Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Aware Betumi Agyina Wɔ Nnɛ Wiase Yi Mu

Aware Betumi Agyina Wɔ Nnɛ Wiase Yi Mu

Aware Betumi Agyina Wɔ Nnɛ Wiase Yi Mu

“Monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no.”—Kolosefo 3:14.

1, 2. (a) Dɛn na yehu wɔ Kristofo asafo no mu a ɛhyɛ nkuran? (b) Aware bɛn na yebetumi aka sɛ agyina?

SO ƐNKA koma sɛ yɛwɔ awarefo pii wɔ Kristofo asafo no mu a wɔde mfirihyia 10, 20, 30, anaa nea ɛboro saa aware wɔ nokwaredi mu? Wɔne wɔn ahokafo akɔ so atra wɔ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa mu.—Genesis 2:24.

2 Wɔn mu pii begye atom sɛ wɔahyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu. Onimdefo bi kyerɛwee sɛ: “Ɔhaw wɔ aware a anigye wom mpo mu. Ɛtɔ da bi a eye, ɛtɔ da bi nso a na enye . . . Nanso wɔ [ɔhaw] a nnɛ asetra de ba nyinaa akyi no, . . . saafo yi aware ngui.” Awarefo a wɔn aware agyina asua sɛ wobedi ɔhaw ne ahokyere a asetram dadwen nti ɛyɛ dɛn ara a wobehyia so, titiriw bere a wɔatetew mmofra no. Awarefo a wɔte saa no ahu ampa ara sɛ, nokware ‘dɔ to ntwa da.’—1 Korintofo 13:8.

3. Dɛn na aware ne awaregyae ho akontaabu da no adi, na nsɛmmisa bɛn na ɛma ɛsɔre?

3 Nea ɛne eyi bɔ abira no, aware ɔpepem pii agu. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: ‘Awarefo a wɔwɔ Amerika nnɛ no nyinaa mu fã aware begu. Na wɔn a wobegyae aware no mu fã bɛyɛ saa wɔ wɔn aware no afe a edi kan kosi bɛyɛ afe a ɛto so 8 ntam. Wɔn a wobegyae aware no ɔha mu 75 a wɔbɛsan aware no ɔha mu 60 begyae aware bio.’ Ɛnnɛ awaregyae rekɔ so wɔ aman a kan na wɔntaa nnyae aware wɔ hɔ mpo mu. Sɛ nhwɛso no, nnansa yi awaregyae reyɛ abu abɔ ho abien wɔ Japan. Nneɛma a ɛde saa tebea yi aba a ɛtɔ da bi a etumi da adi wɔ Kristofo asafo no mu mpo no bi ne dɛn? Wɔ Satan mmɔden a ɔrebɔ sɛ ɔbɛsɛe aware no nyinaa akyi no, dɛn na ɛbɛma agyina?

Mfiri a Ɛsɛ sɛ Yɛkwati

4. Dɛn ne nneɛma a ebetumi de ɔhaw aba aware mu no bi?

4 Onyankopɔn Asɛm ma yehu nneɛma bi a ebetumi asɛe aware. Susuw nea ɔsomafo Paulo kae sɛ ebesi nna a edi akyiri mu no ho hwɛ: “Hu eyi sɛ, nna a edi akyiri mu no, mmere a emu yɛ den bɛba. Efisɛ nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, ahohoahoafo, ahantanfo, abususɛnkafo, awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, wɔn a biribiara ho ntew mma wɔn, wɔn a wonni dɔ, apamsɛefo, ntwirifo, wɔn a wɔnhyɛ wɔn akɔnnɔ so, wɔn a wɔyɛ keka, wɔn a wɔmpɛ papa, afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoman, wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkatere wɔn anim kyerɛ onyamesom pa, nanso wɔpa emu ahoɔden. Saa nnipa yi, dan wo ho fi wɔn ho!”—2 Timoteo 3:1-5.

