Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kristofo A Moyɛ Nti Momma Mo Ani Nnye!

Kristofo A Moyɛ Nti Momma Mo Ani Nnye!

Kristofo A Moyɛ Nti Momma Mo Ani Nnye!

“Nea ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho [Yehowa, NW] mu.”—1 KORINTOFO 1:31.

1. Su bɛn na ada adi sɛ nkurɔfo kura wɔ ɔsom ho?

“ANIBIANNASO.” Ɛnkyɛe na obi a ɔka nyamesom ho nsɛm de saa asɛm no kyerɛkyerɛɛ su a nnipa pii kura wɔ wɔn nyamesom ho mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Biribi titiriw a aba wɔ nnɛyi nyamesom mu no nkyerɛ nyamesom koraa—ɛyɛ su a ɛfata sɛ wɔfrɛ no ‘anibiannaso.’” Bere a ɔrekyerɛkyerɛ anibiannaso mu akɔ akyiri no, ɔkae sɛ “ɛyɛ ɔpɛ a obi nni sɛ ɔbɛma ne som ho ahia no kɛse.” Ɔkae sɛ nnipa pii “gye Onyankopɔn di . . . ; nanso ne ho nhia wɔn kɛse.”

2. (a) Dɛn nti na ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo da ɔsom mu anibiannaso adi? (b) Asiane bɛn na anibiannaso ma nokware Kristofo hyia?

2 Ɔsom mu anibiannaso a ɛrekɔ so no nyɛ wɔn a wosua Bible no nwonwa. (Luka 18:8) Na ɛdefa ɔsom ho no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ nkurɔfo bɛyɛ anibiannaso. Atoro som de mfe pii adaadaa adesamma na adi wɔn huammɔ. (Adiyisɛm 17:15, 16) Nanso, anibiannaso honhom a ɛretrɛw ne nsiyɛ a wɔnna no adi no yɛ asiane ma Kristofo. Sɛ yɛyɛ anibiannaso wɔ yɛn som ho na yɛankɔ so amfa nsiyɛ ansom Onyankopɔn ansua Bible mu nokware no a, nea ebefi mu aba no bɛyɛ awerɛhow. Yesu de kɔkɔbɔ mae wɔ boturobodwo a ɛte saa ho bere a ɔka kyerɛɛ afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔte Laodikea no sɛ wɔnhwɛ yiye no: “Wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a anka eye. . . . Woyɛ boturobodwo.”—Adiyisɛm 3:15-18.

Hu a Yebehu Nkurɔfo Ko a Yɛyɛ

3. Nneɛma a ɛma wohu Kristofo a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ho anigye no bi ne dɛn?

3 Nea ɛbɛyɛ na Kristofo ako atia ɔsom mu anibiannaso no, ɛsɛ sɛ wohu nnipa ko a wɔyɛ no yiye na wɔma wɔn ani gye sɛnea wɔyɛ soronko no ho. Sɛ́ Yehowa asomfo ne Kristo asuafo no, yebetumi ahu nkurɔfo ko a yɛyɛ no wɔ nea Bible no ka fa yɛn ho no mu. Yɛyɛ Yehowa ‘adansefo,’ “Onyankopɔn adwumayɛboafo” bere a yɛde nsi ka “asɛmpa” no kyerɛ afoforo no. (Yesaia 43:10; 1 Korintofo 3:9; Mateo 24:14) Yɛyɛ nkurɔfo a ‘yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.’ (Yohane 13:34) Nokware Kristofo yɛ nnipa a “wɔn nkatede akokwaw papa ne bɔne mu yiyi ho.” (Hebrifo 5:14) Yɛyɛ ‘wiase kanea.’ (Filipifo 2:15) Yɛbɔ mmɔden sɛ ‘yebekura abrabɔ pa mu wɔ amanaman no mu.’—1 Petro 2:12; 2 Petro 3:11, 14.

4. Ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa somfo bi ahu onipa ko a ɛnsɛ sɛ ɔyɛ?

