Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛde Yɛn Asetra A Na Ɛsesa No Dii Adanse Wɔ Aman A Ɛwɔ Akyirikyiri So

Yɛde Yɛn Asetra A Na Ɛsesa No Dii Adanse Wɔ Aman A Ɛwɔ Akyirikyiri So

Asetram Nsɛm

Yɛde Yɛn Asetra A Na Ɛsesa No Dii Adanse Wɔ Aman A Ɛwɔ Akyirikyiri So

SƐNEA RICARDO MALICSI KA KYERƐE

Bere a m’adwuma fii me nsa esiane sɛ meyɛ Kristoni a minni ɔfã biara nti no, me ne m’abusua srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa yɛn na yɛntoto yɛn daakye. Yɛkaa ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛtrɛw yɛn som adwuma mu kyerɛɛ no wɔ yɛn mpaebɔ mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, yefii akwantu bi a ɛmaa yedii atutra wɔ aman ahorow awotwe so wɔ nsasepɔn mmienu so ase. Ɛno maa yetumi yɛɛ yɛn som adwuma no wɔ aman a ɛwɔ akyirikyiri so.

WƆWOO me wɔ Philippines wɔ afe 1933 mu too abusua bi a na wɔkɔ Philippine Independent Asɔre mu. Ná yɛn abusua mu nnipa 14 nyinaa ara kɔ saa asɔre no. Midii bɛyɛ mfe 12 no, mebɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnkyerɛ me nokware som. Me kyerɛkyerɛfo bi de me kɔhyɛɛ ɔsom bi adesuakuw mu, na mebɛyɛɛ Katolekni mapa. Ná Memeneda bɔneka ne Kwasida Mass mpa me tiri so da. Nanso m’adwenem fii ase yɛɛ me naa, na na m’ani nnye. Nea ɛba nnipa so bere a wɔawu, hellgya ne Baasakoro ho nsɛmmisa haw me. Ná ntease nni ɛho mmuae a nyamesom akannifo de maa me no mu, na ɛntɔ asom nso.

Minyaa Mmuae a Ɛtɔ Asom

Bere a na mekɔ kɔlege no, me de me ho kɔbɔɔ kuw bi a ɛmaa me de me ho kɔhyɛɛ akodi, kyakyatow, sigaretnom ne nneɛma a ɛmfata pii mu. Da bi anwummere bi, mihyiaa me yɔnko sukuuni bi maame. Ná ɔyɛ Yehowa Dansefo. Mibisaa no nsɛm a na madi kan abisa m’asɔre mu akyerɛkyerɛfo no ara. Ofii Bible no mu buaa me nsɛmmisa no nyinaa, na migye dii sɛ nea ɔkae no yɛ nokware.

Metɔɔ Bible na mifii ase ne Adansefo no suae. Ankyɛ na mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam nyinaa bi. Me de Bible mu afotu pa a ɛka sɛ “fekuw bɔn sɛɛ bra pa” no yɛɛ adwuma ma enti metwee me ho fii me nnamfo a na wɔn bra asɛe no ho. (1 Korintofo 15:33, Fante Bible) Eyi boaa me ma minyaa nkɔso wɔ me Bible adesua no mu na akyiri yi mihyiraa me ho so maa Yehowa. M’asubɔ akyi wɔ afe 1951 mu no, mesomee sɛ bere nyinaa somfo (ɔkwampaefo) kosii bere bi. Afei wɔ December 1953 mu no, mewaree Aurea Mendoza Cruz, a ɔbɛyɛɛ me yɔnko dwumayɛni nokwafo wɔ ɔsom adwuma no mu daa.

Yenyaa Yɛn Mpaebɔ Ho Mmuae

Na nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛsom sɛ akwampaefo. Nanso, ɔpɛ a na yɛwɔ sɛ yɛde yɛn bere nyinaa bɛsom Yehowa no hokwan amma ntɛm ara. Ɛno mpo no, yɛannyae sɛ yɛbɛsrɛ Yehowa sɛ ommue hokwan ahorow wɔ ne som mu mma yɛn. Besi saa bere yi na asetra mu yɛ den ma yɛn. Nanso, yɛkɔɔ so maa botae a na yɛde asisi yɛn anim wɔ Onyankopɔn som mu no traa yɛn adwenem, na bere a midii mfe 25 no wɔpaw me sɛ asafo somfo, obi a ɔyɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ Yehowa Adansefo asafo bi mu.

