Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmofra a Woyi Yehowa Ayɛ Asetra Tu Mpɔn

Mmofra a Woyi Yehowa Ayɛ Asetra Tu Mpɔn

‘Me Mmoa Fi Yehowa’

Mmofra a Woyi Yehowa Ayɛ Asetra Tu Mpɔn

“MEPƐ sɛ minya nea eye paa wɔ asetra mu!” Saa na abarimaa bi kyerɛkyerɛɛ n’akwanhwɛ mu. Nanso ɛbɛyɛ dɛn na abofra atumi anya nea eye paa wɔ asetra mu? Bible no de ho mmuae ma tẽẽ sɛ: “Ma wo bɔfo no ho asɛm ntra w’adwenem bere a woyɛ abofra no!”—Ɔsɛnkafo 12:1, Contemporary English Version.

Ɛnyɛ mpanyimfo nkutoo na ɛsɛ sɛ woyi Yehowa ayɛ na wɔsom no. Ná Elkana ne Hana ba Samuel yɛ abofra bere a na ɔsom Yehowa wɔ ntamadan mu no. (1 Samuel 1:19, 20, 24; 2:11) Hebrini abeawa bi daa gyidi kɛse adi wɔ Yehowa mu bere a ɔka kyerɛɛ Siria sahene Naaman sɛ ɔnkɔ odiyifo Elisa hɔ na ɔnsa ne kwata mma no no. (2 Ahene 5:2, 3) Wɔhyɛ mmarimaa ne mmeawa nyinaa wɔ Dwom 148:7, 12 sɛ wonyi Yehowa ayɛ. * Yesu nyaa N’agya som ho anigye kɛse bere a na wadi mfe 12 no. (Luka 2:41-49) Esiane ntetee a na mmarimaa bi anya wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nti, bere a wohuu Yesu wɔ asɔrefie hɔ no wɔteɛɛm sɛ: “Hosiana Dawid ba.”—Mateo 21:15, 16.

Yehowa a Wobeyi No Ayɛ Nnɛ

Ɛnnɛ, mmofra pii a wɔwɔ Yehowa Adansefo mu ani gye wɔn gyidi ho na wofi akokoduru mu ka ho asɛm kyerɛ afoforo wɔ sukuu mu ne mmeae afoforo. Susuw emu nhwɛso abien bi ho.

Ná Stephanie a wadi mfe 18 no adesuakuw mufo resusuw nyinsɛn a wɔsɛe no ne abrabɔ pa ho nsɛm wɔ Britain. Ɔkyerɛkyerɛfo no kae sɛ seesei wogye nyinsɛn a wɔsɛe no tom ma enti abeawa biara nni biribiara a obegyina so apo saa adeyɛ no. Bere a adesuakuw no mufo nyinaa gyee adwenkyerɛ yi toom no, Stephanie tee nka sɛ ɛsɛ sɛ ɔka nea ogye di a egyina Bible so no. Onyaa hokwan bere a ɔkyerɛkyerɛfo no bisaa n’adwene wɔ asɛm no ho no. Ɛwom sɛ na mfiase no ne ho popo kakra de, nanso Stephanie de hokwan no daa adwene a Kyerɛwnsɛm no kura adi. Ɔde n’ankasa nsɛm kaa asɛm a ɛwɔ Exodus 21:22-24 no na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wobepira abofra a wɔnwoo no a, ɛnde ɛda adi pefee sɛ nyinsɛn a wɔsɛe no ne Onyankopɔn apɛde nhyia.

Na ɔkyerɛkyerɛfo a ɔyɛ ɔsɔfo no nkenkan saa nkyekyɛm yi da. Akokoduru a Stephanie de dii adanse yi buee kwan ma ɔne n’adesuakuw no mufo pii susuw nsɛm pii ho. Mprempren abeawa biako gye Ɔwɛn-Aban ne Nyan! foforo biara a ɛba no bi daa, na wɔn mu baanu kɔɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam ase kɔhwɛɛ Stephanie bere a wɔbɔɔ no asu de yɛɛ n’ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne no.

