Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛn Kristofo Agyiraehyɛde A Yɛbɛbɔ Ho Ban

Yɛn Kristofo Agyiraehyɛde A Yɛbɛbɔ Ho Ban

Yɛn Kristofo Agyiraehyɛde A Yɛbɛbɔ Ho Ban

“Mone m’adansefo, [Yehowa, NW] na ose.”—YESAIA 43:10.

1. Nkurɔfo bɛn na Yehowa twe wɔn ba ne nkyɛn?

BERE a wowɔ Ahenni Asa so no, tɔ wo bo ase hwɛ wo ho hyia. Henanom na wuhu wɔn wɔ beae a yɛsom yi? Wubetumi ahu mmerante ne mmabaa komapafo a wɔayɛ aso retie nyansa a efi Kyerɛwnsɛm mu no. (Dwom 148:12, 13) Ɛda adi sɛ wubehu mmusua ti nso sɛ wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani bere a wɔte wiase a wɔtoto abusua asetra ase mu no. Ebia wubehu yɛn adɔfonom a wɔn mfe akɔ anim a ɛmfa ho sɛ onyin ma wɔyareyare no, wogyina pintinn tra ase ma ɛne wɔn ahosohyira ma Yehowa no hyia. (Mmebusɛm 16:31) Saafo yi nyinaa dɔ Yehowa yiye. Na ohu sɛ ɛfata sɛ ɔtwe wɔn na ɔne wɔn nya abusuabɔ. Onyankopɔn Ba no sii so dua sɛ: “Obi ntumi mma me nkyɛn, gye sɛ agya a ɔsomaa me no twe no.”—Yohane 6:37, 44, 65.

2, 3. Dɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yebekura yɛn Kristofo agyiraehyɛde no mu yiye?

2 So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ yɛka nkurɔfo a wɔwɔ Yehowa anim dom ne ne nhyira ho? Nanso, yɛn Kristofo agyiraehyɛde a yebekura mu yiye wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu no nna fam. (2 Timoteo 3:1) Eyi te saa titiriw wɔ mmofra a wɔtetee wɔn wɔ Kristofo mmusua mu no fam. Mmofra a wɔte saa no mu biako kae sɛ: “Ɛwom sɛ na mekɔ Kristofo nhyiam de, nanso na minni honhom fam botae biara, nokwarem no, na minni ɔpɛ sɛ mɛsom Yehowa.”

3 Ɛwom sɛ ebia ebinom fi wɔn komam pɛ sɛ wɔsom Yehowa de, nanso ebia atipɛnfo nhyɛso a ano yɛ den, wiase no nkɛntɛnso, ne bɔne su ahorow bɛtwetwe wɔn adwene. Sɛ yehyia nhyɛso a emu yɛ den a, ebia ɛde nkakrankakra bɛma yɛahwere yɛn Kristofo agyiraehyɛde no. Sɛ nhwɛso no, nnipa pii a wɔwɔ wiase nnɛ no bu Bible gyinapɛn ahorow a ɛfa abrabɔ pa ho no sɛ atwam anaa wontumi mfa nyɛ adwuma wɔ yɛn nnɛ wiase yi mu. (1 Petro 4:4) Ebinom te nka sɛ ɛho nhia sɛ yɛsom Onyankopɔn wɔ ɔkwan a ɔkyerɛ sɛ yɛmfa so nsom no no so. (Yohane 4:24) Paulo kae wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu sɛ wiase no wɔ “honhom” bi anaa su titiriw bi. (Efesofo 2:2) Saa su no hyɛ nkurɔfo ma wogye nnipa a wonnim Yehowa nsusuwii tom.

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu sii so dua sɛ ehia sɛ yɛbɔ nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo no ho ban?