Bere a minyaa Bible mu nimdeɛ pii na metee Yehowa nnyinasosɛm ase yiye no, mihui sɛ adwuma a meyɛ no ne ɔfã biara a minni sɛ́ Kristoni no nhyia. (Yesaia 2:2-4) Enti misii gyinae sɛ megyae. Eyi bɛyɛɛ yɛn gyidi ho sɔhwɛ. Ná mɛyɛ dɛn ahwɛ m’abusua? Yɛsan kɔɔ Yehowa Nyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu. (Dwom 65:2) Yɛkaa yɛn haw ne nea na yesuro ho asɛm kyerɛɛ no, nanso yɛkaa ɔpɛ a na yɛwɔ sɛ yɛbɛsom wɔ baabi a Ahenni asɛnkafo ho hia kɛse wɔ hɔ nso ho asɛm kyerɛɛ no. (Filipifo 4:6, 7) Yɛanna annwen ho da sɛ na hokwan ahorow pii bebue ama yɛn!

Yefii Yɛn Akwantu no Ase

Wɔ April 1965 mu no, minyaa adwuma sɛ odumgya adwuma mu panyin wɔ Vientiane Amanaman Ntam Wimhyɛn Gyinabea wɔ Laos ma yetu kɔɔ hɔ. Ná Adansefo 24 na wɔwɔ Vientiane kurow no mu, na yɛn ani gyee asɛnka adwuma a yɛne asɛmpatrɛwfo ne anuanom kakra a ɛwɔ hɔ no yɛe no ho. Bere bi akyi no, woyii me kɔɔ Udon Thani Wimhyɛn Gyinabea wɔ Thailand. Ná Adansefo biara nni Udon Thani. Yɛn abusua no yɛɛ asafo nhyiam ahorow a yɛyɛ wɔ dapɛn mu no nyinaa. Yɛyɛɛ afie afie asɛnka, sankɔhwɛ, ne Bible adesua ahorow.

Yɛkaee Yesu afotu a ɔde maa n’asuafo no sɛ ɛsɛ sɛ ‘wɔkɔ so sow aba pii’ no. (Yohane 15:8) Enti yesii yɛn bo sɛ yebedi wɔn nhwɛso akyi na yɛkɔɔ so kaa asɛmpa no. Ankyɛ na efii ase sow aba. Thailandni ababaa bi gyee nokware no na ɔbɛyɛɛ yɛn nuabea Kristoni. Amerika Atifi famfo baanu gyee nokware no na bere kɔɔ so no wɔbɛyɛɛ mpanyimfo wɔ Kristofo asafo no mu. Yɛde bɛboro mfe du kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ Thailand atifi fam. Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ yɛate sɛ seesei asafo wɔ Udon Thani! Nokware no ho aba a yegui no bi da so resow.

Nanso, awerɛhosɛm ne sɛ, na ɛsɛ sɛ yɛsan tu bio, na yɛbɔɔ mpae sɛ “otwa wura no” mmoa yɛn na yɛnkɔ so nyɛ asɛmpaka adwuma no. (Mateo 9:38) Woyii yɛn kɔɔ Iran ahenkurow, Tehran mu. Ná eyi yɛ bere a Shah nniso no wɔ so no.

Yɛkaa Asɛm no Wɔ Nsasesin a Ɛyɛ Den Mu

Bere a yekoduu Tehran no, ntɛm ara na yehuu yɛn nuanom Kristofo no. Yɛne Adansefo kuw bi a emufo fi aman horow 13 so na ɛbɔe. Ná ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsakrae na ama yɛatumi aka asɛmpa no wɔ Iran man no mu. Ɛwom sɛ yɛanhyia ɔsɔretia ankasa de, nanso na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye.

Esiane sɛnea na wɔn a wɔn ani gye Bible no ho bere a wɔde yɛ adwuma te nti, ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ yɛyɛ Bible adesua no anadwo dasum anaasɛ ahemadakye. Nanso, hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yehuu adwumaden a ɛte saa no so aba! Philippinesfo ne Koreafo mmusua dodow bi gyee nokware Kristosom toom hyiraa wɔn ho so maa Yehowa.