4 Yehowa nokware asomfo nim nnipa ko nso a ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. ‘Wɔnyɛ wiase no fã,’ sɛnea na wɔn Kannifo, Yesu Kristo, nso nyɛ wiase no fã no. (Yohane 17:16) Wɔtwe wɔn ho fi ‘amanaman a wɔn adwene aduru sum na wɔyɛ nkwa a Onyankopɔn de ma no ho ananafo’ no ho. (Efesofo 4:17, 18) Ne saa nti, Yesu akyidifo ‘kyi amumɔyɛde ne wiase akɔnnɔ na wɔde trenee ne onyamesom pa tra wiase nhyehyɛe yi mu.’—Tito 2:12.

5. Dɛn na afotu a ɛka sɛ ‘yɛnhoahoa yɛn ho Yehowa mu’ no kyerɛ?

5 Nnipa ko a yɛyɛ a yenim no yiye ne abusuabɔ a yɛne amansan nyinaa so Tumfoɔ wɔ no kanyan yɛn ma ‘yɛhoahoa yɛn ho Yehowa mu.’ (1 Korintofo 1:31) Ahohoahoa bɛn na wɔreka ho asɛm no? Sɛ nokware Kristofo no, ɛyɛ yɛn anigye sɛ Yehowa ne yɛn Nyankopɔn. Yedi afotu yi so: “Eyi ho mmom na ma nea ɔhyehye ne ho no nhyehye ne ho, sɛ onim de ahu me, sɛ mene [Yehowa, NW] a ɔyɛ adɔe, na obu atɛntrenee, yɛ adetrenee, asase so.” (Yeremia 9:24) Yɛde hokwan a yɛanya sɛ yɛahu Onyankopɔn na ɔde yɛn boa afoforo no ‘hoahoa’ yɛn ho.

Nsɛnnennen a Ɛwom

6. Dɛn nti na ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛkɔ so ahu nea ɛma wɔyɛ Kristofo no yiye?

6 Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ yɛbɛkɔ so akura nea ɛma wohu yɛn yiye sɛ Kristofo no mu. Aberante bi a wɔtetee no sɛ Kristoni kae sɛ bere kakra ni a mayɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu: “Ɛtɔ mmere bi a, na mete nka sɛ minnim nea enti a meyɛ Yehowa Dansefo. Wɔde nokware no kyerɛkyerɛɛ me fii me mmofraase. Ɛtɔ mmere bi a mete nka sɛ ɛyɛ ɔsom foforo bi kɛkɛ, nea wogye tom.” Ɛbɛyɛ sɛ afoforo ama wiase anigyede, nsɛm ho amanneɛbɔfo, ne abrabɔ bɔne a ɛrekɔ so nnɛ no anya wɔn so nkɛntɛnso ma wonhu nnipa ko a ɛsɛ sɛ wɔyɛ no yiye. (Efesofo 2:2, 3) Ebia bere ne bere mu no, Kristofo binom adwenem yɛ wɔn nãã na wɔsan hwehwɛ wɔn gyinapɛn ne botae ahorow mu bio.

7. (a) Nhwehwɛmu bɛn na ɛfata sɛ Onyankopɔn asomfo yɛ? (b) Nhwehwɛmu bɛn na asiane wom?

