Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Abrabɔ Pa ‘Hyehyɛ Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ’

Abrabɔ Pa ‘Hyehyɛ Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ’

Abrabɔ Pa ‘Hyehyɛ Onyankopɔn Nkyerɛkyerɛ’

ABABAA bi a wɔfrɛ no Maria a ɔwɔ Kransnoyarsk, Russia, nim nnwom to yiye araa ma ne kyerɛkyerɛfo de no kaa sukuu nnwontofokuw ho. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Maria fii obu mu kɔɔ n’akyerɛkyerɛfo no baako hɔ kɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ ontumi nto nnwom ahorow bi. Dɛn ntia? Efisɛ ɔkyerɛe sɛ nnwom a ɛfa ɔsom ho a ɔbɛto no ne ne gyidi a egyina Bible so no nhyia. Ɔkyerɛkyerɛfo no ho dwiriw no ma obisae sɛ, ‘Mfomso bɛn na ɛwɔ nnwom a wɔto de hyɛ Onyankopɔn anuonyam ho?’

Maria buee ne Bible mu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn ne Yesu Kristo nyɛ nipa baako, na honhom kronkron no yɛ Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade, ma enti a ɔrento nnwom a ɛfa Onyame Baasakoro ho. (Mateo 26:39; Yohane 14:28; Asomafo Nnwuma 4:31) Maria ka sɛ: “Me ne ɔkyerɛkyerɛfo no ntam anyɛ basaa. Yɛwɔ akyerɛkyerɛfo pa wɔ yɛn sukuu mu. Wɔpɛ sɛ yedi nokware.”

Maria gyinabea no maa n’akyerɛkyerɛfo ne ne mfɛfo sukuufo nyinaa buu no wɔ saa afe no mu wɔ sukuu hɔ. Maria ka sɛ: “Bible nnyinasosɛm boa me wɔ m’asetra mu. Sukuu afe no baa awiei no minyaa nokwaredi ne nhyehyɛe pa ho abasobɔde, ɛnna m’awofo nso nyaa krataa fii sukuu no hɔ a wɔde reda wɔn ase sɛ wɔatete wɔn babea no yiye.”

Maria bɔɔ asu August 18, 2001. Ɔka sɛ: “Ɛyɛ me dɛ sɛ mesom Yehowa, anigye Nyankopɔn a ɔte saa!” Yehowa Adansefo nkumaa a wɔwɔ wiase nyinaa de Tito 2:10 mu nsɛm reyɛ adwuma. Yɛkenkan wɔ hɔ sɛ: ‘Yɛhyehyɛ yɛn agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ, ade nyinaa mu.’

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Maria ne n’awofo wɔ n’asubɔ akyi

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Krataa a wɔde kyerɛɛ anisɔ ne abasobɔde no