5. Dɛn nti na obi a ɔyɛ ‘ahopɛ’ resɛe n’aware, na afotu bɛn na Bible de ma wɔ eyi ho?

5 Sɛ yesusuw nea Paulo kae no ho a, yehu sɛ nneɛma a ɔbobɔɔ din no mu pii betumi asɛe aware. Sɛ nhwɛso no, “ahopɛfo” yɛ pɛsɛmenkominyafo na wonsusuw afoforo ho. Okununom anaa ɔyerenom a wɔyɛ ahopɛfo yɛ nea wɔn nkutoo pɛ bere nyinaa a wonsusuw wɔn ahokafo ho. Wɔyɛ katee. So suban a ɛte saa de anigye ba aware mu? Dabida. Ɛno nti, ɔsomafo Paulo de afotu pa yi maa Kristofo nyinaa, a awarefo ka ho: “[Ɛnsɛ sɛ mudwen] biribi atutupɛ anaa anuonyamhunupɛ so, na mmom momfa ahobrɛase adwene mmu mo yɔnkonom nkyɛn mo ankasa ho. Mommma obiara nnhwɛ ne nko ade, na mmom ɔnhwɛ ne mfɛfo de bi.”—Filipifo 2:3, 4.

6. Ɔkwan bɛn so na sikanibere betumi de ɔhaw aba aware mu?

6 Sikanibere betumi atetew okunu ne ɔyere ntam. Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ [sikanibere, NW] a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho” no. (1 Timoteo 6:9, 10) Ɛyɛ awerɛhow sɛ nea Paulo bɔɔ ho kɔkɔ no ato awarefo pii nnɛ. Awarefo pii de ahonyade akyi di asesa wɔn ahokafo ahiade atitiriw te sɛ awerɛkyekye ne abusuabɔ pa a wɔne wɔn benya no.

7. Suban bɛn na ɛtɔ mmere bi a ɛma awarefo binom sɛe aware?

7 Paulo kae nso sɛ nna a edi akyiri mu no, ebinom bɛyɛ wɔn a ‘wonni nokware, wɔn a wonni tema, wɔn a wontumi ne wɔn nyɛ apam.’ Aware ntam no yɛ bɔhyɛ a anibere wom a ɛsɛ sɛ ɛma abusuabɔ a ɛte hɔ daa ba, na ɛnsɛ sɛ ɛdan nkontompo twa. (Malaki 2:14-16) Nanso, awarefo binom anya akɔnnɔ ama wɔn a wɔnyɛ wɔn aware mu ahokafo. Ɔyere bi a ɔwɔ ne mfe 30 mu a ne kunu agyae no kae sɛ, ansa na ne kunu no rebegyaw no hɔ no, na ɔka ne ho kɔ mmea foforo ho kyerɛ wɔn ho anigye dodo. Wanhu sɛ nea na ɔreyɛ no mfata ɔbarima a ɔyɛ ɔwarefo. Bere a ɔbea no huu nea na ɛrekɔ so no, odii yaw pii na ɔde anifere ka kyerɛɛ ne kunu no sɛ nea ɔreyɛ no yɛ hu paa. Nanso, ɔbarima no sɛee aware. Ɛwom sɛ ne yere bɔɔ no kɔkɔ de, nanso wantie. Ɔbarima no de ne ti kɔhyɛɛ afiri mu sɛɛ fee.—Mmebusɛm 6:27-29.

8. Dɛn na ebetumi de awaresɛe aba?

8 Bible de kɔkɔbɔ a emu da hɔ fann yi ma wɔ awaresɛe ho! “Nea ɔfa yere nni ti, nea ɔsɛe ne kra na ɔyɛ saa.” (Mmebusɛm 6:32) Mpɛn pii no, awaresɛe mma mpofirim. Sɛnea Bible kyerɛwfo Yakobo kae no, ansa na obi bɛyɛ bɔne bi te sɛ awaresɛe no, odi kan nya ho adwene na ɔkɔ so dwennwen ho ansa na wayɛ saa. (Yakobo 1:14, 15) Ɔwaresɛefo no fi ase twa ne hokafo a ɔkaa ntam sɛ obedi no nokware ne nkwa nna nyinaa mu no nkontompo nkakrankakra. Yesu kae sɛ: “Moate sɛ wɔkae sɛ: Nsɛe aware! Na me de, mise mo sɛ, obiara a ɔhwɛ ɔbaa na ne kɔn dɔ no no, na wafa no ne komam dedaw.”—Mateo 5:27, 28.

9. Afotu a nyansa wom bɛn na ɛwɔ Mmebusɛm 5:18-20?

9 Eyi nti, nea ɛfata na ɛkyerɛ nokwaredi ne nea wɔakamfo akyerɛ wɔ Mmebusɛm nhoma no mu yi: “Ma w’abura nyɛ nhyira, na wo ne wo mmerantebere mu yere ani nnye; ɔdɔ satwe ne anuonyam wansan no: ma ne mpokua nsɔ w’ani daa, tɔ ne dɔ mu ntintan daa yi. Me ba, adɛn na wotɔ ɔbea nanani ho ntintan, na wuso ɔbea hɔho kokom?”—Mmebusɛm 5:18-20.

