Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anwonwade Nokwasɛm Anaa Atosɛm?

Anwonwade Nokwasɛm Anaa Atosɛm?

Anwonwade Nokwasɛm Anaa Atosɛm?

ƆBARIMA bi huu ntɛm ara sɛ krataa bi tare kar bi a ɛretwam akyi a wɔakyerɛw so sɛ, “Anwonwade Wɔ Hɔ—Bisa Abɔfo No.” Ɛwom sɛ na ɔyɛ obi a ɔpɛ nyamesom de nanso na onnim nea saa asɛm no kyerɛ. So na saa nkyerɛwde no kyerɛ sɛ ofirikafo no gye anwonwade di? Anaasɛ ɛyɛ fɛwdi kwan bi a ɔnam so rekyerɛ sɛ onnye anwonwade ne abɔfo nyinaa nni?

Ebia w’ani begye asɛm a German nhoma kyerɛwfo Manfred Barthel kae yi ho: “Anwonwade yɛ asɛmfua bi a ɛma akenkanfo nya nsusuwii ahorow abien a ɛne ne ho bɔ abira mpofirim.” Wɔn a wogye anwonwade di no gye di sɛ ɛyɛ ade a ɛwɔ hɔ na ebia ɛtaa si. * Sɛ nhwɛso no, wɔbɔ amanneɛ sɛ mfe kakraa bi a atwam wɔ Greece no, wɔn a wogye anwonwade di no akyerɛ sɛ anwonwade si pɛnkoro ɔsram biara. Eyi maa Greece Ortodɔks Asɔre sɔfo panyin bi de kɔkɔbɔ yi mae sɛ: “Wɔn a wogye anwonwade di bu Onyankopɔn, Maria ne ahotefo sɛ wɔwɔ nnipa tebea mu. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wogye anwonwade di no gugu nsɛm mu saa.”

Nnipa kakraa bi na wogye anwonwade di wɔ aman foforo so. Sɛnea Allensbach nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ Germany a wɔde too gua wɔ 2002 mu kyerɛ no, Germanfo ɔha mu nkyem 71 na wobu anwonwade sɛ anansesɛm na ɛnyɛ nokwasɛm. Nanso mmea baasa a wɔka sɛ wɔtee asɛm bi fii Ɔbaabun Maria hɔ ka nnipa a wɔn dodow nnu nkyem abiɛsa a wogye anwonwade di no ho. Wɔ asram kakraa bi a wɔkyerɛ sɛ Maria—a abɔfo ne aborɔnoma ka ne ho yii ne ho kyerɛɛ wɔn akyi no, German nsɛmma nhoma Westfalenpost bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛde besi nnɛ, ɔsom ho akwantufo bɛyɛ 50,000, wɔn a wɔhwehwɛ ayaresa, ne wɔn a wɔpɛ biribi ahu ani abegye anisoadehu a mmea yi nyae no ho.” Nnipa afoforo 10,000 nso na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ akuraa hɔ na sɛ Maria san yi ne ho adi a, wɔahu no. Saa ara na wɔka sɛ Ɔbaabun Maria yii ne ho adi wɔ Lourdes, France wɔ 1858 mu, ne Fátima, Portugal, wɔ 1917 mu.

Nyamesomfo a Wɔnyɛ Kristofo Nso Ɛ?

Ɛkame ayɛ sɛ ɔsom pii gye anwonwade di. The Encyclopedia of Religion kyerɛkyerɛ mu sɛ wɔn a wɔde Buddhasom, Kristosom, ne Nkramosom bae no wɔ adwenkyerɛ ahorow wɔ anwonwade ho, nanso ɛkae sɛ: “Abakɔsɛm mu nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ ɔsom ahorow yi mu no kyerɛ sɛ anwonwade ne ɛho nsɛm abɛyɛ ɔsom mu gyidi wɔ adesamma asetram.” Saa nhwehwɛmu yi ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a na Buddha ankasa yɛ anwonwade no bi.” Bere a akyiri yi “Buddhasom kɔɔ China no, na n’asɛmpatrɛwfo no taa yɛ anwonwade.”

