Akwankyerɛ Pa A Wɔde Ma Awarefo
Akwankyerɛ Pa A Wɔde Ma Awarefo
“Ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, sɛ moyɛ ma Awurade. Okununom, monnɔ mo yerenom.”—Efesofo 5:22, 25.
1. Aware ho adwene a ɛfata bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?
YESU kae sɛ Onyankopɔn ka ɔbarima ne ɔbea bom wɔ aware mu ma wɔbɛyɛ “ɔhonam koro.” (Mateo 19:5, 6) Ɛyɛ nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara suban a wɔresua sɛ wɔn ani begye ade koro ho a wɔabom redi botae biako ho dwuma. Yɛmmfa yɛn ho nkɔhyɛ aware mu nsan mfi mu, ɛnyɛ nhyehyɛe bi a ɛsɛ sɛ wobu no adewa a biribiara nti yetumi twe yɛn ho fi mu. Ɛnyɛ den sɛ wobegyae aware wɔ aman pii so, nanso Kristofo bu aware sɛ ade kronkron. Ade a ɛyɛ aniberesɛm paa nkutoo so na wotumi gyina gu aware.—Mateo 19:9.
2. (a) Mmoa bɛn na ɛwɔ hɔ ma awarefo? (b) Dɛn nti na ehia sɛ yɛbɔ mmɔden ma yɛn aware gyina?
2 Aware ho ɔfotufo bi kae sɛ: “Aware a etumi gyina ne nea awarefo no tumi yɛ nsakrae bere a nsɛm foforo sisi, ɔhaw ahorow sɔre, na wɔde aware ho akwankyerɛ pa di dwuma bere nyinaa.” Kristofo awarefo nam Bible mu afotu pa, mfɛfo Kristofo, ne abusuabɔ pa a wɔnam mpaebɔ so ne Yehowa nya so na enya saa akwankyerɛ pa yi. Aware pa tumi gyina na bere a ɛbere kɔ so no, ɛma okunu ne ɔyere nya anigye ne abotɔyam. Nea ehia paa no, ɛhyɛ aware Hyehyɛfo, Yehowa Nyankopɔn anuonyam.—Genesis 2:18, 21-24; 1 Korintofo 10:31; Efesofo 3:15; 1 Tesalonikafo 5:17.
Suasua Yesu ne N’asafo No
3. (a) Bɔ Paulo afotu a ɔde ma awarefo no mua. (b) Nhwɛso pa bɛn na Yesu yɛe?
3 Ɔsomafo Paulo tuu Kristofo awarefo fo mfe 2,000 a atwam ni sɛ: “Sɛ asafo no brɛ ne Efesofo 5:24, 25) Ntotoho a ɛfata bɛn ara ni! Sɛ ɔyerenom Kristofo brɛ wɔn ho ase hyɛ wɔn kununom ase a, na wɔresuasua sɛnea asafo no gye tiyɛ ho nhyehyɛe tom no. Okununom Kristofo a wɔkɔ so dɔ wɔn yerenom wɔ bere pa ne bere bɔne mu ma ɛda adi sɛ wosuasua sɛnea Kristo fi ɔdɔ mu hwɛ asafo no.
ho ase ma Kristo no, saa ara nso na ɔyerenom nyɛ mma wɔn kununom, ade nyinaa mu. Okununom, monnɔ mo yerenom, sɛnea Kristo nso dɔ asafo no na ɔde ne ho mae maa no.” (4. Dɛn na okununom bɛyɛ de asuasua Yesu?