Mpere Wo Ho Nware

10. Dɛn nti na nyansa wom sɛ wubegye bere de ahu nea wopɛ sɛ woware no no yiye?

10 Sɛ nnipa baanu pepere wɔn ho ware a, etumi de ɔhaw ba. Ebia na wonnyinii na wonni osuahu papa. Anaa ebia wɔannye bere ne wɔn ho ammɔ yiye anhu nea ɔfoforo no pɛ ne nea ɔmpɛ, ne botae, ne abusua a ofi mu. Ɛyɛ papa sɛ wobɛto wo bo ase ahu nea wopɛ sɛ woware no no yiye. Susuw Isak ba Yakob ho hwɛ. Ɔde mfirihyia ason yɛɛ adwuma maa Rahel papa ansa na wɔmaa no waree Rahel. Ná Yakob wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa efisɛ na ɔwɔ ɔdɔ ankasa ma Rahel, na na ɛnyɛ ne ho na ɛyɛ no fɛ kɛkɛ.—Genesis 29:20-30.

11. (a) Nkabom bɛn na aware de ba? (b) Dɛn nti na kasadɛ ho hia wɔ aware mu?

11 Aware kyerɛ pii sen nna ho akɔnnɔ kɛkɛ. Aware ka nnipa baanu a ɛsono abusua a wofi mu, wɔn nipasu, sɛnea wɔte nka wɔ nneɛma ho, na mpɛn pii nso ɛsono wɔn nhomasua koraa bom. Ɛtɔ mmere bi a, ɛsono baabi a awarefo no mu biara fi ne kasa a wɔka. Sɛ ɛnyɛ eyinom biara mpo a, ɛka nnipa baanu a ɛsono wɔn mu biara adwene bom. Ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ awarefo baanu no nyinaa adwene behyia bere nyinaa da. Ebetumi aba sɛ wɔbɛka nsɛm a ɛyɛ yaw akyerɛ wɔn ho wɔn ho anwiinwii wɔ biribiara ho anaasɛ wobefi ɔdɔ mu ahyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran asan ahyɛ wɔn ho den. Yiw, nsɛm a yɛka no betumi apira yɛn hokafo anaa asa no yare. Asɛm a wɔka a wonnwene ho betumi asɛe aware.—Mmebusɛm 12:18; 15:1, 2; 16:24; 21:9; 31:26.

12, 13. Adwene a ɛfata bɛn na wɔhyɛ nkuran sɛ yennya wɔ aware ho?

12 Eyi nti, ɛfata sɛ wugye bere de hu onipa a wopɛ sɛ woware no no yiye. Kristoni bea bi a waware akyɛ kae sɛ: “Sɛ wuhu obi a wopɛ sɛ woware no a, susuw nneɛma atitiriw bɛyɛ sɛ du bi a wopɛ sɛ wuhu wɔ obi a wopɛ sɛ woware no no ho. Sɛ wuhu emu ason pɛ a, bisa wo ho sɛ, ‘So metumi abu m’ani agu abiɛsa a aka no so bere nyinaa?’ Sɛ wo tirim nteɛ wo a, gye bere susuw ho bio.” Nanso ɛsɛ sɛ wunya adwene a ɛfata. Sɛ wopɛ sɛ woware a, kae sɛ worennya ɔhokafo a ɔyɛ pɛ nware da. Saa ara nso na onipa a wobɛware no no nso rennya ɔhokafo a ɔyɛ pɛ!—Luka 6:41.

13 Aware hwehwɛ sɛ wɔde nneɛma bɔ afɔre. Paulo sii eyi so dua bere a ɔkaa eyi no: “Mepɛ sɛ anka munni nkɔmmɔ [dadwen nhyɛ mo so, NW]. Ɔhokwafo da dwen Awurade de ho, sɛnea ɔbɛsɔ Awurade ani, na ɔwarefo da dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ ɔyere ani; na ɛma n’adwene yɛ nta. Ɔbea hokwafo anaa ɔbaabun da dwen Awurade de ho, na ne ho atew nipadua ne honhom mu; na ɔbea warefo de, ɔda dwen wiase de ho, sɛnea ɔbɛsɔ okunu ani.”—1 Korintofo 7:32-34.