4 Nanso, sɛ́ Yehowa asomfo a yɛahyira yɛn ho so ama no no, yenim sɛ ɛbɛyɛ asiane sɛ yɛn mu biara—abofra anaa ɔpanyin—bɛhwere ne Kristofo agyiraehyɛde no. Yebetumi de nea ɛma wohu yɛn sɛ Kristofo no ho adwene a ɛfata no agyina Yehowa gyinapɛn ahorow ne nea ɔhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ no nkutoo so. Ntease wom, efisɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ ne suban so. (Genesis 1:26; Mika 6:8) Bible no de nea ɛma wohu yɛn yiye sɛ Kristofo no toto ntade a yɛhyɛ ma obiara hu no ho. Yesu bɔɔ kɔkɔ wɔ yɛn bere yi ho sɛ: “Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu n’aniwu.” * (Adiyisɛm 16:15) Yɛbɛpɛ sɛ yɛkɔ so kura yɛn Kristofo su ahorow ne abrabɔ ho gyinapɛn mu na amma yɛanyɛ Satan wiase no fã. Sɛ yɛanyɛ saa a, yɛbɛhwere saa “ntade” no. Tebea a ɛte saa no bɛma yɛadi yaw na ahyɛ yɛn aniwu.

5, 6. Dɛn nti na Onyankopɔn som mu a yenhinhim ho hia?

5 Obi Kristofo agyiraehyɛde a ohu no yiye no kyerɛ sɛnea ɔbɛbɔ ne bra. Ɔkwan bɛn so? Sɛ Yehowa somfo bi ankɔ so amma ne Kristoni agyiraehyɛde no antra n’adwenem a, ɛbɛma n’adwenem ayɛ no nãã na ɔrennya akwankyerɛ anaa botae pɔtee. Bible no kɔ so de kɔkɔbɔ ma wɔ adwenem nããyɛ a ɛte saa ho. Osuani Yakobo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Nea ogye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba. Na mma saa onipa no nnsusuw sɛ obenya Awurade hɔ biribi. Onipa a ne kra yɛ nta hinhim n’akwan nyinaa mu.”—Yakobo 1:6-8; Efesofo 4:14; Hebrifo 13:9.

6 Yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛn Kristofo agyiraehyɛde no ho ban? Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu hokwan kɛse a yɛwɔ sɛ Ɔsorosoroni no asomfo no yiye? Yɛsrɛ sɛ susuw akwan a edidi so yi ho.

Ma Kristoni a Woyɛ no Ntra W’adwenem

7. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ yɛsrɛ Yehowa ma ɔhwehwɛ yɛn mu?

7 Kɔ so hyɛ wo ne Yehowa ntam abusuabɔ no mu den. Agyapade a ɛsom bo a Kristoni wɔ ne abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn wɔ no. (Dwom 25:14; Mmebusɛm 3:32) Sɛ yɛn adwenem fi ase yɛ yɛn nãã wɔ yɛn Kristofo agyiraehyɛde no ho a, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ sɛnea abusuabɔ yi te no mu yiye. Odwontofo no srɛe ma ɛfatae sɛ: “[Yehowa, NW], hwehwɛ me mu na sɔ me hwɛ, nan m’asaabo ne me koma.” (Dwom 26:2) Dɛn nti na nhwehwɛmu a ɛte saa ho hia? Efisɛ yɛn ankasa ntumi nhwehwɛ nea ɛwɔ yɛn adwene ne yɛn koma mu tɔnn no mu yiye. Yehowa nkutoo na otumi hu sɛnea yɛte ankasa—sɛnea yɛn adwene, yɛn nsusuwii ne yɛn nkate te.—Yeremia 17:9, 10.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na sɔ a Yehowa bɛsɔ yɛn ahwɛ no betumi aboa yɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔaboa wo ma woatu mpɔn sɛ Kristoni?

8 Sɛ yɛka kyerɛ Yehowa sɛ ɔnhwehwɛ yɛn mu a, na yɛreka akyerɛ no sɛ ɔnsɔ yɛn nhwɛ. Ebia, ɔbɛma kwan ma tebea ahorow bi asɔre a ɛbɛda sɛnea yɛn nsusuwii ne yɛn koma te ankasa adi. (Hebrifo 4:12, 13; Yakobo 1:22-25) Ɛsɛ sɛ yɛpene sɔhwɛ ahorow a ɛtete saa so efisɛ ɛma yenya hokwan kyerɛ sɛnea nokware a yedi ma Yehowa no mu dɔ fa. Ɛno betumi akyerɛ sɛ ‘yɛayɛ pɛ na yedi mũ biribiara mu a hwee nhia yɛn.’ (Yakobo 1:2-4) Na bere a wɔasɔ yɛn ahwɛ no, yebetumi atu mpɔn wɔ Onyankopɔn som mu.—Efesofo 4:22-24.

