Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Nokware A Wodi Wɔ Sɔhwɛ Mu”

“Nokware A Wodi Wɔ Sɔhwɛ Mu”

“Nokware A Wodi Wɔ Sɔhwɛ Mu”

WƆ AFE 1951 April mfiase no, Soviet aban a ɛyɛ den no tow hyɛɛ Yehowa Adansefo Kristofo a wɔn ho nni asɛm so mpofirim wɔ Soviet Union atɔe fam. Wɔhyehyɛɛ mmusua pii, a mmofra nkumaa, apemfo, ne nkwakoraa ne mmerewa ka ho, guu nnua nnaka a esisi keteke so mu de wɔn twaa kwan nnafua 20 a ɔbrɛ wom de wɔn kɔɔ Siberia. Ná wɔatwa wɔn asu kɔ baabi a anibuei nni hɔ na ɛhɔ asetra yɛ den.

Wɔ April 2001 mu no, woyii video bi a ɛkyerɛ sɛnea wɔhyɛɛ Yehowa Adansefo so bere tenteenten wɔ kan Soviet Union de hyɛɛ saa asɛntitiriw a esii yi mfe 50 ho fa wɔ Moscow. Abakɔsɛm akyerɛwfo ne wɔn a wɔde wɔn ani huu nea ɛkɔɔ so no ka sɛnea Adansefo no tumi gyinae na mpo wɔdɔe ɛmfa ho nhyɛso a emu yɛ den a wɔde baa wɔn so no ho asɛm wɔ video no mu.

Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Russia ne mmeae afoforo ahwɛ video yi a wɔato din sɛ Faithful Under Trials—Jehovah’s Witnesses in the Soviet Union, (Nokware a Wodi Wɔ Sɔhwɛ Mu—Yehowa Adansefo a Wɔwɔ Soviet Union) na nnipa pii ne abakɔsɛm akyerɛwfo akamfo kɛse. Russia nhomanimfo baanu bi a wɔtete baabi a wotwaa Adansefo fã kɛse no ara ne wɔn mmusua asu kɔe no anom nsɛm na edidi so yi:

“M’ani gyee saa video yi ho papaapa. Mifi pɛɛ mo som no mufo asɛm akyɛ, nanso mehwɛɛ sini no wiei no, sɛnea m’ani gye mo ho no mu ayɛ den sen kan no. Wɔyɛɛ video no yiye paa! Nea m’ani gye ho titiriw ne sɛnea momaa obiara ankasa kaa n’asɛm no. Ɛwom sɛ mekɔ Ortodɔks asɔre na menyɛɛ m’adwene sɛ mɛsesa me som de, nanso m’ani gye Adansefo no ho. Mɛpɛ sɛ yɛn sukuu no nya video no baako de sie. Me ne akyerɛkyerɛfo a aka no asi gyinae sɛ yebeyi akyerɛ yɛn adesuafo no na yɛde aka sukuu no adesua nhyehyɛe ho.”—Ɔbenfo Sergei Nikolayevich Rubtsov, a ɔyɛ abakɔsɛm ho adesuabea so panyin wɔ State Pedagogical University, Irkutsk, Russia.

“M’ani gye saa video yi ho. Sɛ wɔreyɛ sɛnea wɔhyɛ afoforo so ho video a, ɛntaa nyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛyɛ ama ntease abam. Nanso mutumi yɛe. Mesrɛ sɛ mommrɛ me video no pii.”—Ɔbenfo Sergei Ilyich Kuznetsov, a ɔyɛ abakɔsɛm ho adesuabea so panyin wɔ Irkutsk State University, Russia.

Yehowa Adansefo a wɔwɔ Siberia nso ani gyee video no ho yiye paa. Nea wɔn mu bi kae na edidi so yi:

“Bere a na nsɛm a woyii ho video no resisi ankasa no, na nnipa pii a wɔwɔ Russia no nnim nokwasɛm a ɛfa Yehowa Adansefo dwumadi ho. Nanso bere a wɔhwɛɛ sini no wiei no, wotumi hui sɛ yɛn ahyehyɛde no nyɛ matew-me-ho kuw bi sɛnea na anka kan wosusuw no. Ebinom a wɔabɛyɛ Adansefo nnansa yi ka sɛ: ‘Amma yɛn adwenem da sɛ yɛn nuanom Kristofo a yɛne wɔn te bom yɛ adwuma no ahu amane pii saa da!’ Bere a Ɔdansefo baako hwɛɛ video no wiei no, ɔkae sɛ ɔpɛ sɛ ɔde ne bere nyinaa yɛ akwampae adwuma.”—Anna Vovchuk, a wotwaa no asu kɔɔ Siberia.