7 So ɛyɛ mfomso koraa sɛ yɛbɛyɛ yɛn ho mu nhwehwɛmu wɔ bere ne bere mu? Dabi. Ebia wobɛkae sɛ ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo nkuran sɛ wɔnkɔ so nhwehwɛ wɔn ho mu: “Monsɔ mo ho nhwɛ sɛ mowɔ gyidi no mu anaa? Mummisa mo ho nhwɛ!” (2 Korintofo 13:5) Na nea ɔsomafo no rehyɛ ho nkuran ne sɛ yɛmfa mmɔdenbɔ a ɛfata nhwɛ sɛ ebia yebehu honhom fam mmerɛwyɛ biara a yɛanya a yɛn botae no ne sɛ yɛbɛyɛ biribi de asiesie. Ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔresɔ ne ho ahwɛ sɛ ɔwɔ gyidi no mu no bɔ mmɔden hwɛ sɛ ne nsɛm ne ne nneyɛe fata nea ɔka sɛ ogye di no anaa. Nanso, sɛ yɛanhwehwɛ yɛn ho mu sɛnea ɛbɛma yɛahu sɛnea “yɛte ankasa” yiye anaasɛ yɛanyɛ no sɛnea ɛbɛma yɛahu sɛnea yɛne Yehowa anaa Kristofo asafo no ntam abusuabɔ te a, ɛbɛyɛ nea mfaso nni so na ebetumi asɛe ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no. * Ɛnsɛ sɛ yɛma ‘yɛn gyidi gu asu’ da!—1 Timoteo 1:19.

Yebetumi Ahyia Nsɛnnennen

8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na Mose daa adwenem nããyɛ a ɔwɔ no adi? (b) Dɛn na Yehowa yɛe wɔ fata a Mose tee nka sɛ ɔmfata no ho? (d) Awerɛhyem a Yehowa de ma no ka wo dɛn?

8 So ɛsɛ sɛ Kristofo a bere ne bere mu no wɔn adwenem yɛ wɔn nãã no te nka sɛ wɔn som mfata? Ɛnte saa! Nokwarem no, ebetumi ayɛ awerɛkyekye ama wɔn sɛ wobehu sɛ te a wɔte nka sɛ wɔmfata no nyɛ ade foforo. Onyankopɔn adansefo anokwafo a wɔtraa ase tete no nso tee nka saa ara. Fa Mose a ɔdaa gyidi, nokwaredi ne ahofama soronko adi no sɛ nhwɛso. Bere a wɔmaa Mose adwuma a ɛte sɛ nea ɛboro no so no, ɔtwentwɛn ne nan ase kae sɛ: “Hena ne me?” (Exodus 3:11) Ɛda adi sɛ na mmuae a ɛwɔ Mose adwenem ne sɛ ‘mensɛ hwee!’ anaa ‘memfata!’ Ɛbɛyɛ sɛ nneɛma pii a Mose faa mu wɔ n’asetra mu no na ɛma ɔtee nka sɛ ɔmfata no: Na ofi ɔman a wɔyɛ nkoa mu. Na Israelfo no apo no. Na na n’ano ntewee. (Exodus 1:13, 14; 2:11-14; 4:10) Na ɔyɛ oguanhwɛfo, adwuma a na Misrifo kyi. (Genesis 46:34) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ɔtee nka sɛ ɔmfata sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ogye Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ nkoasom mu no!

9 Yehowa maa Mose awerɛhyem denam bɔhyɛ abien a tumi wom a ɔde maa no yi so: “Medi w’akyi; na eyi bɛyɛ wo nsɛnkyerɛnne sɛ me na mesomaa wo: wunya yi ɔman no fi Misraim ba a, mobɛsom Nyankopɔn wɔ bepɔw yi so.” (Exodus 3:12) Na Onyankopɔn reka akyerɛ ne somfo a na ɔretwentwɛn ne nan ase no sɛ, Ɔbɛkɔ so aka no ho bere nyinaa. Bio nso, na Yehowa rekyerɛ sɛ obegye ne nkurɔfo wɔ ɔkwan biara so. Onyankopɔn de bɔhyɛ a ɛte saa ara a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛboa ne nkurɔfo ama wɔ mfehaha pii a abɛsen kɔ no mu. Sɛ nhwɛso no, aka kakra ma Israelfo no adu Bɔhyɛ Asase no so no, Yehowa nam Mose so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ den . . . efisɛ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn no, ɔno na ɔne wo nam; ɔrempa wo na ɔrennyaw wo.” (Deuteronomium 31:6) Yehowa maa Yosua nso awerɛhyem sɛ: “Obi bi rennyina w’anim, wo nkwa nna nyinaa; . . . medi w’akyi; merempa wo na merennyaw wo.” (Yosua 1:5) Na ɔhyɛ Kristofo bɔ sɛ: “Merennyaw wo, nanso merempa wo da.” (Hebrifo 13:5) Ɛsɛ sɛ mmoa kɛse a ɛte saa a yɛwɔ no ka yɛn ma yɛn ani gye sɛ yɛyɛ Kristofo!