9. So ɛsɛ sɛ yɛn ankasa na yefi yɛn pɛ mu gye Bible mu nokware no tom? Kyerɛkyerɛ mu.

9 W’ankasa gye Bible mu nokware no tom. Sɛ yɛamfa agyiraehyɛde a ɛma wohu yɛn sɛ Yehowa asomfo no annyina Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ so pintinn a, ɛmma yenhu no yiye. (Filipifo 1:9, 10) Ɛho hia sɛ Kristoni biara—abofra anaa ɔpanyin—gye tom sɛ nea ogye di no ne nokware a ɛwɔ Bible mu no ampa. Paulo hyɛɛ ne mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu [pintinn, NW].” (1 Tesalonikafo 5:21) Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔyɛ Kristofo a wɔwɔ mmusua a wosuro Nyankopɔn mu no hu sɛ ɛnyɛ wɔn awofo gyidi na ɛbɛma wɔn som adi mũ. Salomo ankasa papa, Dawid, tuu no fo sɛ “hu w’agya Onyankopɔn no, na fa wo koma mũ . . . som no.” (1 Beresosɛm 28:9; yɛn na yɛasi ɔfa bi so dua no.) Na hwɛ a Salomo bɛhwɛ sɛnea n’agya nyaa Yehowa mu gyidi no nkutoo nnɔɔso. Na ɛsɛ sɛ n’ankasa hu Yehowa, na ɔyɛɛ saa. Ɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Afei, nyansa ne nimdeɛ na ma me, na mimfi adi ɔman yi anim na memmra mu.”—2 Beresosɛm 1:10.

10. Dɛn nti na mfomso nni ho sɛ yɛde adwempa bebisa nsɛm a efi komam?

10 Gyidi a ɛyɛ den gyina nimdeɛ so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Gyidi nam nea wɔte so.” (Romafo 10:17, NW) Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Na nea ɔrekyerɛ ne sɛ sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm a, yɛhyɛ gyidi ne ahotoso a yɛwɔ wɔ Yehowa, ne bɔhyɛ ahorow ne n’ahyehyɛde no mu den. Nsɛm a efi komam a yebebisa afa Bible ho no betumi ama yɛanya mmuae a ɛma awerɛhyem. Bio nso, wɔ Romafo 12:2 no, yehu Paulo afotu a ɛka sɛ: ‘Yɛnsɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no nhwɛ’ no. Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ayɛ saa? Ɛdenam “nokware no ho nimdeɛ” a yebenya so. (Tito 1:1) Yehowa honhom betumi aboa yɛn ma yɛate nsɛm a asete yɛn den mpo ase. (1 Korintofo 2:11, 12) Sɛ yɛnte biribi ase a, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae de hwehwɛ ne mmoa. (Dwom 119:10, 11, 27) Yehowa pɛ sɛ yɛte N’asɛm ase, nya mu gyidi na yɛde yɛ adwuma. Otie nsɛm a efi komam a yɛde adwempa bisa no.

Si Wo Bo sɛ Wobɛsɔ Onyankopɔn Ani

11. (a) Ɔpɛ a yɛwɔ bɛn na ebetumi asum yɛn afiri? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya akokoduru agyina atipɛnfo nhyɛso ano?

