Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo Nkwa Som Bo Dɛn?

Wo Nkwa Som Bo Dɛn?

Wo Nkwa Som Bo Dɛn?

BERE a na wɔrekunkum nnipa pii wɔ Wiase Ko I no mu wɔ Europa no, na afoforo nso rebɔ mmɔden denneennen agye ebinom nkwa wɔ Antarctica. Bere a po so hyɛn Endurance, a Engiresini a ɔsan yɛ Irelandni kwantufo Ernest Shackleton ne n’ahokafo wom pem nsukyenee na ɛmemee no, wohuu amane paa. Shackleton bɔɔ mmɔden nyaa baabi a eye kakra wɔ Elephant Island so wɔ Atlantic Po no Anafo fam de ne mmarima no kɔɔ hɔ. Nanso na wɔda so ara wɔ asiane kɛse mu.

Shackleton hui sɛ ade koro pɛ a na ebetumi ama wɔanya nkwa ne sɛ ɔbɛsoma ma wɔakɔpɛ mmoa afi South Georgia, supɔw a woyi bonsu wɔ hɔ no. Ná efi baabi a wɔwɔ no kɔ hɔ yɛ kilomita 1,100, na na ade koro pɛ a ɔwɔ ne hyɛmma a aka kakra ma ne tenten ayɛ mita 7 a wɔde gye nkwa a otumi yi fii po so hyɛn, Endurance mu no. Ná anidaso papa biara nni hɔ.

Nanso, wɔ nnafua 17 a ɛyɛ hu akyi, wɔ May 10, 1916 no, Shackleton ne ne mmarima no mu kakra koduu South Georgia, nanso po no a na ɛreyɛ basabasa no maa wokogyinaa supɔw no fã a na enye mma wɔn. Ná ɛsɛ sɛ wotwa kilomita 30 kwan fa mmepɔw a na sukyerɛma atɔ akata so nyinaa a na biribiara nni hɔ a ɛbɛkyerɛ wɔn kwan ansa na wɔadu beae pɔtee a wɔrekɔ no. Shackleton ne n’ahokafo no faa tebea a emu yɛ den ne awɔw a ano yɛ den paa mu a na wonni nneɛma papa a wɔde foro bepɔw, na wokoduu beae a woyi bonsu no, na awiei koraa no ogyee ne mmarima a na wɔaka nsensɛnmu no nyinaa ara. Dɛn nti na Shackleton bɔɔ mmɔden pii saa? Nhomakyerɛwfo Roland Huntford kyerɛwee sɛ, na Shackleton “botae koro pɛ ne sɛ obegye ne mmarima no mu biara nkwa.”

“Obiara Nka Akyiri”

Dɛn na amma Shackleton mmarima no ampa abaw koraa bere a wɔboaa wɔn ho ano twɛnee wɔ supɔw a “abotan ne nsukyenee ayɛ so ma na ɛso nantew yɛ hu na ɛyɛ den a ne tenten yɛ kilomita aduasa fi ti kɔpem ti no so no”? Ná wɔwɔ ahotoso sɛ wɔn kannifo no bedi ne bɔhyɛ so na wabegye wɔn nkwa.

Ɛnnɛ, adesamma tebea te sɛ mmarima a na wɔaka nsensɛnmu wɔ Elephant Island so no ara pɛ. Tebea a nnipa pii wom no yɛ den yiye na wɔbrɛ paa ansa wɔanya nea wobedi kɛkɛ. Nanso, wobetumi anya ahotoso koraa sɛ Onyankopɔn ‘beyi ɔmanehunufo’ afi nhyɛso ne ahoguan mu. (Hiob 36:15) Nya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn bu obiara nkwa sɛ ɛsom bo. Yehowa Nyankopɔn, Ɔbɔadeɛ no ka sɛ, “frɛ me hia da mu,” na “megye wo.”—Dwom 50:15.

So ɛyɛ den ma wo sɛ wubegye adi sɛ Ɔbɔadeɛ no bu wo, obiakofo no, sɛ wosom bo wɔ asase so nnipa ɔpepepem pii no nyinaa mu? Ɛnde hyɛ nea odiyifo Yesaia kyerɛw faa nsoromma ɔpepepem pii a ɛwɔ nsoromma akuw ɔpepepem pii no mu wɔ amansan kɛse yi mu no nsow. Yɛkenkan sɛ: ‘Momma mo ani so nhwɛ ɔsoro, na monhwɛ nea ɔbɔɔ eyinom. Ɔno na obu wɔn dɔm ano yi wɔn adi, na ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn; ne tumi dodow ne n’ahoɔden kɛse nti obiara nka akyiri.’—Yesaia 40:26.