Nea Enti a Aware Bi Gu

14, 15. Dɛn na ebetumi asɛe awarefo ntam abusuabɔ?

14 Kristoni bea bi dii awerɛhow kɛse nnansa yi bere a ne kunu a ɔne no atra mfirihyia 12 gyaee no kɔwaree ɔbea foforo no. So ɔbea no huu nsɛnkyerɛnne bi sɛ awaregyae reba? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eduu mmere bi a na me kunu mmɔ mpae mpo. Ná ɔde nsɛm a ntease nnim yiyi ne ho ano wɔ nea enti a ɔnkɔ Kristofo nhyiam ne asɛnka ho. Ná onnya bere mma me koraa efisɛ na ɔka sɛ onni adagyew koraa anaa wabrɛ dodo. Ná ɔne me mmɔ nkɔmmɔ. Ná ɔne me nsusuw biribiara a ɛfa Onyankopɔn som ho. Ná ɛyɛ awerɛhow sɛ. Ná wasesa koraa.”

15 Saa ara na ebinom nso ka sɛ, wɔn ahokafo nyɛ kokoam Bible adesua, wɔmmɔ mpae, anaa wɔnkɔ Kristofo nhyiam. Eyi kyerɛ sɛ, nnipa pii a wogyaee wɔn ahokafo aware no maa wɔne Yehowa ntam abusuabɔ sɛee. Ne saa nti, ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn no bɛyɛɛ basaa. Ná wommu Yehowa sɛ Onyankopɔn a ɔte ase bio. Wobebuu trenee wiase foforo ho bɔhyɛ no sɛ ɛnyɛ nokware. Wɔ nsɛm bi mu no, nea ɔsɛee aware no ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ sɛee mpo ansa na ɔresɛe aware no.—Hebrifo 10:38, 39; 11:6; 2 Petro 3:13, 14.

16. Dɛn na ɛma aware gyina?

16 Nea ɛne eyi bɔ abira no, awarefo baanu bi a wɔn ani gye wɔ wɔn aware mu ka sɛ, abusuabɔ pa da wɔne Onyankopɔn ntam na ama wɔn aware agyina. Wobom sua ade bɔ mpae. Okunu no ka sɛ: “Yebom kenkan Bible. Yebom kɔ asɛnka. Yɛn ani gye sɛ yɛbɛbom ayɛ ade.” Asuade a ɛwɔ mu no mu da hɔ pefee: Sɛ awarefo ne Yehowa kɔ so nya abusuabɔ pa a, ɛbɛboa kɛse ma wɔn aware no agyina.

Nya Adwene a Ɛfata na Mommɔ Nkɔmmɔ

17. (a) Nneɛma abien bɛn na ɛboa ma aware gyina? (b) Paulo kyerɛkyerɛɛ Kristofo dɔ mu dɛn?

17 Nneɛma abien foforo wɔ hɔ a ɛboa ma aware gyina: Kristofo dɔ ne nkɔmmɔbɔ. Sɛ nnipa baanu dodɔ wɔn ho wɔn ho a, ɛnyɛ den koraa sɛ wobebu wɔn ani agu ɔfoforo mmerɛwyɛ so. Ebia saafo yi akenkan ɔdɔ ho nsɛm bi wɔ ayɛsɛm nhoma mu anaasɛ wɔahwɛ sini ahu sɛnea ebinom da ɔdɔ adi ma enti wɔhwɛ kwan sɛ, sɛ wɔware a, wɔn ahokafo bɛyɛ wɔn saa ara. Nanso sɛ wɔware a, wobehu sɛ ɛnyɛ saa na aware te koraa. Ɛba saa a, wotumi ma mfomso nketenkete a ɛnhaw adwene kɛse bɛdan asɛnkɛse. Sɛ asɛm saa sɔre a, ɛsɛ sɛ Kristofo da honhom kronkron aba a ebi ne ɔdɔ no adi. (Galatifo 5:22, 23) Yiw, ɔdɔ, ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ, na mmom Kristofo dɔ, tumi yɛ ade pii. Paulo kyerɛkyerɛ saa Kristofo dɔ no mu sɛɛ: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye. . . . Ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, . . . Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu.” (1 Korintofo 13:4-7) Yiw, ɔdɔ pa tɔ ne bo ase wɔ nnipa sintɔ ho. Nokwasɛm ni, ɛnhwehwɛ pɛyɛ.—Mmebusɛm 10:12.

18. Ɔkwan bɛn so na nkɔmmɔbɔ betumi ama aware agyina?