11 Bɔ mmɔden sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani, na ɛnyɛ nnipa. Sɛnea ɛte no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ kuw bi muni na ama wɔahu onipa ko a yɛyɛ no fã bi. Obiara hia nnamfo, na bere a afoforo gye yɛn tom no ɛma yɛn ani gye. Bere a obi adu ne mpanyin afe so ne bere a onyin sen saa akyiri yi wɔ n’asetra mu no, nhyɛso a atipɛnfo de ba no so mu betumi ayɛ den, na ɛbɛma ɔde ahoyeraw anya ɔpɛ sɛ obesuasua afoforo anaa wasɔ wɔn ani. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn yiyedi ho hia yɛn nnamfo ne yɛn atipɛnfo. Ɛtɔ mmere bi a wohia sɛ obi ka wɔn ho kɛkɛ na wɔne no yɛ adebɔne bi. (Mmebusɛm 1:11-19) Sɛ Kristoni gyae ne ho mu ma atipɛnfo nhyɛso bɔne a, mpɛn pii no ɔbɔ mmɔden sɛ ɔremma wonhu onii ko a ɔyɛ. (Dwom 26:4) Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnsuasua su a wiase a mote mu da no adi no.” (Romafo 12:2, The Jerusalem Bible) Yehowa ma yɛn ahoɔden a yehia na ama yɛatumi ako atia nhyɛso a wɔde ba yɛn so no.—Hebrifo 13:6.

12. Nnyinasosɛm ne nhwɛso bɛn na ebetumi ahyɛ yɛn den ma yɛagyina pintinn bere a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu ahotoso no?

12 Sɛ nhyɛso a wɔde ba yɛn so no reyɛ asɛe yɛn Kristofo agyiraehyɛde no a, eye sɛ yɛbɛkae sɛ nokware a yebedi ama Onyankopɔn no ho hia koraa sen adwene a nnipa pii kura. Asɛm a ɛwɔ Exodus 23:2 a ɛka sɛ: “Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne” no yɛ nnyinasosɛm pa. Bere a Kaleb mfɛfo Israelfo annye anni sɛ Yehowa betumi adi Ne bɔhyɛ ahorow so no, wampene so koraa sɛ ɔne nnipa dodow no bɛyɛ adwene. Na ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow yɛ nokware, na onyaa nhyira pii wɔ ne gyidi no ho. (Numeri 13:30; Yosua 14:6-11) So wo nso wopɛ sɛ wobɛko atia adwene a nnipa pii kura a wɔde hyɛ wo so no na ama woabɔ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho ban?

13. Dɛn nti na nyansa wom sɛ yɛbɛma afoforo ahu sɛ yɛyɛ Kristofo?

13 Ma afoforo nhu sɛ woyɛ Kristoni. Asɛm a wɔtaa ka sɛ ahobammɔ a ɛsen biara ne sɛ wubefi ntua ase no yɛ nokware bere a yɛbɔ yɛn Kristofo agyiraehyɛde ho ban no. Bere a Israelfo anokwafo a wɔtraa ase wɔ Esra bere so hyiaa mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛyɛ Yehowa apɛde ho ɔsɔretia no, wɔkae sɛ: “Yɛn de, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa.” (Esra 5:11) Sɛ yɛma nkurɔfo a wɔtan yɛn no nneyɛe ne wɔn kasatia nya yɛn so nkɛntɛnso a, ehu remma yentumi nyɛ hwee. Sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛsɔ obiara ani a, ɛremma yentu mpɔn. Enti mma biribiara mmɔ wo hu. Ɛyɛ papa sɛ bere nyinaa wobɛma afoforo ahu pefee sɛ woyɛ Yehowa Dansefo. Wubetumi de obu ne ahotoso akyerɛkyerɛ wo gyinapɛn ahorow, wo gyidi ne wo gyinabea sɛ Kristoni mu akyerɛ afoforo. Ma afoforo nhu sɛ woasi wo bo sɛ wubekura Yehowa gyinapɛn a ɛkorɔn a ɛfa abrabɔ ho no mu. Ma emu nna hɔ pefee sɛ worennyae Kristoni a woyɛ no mu nsiesie. Kyerɛ sɛ w’ani gye abrabɔ gyinapɛn a wowɔ no ho. (Dwom 64:10) Sɛ woda nsow sɛ Kristoni na wogyina pintinn a, ebetumi ahyɛ wo den, abɔ wo ho ban, na aka ebinom mpo ma wɔahwehwɛ Yehowa ne ne nkurɔfo akyi kwan.