4 Okununom Kristofo yɛ wɔn mmusua ti nanso wɔn nso wɔ ti a ɔne Kristo. (1 Korintofo 11:3) Ɛno nti, sɛ ɛhwehwɛ sɛ okununom de nneɛma bɔ afɔre na ama wɔatumi ahwɛ wɔn mmusua honhom fam ne honam fam mpo a, sɛnea Yesu hwɛ asafo no, wofi ɔdɔ mu yɛ saa. Wɔma wɔn abusua yiyedi ho hia wɔn sen nea wɔpɛ ne nea wɔn ani gye ho. Yesu kae sɛ: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Ɛsɛ sɛ wɔde saa nnyinasosɛm yi di dwuma yiye wɔ aware mu. Paulo maa eyi mu daa hɔ bere a ɔkaa eyi no: “Ɛsɛ okununom sɛ wɔdɔ wɔn ankasa wɔn yerenom sɛ wɔn ankasa nipadua. . . . Na obiara ntan n’ankasa honam, na mmom ɔyɛn no, na ɔhwɛ so yiye.” (Efesofo 5:28, 29) Ɛsɛ sɛ okunu hwɛ ne yere na ɔma n’ani kũ ne ho yiye sɛ n’ankasa ne ho.
5. Dɛn na ɔyerenom bɛyɛ de asuasua Kristofo asafo no?
5 Ɔyerenom a wosuro Onyankopɔn suasua Kristofo asafo no nhwɛso. Bere a Yesu wɔ asase so no, n’akyidifo de anigye gyaw wɔn kan nnwuma hɔ kodii n’akyi. Wɔkɔɔ so brɛɛ wɔn ho ase maa no wɔ ne wu akyi, na bɛyɛ mfirihyia 2,000 ni, nokware Kristofo asafo no da so ara brɛ ne ho ase ma Yesu na edi n’akanni akyi wɔ biribiara mu. Saa ara na ɔyerenom Kristofo mmu wɔn kununom animtiaa anaa wommu tiyɛ ho nhyehyɛe a ɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu ma awarefo no sɛ enhia. Mmom no, wɔboa wɔn kununom brɛ wɔn ho ase ma wɔn, wɔne wɔn yɛ adwene, na wɔnam saayɛ so hyɛ wɔn nkuran. Sɛ okunu ne ɔyere nyinaa ne wɔn ho wɔn ho di wɔ ɔdɔ mu saa a, wɔn aware no begyina ɔkwan biara so, na wɔn nyinaa ani begye wɔ aware no mu.
Monkɔ So ne Wɔn Ntra
6. Afotu bɛn na Petro de maa okununom, na dɛn nti na ɛyɛ aniberesɛm?
6 Ɔsomafo Petro nso tuu awarefo fo, na nea ɔka kyerɛɛ okununom no yɛ aniberesɛm paa. Ɔkae sɛ: “Mo okununom, monkɔ so ne [mo yerenom] ntra saa ara wɔ nimdeɛ mu, na munni ɔbea no ni sɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw, efisɛ mo ne wɔn nyinaa yɛ nkwa a wɔde adom mo no adedifo, na mo mpaebɔ kwan ansiw.” (1 Petro 3:7, NW) Yehu aniberesɛm a ɛwɔ Petro afotu no mu wɔ nkyekyɛm no fã a etwa to no mu. Sɛ okunu bi anni ne yere ni a, ɛka ɔne Yehowa ntam abusuabɔ. Ne mpaebɔ ho kwan besiw.
7. Okunu bɛyɛ dɛn adi ne yere ni?
7 Okununom bɛyɛ dɛn adi wɔn yerenom ni? Wo yere a wubedi no ni no kyerɛ sɛ wo ne no bedi no ɔdɔ mu akyerɛ obu ama no. Ebia saa a wobɛyɛ wo yere no bɛyɛ nnipa pii nwonwa. Helani nhomanimfo bi kyerɛwee sɛ: “Ná ɔbea nni hokwan biara wɔ Roma mmara mu. Ná ɔte sɛ abofra. . . . Ná ɔhyɛ ne kunu ase fee a nea ɔpɛ biara na ɔde yɛ no.” Hwɛ sɛnea na ɛne Kristofo nkyerɛkyerɛ bɔ abira! Okunu Kristoni dii ne yere ni. Kristofo mmara na ɛkyerɛɛ no sɛnea ɔne ne yere nni na ɛnyɛ sɛnea na ɔpɛ. Bio nso, ɔne no dii no “nimdeɛ mu” efisɛ onim sɛ ɔyɛ anwenne a ɛyɛ mmerɛw.