18 Nkɔmmɔbɔ nso ho hia papaapa. Ɛmfa ho mfe dodow a awarefo bi de aware no, ɛsɛ sɛ wogye bere bɔ nkɔmmɔ na wɔyɛ aso tie wɔn ho wɔn ho yiye. Okunu bi ka sɛ: “Yefi yɛn pɛ mu ka sɛnea yɛte nka kyerɛ yɛn ho nanso yɛyɛ no wɔ adamfofa kwan so.” Ɛnyɛ asɛm a okunu anaa ɔyere ka nko na ne hokafo te, mmom bere a wɔn aware no kyɛ no, wɔn baanu tumi hu nea ɛwɔ obiako tirim bere a ɔnkae mpo. Sɛ yɛbɛka no yiye a, wɔn a wɔaware akyɛ no tumi hu sɛnea wɔn hokafo te nka bere a ɔnkaa nea ɛwɔ ne tirim mpo no. Ɔyerenom binom ka sɛ wɔn kununom nyɛ aso ntie wɔn papa bere a wɔne wɔn rekasa no. Okununom binom nso nwiinwii sɛ ɛyɛ a wɔn yerenom pɛ sɛ wɔne wɔn bɔ nkɔmmɔ bere a ɛnyɛ mma wɔn koraa no. Yɛde tema ne ntease na ɛbɔ nkɔmmɔ. Nkɔmmɔbɔ pa hia okunu ne ɔyere nyinaa.—Yakobo 1:19.

19. (a) Dɛn nti na kyɛwpa betumi ayɛ den? (b) Dɛn na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛapa kyɛw?

19 Ɛtɔ mmere bi a, nkɔmmɔbɔ hwehwɛ sɛ wɔpa kyɛw. Ɛnna fam sɛ wobɛpa kyɛw. Egye ahobrɛase na ama woatumi agye wo mfomso atom. Nanso, hwɛ sɛnea ebetumi ama aware asɔ afa! Kyɛwpa a efi komam betumi ayi asɛm a ebetumi de ɔhaw aba daakye afi hɔ na ama mode akyekyɛ mo ho anya ɔhaw no ano aduru. Paulo kae sɛ: “Sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.”—Kolosefo 3:13, 14.

20. Ɛsɛ sɛ Kristoni ne n’aware mu hokafo di no dɛn wɔ kokoam ne abɔnten?

20 Ade foforo a ehia yiye wɔ aware mu ne mmoa a afanu no de bɛma wɔn ho wɔn ho. Ɛsɛ sɛ okunu ne ɔyere a wɔyɛ Kristofo tumi gye wɔn ho wɔn ho di na wotumi de wɔn ho to wɔn ho so. Ɛnsɛ sɛ wɔn mu bi bu ne yɔnko animtiaa anaasɛ ogu n’anim ase. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yefi ɔdɔ mu kamfo yɛn aware mu ahokafo; ɛnsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛkasa tia wɔn yayaayaw. (Mmebusɛm 31:28b) Ɛnsɛ sɛ yɛka asereseresɛm ne nsɛnhunu biara de gu wɔn anim ase. (Kolosefo 4:6) Ɔdɔ a ɛte saa a mo baanu bɛda no adi akyerɛ mo ho bere nyinaa no bɛma moakɔ so aboa mo ho mo ho. Sɛ woso wo hokafo mu anaasɛ woka nsɛmmɔde bi kyerɛ no a, nea ebetumi akyerɛ ni: “Me ne wo dɔ yi nsae. M’ani agye sɛ wo ne me hokafo.” Eyinom ne nneɛma a ebetumi aboa ama aware agyina wɔ nnɛ wiase yi mu no bi. Afoforo ka ho. Yebesusuw akwankyerɛ foforo a Kyerɛwnsɛm no de ma wɔ sɛnea aware betumi agyina ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu. *

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 20 Sɛ wopɛ ɛho nsɛm pii a, hwɛ nhoma, Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba a Yehowa Adansefo atintim no mu.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Nneɛma a ebetumi asɛe aware no bi ne dɛn?

• Dɛn nti na ɛmfata sɛ obi pere ne ho ware?

• Obi ne Yehowa ntam abusuabɔ tumi ka n’aware dɛn?

• Nneɛma bɛn na ɛboa ma aware gyina?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Aware kyerɛ pii sen nna ho akɔnnɔ kɛkɛ

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 14]

Abusuabɔ pa a awarefo ne Yehowa benya boa ma wɔn aware gyina