Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Rut Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Rut Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Rut Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

ƐYƐ asɛm a ɛka koma a esii ankasa a ɛfa nokware a mmea baanu bi di maa wɔn ho wɔn ho ho. Ɛyɛ kyerɛwtohɔ a ɛfa anisɔ a wonya maa Yehowa Nyankopɔn ne ahotoso a wonyae wɔ ne nhyehyɛe mu ho. Ɛyɛ asɛm a ɛkyerɛ sɛnea na Yehowa ani kũ abusua a na Mesia no befi mu aba no ho yiye. Ɛyɛ abusua bi anigye ne wɔn awerɛhow ho nsɛm a ɛka koma. Eyi ne nneɛma foforo pii na wɔka ho asɛm wɔ Bible mu nhoma a ɛne Rut no mu.

Rut nhoma no ka nsɛm a esisii wɔ bɛyɛ mfirihyia 11 mu ‘wɔ nna a na atemmufo no bu atɛn’ wɔ Israel no. (Rut 1:1) Ɛbɛyɛ sɛ nsɛm a wɔyɛɛ ho kyerɛwtohɔ no sisii wɔ Atemmufo no bere so mfiase, efisɛ asasewura Boas a ɔyɛ nnipa wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ asɛm a esii ankasa yi mu biako no yɛ Rahab a ɔtraa ase wɔ Yosua bere so no ba. (Yosua 2:1, 2; Rut 2:1; Mateo 1:5) Ɛda adi sɛ odiyifo Samuel na ɔkyerɛw asɛm no wɔ afe 1090 A.Y.B. Eyi nkutoo ne Bible mu nhoma a ɔbea a ɔnyɛ Israelni din da so. ‘Nkwa ne ahoɔden’ wɔ emu nsɛm no mu.—Hebrifo 4:12.

“NEA WOKƆ NA MƐKƆ”

(Rut 1:1–2:23)

Bere a Naomi ne Rut duu Betlehem no, nkurɔfo bɔɔ twi kɔhwɛɛ wɔn. Bere a kurow no mu mmea reka mmea baanu no mu panyin ho asɛm no, wɔkɔɔ so bisae sɛ: “So Naomi ni?” Naomi buae sɛ: “Mommfrɛ me Naomi [ase ne: Nea wɔadom no,] na momfrɛ me Mara [ase ne: Nwenenwene], efisɛ Tweaduampɔn ne me adi no nwoma so sɛ! Mekɔɔ no ma, na [Yehowa, NW] de me hunu na aba.”—Rut 1:19-21.

Bere a ɔkɔm a ɛbaa Israel maa Naomi abusua tu fii Betlehem kɔtraa Moab asase so no, na Naomi yɛ “ma” kyerɛ sɛ, na ɔwɔ kunu ne mmabarima baanu. Nanso, wɔkɔtraa Moab akyi bere bi no, ne kunu Elimelek wui. Akyiri yi, wɔn mmabarima baanu no waree Moabfo mmea, Orpa ne Rut. Bɛyɛ mfirihyia du akyi no, wɔn mmabarima baanu no wuwui ma ɛkaa mmea baasa no a na wɔn mu biara nni kunu. Bere a Naomi yɛe sɛ ɔbɛsan akɔ Yuda no, ne mmabarima yerenom akunafo a wɔyɛ ne sewnom no kae sɛ wɔne no bɛkɔ. Bere a wɔnam kwan so rekɔ no, Naomi ka kyerɛɛ ne sewnom no sɛ wɔnsan nkɔ Moab nkɔhwehwɛ kununom wɔ wɔn ankasa nkurɔfo mu. Orpa penee so sanee. Nanso, Rut kɔɔ so dii Naomi akyi kae sɛ: “Nea wokɔ na mɛkɔ, na nea wosoɛ na mɛsoɛ; wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.”—Rut 1:16.