So wote nea ɛno kyerɛ ase? Anyɛ yiye koraa no nsoromma ɔpepepem 100 na ɛwɔ yɛn Nsoromma Kuw a yɛn okyinnsoromma no yɛ ne fã ketewaa bi pɛ no mu. Na nsoromma akuw foforo dodow ahe na ɛwɔ hɔ? Obiara nnim ne dodow ankasa, nanso ebinom bu akontaa sɛ ɛyɛ ɔpepepem 125. Hwɛ nsoromma dodow a ɛyɛ nwonwa a ɛbɛwɔ hɔ! Nanso, Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ amansan Bɔfo no nim nsoromma no biara din.

“Mo Ti Nhwi Mpo, Wɔakan Ne Nyinaa”

‘Nanso,’ ebia obi bɛka sɛ, ‘sɛ́ wunim nsoromma ɔpepepem pii din anaa nnipa ɔpepepem pii din no nkyerɛ ankasa sɛ wudwen wɔn mu biara ho.’ Wotumi de nnipa ɔpepepem pii din gu kɔmputa a etumi fa nneɛma pii so. Nanso obiara nni hɔ a obesusuw sɛ kɔmputa no dwen wɔn mu biara ho. Nanso, Bible no ma yehu sɛ, ɛnyɛ nnipa ɔpepepem pii din kɛkɛ na Yehowa Onyankopɔn nim, na ɔsan dwen wɔn ho sɛ ankorankoro nso. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ, “Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:7.

Yesu Kristo kae sɛ: “So wɔntɔn nkasanoma abien nnye ɔban? Nanso wɔn mu biako mpo nkwati mo agya nhwe fam. Na mo ti nhwi mpo, wɔakan ne nyinaa. Enti munnsuro! Mosen nkasanoma bebree.” (Mateo 10:29-31) Hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ Onyankopɔn nim nea ɛto nkasanoma ne nnipa kɛkɛ. Ɔkae sɛ: “Mosen nkasanoma bebree.” Dɛn nti na wo som bo sen wɔn? Efisɛ wɔyɛɛ wo wɔ “Onyankopɔn suban so” a wubetumi anya abrabɔ pa, nyansa, ne honhom fam suban ahorow a ɛte sɛ Onyankopɔn ankasa suban ahorow a ɛkorɔn no bi na woada no adi.—Genesis 1:26, 27.

“Onyansafo Bi Nsaano Adwuma”

Mma ka a nnipa binom ka sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ no nnaadaa wo. Nea wɔka ne sɛ wɔammɔ yɛn, yɛbae ara kwa. Wɔkyerɛ sɛ wɔammɔ yɛn wɔ “Onyankopɔn suban so” biara, na yɛne mmoa a ɛwɔ asase yi so nyinaa a nkasanoma ka ho yɛ pɛ.

So ntease wom ma wo sɛ wɔbɛka sɛ nkwa bae ara kwa na wɔammɔ yɛn? Sɛnea nyansahufo Michael J. Behe ka no, sɛ wohwɛ “nneɛma nketenkete a ɛyɛ adwuma nwonwaso a ɛwɔ abɔde a nkwa wom mu” na ɛma wotumi tra ase no a, nyansa nnim koraa sɛ wɔbɛka sɛ nkwa bae ara kwa. Ɔka sɛ, adanse a nyansahufo a wɔhwehwɛ abɔde a nkwa wom mu de ma no ma ɛda adi koraa sɛ “nkwa a ɛwɔ asase so mu ketewaa koraa no . . . yɛ onyansafo bi nsaano adwuma.”—Darwin’s Black Box—The Biochemical Challenge to Evolution.

Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ nkwa biara a ɛwɔ asase so yɛ onyansafo bi nsaano adwuma. Na ɛka kyerɛ yɛn sɛ nea Ɔyɛɛ saa nyansadwuma yi nyinaa yɛ Yehowa Nyankopɔn, amansan Bɔfo no.—Dwom 36:9; Adiyisɛm 4:11.

