Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asomdwoe a Yɛbɛhwehwɛ So Mfaso

Asomdwoe a Yɛbɛhwehwɛ So Mfaso

Asomdwoe a Yɛbɛhwehwɛ So Mfaso

NÁ ED rewu, nanso na Bill tan no. Mfirihyia aduonu a atwam no, na Ed asi gyinae bi ma Bill adwuma afi ne nsa, na ɛno sɛee nnamfo pa yi ntam. Afei Ed bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛpa kyɛw sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awu asomdwoe mu. Nanso, Bill antie no.

Bɛyɛ mfirihyia 30 akyi bere a na Bill rebewu no, ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a wamfa bɔne no amfiri no mu. “Ná anka ɛnsɛ sɛ Ed yɛ nea ɔde yɛɛ n’adamfo pa no. Mfirihyia aduonu akyi no, na mempɛ sɛ me ne no siesie yɛn ntam. . . . Ebia midii mfomso, nanso saa na na mete nka.” *

Nnipa baanu ntam nsɛmnsɛm ntaa nkowie awerɛhosɛm a ɛte saa mu, nanso ɛtaa ma nkurɔfo di yaw anaa wɔtan wɔn ho wɔn ho. Susuw obi a ɔte nka sɛ Ed ho hwɛ. Bere a onipa a ɔte saa hu sɛ ne gyinaesi no asɛe ade no, n’ahonim betumi abu no fɔ wɔ n’asetram, na ohu sɛ wahwere ade kɛse. Nanso, sɛ osusuw sɛnea n’adamfo a wafom no no abu wɔn adamfofa no sɛ adehunu bi koraa no ho a, ɛyɛ no yaw.

Nanso, obi a ɔte nka sɛ Bill no bu ne ho sɛ obi a ne ho nni asɛm, na ebetumi ayɛ no yaw yiye na wafa nea ɔne no anya asɛm no ho abufuw. Wɔ ne fam no, na n’adwene yɛ no sɛ nea na ɔyɛ n’adamfo no nim nea ɔreyɛ, na ebetumi aba sɛ ɔhyɛɛ da na ɔyɛɛ saa. Mpɛn pii no, sɛ akasakasa ba nnipa baanu ntam a, wɔn mu biara gye di sɛ n’asɛm yɛ dɛ, na ɔfoforo no na n’asɛm nyɛ dɛ. Enti, sɛnea yɛbɛka no no, nnipa baanu a na anka wɔyɛ nnamfo no di ako.

Enti wɔfa wɔn ho wɔn ho tirimka—sɛ biako hu sɛ ɔfoforo reba a na ɔde n’ani akyerɛ baabi, na sɛ wohyia wɔ nnipadɔm bi mu a wɔnnkasa wɔn ho wɔn ho. Obiara fi akyiri wia n’ani hwɛ ne yɔnko, anaasɛ wɔde nitan hwɛ wɔn ho wɔn ho. Sɛ wɔkasa wɔn ho wɔn ho nso a, wotwitwa wɔn nsɛm so anaasɛ wɔworo nsɛm a etwitwa te sɛ sekan.

Nanso, bere a ɛte sɛ nea wɔne wɔn ho wɔn ho nka no, ɛda adi sɛ wɔn adwene hyia wɔ nneɛma bi ho. Ebia wobegye atom sɛ wɔwɔ ɔhaw ahorow a anibere wom, na ɛyɛ awerɛhow sɛ obi ne n’adamfo paa bɛtetew mu. Wɔn ntam a ɛresɛe koraa no yɛ wɔn mu biara yaw, na wɔn baanu nyinaa nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi de siesie wɔn ntam. Nanso, wɔn mu hena na obedi kan ayɛ biribi de asiesie wɔn ntam a asɛe no na ama asomdwoe aba wɔn ntam? Wɔn mu biara mpɛ sɛ ɔyɛ saa.

