Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Atɛnnidi Dɛn Nti na Ɛyɛ Yaw?

Atɛnnidi Dɛn Nti na Ɛyɛ Yaw?

Atɛnnidi Dɛn Nti na Ɛyɛ Yaw?

“Ɛhe na ɔsa ne ɔko a ɛwɔ mo mu no fi?”—YAKOBO 4:1.

ƐNYƐ Romafo asraafodɔm a saa bere no na wɔreko pere tumidi no na Bible kyerɛwfo Yakobo bisaa wɔn saa asɛm yi; saa ara nso na na ɛnyɛ sɛ ɔrebisa adwene a Yudafo Awudifo anaa Mmarima a Wɔtwe Sekan a na wɔrepere apɛ ahofadi wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no kura no ho asɛm. Ná ɛyɛ ɔko anaa ntɔkwaw a ɛkɔ so wɔ nnipa kakraa bi te sɛ nnipa baanu ntam ho asɛm na na Yakobo reka. Dɛn ntia? Efisɛ te sɛ akodi no, ankorankoro ntam akasakasa sɛe ade yiye. Hyɛ Bible mu nsɛm a edidi so yi nsow.

Tete agya Yakob mmabarima no tan wɔn nua Yosef araa ma wɔtɔn no kɔɔ nkoasom mu. (Genesis 37:4-28) Israel hene Saul nso bɔɔ mmɔden sɛ obekum Dawid. Dɛn ntia? Efisɛ na n’ani bere Dawid. (1 Samuel 18:7-11; 23:14, 15) Wɔ afeha a edi kan no mu no, Kristofo mmea baanu, Euodia ne Sintike, de wɔn akasakasa haw asafo mũ no nyinaa asomdwoe.—Filipifo 4:2.

Wɔ mmere kakra a atwam no, nnipa de sekan ne atuo na ɛkaa wɔn ntam asɛm. Mpɛn pii na wokum wɔn a na wɔredi ako no mu biako anaasɛ wodii no dɛm koraa. Ɛnnɛ, sɛ nnipa baanu reko a wodidi wɔn ho atɛm yayaayaw. Ɛwom sɛ ebia atɛnnidi no nhwie mogya ngu de, nanso ɛyɛ yaw na ɛsɛe afoforo din. Wɔn a wɔn ho nni asɛm no mu na wɔtaa hu amane wɔ saa “akodi” yi mu.

Susuw asɛm bi a esii mfe kakra a atwam ni, bere a Anglikan sɔfo bi bɔɔ ɔsɔfo foforo sobo sɛ ɔreyɛ asɔre no sika basabasa, no ho hwɛ. Wɔn akasakasa no bɛdaa adi wɔ baguam, na mpaapaemu baa asafo a na wɔresom no mu. Sɛ na ɔsɔfo a asɔremma bi tia no no na ɔreyɛ asɔre a, na asɔremma a wotia no no nkɔ asɔre. Ná asɔremma no bo fuw wɔn ho wɔn ho denneennen araa ma sɛ na wɔwɔ asɔredan mu reyɛ asɔre a na wɔnkasa wɔn ho wɔn ho. Bere a wɔbɔɔ ɔsɔfo a na wabɔ ɔsɔfo foforo sobo no nso sobo wɔ nna mu ɔbrasɛe ho no, akasakasa no mu yɛɛ den.

Ɔsɔfopanyin a ɔwɔ Canterbury kasa kyerɛɛ asɔfo baanu no, na ɔfrɛɛ wɔn ntɔkwaw no “kokoram” ne “aniwusɛm a ɛregu Yɛn Awurade din ho fĩ.” Wɔ afe 1997 mu no, asɔfo no mu biako penee so kɔɔ pɛnhyen. Obiako a aka no kɔɔ so yɛɛ adwuma kosii sɛ odii mfe a na ɛsɛ sɛ ɔkɔ pɛnhyen. Nanso, ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma no araa kosii ne mfe 70 awoda ansa na ɔrekɔ pɛnhyen wɔ August 7, 2001. The Church of England Newspaper (asɔre no atesɛm krataa) kae sɛ na ɛda a ɔkɔɔ pɛnhyen no yɛ “Ɔhotefo” Victricius afahyɛ da. Ná hena ne “Ɔhotefo” Victricius? Ná ɔyɛ afeha a ɛto so anan no mu sɔfopanyin bi a wɔkyerɛ sɛ esiane sɛ wankɔ sraadi ankɔko nti wɔbɔɔ no mmaa. Bere a atesɛm krataa no resi nsonsonoe a ɛwɔ nnipa baanu no suban mu so dua no, ɛkae sɛ: “[Ɔsɔfo a na ɔrekɔ pɛnhyen no] nsɛ ɔhotefo no koraa, efisɛ ɔne ɔsɔfo foforo koe.”

Sɛ saa asɔfo no de Romafo 12:17, 18 mu afotusɛm no yɛɛ adwuma a, anka wɔanyɛ ade anhaw wɔn ho ne afoforo. Ɛka wɔ hɔ sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka! Monna nnwen nneɛma a ɛyɛ fɛ nnipa nyinaa anim! Sɛ ebetumi a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”

Na wo nso ɛ? Sɛ obi fom wo a, so abufuw ma wudidi no atɛm? Anaasɛ wukwati sɛ wobɛkeka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ no, na woyɛ w’adwene sɛ wobɛma kwan ma moasiesie mo ntam? Sɛ wofom obi a, so ɛyɛ a wonkasa onipa no ho, na wohwɛ kwan sɛ bere kɔ so no ne werɛ befi asɛm no? Anaasɛ woyɛ ntɛm pa kyɛw? Sɛ́ ebia wosrɛ bɔne fafiri anaasɛ wode obi bɔne firi no no, mmɔden a wobɛbɔ sɛ wo ne afoforo besiesie mo ntam nsɛmnsɛm no bɛboa w’ankasa. Bible mu afotu betumi aboa yɛn ma yɛasiesie akasakasa a ahyɛ hɔ akyɛ, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛma yɛahu no.