10, 11. Ɔkwan bɛn so na wɔboaa Lewini Asaf ma okuraa adwempa mu wɔ mfaso a ɛwɔ Yehowa som so no mu?

10 Bɛyɛ mfe ahanum wɔ Mose wu akyi no, Lewini nokwafo bi a wɔfrɛ no Asaf de nokwaredi kyerɛw sɛnea n’adwenem yɛɛ no nãã wɔ mfaso a ɛwɔ adetrenee a ɔbɛyɛ so ho. Bere a Asaf yeree ne ho som Onyankopɔn wɔ sɔhwɛ ne ɔsɔretia nyinaa akyi no, ohui sɛ wɔn a wodi Onyankopɔn ho fɛw no bi kɔɔ so nyaa tumi kɛse na wodii yiye. Ɛno kaa Asaf dɛn? Ɔkae sɛ: “Na me de, anka me nan reyɛ aman, m’anammɔn rekame awatiriw. Na metwee ahupoofo ho ninkunu, efisɛ mihuu abɔnefo yiye a wodi no.” N’adwenem fii ase yɛɛ no nãã wɔ mfaso a ɛwɔ Yehowa somfo a ɔyɛ no so. Asaf kae sɛ: “Ampa ara, matew me koma ho kwa, na mahohoro me nsa bemdi mu kwa, nanso wɔahaw me daa adesae.”—Dwom 73:2, 3, 13, 14.

11 Ɔkwan bɛn na Asaf faa so dii saa adwenem nããyɛ yi ho dwuma? So obuu n’ani guu so? Dabi. Ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Onyankopɔn, sɛnea yehu wɔ Dwom 73 mu no. Asaf yɛɛ nsakrae titiriw bere a ɔkɔɔ asɔrefie no kronkronbea hɔ no. Bere a ɔwɔ hɔ no, ohui sɛ Onyankopɔn som da so ara som bo sen biribiara. Bere a anisɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn som mu san yɛɛ den no, ohui sɛ Yehowa kyi bɔne na wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɔbɛtwe abɔnefo aso. (Dwom 73:17-19) Adwempa a Asaf nyae no ma ɔhyɛɛ hokwan a ɔwɔ sɛ Yehowa somfo no mu den. Ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Me de, mɛtra wo nkyɛn daa yi, woaso me nsa nifa mu. Wonam w’atirimpɔw so kyerɛkyerɛ me kwan, na akyiri no, woagye me akɔ anuonyam mu.” (Dwom 73:23, 24) Asaf nyaa ne Nyankopɔn ho ani gye bio.—Dwom 34:2.

Na Wonim Nnipa Ko a Wɔyɛ no Yiye

12, 13. Ma nhwɛso ahorow a ɛfa nnipa a Bible no ka wɔn ho asɛm a wɔkyerɛɛ wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho anigye no ho.

