis 25:8) Nnipa dodow no ara te nka sɛ wɔn ho nni mfaso. Nanso, ɛnsɛ sɛ asetra yɛ ade a mfaso nni so. Onyankopɔn bu onipa biara nkwa sɛ ɛsom bo na ɔpɛ sɛ yɛn mu biara nya asetra a akomatɔyam wom na mfaso wɔ so ankasa. Ɛno bɛyɛ dɛn ayɛ yiye? Kenkan nea asɛm a edi hɔ no ka wɔ eyi ho hwɛ.