Mfirihyia mpem abien a atwam ni no, mmere bi wɔ hɔ a Yesu Kristo asomafo no gyee akyinnye abufuw so. (Marko 10:35-41; Luka 9:46; 22:24) Wɔ wɔn akyinnyegye no biako akyi no, Yesu bisaa wɔn sɛ: “Dɛn na na moregye ho akyinnye wɔ kwan so no?” Aniwu ma wɔyɛɛ dinn, wɔn mu biara antumi ankasa. (Marko 9:33, 34, NW) Yesu nkyerɛkyerɛ no boaa wɔn ma wɔsan siesiee wɔn ntam. Yesu ne n’asuafo no bi afotu kɔ so boa nkurɔfo ma wosiesie wɔn ntam akasakasa ne wɔn adamfofa a asɛe. Ma yɛnhwɛ sɛnea wɔyɛ no.

Bɔ Mmɔden Hwehwɛ Asomdwoe

“Mempɛ sɛ me ne saa nipa no bɛkasa. Mempɛ sɛ mehu no bio.” Sɛ woaka nsɛm a ɛte saa afa obi ho pɛn a, ɛsɛ sɛ woyɛ ho biribi, sɛnea Bible mu nsɛm a edidi so yi kyerɛ no.

Yesu kyerɛkyerɛe sɛ: “Afei sɛ wode w’akyɛde reba afɔremuka ho na wokae wɔ hɔ sɛ wo nua wɔ biribi tia wo a, gyaw w’akyɛde no afɔremuka no anim na kɔ; di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam.” (Mateo 5:23, 24, NW) Ɔkae nso sɛ: “Sɛ wo nua fom wo a, kɔ na koyi no ntɛn wo ne no nko ntam.” (Mateo 18:15) Sɛ́ ebia wo na woafom obi anaasɛ obi na wafom wo a, Yesu nsɛm no si hia a ehia sɛ wo ne onipa no ka tebea no ho asɛm ntɛm ara no so dua. Ɛsɛ sɛ woyɛ eyi wɔ “odwo honhom mu.” (Galatifo 6:1) Ɛnyɛ nea enti a worekɔ ne nkyɛn no ne sɛ wobɛka nsɛm bi de abu wo ho bem de akyerɛ sɛ wo na w’asɛm yɛ dɛ anaasɛ wobɛhyɛ nea wo ne no anya asɛm no ama wapa wo kyɛw, na mmom sɛ morekosiesie mo ntam. So Bible afotu yi yɛ adwuma?

Ernest yɛ ɔpanyin wɔ adwuma kɛse bi mu. * Mfirihyia pii ni na n’adwuma ahwehwɛ sɛ ɔne nnipa ahorow pii ka nsɛm bi a ne ka yɛ den ho asɛm na ɔne wɔn akɔ so anya abusuabɔ pa wɔ adwumam. Wahu sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ akasakasa betumi asɔre wɔ nnipa baanu ntam no. Ɔka sɛ: “Akasakasa aba me ne afoforo ntam pɛn. Nanso, sɛ ɛba saa a, me ne onipa no tra ase susuw asɛm no ho. Kɔ wɔn nkyɛn tee. Botae nti a wo ne wɔn hyia ne sɛ mubesiesie mo ntam. Ɛyɛ adwuma bere nyinaa.”

Alicia wɔ nnamfo a wofi aman horow pii so, na ɔka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a meka biribi, na akyiri yi mete nka sɛ ebia mafom obi a, mekɔpa saa nipa no kyɛw. Ebia mepa kyɛw dodo, efisɛ ebetumi aba sɛ ebia asɛm a mekae no anhaw onipa no, nanso esiane sɛ mapa no kyɛw nti me ho tɔ me. Afei mihu sɛ asɛm biara nni me ne no ntam.”

Akwanside Ahorow a Yebedi So

Nanso, mpɛn pii na akwanside ahorow siw yɛne afoforo ntam nsɛmnsɛm a yebesiesie no kwan. So woaka pɛn sɛ: “Dɛn nti na me na ɛsɛ sɛ midi kan kɔ ne no kosiesie? Ɔno na ɔde asɛm no bae.” Anaasɛ woakɔ obi nkyɛn pɛn sɛ wo ne no rekosiesie mo ntam ma onipa no aka sɛ: “Minni hwee a mɛka akyerɛ wo”? Esiane sɛ asɛm no ayɛ ebinom yaw nti na wɔkeka saa. Mmebusɛm 18:19 ka sɛ: “Onua a wɔafom no sen kurow dennen, na atutuw te sɛ abankɛse akyi adaban.” Enti susuw sɛnea onipa no te nka no ho. Sɛ wammua wo a, twɛn kakra na san kɔ bio. Ebia “kurow dennen” no pon bebue saa bere no, na ebia wayi ɔpon akyi “adaban” no afi hɔ ma moasiesie mo ntam.