Mɛmma wiase a ɛyaw ne amanehunu ahyɛ mu ma a yɛte mu no mmu w’abam na nnya adwene sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔyɛ asase ne nkwa a ɛwɔ so nyinaa Yɛfo biara nni hɔ. Ma nokwasɛm atitiriw abien yi ntra w’adwenem. Baako ne sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔyɛɛ nneɛma a ɛnyɛ pɛ a yɛte mu no. Nea ɛka ho ne sɛ, yɛn Bɔfo no wɔ nnyinaso pa nti a wama nneɛma a ɛnyɛ pɛ atra hɔ bere tiaa mu no. Sɛnea nsɛmma nhoma yi asusuw ho mpɛn pii no, Yehowa Nyankopɔn ama kwan sɛ nneɛma bɔne nkɔ so nkosi bere bi, sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiesie nea ɛteɛ ho nsɛm a ɛsɔree bere a nnipa dii kan poo Onyankopɔn tumidi no koraa. *Genesis 3:1-7; Deuteronomium 32:4, 5; Ɔsɛnkafo 7:29; 2 Petro 3:8, 9.

“Obegye Ohiani a Osu Frɛ No”

Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ nnipa pii hu amane wɔ tebea bɔne a ɛwɔ hɔ nnɛ mu de, nanso nkwa da so ara yɛ akyɛde a ɛsom bo. Na yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛbɛkora so. Nkwa a Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛma yɛn daakye no ye sen nea yɛwom yi a emu yɛ den na ɛyɛ yaw a yɛpere ansa na yɛanya nea yebedi kɛkɛ, a ɛte sɛ asetra a Shackleton mmarima no kɔɔ mu wɔ Elephant Island so no koraa. Onyankopɔn pɛ ne sɛ obegye yɛn afi ɛyaw ne adehunu a yɛwom seesei mu, na yɛatumi ‘aso nokware nkwa no’ a mfiase no Onyankopɔn bɔɔ ne tirim sɛ ɔde bɛma n’abɔde a wɔyɛ nnipa no ‘mu.’—1 Timoteo 6:19.

Onyankopɔn bɛyɛ eyi nyinaa efisɛ yɛn mu biara som bo ma no. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ne Ba, Yesu Kristo, mfa ne ho mmɛbɔ afɔre nyɛ agyede a yehia a ebegye yɛn afi bɔne, sintɔ, ne owu a yenya fii yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa hɔ no mu. (Mateo 20:28) Yesu Kristo kae sɛ: ‘Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anya daa nkwa.’—Yohane 3:16.

Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ ama wɔn a ɛyaw ne nhyɛso ahyɛ wɔn asetra so no? Onyankopɔn Asɛm ka ne Ba no ho asɛm kyerɛ yɛn sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu.” Dɛn nti na ɔbɛyɛ eyi? Efisɛ ‘wɔn mogya [anaa, wɔn nkwa] bo bɛyɛ den n’anim.’Dwom 72:12-14.

Adesamma abrɛ wɔ bɔne ne sintɔ ase mfehaha pii ni, na wɔda so rebrɛ te sɛ nea ‘wɔpenepene’ wɔ ɛyaw ne amanehunu pii mu. Onyankopɔn nim sɛ obetumi asiesie ɔhaw biara a ebefi mu aba nti na ɔmaa ho kwan. (Romafo 8:18-22) Onyankopɔn nam N’ahenni nniso a ne Ba, Yesu Kristo di so no so ‘bɛhyɛ nneɛma nyinaa ananmu’ anaa obesiesie nneɛma nyinaa nnansa yi ara.—Asomafo no Nnwuma 3:21; Mateo 6:9, 10.

Nea ɛka ho nso ne nnipa a wohuu amane na wowuwui wɔ bere a atwam no a wobenyan wɔn. Onyankopɔn kae wɔn. (Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15) Ɛrenkyɛ wobenya nkwa “mmoroso”—daa nkwa wɔ pɛyɛ mu wɔ paradise asase a ɛyaw ne amanehunu nni hɔ. (Yohane 10:10; Adiyisɛm 21:3-5) Obiara a ɔte ase betumi anya anigye wɔ asetra mu koraa na wanya suban pa ne ɔdom akyɛde ahorow a wɔn a wɔabɔ wɔn wɔ “Onyankopɔn suban so” wɔ no bi.

So wobɛtra ase anya nkwa a Yehowa ahyɛ ho bɔ no mu anigye? Ɛno yɛ wo ara w’asɛm. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ nya nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ de saa nhyira horow yi nyinaa bɛba no so mfaso. Wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ saa.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Sɛ wopɛ asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 8 a n’asɛmti ne “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?”

[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

Ná Shackleton mmarima a wɔaka nsensɛnmu no wɔ ahotoso sɛ obedi ne bɔhyɛ so na wabegye wɔn

[Asɛm Fibea]

© CORBIS

[Mfonini wɔ kratafa 6]

“Mosen nkasanoma bebree”