Me dwumadi a edi hɔ de yɛn kɔɔ Dhaka, Bangladesh. Yeduu hɔ December 1977 mu. Ná yɛn asɛnka adwuma no yɛ nyɛ mmerɛw wɔ saa ɔman yi mu nso. Nanso, yɛmaa ɛtraa yɛn adwenem bere nyinaa sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnam wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛdenam Yehowa honhom no mmoa so no, yetumi nyaa mmusua bi a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo. Ná Kyerɛw Kronkron no mu nokwasɛm a edwudwo koma no ho sukɔm de ebinom. (Yesaia 55:1) Ɛno maa yefii Bible adesua pii ase.

Yɛmaa ɛtraa yɛn adwenem sɛ Onyankopɔn pɛ ne sɛ, “wogye nnipa nyinaa nkwa.” (1 Timoteo 2:4) Anigyesɛm ne sɛ obiara anyɛ sɛ ɔbɛhaw yɛn. Sɛnea ɛbɛma ɛhɔfo no ahu sɛ yenni adwemmɔne biara no, yɛfaa adamfofa kwan so ne wɔn kasae. Yɛbɔɔ mmɔden de yɛn ho ‘yɛɛ ade nyinaa maa nnipa nyinaa’ sɛnea ɔsomafo Paulo yɛe no. (1 Korintofo 9:22) Sɛ na wobisa yɛn nea nti a yɛaba hɔ a, na yefi ayamye mu kyerɛkyerɛ mu, na yehui sɛ dodow no ara tew wɔn anim maa yɛn.

Yehuu Ɔdansefo bi a ofi ɔman no mu wɔ Dhaka, na yɛhyɛɛ no nkuran sɛ ɔne yɛn nkɔ yɛn Kristofo nhyiam, na akyiri yi nso ɔne yɛn yɛɛ asɛnka adwuma no. Afei, me yere ne abusua bi suaa Bible no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra yɛn nhyiam no bi. Ɛdenam Yehowa adɔe so no, abusua mũ no nyinaa baa nokware no mu. Akyiri yi, wɔn mmabea baanu boa maa wɔkyerɛɛ Bible ho nhoma ase kɔɔ Bengali kasa mu, na wɔn abusuafo pii nso behuu Yehowa. Bible asuafo foforo nso gyee nokware no. Wɔn mu dodow no ara resom sɛ asafo mu mpanyimfo ne akwampaefo.

Esiane sɛ Dhaka kurow mu nnipa dɔɔso nti, yɛtoo nsa frɛɛ yɛn abusuafo binom sɛ wɔmmɛboa yɛn wɔ asɛnka adwuma no mu. Wɔn mu dodow bi gyee ɔfrɛ no so ba bɛboaa yɛn wɔ Bangladesh. Hwɛ sɛnea yɛn ani agye na yɛda Yehowa ase wɔ hokwan a yenyae de kaa asɛmpa no wɔ saa ɔman no mu ho! Nnipa baako pɛ na yɛne no fii ase, nanso seesei asafo mmienu na ɛwɔ Bangladesh.

Wɔ July 1982 mu no, na ɛsɛ sɛ yɛboaboa yɛn ho na yetu fi Bangladesh. Yɛde yɛn aniwam nusu na egyaw anuanom no hɔ. Ɛno akyi bere tiaa bi no, minyaa adwuma wɔ Entebbe Amanaman Ntam Wimhyɛn Gyinabea wɔ Uganda, ná yɛde mfe anan ne asram ason na ɛbɛtra hɔ. Dɛn na na yebetumi ayɛ de ahyɛ Yehowa din kɛse no anuonyam wɔ saa ɔman yi mu?

Yɛsom Yehowa Wɔ Afrika Apuei Fam

Yeduu Entebbe Amanaman Ntam Wimhyɛn Gyinabea no, ofirikafo bi bɛfaa me ne me yere sɛ ɔde yɛn rekɔ baabi a yɛbɛtra. Bere a yɛrefi wimhyɛn gyinabea hɔ no, mifii ase kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm kyerɛɛ ofirikafo no. Obisaa me sɛ: “Woyɛ Yehowa Dansefo anaa?” Bere a mekae sɛ meyɛ bi no, ofirikafo no kae sɛ: “Wo nua baako yɛ adwuma wɔ wimhyɛn gyinabea ha.” Mekae ntɛm ara sɛ ɔmfa me nkɔ hɔ. Yehuu onuabarima no na n’ani gyei paa sɛ ohuu yɛn, enti yɛyɛɛ asafo nhyiam ne asɛnka ho nhyehyɛe.