Ɔkwan Bɛn So na Wɔyɛ “Anwenne a Ɛyɛ Mmerɛw”?
8, 9. Akwan bɛn so na mmea ne mmarima yɛ pɛ?
8 Bere a Petro kae sɛ ɔbea yɛ “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” no, na ɔnkyerɛ sɛ mmarima nim ade sen mmea anaa wotumi som Onyankopɔn yiye sen mmea. Ɛyɛ nokware sɛ Kristofo mmarima pii wɔ hokwan ahorow wɔ asafo no mu a mmea ntumi nnya bi, na wɔ abusua no mu nso, mmea hyɛ wɔn kununom ase. (1 Korintofo 14:35; 1 Timoteo 2:12) Nanso, ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea nyinaa nya gyidi ne boasetɔ biako na wɔbɔ bra pa. Bio nso, sɛnea Petro kae no, okunu ne ɔyere nyinaa yɛ ‘nkwa a wɔde adom yɛn no adedifo.’ Wɔ nkwagye ho de, wɔn nyinaa yɛ pɛ wɔ Yehowa Nyankopɔn anim. (Galatifo 3:28) Petro kyerɛw saa krataa yi kɔmaa afeha a edi kan no mu Kristofo a na wɔasra wɔn no. Enti, ne nsɛm no maa okununom Kristofo hui sɛ, sɛ́ ‘Kristo yɔnko adedifo’ no, wɔne wɔn yerenom nyinaa wɔ ɔsoro anidaso koro. (Romafo 8:17) Ɛrenkyɛ, wɔn nyinaa bɛyɛ asɔfo ne ahene wɔ Onyankopɔn Ahenni mu wɔ soro!—Adiyisɛm 5:10.
9 Ná Kristofo kununom a wɔasra wɔn no nkorɔn nsen wɔn yerenom Kristofo a wɔasra wɔn no ɔkwan biara so. Ɛte saa ara wɔ wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no fam. Mmarima ne mmea a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo nyinaa hohoro wɔn ntade ma ɛhoa Oguammaa no mogya mu. Mmarima ne mmea nyinaa yi Yehowa ayɛ “awia ne anadwo” wɔ wiase nyinaa. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14, 15) Mmarima ne mmea nyinaa wɔ anidaso sɛ wobenya ahofadi “akɔ Onyankopɔn mma anuonyam adehyedi mu” na wɔaka sɛ wɔanya “nokware nkwa.” (Romafo 8:21; 1 Timoteo 6:19) Sɛ́ yɛyɛ Kristofo a wɔasra wɔn anaasɛ yɛka nguan foforo no ho no, yɛn nyinaa som Yehowa sɛ “kuw biako” wɔ “ɔhwɛfo biako” ase. (Yohane 10:16) Ntease a edi mũ nti a ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere a wɔyɛ Kristofo kyerɛ nidi a ɛfata ma wɔn ho bɛn ara ni!
10. Sɛ wɔka sɛ mmea yɛ “anwenne a ɛyɛ mmerɛw” a, ɛsɛ sɛ yɛte ase dɛn?
10 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na mmea yɛ ‘anwenne a wɔyɛ mmerɛw’? Ɛbɛyɛ sɛ na Petro repɛ akyerɛ sɛ mmea taa yɛ nkorokorowa na wɔn ho ntaa nyɛ den sɛ mmarima. Bio nso, pɛ a yɛnyɛ no nti, hokwan soronko a mmea wɔ a ɛne awo a wɔwo no ma wɔn ahoɔden so tew. Mmea a wobu wɔn nsa ho taa yeraw wɔn wɔ wɔn asabu mu. Esiane ahoyeraw a ɛte saa a mmea fa mu ne sɛnea wɔbrɛ wɔ wɔn nyinsɛn ne awo mu nti sɛ wɔkɔ tebea a ɛte saa mu a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ wɔn yiye nya atenka ma wɔn. Sɛ okunu a odi ne yere ni hu mmoa a ohia na ɔde ma no a, ɛboa ma aware no sɔ.