Bere a encyclopedia no kaa anwonwade pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛe ho asɛm wiei no, ɛde baa awiei sɛ: “Ebia obi rennye saa anwonwade ho nsɛm a nyamesom ho nsɛnkyerɛwfo aka yi ntom, nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔde adwempa na ɛkae na ama ahyɛ Buddha a otumi de saa tumi a wɔde yɛ anwonwade a ɛte saa maa n’akyidifo a wɔyɛ nsi no anuonyam.” Nhoma koro no ara ka fa Nkramosom ho sɛ: “Nkramofo aman pii kɔ so ara gye anwonwade di. Wɔka Muhammad ho asɛm wɔ amammerɛ (hadīths) mu sɛ ɔyɛɛ anwonwade wɔ baguam wɔ mmere pii mu. . . . Sɛ ahotefo mpo wu a, wogye di sɛ wɔyɛ anwonwade wɔ wɔn adamoa mu ma anokwafo, na nnipa pii hwehwɛ mmoa fi wɔn hɔ.”

Anwonwade a Wɔyɛ Wɔ Kristosom Mu no Nso Ɛ?

Wɔn a wɔagye Kristosom atom no adwene nhyia wɔ anwonwade ho. Ebinom gye Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa anwonwade a Yesu Kristo anaa Onyankopɔn asomfo yɛe ansa na Kristosom reba ho no tom. Nanso, pii ne Protestant Ɔsesɛwfo Martin Luther yɛ adwene. The Encyclopedia of Religion ka ne ho asɛm sɛ: “Luther ne Calvin nyinaa kyerɛwee sɛ anwonwade mmere atwam na ɛnsɛ sɛ obiara hwɛ kwan sɛ ebi besi bio.” Nhoma no ka sɛ: “Katolek Asɔre da so ara gye n’anwonwade di a ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛhwehwɛ ɔkwan a ɛfa so ba no mu.” Nanso “Protestant animdefo gye di sɛ Kristosom fa abrabɔ ho titiriw na Onyankopɔn anaasɛ honhom abɔde nni nnipa so tumi biara.”

Ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo, a asɔfo bi ka ho gye anwonwade a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no ho akyinnye. Fa sare a na ɛredɛw a waka ho asɛm wɔ Bible mu wɔ Exodus 3:1-5 no sɛ nhwɛso. Nhoma bi a wɔato din What the Bible Really Says kyerɛkyerɛ mu sɛ, German nyamekyerɛfo pii nnye ntom sɛ ɛyɛ anwonwade ho kyerɛwtohɔ ankasa. Mmom no, wɔkyerɛ ase sɛ “Mose ahonim na na ɛhaw no.” Nhoma no de ka ho sɛ: “Wobetumi abu ogya a na ɛredɛw no sɛ bere a Onyankopɔn baa hɔ no na ne ho hann maa nhwiren no hanhanee.”

Ebia saa nkyerɛkyerɛmu yi ntɔ w’asom papa. Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ wugye di? So ɛmfata sɛ yebegye adi sɛ anwonwade asi pɛn? Na anwonwade ahorow a wɔyɛ wɔ nnɛ mmere yi mu no nso ɛ? Esiane sɛ yentumi mmisa abɔfo no nti, hena na ɛsɛ sɛ yebisa no?

Nea Bible Ka Wɔ Ho

Obiara rentumi nye akyinnye wɔ ka a Bible ka sɛ mmere bi a atwam no na Onyankopɔn de ne ho gye nsɛm mu yɛ nneɛma a nnipa ntumi nyɛ. Yɛkenkan fa ne ho sɛ: ‘Wode nsɛnkyerɛnne ne anwonwade ne nsa a ɛyɛ den ne basa a ateɛ ne ahude kɛse yii wo man Israel fii Misraim asase so.’ (Yeremia 32:21) Susuw sɛnea wɔbrɛɛ ɔman a saa bere no na ɛwɔ tumi sen biara no ase denam ɔhaw du a Onyankopɔn de baa wɔn so, a na mmakan wu ka ho no ho hwɛ. Na ɛyɛ anwonwade ankasa!—Exodus, ti 7 kosi 14.

Mfehaha pii akyi no, Nsɛmpa akyerɛwfo baanan no kyerɛkyerɛɛ anwonwade ahorow 35 bi a Yesu yɛe mu. Nokwarem no, wɔn nsɛm no kyerɛ sɛ Yesu yɛɛ anwonwade ahorow pii sen nea wɔkae. So nsɛm a wɔkae yi yɛ nokwasɛm anaa atosɛm? *Mateo 9:35; Luka 9:11.

Sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware ampa a, ɛnde na wowɔ nea wubetumi agyina so agye anwonwade ahorow a ɛka ho asɛm no adi. Bible no ka no pefee sɛ wɔyɛɛ anwonwade wɔ mmere bi a atwam no mu—anwonwakwan so ayaresa, owusɔre, ne nea ɛkeka ho—nanso ɛkyerɛkyerɛ pefee sɛ anwonwade ahorow a ɛtete saa no nni hɔ bio. (Hwɛ adaka, “Nea Enti a Anwonwade Ahorow Bi Nsi Bio,” kratafa 4.) So ɛno kyerɛ sɛ wɔn a wogye Bible no di mpo nnye anwonwade a wɔyɛ no nnɛ no nni? Asɛm a edi hɔ no bebua.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Wɔakyerɛ asɛmfua “anwonwade” a wɔde adi dwuma wɔ asɛm yi mu ase wɔ Bible nsɛm asekyerɛ nhoma bi mu sɛ: “Nneɛma a ɛkɔ so wɔ wiase a ɛnyɛ nnipa na wotumi yɛ, ma enti wɔkyerɛ sɛ tumi a ɛkorɔn sen nnipa de na ɛyɛ.”

^ nky. 14 Wubetumi ahwɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Bible no fata sɛ yegye di no bi. Wubetumi anya adanse no bi afi The Bible—God’s Word or Man’s? a Yehowa Adansefo tintimii no mu.

[Adaka wɔ kratafa 4]

NEA ENTI A ANWONWADE AHOROW BI NSI BIO

Wɔaka anwonwade ahorow bi ho asɛm wɔ Bible no mu. (Exodus 7:19-21; 1 Ahene 17:1-7; 18:22-38; 2 Ahene 5:1-14; Mateo 8:24-27; Luka 17:11-19; Yohane 2:1-11; 9:1-7) Saa anwonwade pii yi daa Yesu adi sɛ ɔne Mesia no, na edii adanse sɛ na Onyankopɔn gyina n’akyi. Yesu tete akyidifo no daa akyɛde a wɔde yɛ anwonwade adi, te sɛ kasa foforo ne honhom mu nsɛm mu nhumu. (Asomafo no Nnwuma 2:5-12; 1 Korintofo 12:28-31) Na saa akyɛde a wɔde yɛ anwonwade no ho wɔ mfaso ma Kristofo asafo no wɔ ne mfiase. Ɔkwan bɛn so?

Ntease biako ne sɛ, na Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ hɔ no yɛ kakraa bi. Mpɛn pii no, na adefo nkutoo na wɔwɔ nhoma mmobɔwee anaa nhoma ahorow bi. Wɔ aman a na wɔnyɛ Kristofo mu no, na wonnim Bible no anaa ne Kyerɛwfo Yehowa ho hwee. Enti na Kristofo de wɔn ano na ɛkyerɛkyerɛ. Akyɛde a wɔde yɛ anwonwade no boae ma wohui sɛ na Onyankopɔn de Kristofo asafo no redi dwuma.

Nanso Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ saa akyɛde yi nyinaa betwam bere a wonhia bio. “Nkɔmhyɛ de, wobegu; ɔkasa horow de, ebegyae; nimdeɛ de, ɛbɛsa. Na yehu ade fa-ne-fa, na yɛhyɛ nkɔm fa-ne-fa. Na sɛ nea ɛyɛ pɛ no nya ba a, ɛno na wobegu nea ɛyɛ ɔfa-ne-fa.”—1 Korintofo 13:8-10.

Ɛnnɛ, nkurɔfo wɔ Bible, ne afei nhoma a wɔahyehyɛ nsɛmfua wom ne nhoma a ɛka nneɛma pii ho asɛm. Kristofo a wɔatete wɔn bɛboro ɔpepem asia reboa afoforo ma wɔanya Onyankopɔn ho nimdeɛ afi Bible no mu. Enti, anwonwade ho nhia bio na wɔde akyerɛ sɛ Yesu Kristo ne Ogyefo a Onyankopɔn apaw no anaasɛ wɔde akyerɛ sɛ Yehowa gyina ne nkoa akyi.