Saa bere no na Ahenni adawurubɔfo 228 pɛ na wɔwɔ Uganda. Yɛne anuanom baanu a wɔwɔ Entebbe no de afe a edi kan no guu nokware no ho aba. Esiane sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no pɛ akenkan nti, yetumi kyekyɛɛ nhoma pii ne nsɛmma nhoma ɔhaha pii. Yɛtoo nsa frɛɛ anuanom a wɔwɔ ahenkurow Kampala mu sɛ edu nnawɔtwe awiei a wɔmmɛboa yɛn na yɛnka asɛm no wɔ Entebbe asasesin no mu. Nnipa baanum a meka ho na wɔbaa baguam ɔkasa a midii kan mae wɔ hɔ no ase.

Mfe abiɛsa a edi hɔ no, yenyaa anigye a ɛsen biara wɔ yɛn asetram bere a wɔn a yɛne wɔn suaa ade gyee asɛmpa no toom na wonyaa nkɔso ntɛmntɛm no. (3 Yohane 4) Yɛn Bible asuafo baasia bɔɔ asu wɔ ɔmansin nhyiam baako ase. Wɔn mu pii kae sɛ ɛmfa ho mpo sɛ yɛde yɛn bere pii yɛ adwuma no, wohui sɛ yɛsomee sɛ akwampaefo, enti ahyɛ wɔn nkuran sɛ wɔn nso nyɛ bere nyinaa som adwuma no bi.

Yehui sɛ yɛn adwumam nso betumi ayɛ asasesin a ɛbɛsow aba pa. Bere bi, me ne odumgya panyin baako a ɔyɛ adwuma wɔ wimhyɛn gyinabea bɔɔ nkwa a yebenya wɔ paradise asase so ho anidaso a ɛwɔ Bible mu no ho nkɔmmɔ. Mifii n’ankasa Bible mu kyerɛɛ no sɛ nnipa asoɔmmerɛwfo bɛtra ase wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu, a wonni hia bio, wobenya adan atra mu, na akodi ne ɔyare ne owu nso befi hɔ. (Dwom 46:9; Yesaia 33:24; 65:21, 22; Adiyisɛm 21:3, 4) Esiane sɛ ɔkenkan fii n’ankasa Bible mu nti, ɛkanyan n’anigye. Yefii Bible adesua ase wɔ hɔ ara. Ɔbaa asafo nhyiam nyinaa bi. Ankyɛ na ohyiraa ne nkwa so maa Yehowa bɔɔ asu. Akyiri yi ɔbɛkaa yɛn ho wɔ bere nyinaa som adwuma no mu.

Bere a yɛwɔ Uganda no, basabasayɛ sɔree wɔ ɔman no mu mprenu, nanso ɛno amma yɛannyae yɛn som adwuma no yɛ. Wɔde wɔn a wɔyɛ adwuma ma amanaman ntam kuw ahorow abusuafo kɔɔ Nairobi, Kenya, asram asia. Na yɛn a yɛkae wɔ Uganda no kɔɔ so kɔɔ Kristofo nhyiam na yɛkɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no nso.

M’adwuma no baa awiei wɔ April 1988 mu na yɛsan tui bio. Yɛn ani gyee nkɔso a na aba Onyankopɔn som mu wɔ Entebbe no ho yiye paa bere a na yɛrefi hɔ akɔ no. Yenyaa hokwan san kɔsraa Entebbe bio wɔ July 1997 mu. Yɛkɔe no, na yɛn kan Bible asuafo no bi resom sɛ asafo mu mpanyimfo. Hwɛ sɛnea yedii ahurusi sɛ yehuu nnipa 106 wɔ Baguam Nhyiam no ase!

Yetu Kɔɔ Asasesin a Wɔnyɛɛ Mu Adwuma Mu

So na yebetumi anya ɔsom adwuma hokwan foforo? Yiw, me dwumadi a edi hɔ de yɛn kɔɔ Mogadishu Amanaman Ntam Wimhyɛn Gyinabea, wɔ Somalia. Ná yɛasi yɛn bo sɛ yɛde saa hokwan foforo yi bedi dwuma yiye de ayɛ asasesin a wɔnyɛɛ mu adwuma yi mu adwuma.