Awarefo a Ɛsono Wɔn Mu Biara Som
11. Ɔkwan bɛn so na awarefo a ɛsono wɔn mu biara som mpo aware betumi agyina?
11 Na ɛba sɛ ɛsono awarefo no mu biara som esiane sɛ wɔwaree ansa na wɔn mu biako rebɛyɛ Kristoni na ɔfoforo no ammɛyɛ bi nso ɛ? So wɔn aware no betumi agyina? Osuahu da no adi sɛ ebetumi agyina. Okunu ne ɔyere a ɛsono wɔn mu biara som aware betumi agyina na wɔanya anigye. Bio nso, Yehowa bu saa aware no sɛ edi mũ; wɔn baanu no da so yɛ “ɔhonam koro.” Ɛno nti wotu Kristofo awarefo fo sɛ, sɛ wɔn aware mu ahokafo a wɔnyɛ gyidifo no pene so sɛ wɔne wɔn bɛtra a, wonnyae wɔn. Sɛ wɔwɔ mma a, ɔwofo Kristoni no nokwaredi bɛboa mmofra no.—1 Korintofo 7:12-14.
12, 13. Sɛnea Petro afotu no kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Kristofo mmea awarefo betumi aboa wɔn kununom a wɔnyɛ gyidifo?
12 Petro de afotu a ɔdɔ wom ma Kristofo mmea a ɛsono wɔn kununom som. Kristofo mmarima a wɔwɔ tebea koro no mu nso betumi de adi dwuma. Petro ka sɛ: “Mo, ɔyerenom, mommrɛ mo ho ase mma mo ankasa mo kununom, na sɛ ebinom antie asɛm no nso a, wɔafa ɔyerenom abrabɔ a ɔkasa nni mu so anya wɔn, sɛ wɔbɛhwɛ mo abrabɔ a ɛho tew wɔ osuro mu.”—13 Sɛ ɔyere betumi afa nyansakwan so aka ne gyidi ho asɛm akyerɛ ne kunu a, eye paa. Nanso sɛ ɔmpɛ sɛ otie nso ɛ? Ɛyɛ ɔno ara n’asɛm. Nanso, anidaso nya nsae, efisɛ Kristoni suban tumi di adanse kɛse. Bere a okununom binom huu suban pa a wɔn yerenom daa no adi no, wɔn mu pii a na wɔn ani nnye wɔn yerenom gyidi ho anaa mpo na wɔsɔre tia wɔn no abɛyɛ wɔn a wɔpɛ “daa nkwa.” (Asomafo no Nnwuma 13:48) Sɛ okunu no ammɛyɛ nokware Kristoni mpo a, ebia ne yere suban pa no bɛyɛ no fɛ na aboa aware no. Okunu bi a ne yere yɛ Yehowa Dansefo kaa nokware sɛ ɔrentumi mmɔ ɔbra pa a Yehowa Adansefo bɔ no bi da. Ɔfrɛɛ ne ho sɛ “ɔyere hoɔfɛfo a ne kunu wɔ anigye,” na ofi ne komam kamfoo ne yere ne ne mfɛfo Adansefo wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔɔ atesɛm krataa bi mu no mu.
14. Ɛbɛyɛ dɛn na okununom atumi aboa wɔn yerenom a wonnye nni?