12 Ɔkwan biako a yebetumi afa so ahyɛ nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo no mu den ne sɛ, yɛbɛhwehwɛ asomfo anokwafo a wɔ amanehunu a wohyiae nyinaa akyi mpo no, wonyaa anigye wɔ wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu no gyidi mu na yɛasuasua wɔn. Susuw Yakob ba Yosef ho hwɛ. Bere a na ɔyɛ abarimaa no, wɔtɔn no atirimɔden so sɛ akoa de no twaa akwansin ɔhaha pii kɔɔ Misraim, ma ofii ne papa a osuro Nyankopɔn no nkyɛn ma ɔhweree mmoa a na onya fi fie no. Bere a na Yosef wɔ Misraim no, na onni onipa biara a ɔbɛkɔ ne nkyɛn akogye afotu pa, na na ɛsɛ sɛ ogyina tebea ahorow a ɛsɔɔ n’abrabɔ pa ne ne ho a ɔde too Onyankopɔn so hwɛe ano. Nanso, ɔbɔɔ mmɔden denneennen kuraa nea ɛma wohuu no sɛ Onyankopɔn somfo no mu, na ɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma a na onim sɛ ɛteɛ no. N’ani gyei sɛ na ɔyɛ Yehowa somfo wɔ beae a ohyiaa nitan mpo, na wantwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda sɛnea ɔte nka no adi.—Genesis 39:7-10.

13 Wɔ bɛyɛ mfe ahanwɔtwe akyi no, Israelni abeawa dommum bi a ɔbɛyɛɛ Siria sahene Naaman afenaa no kaee nea ɛma wohu no sɛ Yehowa somfo no. Bere a hokwan buei no, odii adanse akokoduru so maa Yehowa bere a ɔkae sɛ Elisa yɛ Onyankopɔn diyifo nokwafo no. (2 Ahene 5:1-19) Wɔ ɛno akyi mfe bi no, ɛmfa ho sɛ na ɔhene kumaa Yosia te ɔman a aporɔw mu no, ɔde bere tenten yɛɛ ɔsom mu nsakrae, siesiee Onyankopɔn asɔrefie no, na ɔdan ɔman no baa Yehowa kyɛn bio. Na n’ani gye ne gyidi ne ne som ho. (2 Beresosɛm, ti 34, 35) Daniel ne n’ayɔnkofo Hebrifo baasa a na wɔwɔ Babilon no amma wɔn werɛ amfi nea ɛma wohuu wɔn sɛ Yehowa asomfo no da, na wokuraa wɔn mudi mu wɔ nhyɛso ne sɔhwɛ a wohyiae mpo mu. Ɛda adi pefee sɛ, na wɔn ani gye sɛ wɔyɛ Yehowa asomfo.—Daniel 1:8-20.

Ma W’ani Nnye Kristoni a Woyɛ no Ho

14, 15. Dɛn na yɛn ani a yɛbɛma agye nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo ho no hwehwɛ?

14 Saa Onyankopɔn asomfo yi dii nkonim efisɛ wɔn ani gyee gyinabea a na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim no ho. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ? Dɛn na yɛn ani a yɛbɛma agye nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo ho no hwehwɛ?

15 Nea ɛhwehwɛ titiriw ne anisɔ a emu dɔ a yebenya sɛ yɛka nkurɔfo a Yehowa din da wɔn so ho, yɛwɔ ne nhyira ne n’anim dom. Onyankopɔn nim wɔn a wɔyɛ ne de pefee. Ɔsomafo Paulo a ɔtraa ase wɔ bere a na nkurɔfo kura adwene horow wɔ nyamesom ho mu no kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] nim wɔn a wɔyɛ ne de.” (2 Timoteo 2:19; Numeri 16:5) Yehowa ani gye “wɔn a wɔyɛ ne de” no ho. Ɔka sɛ: “Nea ɔka mo no, waka n’aniwa kesuwa.” (Sakaria 2:8) Nokwarem no, Yehowa dɔ yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde abusuabɔ a yɛne no wɔ no gyina ɔdɔ a emu yɛ den so. Paulo kae sɛ: “Obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.”—1 Korintofo 8:3.

16, 17. Dɛn nti na Kristofo mmofra ne mpanyin betumi anya wɔn honhom fam agyapade no ho anigye?