14. So ɛsɛ sɛ yɛma fɛwdi anaa ɔsɔretia bu yɛn abam? Kyerɛkyerɛ mu.

14 Yiw, ebia ebinom bedi wo ho fɛw anaa wɔbɛsɔre atia wo. (Yuda 18) Sɛ afoforo antie mmɔden a wobɔ sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo gyinapɛn ahorow mu akyerɛ wɔn no a, mma w’abam mmu. (Hesekiel 3:7, 8) Ɛmfa ho mmɔden biara a wobɛbɔ no, worentumi nnya wɔn a wɔmpɛ sɛ wobetie no mma wontie wo. Kae Farao. Ɔhaw anaa anwonwade a na n’ankasa abakan a owui mpo ka ho no amma wannye atom sɛ na Mose gyina Yehowa ananmu na ɔrekasa. Enti, mma onipa ho suro nkyekyere wo. Onyankopɔn mu ahotoso ne gyidi betumi aboa yɛn ma yɛadi ehu so.—Mmebusɛm 3:5, 6; 29:25.

Sua Biribi Fi Nea Abɛsen Kɔ Mu na Hyehyɛ Wo Daakye

15, 16. (a) Dɛn ne yɛn honhom fam agyapade no? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn Asɛm a yɛde besusuw yɛn honhom fam agyapade no ho no betumi ama yɛanya mfaso?

15 Ma w’ani nsɔ wo honhom fam agyapade no. Sɛ Kristofo de Onyankopɔn Asɛm susuw wɔn honhom fam agyapade a ɛsom bo no ho a, wobenya so mfaso. Nea ɛka agyapade yi ho ne Yehowa Asɛm mu nokware, daa nkwa anidaso no, ne anuonyam a wɔahyɛ yɛn sɛ wɔn a wogyina Onyankopɔn ananmu ka asɛmpa no. So wutumi hu dwuma a wudi wɔ N’adansefo, nkurɔfokuw a wɔanya hokwan reyɛ nkwagye adwuma a ɛne Ahenni asɛnka no mu? Kae sɛ ɛyɛ Yehowa ankasa na ɔka sɛ: “Mone m’adansefo” no.—Yesaia 43:10.

16 So wubetumi abisa wo ho nsɛm te sɛ: ‘Honhom fam agyapade no som bo ma me dɛn? So mibu no sɛ ɛsom bo yiye ma enti mede Onyankopɔn apɛdeyɛ yɛ m’asetram ade titiriw? So anisɔ a mewɔ wɔ ho no di mu paa a ebetumi ahyɛ me den ma mako atia sɔhwɛ biara a ebetumi ama agyapade yi afi me nsa no?’ Yɛn honhom fam agyapade no betumi ama yɛate honhom fam ahobammɔ kɛse a Yehowa ahyehyɛde mu nkutoo na yebetumi anya no nso nka wɔ yɛn mu. (Dwom 91:1, 2) Nsɛntitiriw a esisii a ɛfa Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ hɔ nnɛ yi ho a yebesusuw ho no betumi ama yɛahu sɛ onipa anaa biribi foforo biara ntumi ntɔre Yehowa nkurɔfo ase mfi asase so.—Yesaia 54:17; Yeremia 1:19.

17. Sɛ anka yɛde yɛn ho bɛto yɛn honhom fam agyapade so kɛkɛ no, dɛn bio na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

17 Nokwarem no, yɛrentumi mfa yɛn ho nto yɛn honhom fam agyapade no nkutoo so. Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ne Onyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den. Bere a Paulo ayɛ adwuma denneennen de ahyɛ Kristofo a wɔwɔ Filipi no gyidi den akyi no, ɔkyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Enti, m’adɔfo, sɛnea mutie daa no, ɛnyɛ sɛ bere a mewɔ mo nkyɛn nko mu, na mmom afei a minni mo nkyɛn yi titiriw no, momfa osuro ne ahopopo nyɛ mo ankasa nkwagye ho adwuma nwie.” (Filipifo 2:12) Yɛrentumi mfa yɛn ho nto obi foforo so nnya nkwa.

18. Ɔkwan bɛn so na Kristofo dwumadi ahorow betumi ama wɔahu yɛn Kristofo agyiraehyɛde no yiye?