Akunafo baanu no, Naomi ne Rut, duu Betlehem bere a wotwa atoko. Rut de hokwan bi a na ɛwɔ Onyankopɔn Mmara mu no yɛɛ adwuma kodii mpɛpɛw wɔ afuw bi a na ɛyɛ Elimelek busuani—Yudani bi a na ne mfe akɔ anim a ne din de Boas—de mu. Boas ani begyee Rut ho, na ɔkɔɔ so dii mpɛpɛw wɔ n’afuw no mu “de kosii sɛ wowiee atoko ne awi no twa.”—Rut 2:23.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:8—Dɛn nti na Naomi anka ankyerɛ ne sewnom no sɛ wɔnsan nkɔ wɔn agyanom fie, na mmom ɔkae sɛ ‘wɔnsan nkɔ wɔn nanom fie’? Sɛ́ ebia na Orpa agya da so te ase de, wɔankyerɛ. Na Rut mmom agya da so te ase. (Rut 2:11) Nanso, Naomi kaa wɔn nanom fie ho asɛm, ebia na osusuw sɛ wɔn nanom ho asɛm a ɔbɛka no bɛma wɔakae ɛnanom dɔ a ɛyɛ awerɛkyekye no. Na eyi bɛyɛ awerɛkyekye titiriw ama mmabaa a na wɔn asebea a wɔdɔ no a wɔne no retetew mu ho awerɛhow abunkam wɔn so no. Na asɛm no betumi akyerɛ nso sɛ, na Rut ne Orpa nanom wɔ baabi te nanso na Naomi nni baabi te.

1:13, 21—So Yehowa na ɔne Naomi dii no nwenenwene, na ɔmaa ohuu amane? Dabi, na Naomi ammɔ Onyankopɔn sobo sɛ wayɛ bɔne biara. Nanso, esiane nsɛm a na ato no nyinaa nti, na onyaa adwene sɛ Yehowa nni n’afa. Odii yaw na n’abam bui. Afei nso saa bere no, na wobu awo sɛ Onyankopɔn nhyira, ɛnna wo a obi nwo sɛ nnome. Bere a na Naomi nni mmanana na ne mmabarimanom awuwu no, ɛbɛyɛ sɛ ɔtee nka sɛ adwene a onyae sɛ Yehowa abrɛ no ase no fata.

2:12—“Akatua mũ” bɛn na Rut nya fii Yehowa hɔ? Rut woo ɔbabarima, na onyaa hokwan bɛyɛɛ abakɔsɛm mu abusua a ɛho hia sen biara—Yesu Kristo de—no muni.—Rut 4:13-17; Mateo 1:5, 16.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:8; 2:20. Ɛmfa ho awerɛhosɛm ahorow a ɛtoo Naomi no, ɔkɔɔ so nyaa Yehowa adɔe mu ahotoso. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛyɛ saa ara, titiriw bere a yɛrehyia sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den no.

1:9. Ɛnsɛ sɛ ofie yɛ baabi a abusua didi na wɔda kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ ofie yɛ baabi a yenya ɔhome ne awerɛkyekye.

1:14-16. Orpa ‘san kɔɔ ne manfo ne n’anyame nkyɛn.’ Rut ansan ankɔ. Ogyaw ne kurow a na ahotɔ ne ahobammɔ wom hɔ na ɔkɔɔ so dii nokware maa Yehowa. Nokware dɔ a yebenya ama Onyankopɔn ne ahofama a yɛbɛda no adi bɛboa abɔ yɛn ho ban na amma yɛannyae yɛn ho amma pɛsɛmenkominya akɔnnɔ na ‘yɛantwe yɛn ho ankɔ ɔsɛe mu.’—Hebrifo 10:39.

2:2. Ná Rut wɔ ɔpɛ sɛ obegye mpɛpɛw ho nsiesiei a wɔyɛ maa ahɔho ne ahiafo no atom na wadidi ho. Ná ɔbrɛ ne ho ase. Ɛnsɛ sɛ ahantan ma Kristoni bi a ahia no yɛ n’adwene sɛ ɔrennye mmoa a ne mfɛfo gyidifo fi ɔdɔ mu de ma no anaa mmoa biara a aban de ma a ɔwɔ hokwan sɛ ogye bi no.

2:7. Ɛwom sɛ na Rut wɔ hokwan sɛ odi mpɛpɛw de, nanso ɔkɔsrɛɛ hokwan no ansa na ɔredi mpɛpɛw no bi. (Leviticus 19:9, 10) Ná eyi yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ ahobrɛase. Ɛyɛ papa sɛ ‘yɛbɛhwehwɛ ahobrɛase,’ efisɛ “ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Sefania 2:3; Dwom 37:11.

2:11. Rut daa no adi sɛ ɔnyɛ Naomi busuani kɛkɛ na ɔyɛ n’adamfo ankasa nso. (Mmebusɛm 17:17) Ná wɔn adamfofa no mu yɛ den efisɛ na egyina suban ahorow te sɛ ɔdɔ, nokwaredi, tema, ayamye, ne ahofama so. Nea ɛho hia sen biara no, na egyina ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa na wɔne Yehowa asomfo abɔ fekuw so. Yɛn nso yɛwɔ hokwan ahorow a ɛfata koraa sɛ yɛne nokware asomfo benya adamfofa a edi mũ ankasa.