Vareta, a wadi mfe asia a ɔte Suriname, South America, no de hokwan a onyae no yii Onyankopɔn ayɛ bere a na ne kyerɛkyerɛfo hia awerɛkyekye a efi Kyerɛwnsɛm mu no. Bere a na ɔkyerɛkyerɛfo no de nnansa atra fie ansa na ɔreba sukuu no, obisaa n’asuafo no hwɛe sɛ ebia wonim nea enti a na ɔmma sukuu no anaa. Wobuae sɛ: “Na wo yare, ɛnte saa?” Ɔkyerɛkyerɛfo no buae sɛ: “Dabi, me nuabea wui, na me werɛ ahow yiye. Enti mma mo nyɛ dede.”

Saa awiabere no, bere a Vareta maame reyi n’ani so no, ná Vareta ani abere rehwehwɛ nsɛmma nhoma adedaw mu, rekenkan nsɛmti ahorow no. Okohuu Ɔwɛn-Aban a ɛbae July 15, 2001, a n’asɛmti ne “So Owu Akyi Asetra Wɔ Hɔ?” Ɔde anigye konyan ne maame kae sɛ, “Mama, Mama, hwɛ! M’anya nsɛmma nhoma a ɛka owu ho asɛm ama me kyerɛkyerɛfo!” Vareta kyerɛw krataa kaa nsɛmma nhoma no ho de kɔmaa ne kyerɛkyerɛfo no. Ɔkyerɛwee wɔ krataa no mu sɛ: “Wɔhyɛɛ da yɛ maa wo. Wobɛsan ahu wo nuabea no wɔ Paradise, efisɛ Yehowa nni atoro. Wahyɛ bɔ sɛ ɔde paradise bɛba asase yi so na ɛnyɛ ɔsoro.” Ɔkyerɛkyerɛfo no daa n’anisɔ kɛse adi wɔ awerɛkyekye nsɛm a egyina Bible so a onya fii nsɛmma nhoma no mu no ho.

Nhyɛase a Wobɛto Ama Daakye

Yehowa yɛ ‘anigye Nyankopɔn,’ na ɔpɛ sɛ mmofra ani gye. (1 Timoteo 1:11) N’ankasa Asɛm ka sɛ: “Gye w’ani wɔ wo mmabunbere mu. Ma w’ani nnye wɔ bere a woda so yɛ ɔbabun no.” (Ɔsɛnkafo 11:9, Today’s English Version) Yehowa hu tra nea ɛwɔ hɔ mprempren yi na ohu nea ebefi abrabɔ pa anaa abrabɔ bɔne mu aba daakye. Ɛno nti na N’asɛm tu mmabun fo sɛ: “Kae wo bɔfo wo mmerantebere mu ansa na nna bɔne no aba, na mfe a wobɛka sɛ: minni ho anigye, no adu.”—Ɔsɛnkafo 12:1.

Yiw, Yehowa apɛde ne sɛ mmabun benya nkwa akyɛde a ɛsom bo no mu anigye akosi ase. Ɛdenam Onyankopɔn a wɔbɛkae no na wɔayi no ayɛ so no, mmofra betumi anya asetra a akatua ne mfaso wɔ so. Sɛ wohyia nsɛnnennen mpo a, wobetumi de ahotoso aka sɛ: ‘Me mmoa fi Yehowa.’—Dwom 121:2.

[Ase hɔ asɛm]

^ Hwɛ 2005 Calendar of Jehovah’s Witnesses, March ne April.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 9]

‘Munyi Yehowa ayɛ mfi asase so, . . . mmerante ne mmabaa nso.’—DWOM 148:7, 12

[Adaka wɔ kratafa 8]

YEHOWA BOA MMOFRA

‘Wo, Amansan Hene Yehowa, ne m’anidaso, nea mifi me mmofraase mede me ho metoo no so.’—Dwom 71:5.

‘[Onyankopɔn] de adepa hyɛ w’afono ma ma wo mmerantebere yɛ foforo sɛ ɔkɔre.’—Dwom 103:5.