16 Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔtetee wɔn sɛ Yehowa Adansefo no hwehwɛ sɛ abusuabɔ a wɔn ankasa ne Onyankopɔn wɔ no ama nea ɛma wohu wɔn sɛ Kristofo no mu ayɛ den anaa. Wɔrentumi mfa wɔn ho nto wɔn awofo gyidi so kɛkɛ. Paulo Kyerɛw faa Onyankopɔn somfo biara ho sɛ: “N’ankasa ne wura anim na ogyina anaasɛ ɔhwe ase.” Na ɔtoaa so sɛ: “Yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.” (Romafo 14:4, 12) Ɛda adi sɛ, sɛ obi amfi ne koma mu ansom Yehowa sɛnea n’awofo de nokwaredi yɛ no a, ɛremma ɔne Yehowa nkɔ so nnya abusuabɔ a emu yɛn den bere nyinaa.

17 Wɔ abakɔsɛm nyinaa mu no, Yehowa adansefo pii atra ase abedu nnɛ. Efii ase fii ɔtreneeni Habel a ɔtraa ase bɛyɛ mfe 6,000 a abɛsen kɔ no so de abedu nnɛyi Adansefo mu “nnipakuw kɛse” no ne Yehowa asomfo pii a wɔbɛtra ase daa no so. (Adiyisɛm 7:9; Hebrifo 11:4) Yɛn ne asomfo anokwafo pii a wɔatra ase no mufo a wɔwɔ hɔ nnɛ. Hwɛ sɛnea yɛwɔ honhom fam agyapade a ɛsom bo!

18. Ɔkwan bɛn so na yɛn su ne yɛn gyinapɛn ahorow ma yɛda nsow wɔ wiase no ho?

18 Nneɛma a ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo no bi ne yɛn su ne yɛn gyinapɛn ahorow. Eyi ne “kwan no,” ɔkwan koro pɛ a obi fa so ma esi no yiye wɔ asetra mu na ɛsɔ Onyankopɔn ani. (Asomafo no Nnwuma 9:2; Efesofo 4:22-24) Kristofo ‘sɔ ade nyinaa hwɛ’ na ‘woso nea eye no mu’! (1 Tesalonikafo 5:21) Yenim nsonsonoe kɛse a ɛda Kristosom ne wiase a atwe ne ho afi Onyankopɔn ho no ntam pefee. Yehowa ma yehu nsonsonoe a ɛda nokware som ne atoro som ntam no pefee. Ɔnam ne diyifo Malaki so kae sɛ: “Ɛnna mobɛsan ahu nsonoe a ɛda ɔtreneeni ne ɔbɔnefo ntam, ne nea ɔsom Onyankopɔn ne nea ɔnsom no no ntam.”—Malaki 3:18.

19. Dɛn na nokware Kristofo renyɛ da?

19 Esiane sɛ yɛn ho a yɛbɛhoahoa wɔ Yehowa mu ho hia wɔ wiase a ayɛ bisibasaa yi mu nti, dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya yɛn Nyankopɔn no ho anigye na yɛahu nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo no yiye? Nyansahyɛ ahorow a mfaso wɔ so wɔ adesua a edi hɔ no mu. Bere a yɛresusuw ho no, wubetumi ahu pefee sɛ: Nokware Kristofo renyɛ “anibiannaso” da.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Nea wɔka ho asɛm wɔ ha yi fa sɛnea yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ te nkutoo ho. Ebia ɛho behia sɛ nnipa kakra a wɔwɔ adwenemyare no kohu oduruyɛfo.

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi ‘ahoahoa wɔn ho Yehowa mu’?

• Dɛn na woasua afi Mose ne Asaf nhwɛso no mu?

• Nnipa a Bible ka wɔn ho asɛm bɛn na wɔn ani gyei ɔsom a wɔde maa Onyankopɔn no ho?

• Dɛn na yɛn ani a yɛbɛma agye nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo ho no hwehwɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Mose buu ne ho sɛ ɔmfata wɔ bere bi mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Yehowa asomfo pii a wɔtraa ase tete no ani gyee nea na ɛma wɔda nsow no ho