14 Kristofo a wɔyɛ okununom a wɔde Petro afotu no adi dwuma nam wɔn suban so anya wɔn yerenom. Ɔyerenom a wɔnyɛ gyidifo ahu sɛ wɔn kununom di wɔn asɛyɛde ho dwuma yiye na wɔnsɛe sika wɔ sigaretnom, asanom, ne kyakyatow ho, na wɔnka kasafĩ bio. Saa mmea yi bi anya hokwan ne Kristofo asafo no mufo binom ahyia. Wɔn ani gyee onuadɔ a Kristofo no da no adi no ho, na nea wohui wɔ anuanom no mu no ama wɔabɛn Yehowa.—Yohane 13:34, 35.
“Komam Nnipa a Wahintaw No”
15, 16. Suban bɛn na sɛ ɔyere Kristoni da no adi a ebetumi ama wanya ne kunu?
15 Suban bɛn na wobetumi de anya okunu? Nokwasɛm ni, ɛyɛ suban pa a ɛfata sɛ Kristofo mmea da no adi no. Petro ka sɛ: “Mommma mo ahyehyɛde nnyɛ ɔhonam ani de, mmɛsawɔw ne sikahyɛ anaa ntadehyɛ mu, na mmom momma ɛnyɛ komam nipa a wahintaw no, honhom a edwo na ɛyɛ komm ade a ɛmporɔw mu. Ɛno na ne bo yɛ den Onyankopɔn anim. Na saa na tete no mmea kronkron a wɔde wɔn ho too Nyankopɔn so no hyehyɛɛ wɔn ho, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase maa wɔn ankasa wɔn kununom, sɛnea Sara tiee Abraham frɛɛ no owura no. Ɔno na, sɛ moyɛ papa na munsuro ahude biara a, moayɛ ne mma.”—1 Petro 3:3-6.
16 Petro tu Kristoni bea fo sɛ ɔmmfa ne ho nnto n’ahoɔfɛ so. Mmom no, ɔmma ne kunu nhu sɛ Bible nkyerɛkyerɛ asesa ne suban. Ɛsɛ sɛ ɔma ne kunu hu sɛ ɔde nipasu foforo a wanya no reyɛ adwuma. Ebia ne kunu de nipasu foforo a ɔda no adi no bɛtoto nipasu dedaw a na ɔwɔ no ho ahwɛ. (Efesofo 4:22-24) Akyinnye biara nni ho sɛ okunu no behu ne suban a “edwo na ɛyɛ komm” no sɛ ɛyɛ fɛ na n’ani agye ho. Ɛnyɛ okunu nko na suban a ɛte saa no yɛ no fɛ, na mmom “ne bo yɛ den Onyankopɔn anim” nso.—Kolosefo 3:12.
17. Ɔkwan bɛn so na Sara yɛ nhwɛso pa ma Kristofo mmea awarefo?
17 Sɛ́ mmea awarefo kununom yɛ Kristofo anaasɛ wɔnyɛ bi no, wɔka kyerɛ wɔn sɛ ɛfata sɛ wosuasua Sara. Akyinnye biara nni ho sɛ Sara buu Abraham sɛ ne ti. Ɔfrɛɛ no sɛ ne “wura” wɔ ne komam mpo. (Genesis 18:12) Nanso ɛno angu n’anim ase. Ɛda adi sɛ na ɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ yɛ den, na na ɔwɔ gyidi ankasa nso wɔ Yehowa mu. Nokwasɛm ni, ɔka “adansefo mununkum” a ɛsɛ sɛ wɔn gyidi ho nhwɛso ka yɛn ma yɛde ‘boasetɔ tu mmirika a ɛda yɛn anim no’ ho. (Hebrifo 11:11; 12:1) Sɛ ɔyere Kristoni brɛ ne ho ase sɛ Sara a, na onguu ne ho anim ase.