2:15-17. Bere mpo a Boas tew Rut adwuma ne ne brɛ so no, ‘ɔkɔɔ so dii afuw no mu mpɛpɛw de koduu anwummere.’ Ná Rut yɛ odwumayɛfo a ɔyɛ nsi. Ɛsɛ sɛ Kristoni da ne ho adi sɛ ɔyɛ odwumayɛni a ɔyɛ nsi.

2:19-22. Ná Naomi ne Rut bɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ dɛ anwummere. Ɔpanyin no bisabisaa akumaa no nnwuma a ɔyɛe mu nsɛm, na wɔn baanu nyinaa daa wɔn nsusuwii ne wɔn nkate adi anigye so. So ɛnyɛ saa na ɛsɛ sɛ ɛyɛ wɔ Kristofo mmusua mu?

2:22, 23. Rut ne Yehowa asomfo na ɛbɔɔ fekuw, wanyɛ n’ade sɛ Yakob babea Dina. Nhwɛso pa a ɛsɛ sɛ yedi akyiri bɛn ara ni!—Genesis 34:1, 2; 1 Korintofo 15:33.

NAOMI BƐYƐƐ “MA”

(Rut 3:1–4:22)

Ná Naomi anyin ma watwa awo. Enti ɔka kyerɛɛ Rut sɛ onsi n’ananmu nware ne kunu nuabarima. Rut dii Naomi akwankyerɛ akyi ka kyerɛɛ Boas sɛ ɔnyɛ ne gyefo anaasɛ ɔnware no. Ná Boas ayɛ krado sɛ ɔbɛware no. Nanso, na Naomi kunu busuani bi wɔ hɔ a ɔbɛn paa sen Boas a na ɛsɛ sɛ ɔno na wodi kan de hokwan no ma no.

Boas antwentwɛn ne nan ase sɛ obedi asɛm yi ho dwuma. Ɛda a edi hɔ anɔpa no ara, ɔfrɛɛ obusuani no wɔ Betlehem mpanyimfo du anim, na ɔde too n’anim sɛ n’ani gye ho sɛ obegye Rut aware anaa. Ɔbarima no ampene so. Enti, Boas gyee Rut na ɔwaree no. Wɔwoo ɔbabarima, Obed, Ɔhene Dawid nanabarima. Afei Betlehem mmea no ka kyerɛɛ Naomi sɛ: “Nhyira nka [Yehowa, NW] . . . Na ɔnyɛ wo nkwamafo ne wo mmerewabere mu hwɛfo, efisɛ wo sew a ɔdɔ wo a oye ma wo sen mmabarima baason no na awo no.” (Rut 4:14, 15) Ná ɔbea a ɔsan baa Betlehem “hunu” anaa nsapan no asan abɛyɛ “ma” bio!—Rut 1:21.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:11—Dɛn na ɛmaa Rut gyee din sɛ ɔyɛ “ɔbea pa” no? Ɛnyɛ “mmɛsawɔw” anaa “sikahyɛ anaa ntadehyɛ” na ɛmaa afoforo ani gyee Rut ho. Mmom no, na ɛyɛ “komam nipa a wahintaw no”—ne nokwaredi ne ne dɔ, n’ahobrɛase, ne nsiyɛ ne n’ahofama. Ɛsɛ sɛ ɔbea biara a osuro Onyankopɔn na ɔpɛ sɛ ogye din sɛ Rut no bɔ mmɔden nya saa suban ahorow yi bi.—1 Petro 3:3, 4; Mmebusɛm 31:28-31.

3:14—Dɛn nti na Rut ne Boas sɔree ansa na ade rekye? Eyi nkyerɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe bi mu anadwo no, na na wɔpɛ sɛ wɔde sie nti na wɔyɛɛ saa. Ɛda adi sɛ nea Rut yɛe saa anadwo no yɛ amammerɛ kwan so adeyɛ a ɔbea a ɔrehwehwɛ okunu nua aware yɛ. Odii Naomi akwankyerɛ akyi. Afei nso, nsɛm a Boas kae no da no adi pefee sɛ Boas anhu mfomso biara wɔ nea Rut yɛe no ho. (Rut 3:2-13) Ɛda adi sɛ, Rut ne Boas sɔree ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a obiara rennya biribi nnyina so nkeka nsɛm hunu bi.