Na yɛyɛ yɛn asɛnka adwuma no titiriw wɔ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ aman horow so aban ananmusifo asoɛe, Philippinesfo a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ, ne ahɔho foforo mu. Na yɛtaa hyia wɔn wɔ gua so. Ná yɛkɔsra wɔn wɔ wɔn afie nso. Yɛnam nyansakwan ne anifere a yɛyɛe ne yɛn ho a yɛde too Yehowa so koraa tumi kaa Bible mu nokware kyerɛɛ afoforo, na eyi maa nnipa a wofi aman horow so mu bi begyee nokware no. Mfe abien akyi no yefii Mogadishu ansa na ɔko refi ase wɔ hɔ.

Amanaman Ntam Wimhyɛn Adwuma Ahyehyɛde no maa me dwumadi foforo wɔ Yangon, Myanmar. Yɛsan nyaa hokwan ahorow pii boaa nnipa komapafo ma wosuaa Onyankopɔn atirimpɔw ho asɛm wɔ hɔ nso. Yefii Myanmar no, wɔde yɛn kɔɔ Dar es Salaam, Tanzania. Ná asɛmpa no ka nyɛ den kɛse wɔ Dar es Salaam, efisɛ na wɔn a wɔka borɔfo kasa wɔ hɔ.

Ɛwom sɛ na wɔato Yehowa Adansefo adwuma no ano hye wɔ aman pii a yɛyɛɛ adwuma wɔ hɔ no mu de, nanso yɛanhyia nsɛnnennen ahe biara bere a yɛreyɛ yɛn som adwuma wɔ aman no nyinaa mu no. Esiane adwuma a na meyɛ, a na metaa ne aban ne amanaman ntam adwumakuw ahorow nya nkitahodi nti, nkurɔfo ankasa antia yɛn dwumadi ahorow no.

Adwuma a na meyɛ no hwehwɛe sɛ me ne me yere de mfe aduasa di atutra. Nanso, yebuu m’adwuma no sɛ biribi a yɛnam so bedu yɛn botae ho ara kwa. Bere nyinaa ná yɛn botae titiriw ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm. Yɛda Yehowa ase sɛ waboa yɛn ma yɛde yɛn tebea a na ɛsesa no adi dwuma yiye na yɛanya hokwan a ɛyɛ anigye saa de atrɛw asɛmpa no ka mu wɔ akyirikyiri.

Yɛsan Kɔɔ Baabi a Ne Nyinaa Fii Ase

Bere a midii mfe 58 no, misii gyinae sɛ megyae adwuma na masan akɔ Philippines. Bere a yɛsan kɔe no, yɛbɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔnkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ. Yefii ase som wɔ asafo bi a ɛwɔ Trece Martires Kuropɔn mu wɔ Cavite mantam mu. Bere a yɛkɔɔ hɔ no na Onyankopɔn Ahenni ho adawurubɔfo 19 pɛ na wɔwɔ hɔ. Yɛyɛɛ da biara da asɛnka ho nhyehyɛe na yefii Bible adesua pii ase. Asafo no fii ase nyinii. Wɔ bere bi mu no, na me yere wɔ Bible asuafo 19, na na me nso mewɔ 14.

Ankyɛ koraa na Ahenni Asa no fii ase yɛɛ ma. Yɛde too Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Yɛn nua Kristoni baako ne ne yere sii gyinae sɛ wɔbɛkyɛ yɛn asase, na yɛn dwumadibea a ɛwɔ hɔ no bɔɔ yɛn bosea sɛ yɛmfa nsi Ahenni Asa foforo. Asa foforo no ama yɛn asɛnka adwuma no anya nkɔanim kɛse, na nnawɔtwe biara nnipa a wɔba dodow kɔ anim. Mprempren, yɛde bɛboro dɔnhwerew baako twa kwan kɔboa asafo foforo bi a emu adawurubɔfo yɛ 17 san de bɛboro dɔnhwerew baako twa kwan ba.

Hokwan a me ne me yere anya de asom wɔ aman pii mu no som bo ma yɛn. Sɛ yɛhwɛ yɛn akyi susuw sɛnea yɛadi atutra no ho a, yɛanya abotɔyam kɛse paa sɛ yɛde dii dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so de boaa afoforo ma wosuaa Yehowa ho ade!

[Asase mfonini wɔ kratafa 24, 25]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

IRAN

UGANDA

SOMALIA

TANZANIA

BANGLADESH

MYANMAR

LAOS

THAILAND

PHILIPPINES

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Me ne me yere Aurea