18 Fa wo ho nyinaa hyɛ Kristofo dwumadi ahorow mu. Wɔaka sɛ “adwuma ma yehu onipa ko a obi yɛ.” Wɔde ahyɛde ama Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no sɛ wɔnyɛ adwuma a ɛho hia a ɛne sɛ wɔnka Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa. Paulo kae sɛ: “Esiane sɛ meyɛ amanaman mu somafo nti, mekamfo me som.” (Romafo 11:13) Yɛn asɛnka adwuma no ma yɛda nsow wɔ wiase no ho, na yɛn ho a yɛde hyem no ma wohu yɛn Kristofo agyiraehyɛde no yiye. Yɛn ho nyinaa a yɛde bɛhyɛ teokrase dwumadi ahorow te sɛ Kristofo nhyiam ahorow, nhyehyɛe a wɔayɛ de resisi mmeae a yehyiam som, mmɔden a wɔbɔ de boa wɔn a wohia mmoa, ne nea ɛtete saa mu no betumi ama yɛn Kristofo agyiraehyɛde no ada adi yiye.—Galatifo 6:9, 10; Hebrifo 10:23, 24.

Yɛn Agyiraehyɛde no Da Adi Pefee Na Ɛde Mfaso Ankasa Ba

19, 20. (a) Mfaso bɛn na Kristoni a woyɛ no ama woanya? (b) Dɛn na yegyina so hu nnipa ko a yɛyɛ ankasa?

19 Gye bere kakra fa susuw mfaso pii a nokware Kristofo a yɛyɛ no ma yenya no ho hwɛ. Yɛwɔ hokwan a ɛne sɛ Yehowa nim yɛn ankasa. Odiyifo Malaki kae sɛ: “Ɛnna wɔn a wosuro [Yehowa, NW] no kasakasae wɔn mu, na [Yehowa, NW] yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro [Yehowa, NW] na wobu ne din no.” (Malaki 3:16) Onyankopɔn betumi abu yɛn sɛ ne nnamfo. (Yakobo 2:23) Bere a yenya atirimpɔw ankasa, yɛte nsɛm ase yiye, na yenya botae pa no, ɛma yɛn asetra yɛ papa. Na wama yɛn daakye a enni awiei ho anidaso.—Dwom 37:9.

20 Kae sɛ sɛnea Onyankopɔn bu wo no na ɛkyerɛ onipa ko a woyɛ ankasa ne sɛnea wosom bo, na ɛnyɛ sɛnea afoforo bebu wo no. Ebia afoforo begyina nnipa gyinapɛn a enni mu so ayi yɛn ntɛn. Nanso, ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn ne yɛn ho anigye a ɔkyerɛ no ma yenya nea yegyina so ankasa hu sɛ yɛsom bo—yɛyɛ ne de. (Mateo 10:29-31) Ɔdɔ a yɛn ankasa wɔ ma Onyankopɔn no betumi ama yɛahu nkurɔfo ko a yɛyɛ no yiye na akyerɛ yɛn asetra kwan yiye. “Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no.”—1 Korintofo 8:3.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔde saa nsɛm yi ka asɔrefie bepɔw a ɛwɔ Yerusalem no so panyin nnwuma ho asɛm. Sɛ wɔwɛn anadwo a, okyinkyin asɔrefie hɔ hwɛ sɛ Lewifo awɛnfo a wɔwɔ hɔ no rewɛn anaa wɔadeda wɔ baabi a wogyina wɛn no. Sɛ ohu sɛ ɔwɛnfo bi ada a, ɔde dua bɔ no, na na obetumi ahyew n’atade sɛ asotwe a wɔde gu n’anim ase.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛho hia sɛ Kristofo bɔ wɔn honhom fam agyiraehyɛde ho ban?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ama Kristofo a yɛyɛ no atra yɛn adwenem yiye?

• Sɛ yehyia nsɛmmisa a ɛfa nea ɛsɛ sɛ yɛsɔ n’ani ho a, nsɛm bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛasi gyinae pa?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn agyiraehyɛde a yebehu no yiye no betumi aka yɛn daakye sɛ Kristofo?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 21]

Yɛn ho nyinaa a yɛde bɛhyɛ Kristofo dwumadi ahorow mu no betumi ama wɔahu yɛn Kristofo agyiraehyɛde no yiye