3:15—Ná atoko susukora asia a Boas de maa Rut no kyerɛ dɛn? Ebia adeyɛ yi kyerɛ sɛ, sɛnea nnansia a wɔde yɛ adwuma akyi da a edi hɔ yɛ homeda no, na Rut homeda abɛn. Ná Boas bɛhwɛ ma Rut anya “ahomee” wɔ ne kunu fie. (Rut 1:9; 3:1) Ná ebetumi aba nso sɛ atoko susukora asia no ara ne adesoa a na Rut betumi asoa.

3:16—Sɛnea mfitiase Hebri nkyerɛwee no kyerɛ no, dɛn nti na Naomi bisaa Rut sɛ: “Me ba, woyɛ hena?” So wanhu sɛ ɛyɛ n’asew no? Ebetumi aba sɛ wanhu no ankasa, efisɛ ebia bere a Rut san baa Naomi nkyɛn no na ɛda so ara yɛ anadwo a anim ntetewee. Ebetumi aba nso sɛ na Naomi nam asɛmmisa no so repɛ nea na okunu nua aware no ho asɛm no akosi afi Rut hɔ.

4:6—Ɔkwan bɛn so na na ogyefo bi nam gye a obegye obi no so betumi ‘asɛe’ n’ankasa agyapade? Nea edi kan koraa no, sɛ nea ehiaa no no tɔn n’asase a, na ɛsɛ sɛ ogyefo bi de sika san tɔ asase no wɔ bo a na wogyina mfe dodow a aka ma wɔadi Ahosɛpɛw afahyɛ a edi hɔ so gye no. (Leviticus 25:25-27) Asase no a na ogyefo bi bɛtɔ no bɛma n’ankasa agyapade so atew. Afei nso, sɛ na Rut wo ɔbabarima a, na ɛnyɛ ogyefo no abusuafo a wɔbɛn no paa no mu bi na asase a watɔ no bɛyɛ ne dea, na mmom Rut babarima no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

3:12; 4:1-6. Boas dii Yehowa nhyehyɛe akyi pɛpɛɛpɛ. So yedi teokrase nhyehyɛe akyi pɛpɛɛpɛ?—1 Korintofo 14:40.

3:18. Ná Naomi wɔ Boas mu ahotoso. So ɛnsɛ sɛ yenya yɛn mfɛfo gyidifo mu ahotoso saa ara? Ná Rut wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ okunu nua aware mu aware ɔbarima a na onnim no a wɔammɔ ne din wɔ Bible mu no. (Rut 4:1) Dɛn ntia? Efisɛ na Rut wɔ ahotoso wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe mu. So yɛwɔ ahotoso a ɛte saa ara? Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛrehwehwɛ aware mu ɔhokafo a, so yetie afotu a ɛka sɛ “Awurade mu nko” na yɛnware no?—1 Korintofo 7:39.

4:13-16. Ɛwom sɛ na Rut yɛ Moabni ne obi a na anka ɔsom onyame Kemos de, nanso hwɛ akatua soronko a onyae! Eyi kyerɛkyerɛ nnyinasosɛm a ɛne sɛ “emfi nea ɔpɛ anaa nea otu mmirika no, na mmom efi Onyankopɔn a ohu mmɔbɔ no” mu.—Romafo 9:16.

Onyankopɔn ‘Bɛma Wo So Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu’

Rut nhoma no ka Yehowa ho asɛm sɛ Onyankopɔn a ɔyɛ adɔe a odi n’asomfo anokwafo nsɛm ma wɔn. (2 Beresosɛm 16:9) Sɛ yesusuw sɛnea wohyiraa Rut no ho a, yehu mfaso a ɛwɔ so sɛ yebefi gyidi a emu yɛ den mu anya Onyankopɔn mu ahotoso, a yegye di koraa sɛ “ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

Rut, Naomi, ne Boas de wɔn ho too Yehowa nhyehyɛe so koraa, na edi boaa wɔn. Saa ara na ‘ade nyinaa di boa wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn, na ewie wɔn yiye, ne wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.’ (Romafo 8:28) Ɛnde, momma yentie ɔsomafo Petro afotu yi: “Enti mommrɛ mo ho ase Onyankopɔn tumi nsa no ase, na wama mo so, bere a ɛsɛ mu. Momfa mo dadwen ne haw nyinaa nto no so, efisɛ odwen mo ho.”—1 Petro 5:6, 7.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

So wunim nea enti a Rut annyaw Naomi no?

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Dɛn na ɛmaa Rut gyee din sɛ ɔyɛ “ɔbea pa” no?

[Mfonini wɔ kratafa 28]

“Akatua mũ” bɛn na Rut nya fii Yehowa hɔ?