Asomdwoe ho akwanside foforo betumi ayɛ suro a ebia onipa no suro sɛ n’anim begu ase. Ebinom fam no, wobu kyɛw a wɔbɛpa anaa kasa a wɔne obi a wɔne no anya asɛm bɛkasa no sɛ animguasesɛm. Ɛfata sɛ obi bebu ne ho, nanso sɛ obi amma kwan amma afoforo ne no ansiesie wɔn ntam a, ɛma obu a ɔwɔ no yɛ kɛse anaa ɛma ɛso tew? So ebetumi aba sɛ bu a obi kyerɛ sɛ obu ne ho no yɛ ahantan mmom?

Bible kyerɛwfo Yakobo ma yehu sɛ ntɔkwapɛ ne ahantan wɔ abusuabɔ. Bere a Yakobo kaa “ɔsa” ne “ɔko” a ɛkɔ so wɔ Kristofo binom mu ho asɛm wiei no, ɔkɔɔ so kae sɛ: “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan, na ɔdom ahobrɛasefo.” (Yakobo 4:1-3, 6) Ɔkwan bɛn so na ahomaso, anaa ahantan siw asomdwoe kwan?

Ahantan daadaa nkurɔfo ma wɔte nka sɛ wɔsen afoforo. Wɔn a wɔyɛ ahomaso te nka sɛ wɔwɔ tumi a wɔde bɛkyerɛ sɛ wɔn yɔnko yɛ nipa pa anaa nipa bɔne. Ɔkwan bɛn so? Sɛ akasakasa ba wɔn ntam a, wɔtaa bu nea wɔne no anya asɛm no sɛ ɔyɛ obi a woyɛ no hwee a ɛnyɛ yiye. Ahantan ma ebinom bu wɔn a wɔne wɔn adwene nhyia sɛ wɔyɛ nnipa a enhia sɛ wosusuw wɔn ho, na kampɛsɛ wapa wɔn kyɛw. Enti, wɔn a wɔyɛ ahantan taa ma akasakasa kɔ so tra hɔ sen sɛ wobesiesie wɔ ɔkwampa so.

Te sɛ dua anaa dade a wɔde siw kar kwan wɔ kwantempɔn so no, ahantan taa siw nneɛma a wɔyɛ de hwehwɛ asomdwoe no kwan. Enti sɛ wuhu sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wo ne obi besiesie mo ntam a, ɛnde ebia na ahantan na ɛreyɛ wo saa. Wobɛyɛ dɛn atumi adi ahantan so? Denam su a ɛne no bɔ abira a wubenya so—ahobrɛase.

Da Ahobrɛase Adi

Bible kamfo ahobrɛase yiye. “Nea edi ahobrɛase ne [Yehowa, NW] suro akyi ne ahonyade ne anuonyam ne nkwa.” (Mmebusɛm 22:4) Yɛkenkan adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ ahobrɛasefo ne ahantanfo ho asɛm wɔ Dwom 138:6 sɛ: “[Yehowa, NW] wɔ ɔsorosoro, na ɔhwɛ ahobrɛasefo, na ahantanfo de, ohu wɔn wɔ akyirikyiri.”

Nnipa pii fa no sɛ ahobrɛase ne animguase yɛ ade koro. Ɛte sɛ nea wiase akannifo kura adwene a ɛte saa. Ɛwom sɛ amanaman nyinaa di amanyɔsɛm mu akannifo asɛm so de, nanso ɛyɛ den ma saa akannifo no sɛ wobefi ahobrɛase mu agye wɔn mfomso atom. Sɛ wɔte sɛ sodifo bi ka sɛ, “Mepa kyɛw” a, wɔbɔ ho dawuru kyerɛ ɔmanfo. Bere a kan aban mu panyin bi paa kyɛw nnansa yi wɔ n’adwuma a wanyɛ no yiye a ɛmaa asiane kɛse bi sii ho no, asɛm a ɔkae no baa atesɛm nkrataa pii mu.