“Bere a video no duu baabi a sum ase polisifo no rebɔ Adansefo bi pon mu no, me ho popoe. Ɛkaee me bere a wɔbɛbɔɔ yɛn pon mu no, na mekae sɛ me maame kae saa bere no sɛ: ‘Gyama ogya atɔ baabi.’ Nanso video no nso maa mihui sɛ Adansefo pii huu amane sen me. Saa nsɛm yi nyinaa ma yenya ahoɔden ne anigye kɛse sɛ yɛnkɔ so nsom Yehowa.”—Stepan Vovchuk, a wotwaa no asu kɔɔ Siberia.

“Meyɛ Adansefo a wotwaa wɔn asu no bi babarima. Enti, na misusuw sɛ mate saa bere no ho nsɛm pii. Nanso, mehwɛɛ video yi wiei no, mihui sɛ minnim hwee koraa. Bere a mitiee nsɛm a wobisabisae no, m’ani taataa nusu. Seesei mihu osuahu ahorow no sɛ ɛnyɛ bɔsrɛmka bi kɛkɛ na mmom ɛyɛ asɛm a esii paa. Video no ahyɛ me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu den, na aboa me ma mayɛ krado sɛ megyina nsɛnnennen biara a mehyia daakye ano.”—Vladimir Kovash, Irkutsk.

“Me fam de, video yi nyaa me so tumi kɛse sen ɛho kyerɛwtohɔ no. Bere a mehwɛɛ video no na metee nsɛm a wobisabisaa anuanom no, metee nka sɛ nea me ne wɔn na ahyia sɔhwɛ no. Onuabarima no a ɔyɛɛ mfonini ahorow de kɔmaa ne mmabea nkumaa bere a na ɔwɔ afiase no nhwɛso ka me sɛ me nso memmɔ mmɔden mfa Bible mu nokware nnua m’ankasa me mma komam. Meda mo ase! Saa video yi ama Yehowa Adansefo a wɔwɔ Russia no te nka sɛ wɔyɛ Yehowa ahyehyɛde a ɛwɔ wiase nyinaa no fã sen bere biara.”—Tatyana Kalina, Irkutsk.

“Yehu nokwasɛm a ɛwɔ asɛm a wɔka sɛ, ‘Nea wode w’ani ahu no pɛnkoro ye sen sɛ wate no mpɛn ɔha’ no wɔ saa video yi ho. Emu da hɔ fann, ɛyɛ nea esii paa, na ɛfa yɛn ho paa! Mehwɛ wiei no, na mihia bere pii a mede bedwennwen ho. Video no maa minyaa kwan susuw Adansefo a wotwaa wɔn asu no asetra ho yiye. Seesei sɛ me de m’asetra toto wɔn de ho a, ɛboa me ma misusuw ɔhaw ahorow a yehyia nnɛ no ho wɔ ɔkwan foforo so.”—Lidia Beda, Irkutsk.

Besi saa bere yi wɔayɛ video yi a wɔato din sɛ Faithful Under Trials (Nokware a Wodi Wɔ Sɔhwɛ Mu) no wɔ kasa horow 25 mu na nnipa pii ani agye ho wɔ wiase nyinaa. * Wɔayi video mũ no nyinaa wɔ TV dwumadibea ahorow so wɔ St. Petersburg, Omsk, ne Russia nkurow afoforo mu. Na saa ara nso na wɔayi wɔ Ukraine nkurow Vynnytsya, Kerch, Melitopol ne Lviv mantam mu. Anya abasobɔde ahorow nso afi amanaman ntam kuw ahorow a wɔhwɛ sini ho nsɛm so nkyɛn.

Yehu tumi a ɛwɔ saa video yi mu no wɔ nnipa mpempem pii a wɔte sɛ yɛn ara a wɔdaa akokoduru soronko ne gyidi kɛse adi wɔ Onyankopɔn asɛm mu wɔ mmere tenten a wɔde taa wɔn no nhwɛso ahorow a wɔaka ho asɛm wom no mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ Soviet Union no dii nokware wɔ sɔhwɛ mu ankasa. Sɛ wopɛ sɛ wohwɛ saa video yi bi a, Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛma wo nsa aka bi. Yɛsrɛ sɛ hu wɔn a wɔte wo mpɔtam hɔ no mu baako.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 13 Wɔayɛ video no wɔ Bulgarian, Cantonese, Czech, Danish, Dutch, English, Finnish, French, German, Greek, Hungarian, Indonesian, Italian, Japanese, Korean, Lithuanian, Mandarin, Norwegian, Polish, Romanian, Russian, Slovak, Slovenian, Spanish, ne Swedish kasa mu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 8]

Stalin: U.S. Army photo

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 9]

Stalin: U.S. Army photo