Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adeyɛ Bi a Ɛsɛ sɛ Wɔkae

Adeyɛ Bi a Ɛsɛ sɛ Wɔkae

Adeyɛ Bi a Ɛsɛ sɛ Wɔkae

ƐYƐ adeyɛ bɛn? Ɛyɛ ɔbarima bi a owui bɛyɛ mfe 2,000 a atwam no nkae. Ɔkae sɛ: “Mede me kra meto hɔ, na mafa bio. Obi nnye me nsam, na m’ankasa na mede meto hɔ.” (Yohane 10:17, 18) Saa ɔbarima no ne Yesu Kristo.

Yesu hyɛɛ n’akyidifo no sɛ wonni n’afɔrebɔ wu no ho Nkae. Wɔsan frɛ afahyɛ yi sɛ, “Awurade anwummeduan.” (1 Korintofo 11:20; NW) Yehowa Adansefo ne wɔn nnamfo bedi Yesu wu ho Nkae a ɔde sii hɔ sɛ wɔnhyɛ ho fa no Yawda, March 24, 2005, bere a owia akɔtɔ.

Bible mu ɔkasa a wɔbɛma no bɛkyerɛkyerɛ abodoo a mmɔkaw nni mu ne bobesa kɔkɔɔ a wɔde bedi dwuma wɔ afahyɛ no ase no mu. (Mateo 26:26-28) Wobebua saa nsɛmmisa yi nso wɔ ɔkasa no mu: Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni hyɛ saa fa yi? Hena na ɔwɔ hokwan sɛ odi abodoo nom bobesa no bi? Henanom na wonya Yesu wu no so mfaso? Saa afahyɛ a ɛho hia yi bɛboa obiara ma wate Yesu asetra ne ne wu no ase.

Wobegye wo fɛw so wɔ Yesu wu Nkaedi no ase. Yɛsrɛ sɛ bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no beae ne bere pɔtee a wobehyia.