Ahobrɛase kyerɛ brɛ a obi brɛ ne ho ase anaa bu a ommmu ne ho dodo, na ɛyɛ ahantan anaa ahomaso abirabɔ. Enti ahobrɛase kyerɛ sɛnea obi bu ne ho na ɛnyɛ adwene a afoforo wɔ wɔ ne ho. Ahobrɛase mu a onipa fi gye ne mfomso ahorow tom na ofi komam hwehwɛ bɔne fafiri no ngu n’anim ase; mmom ɛma onya din pa. Bible ka sɛ: “Nea edi ɔsɛe anim ne sɛ ɔbarima koma ma ne ho so, na nea edi anuonyam anim ne ahobrɛase.”—Mmebusɛm 18:12.

Obi kaa amanyɔfo a wɔmpa kyɛw wɔ mfomso ahorow a wodi ho no ho asɛm sɛ: “Awerɛhosɛm ne sɛ ɛte sɛ nea wosusuw sɛ sɛ wogye wɔn mfomso tom a ɛbɛkyerɛ sɛ wɔyɛ mmerɛw. Ɛyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw na wonni wɔn ho mu ahotoso na ɛyɛ wɔn den paa sɛ wɔbɛka sɛ, ‘Mepa wo kyɛw.’ Ɛyɛ nnipa a wɔwɔ tema ne akokoduru na wɔka sɛ, ‘Midii mfomso,’ a wɔnte nka sɛ wɔn anim agu ase.” Ɛte saa ara wɔ wɔn a wɔnyɛ amanyɔfo mpo fam. Sɛ wobɔ mmɔden de ahobrɛase si ahantan ananmu a, kwan a wohwɛ sɛ wo ne afoforo besiesie mo ntam no bɛyɛ yiye kɛse. Hyɛ sɛnea abusua bi huu saa nokwasɛm yi nsow.

Asɛm bi ho ntease a wɔannya maa Julie ne ne nuabarima William ntam yɛɛ basaa. William bo befuw Julie ne ne kunu Joseph paa maa William twee ne ho fii wɔn ho koraa. William san de akyɛde ahorow a na Julie ne Joseph de ama no mfirihyia pii a atwam no mpo san kɔmaa wɔn. Bere rekɔ so no, abufuw besii abusuabɔ a emu yɛ den a na ɛwɔ onuabarima yi ne ne nuabea ntam no ananmu.

Nanso, Joseph sii gyinae sɛ ɔde Mateo 5:23, 24 bɛyɛ adwuma. Ɔbɔɔ mmɔden de odwo kɔɔ n’akonta no nkyɛn, na ɔkyerɛw nkrataa kɔpaa no kyɛw sɛ wafom no. Joseph hyɛɛ ne yere nkuran sɛ ɔmfa ne nuabarima no bɔne mfiri no. Bere bi akyi no, William hui sɛ Julie ne Joseph rehwehwɛ asomdwoe ampa, na ne suban sesae. William ne ne yere ne Julie ne Joseph hyiae; wɔn nyinaa paa wɔn ho wɔn ho kyɛw, yeyɛɛ wɔn ho wɔn ho atuu, na wosiesiee wɔn ntam kama.

Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi siesie mo ntam akasakasa a, fi boasetɔ mu fa Bible nkyerɛkyerɛ yɛ adwuma, na bɔ mmɔden sɛ wubesiesie wo ne saa nipa no ntam. Yehowa bɛboa wo. Asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ tete Israel no bɛbam wɔ wo fam: “Sɛ wowɛn w’aso ma me mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten.”—Yesaia 48:18.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 3 Egyina The Murrow Boys—Pioneers on the Front Lines of Broadcast Journalism, a Stanley Cloud ne Lynne Olson kyerɛwee so.

^ nky. 12 Wɔasesa din ahorow no bi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Kyɛwpa taa de asomdwoe ba