18. Nnyinasosɛm bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde yɛ adwuma wɔ ofie a ɛsono obiara som mu?
18 Wɔ abusua a ɛsono obiara som mpo mu no, okunu da so ara yɛ abusua no ti. Sɛ okunu no na ɔyɛ gyidini a, obenya adwempa wɔ ne yere gyidi ho nanso ɔrenyɛ ade a ɛne ne gyidi nhyia. Sɛ ɔyere no na ɔyɛ gyidini a, ɔno nso renyɛ biribi a ɛbɛsɛe ne gyidi. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Nanso, ɔne ne kunu renni asi wɔ tiyɛ ho. Ɔbɛkyerɛ obu ama dibea a ne kunu wɔ no na ɔde ne ho ahyɛ “okunu no mmara” ase.—Romafo 7:2.
Akwankyerɛ Pa a Bible De Ma
19. Dɛn ne nneɛma a etumi sɛe aware no bi, nanso wɔbɛyɛ dɛn atumi agyina ano?
19 Nneɛma pii na ebetumi asɛe aware nnɛ. Mmarima binom nni wɔn asɛyɛde ho dwuma. Mmea binom nnye wɔn kununom tiyɛ ntom. Awarefo binom yɛ wɔn ahokafo basabasa. Sikasɛm mu ahokyere, nnipa sintɔ, subammɔne a ɛwɔ wiase mu a ebi ne ɔbrasɛe, ne wiase no adwene a akyinkyim wɔ abrabɔ pa ho betumi ama ayɛ den ama Kristoni sɛ obedi nokware. Nanso, ɛmfa ho tebea biara a Kristofo mmarima ne mmea wom no, sɛ wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma a, Yehowa hyira wɔn. Sɛ awarefo no mu biako pɛ mpo de Bible nnyinasosɛm yɛ adwuma a, nneɛma kɔ yiye sen sɛ wɔn mu biara mfa nyɛ adwuma. Afei nso, Yehowa dɔ ne nkoa a wodi nokware wɔ aware ntam no ho ɛmfa ho sɛ ebia wohyia tebea a ɛyɛ den no, na ɔboa wɔn. Ne werɛ mfi wɔn nokwaredi no.—Dwom 18:25; Hebrifo 6:10; 1 Petro 3:12.
20. Afotu bɛn na Petro de ma Kristofo nyinaa?
20 Bere a ɔsomafo Petro tuu mmarima ne mmea awarefo fo wiei no, ɔde nkuranhyɛ nsɛm yi wiee. Ɔkae sɛ: “N’awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene. Mommfa bɔne nntua bɔne so ka, nso mommfa ɔyaw nntua ɔyaw so ka; na mmom munhyira, efisɛ eyi mu na wɔfrɛɛ mo, sɛ mummegye nhyira.” (1 Petro 3:8, 9) Hwɛ sɛnea eyi yɛ afotu pa ma yɛn nyinaa, titiriw awarefo!
So Wokae?
• Dɛn na Kristofo okununom yɛ de suasua Yesu?
• Dɛn na Kristofo yerenom yɛ de suasua asafo no?
• Ɔkwan bɛn so na okununom betumi adi wɔn yerenom ni?
• Dɛn na ɛfata sɛ ɔyere a ne kunu nyɛ Kristoni yɛ?
[Adesua no ho Nsɛmmisa]
[Mfonini wɔ kratafa 16]
Okunu Kristoni dɔ ne yere na ɔhwɛ no
Ɔyere Kristoni bu ne kunu na odi no ni
[Mfonini wɔ kratafa 17]
Kristofo nkyerɛkyerɛ hwehwɛe sɛ okunu di ne yere ni, na ɛnte sɛ Romafo mmara
[Mfonini wɔ kratafa 18]
Mmarima ne mmea nyinaa a wɔyɛ “nnipakuw kɛse” no mufo wɔ anidaso sɛ wobenya daa nkwa wɔ Paradise
[Mfonini wɔ kratafa 20]
Sara buu Abraham sɛ ne wura